Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/10 kr. 5-7
  • Nnipa a Wɔka Ɔman Foforo so Kasa a Yɛbɛboa Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa a Wɔka Ɔman Foforo so Kasa a Yɛbɛboa Wɔn
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wobɛka Akyerɛ—Nnipa A Ɛsono Wɔn Kasa
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Bere a Ofiewura No ne Wo Nka Kasa Koro
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Kyerɛ a Yɛbɛkyerɛ sɛ Yɛnhwɛ Nnipa Anim wɔ Yɛn Asɛnka Adwuma no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Nnipa a Wɔnka Yɛn Kasa a Yɛbɛdi Wɔn Adanse
    Yɛn Ahenni Som—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 4/10 kr. 5-7

Nnipa a Wɔka Ɔman Foforo so Kasa a Yɛbɛboa Wɔn

1. Hokwan bɛn na abue ama yɛn wɔ asɛnka adwuma a yɛyɛ wɔ yɛn asasesin mu no mu?

1 Yesu Kristo kae sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ asase so nyinaa “de adi amanaman nyinaa adanse.” Wɔn a wonya asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu kyɛfa no bu asɛm yi aniberesɛm paa. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Yɛreyɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no a, yebetumi ahyia nkurɔfo a wofi aman horow so a wɔnka yɛn kasa (te sɛ Arabic, Franse ne China kasa). Wɔn nso ehia sɛ wɔte Ahenni asɛm no, na wogyina nokware no afã pintinn ansa na Yehowa da a ɛyɛ hu no aba. (Mal. 3:18) Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa a wɔte yɛn asasesin mu no?

2. Ɔkwan bɛn so na yesuasua Yehowa bere a yɛreka asɛm no akyerɛ wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa no?

2 Nya Yehowa Adwene wɔ Wɔn a Wɔka Ɔman Foforo so Kasa Ho: Sɛ yebetumi ada ɔdɔ a Yehowa wɔ no bi adi akyerɛ obiara a ɔte yɛn asasesin mu a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛboa nnipa ma wɔahu Yehowa, nokware Nyankopɔn no yiye, ɛmfa ho kasa a ebia wɔka. (Dw. 83:18; Aso. 10:34, 35) Ɛwom sɛ yɛtaa de yɛn adwene si wɔn a wɔka kasa a yɛka wɔ asafo a yɛwom no so de, nanso ɛsɛ sɛ yesusuw wɔn a ɛsono kasa a wɔka no nso ho, na yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ wɔn. Sɛ yebetumi adi nnipa a wofi aman nyinaa mu adanse ma ɛne Yehowa atirimpɔw ahyia a, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nnipa a ɛsono kasa a wɔka no so. Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa no?

3. Nhomawa a mfaso wɔ so bɛn na wɔayɛ ama yɛn, na yɛbɛyɛ dɛn de adi dwuma yiye?

3 Fa Good News for People of All Nations Nhomawa no Di Dwuma: Wɔayɛ nhomawa yi sɛ yɛmfa nni dwuma bere a yɛahyia wɔn a ɛsono kasa a wɔka no. Fa nhomawa yi hyɛ wo ho bere nyinaa, hu sɛnea wɔahyehyɛ emu nsɛm no, na siesie wo ho sɛ wode bedi dwuma. Hyɛ kasa horow a nkurɔfo ka wɔ w’asasesin mu no agyirae wɔ nhomawa no mu, na sɛ worehwehwɛ a woammrɛ. Sɛ wode nhomawa no mu asɛm di obi adanse wie na sɛ wowɔ nhoma wɔ kasa a onipa no ka mu a, wubetumi de ama no.

4. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Nations nhomawa no adi dwuma wɔ asɛnka mu?

4 Sɛ wuhyia obi a ɔka ɔman foforo so kasa wɔ asɛnka mu na wunhu kasa ko a ɔka a, fa nhomawa no akyi kyerɛ no. Fa wo nsa si so na kyerɛ no ɔman a wufi mu, na yɛ biribi fa kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wuhu baabi a ɔno nso fi, ne kasa ko a ɔka. Sɛ wunya hu kasa a ɔka a, hwɛ baabi a wɔahyehyɛ kasa horow no, hwehwɛ kratafa a kasa no wɔ, twe ofiewura no adwene kɔ asɛm a wɔde nkyerɛwde tuntum akɛse akyerɛw wɔ atifi hɔ no so, na afei ma ɔnkenkan asɛm no. Sɛ owie a, ma no kratawa bi a ɛwɔ ne kasa mu anaasɛ ma ɔnkenkan asɛm a wɔahyɛ no nsow wɔ nkyekyɛm abiɛsa a ɛkyerɛ sɛ wobɛsan aba de nhoma a ɛwɔ ne kasa mu abrɛ no no. Fa wo nsa si asɛm “me din” a wɔde nkyerɛwde tuntum akɛse akyerɛw no so, na bɔ wo din kyerɛ no. Afei, fa wo nsa si asɛm “wo din” a wɔde nkyerɛwde tuntum akɛse akyerɛw no so, na twɛn ma ommua. Yɛ nhyehyɛe na san kɔsra no.

5. Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi aboa wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no?

5 Sankɔhwɛ Ho Nhyehyɛe: Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara kɔsra wɔn a wɔkyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye no, ɛmfa ho kasa a wɔka. Sɛ yenya hu sɛ onii no ani gye Onyankopɔn ne n’Asɛm, Bible no ho a, ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ Please Follow Up (S-43) kratasin no na yɛde ma asafo mu ɔkyerɛwfo no ntɛm ara ma ɔde mena Betel, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ama obi a ɔka onii no kasa akɔsra no. Sɛ Betel nsa ka kratasin no ara pɛ a, wɔde bɛkɔ akɔma kuw a emufo ka onii no kasa no. Sɛ wɔn nsa ka ara pɛ a, wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ onii no ntɛm ara. Ɔkyerɛwfo no betumi de kratasin no biako akɔma ɔsom adwuma sohwɛfo no sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nnipa a wɔka ɔman foforo so kasa a wɔn ani gye asɛm no ho wɔ asasesin no mu no. Sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye nkutoo a na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ kratasin yi.

6. Sɛ yehyia obi a ɔka ɔman foforo so kasa na ɔkyerɛ asɛm no ho anigye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

6 Sɛ wɔhyehyɛ S-43 kratasin no de kɔ a, ebegye bere kakra ansa na wɔama ɔdawurubɔfo bi a ɔka ofiewura no kasa akɔhwehwɛ no. Enti, nea ɛbɛyɛ na anigye a ofiewura no nyae no rensɛe no, ɔdawurubɔfo a ɔde S-43 kratasin menae no betumi akɔ so ne no abɔ nkɔmmɔ kosi sɛ obi a ɔka ne kasa bɛkɔ ne nkyɛn. Ɛtɔ mmere bi a, ɔdawurubɔfo no betumi ne no ayɛ Bible adesua. Nanso, bere a ɔdawurubɔfo no retwɛn sɛ obi a ɔka onigyefo no kasa bɛba no, ɔbɛyɛ dɛn anya nhoma a ɛwɔ onii no kasa mu ama no?

7. Sɛ yehyia wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa a, yɛbɛyɛ dɛn anya nhoma ama wɔn?

7 Nhoma a Ɛwɔ Aman Foforo so Kasa Mu: Ɛnsɛ sɛ asafo ahorow no gye nhoma a ɛwɔ aman foforo so kasa mu pii gu hɔ. Nanso sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no hu sɛ nnipa bi a wɔka kasa pɔtee bi rekyerɛ asɛm no ho anigye a, ebia ɛho behia sɛ ɔpɛ nhoma a ɛwɔ saa kasa no mu kakra gu hɔ na adawurubɔfo atumi de adi dwuma. Sɛ asafo no nni nhoma wɔ saa kasa no mu a, wobetumi akra bi. Sɛ wɔkra nhoma wɔ kasa pɔtee bi mu a, ebetumi akyɛ kakra ansa na aba. Ɛno nti, wɔayɛ nhyehyɛe a ebetumi ama wɔatwe nhoma ahorow afi Intanɛt so wɔ www.watchtower.org. Nhoma a ɛwɔ kasa ahorow pii mu wɔ Intanɛt so a ɔdawurubɔfo no anaa nea wakyerɛ asɛm no ho anigye no betumi akɔkenkan. Akyinnye biara nni ho sɛ, nhyehyɛe yi bɛboa adawurubɔfo ma wɔaboa wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no.

8. Dɛn na asafo no betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa a wɔn ani gye asɛm no ho no?

8 Nea Asafo no Betumi Ayɛ: Wɔ mmeae bi a nnipa a wɔka ɔman foforo so kasa redɔɔso no, ebia na asafo a wɔka saa kasa no bi nni hɔ. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ moto nsa frɛ wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no ba mo nhyiam ahorow ase. Sɛ mugye wɔn fɛw so na mokyerɛ wɔn ho anigye a, ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔaba daa. Ebia mfiase no, esiane kasa a wɔka ne wɔn amammerɛ nti, wɔbɛtwetwe wɔn ho; nanso, sɛ́ nokware Kristofo no, kasa ne amammerɛ ntumi nsɛe Yehowa Adansefo wiase nyinaa onuayɛ a ɔdɔ wom no. (Sef. 3:9; Yoh. 13:35) So wutumi ka ɔman foforo so kasa bi yiye? Sɛ ɛte saa na wowɔ ɔpɛ sɛ woboa wɔn a wɔka saa kasa no a, yɛsrɛ wo ka kyerɛ mo asafo mu ɔkyerɛwfo no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde wo din bɛma Betel. Eyi bɛboa Betel bere a wɔrehwehwɛ ɔdawurubɔfo ma wakɔboa obi a ɔkyerɛ asɛm no ho anigye no.

9. Bere bɛn na wobetumi ayɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo asua kasa bi, na ɔkwan bɛn so na wɔyɛ no?

9 Kasa a Wobesua: Sɛ woreboa wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa na sɛ asafo a wɔka wɔn kurom kasa no bɛn hɔ a, hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkɔ nhyiam wɔ hɔ. Nanso sɛ ɛnte saa a, adawurubɔfo binom betumi asua saa kasa no na wɔatumi aboa wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no yiye. Sɛ asafo biara mmɛn hɔ a, Betel betumi ahwɛ ahɔho ne ɔmanfo dodow a wɔka saa kasa no ho ayɛ nhyehyɛe ma wɔasua. Sɛ ɛba saa a, Betel betumi aka akyerɛ asafo ahorow a ɛbemmɛn hɔ no ma wɔde ɔman foforo so kasa a wɔrebesua no ho amanneɛbɔ ama. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn din bɛma sɛ wobesua kasa no de yɛ wɔn botae sɛ wobefi wɔn asafo mu akɔ saa kuw anaa asafo no mu akɔboa wɔn.

10. Bere bɛn na wobetumi ahu sɛ ɛfata sɛ wɔtew kuw a wɔka ɔman foforo so kasa?

10 Kuw a Wɔka Ɔman Foforo so Kasa a Wɔbɛtew: Ansa na wɔbɛtew kuw bi a wɔka kasa pɔtee bi no, ahwehwɛde atitiriw anan bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodu ho. (1) Ɛsɛ sɛ wohu sɛ nnipa a wɔdɔɔso ani gye kasa no ho, na kuw no betumi adɔre daakye. (2) Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ adawurubɔfo dodow bi te kasa no anaasɛ wɔresua. (3) Ɛsɛ sɛ wonya asafo mu panyin anaa ɔsomfo a ɔfata a obedi kuw no anim de saa kasa no ayɛ adesua, anyɛ yiye koraa no pɛnkoro wɔ dapɛn no mu. (4) Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo kuw bi nya ɔpɛ sɛ wɔbɛboa kuw no. Sɛ wotumi du ahwehwɛde no ho kodu baabi a, afei mpanyimfo kuw no bɛkyerɛw Betel na wɔaka kuw no ho asɛm akyerɛ wɔn, na wɔbɛhwɛ kwan sɛ wobegye wɔn atom sɛ asafo a ɛhwɛ kuw a wɔka ɔman foforo so kasa no so. (Hwɛ Nhyehyɛe nhoma no, kr. 106-107.) Wobebu asafo mu panyin anaa ɔsomfo a odi kuw no anim no sɛ “kuw sohwɛfo” anaa “kuw somfo.”

11. Dɛn nti na ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa wɔ yɛn asasesin mu no?

11 Wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa a wɔwɔ yɛn asasesin mu a yɛbɛboa wɔn no ho hia paa; eyi ka wiase nyinaa asɛnka adwuma a yɛyɛ de suasua yɛn Nhwɛsofo, Yesu Kristo no ho. Ɛwom sɛ asɛm yi fa ɔman foforo so kasa ho de, nanso yebetumi de nnyinasosɛm a ɛwom no nso adi dwuma bere a yehyia yɛn man mufo a wɔnka yɛn kasa no. Momma yɛmfa nsi nyɛ nea yebetumi biara na ama yɛahu sɛnea Yehowa kɔ so wosow amanaman nyinaa mu nnepa ba no. (Hag. 2:7) Sɛ yɛboa ma nhyehyɛe yi kɔ so yiye a, yebenya anigye pii! Ɛmmra sɛ Yehowa behyira mmɔden a yɛrebɔ de aboa wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa a wɔwɔ yɛn asasesin ahorow mu no so. Yɛmma ɛntena yɛn adwene mu daa sɛ ɛmfa ho sɛ ɛsono kasa a nnipa ahorow ka no, Onyankopɔn betumi ama yɛanya nkɔso!—1 Kor. 3:6-9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena