Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Nnipa a Wɔnka Yɛn Kasa a Yɛbɛdi Wɔn Adanse
Nea Enti a Ɛho Hia: Yehowa pɛ sɛ nnipa a wɔwɔ “ɔman biara mu” bɛsom no. (Aso. 10:34, 35) Wei nti na Yesu kaa sɛ n’asuafo bɛka asɛmpa no “asase so nyinaa” na wɔadi “amanaman nyinaa” adanse. (Mat. 24:14) Sakaria hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa a wɔka “amanaman no kasa hodoɔ nyinaa” bɛgye nokware no atom na wɔabɛsom Yehowa. (Sak. 8:23) Ɔsomafo Yohane nso nyaa anisoadehu bi sɛ wɔn a wɔbɛtwa ahohiahia kɛse no fi “amanaman ne mmusuakuo ne nnipa ne kasa nyinaa mu.” (Adi. 7:9, 13, 14) Enti sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma na yɛhyia nnipa a wɔnka yɛn kasa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di wɔn adanse.
Sɔ Wei Hwɛ Bosome Yi Mu:
Abusua Som a ɛdi hɔ no, mobɛtumi ayɛ ɔyɛkyerɛ de ahwɛ ɔkwan a mobɛfa aso adi obi a ɔnka mo kasa adanse.