KRISTOFO ABRABƆ
Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛbɛka Asɛm no Akyerɛ Obiara Wɔ Yɛn Asasesin Mu
NEA ENTI A ƐHO HIA: Sakaria hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa betie asɛmpa no. (Sak 8:23) Nanso hena na ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn? (Ro 10:13-15) Ɛyɛ hokwan, na ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛka asɛm no kyerɛ obiara wɔ yɛn asasesin mu.—od 84 ¶10-11.
SƐNEA WOBƐYƐ NO:
Siesie wo ho. Sɛ woreka asɛm no a, ɛyɛ a wuhyia nkurɔfo a wɔka kasa foforo? Sɛ saa a, ɛnde wubetumi afa JW Language app so asua asɛm tiawa bi wɔ wɔn kasa mu na woaka akyerɛ wɔn. Wopɛ nso a fa wo fon kyerɛ no sɛnea obenya nsɛm pii wɔ ne kasa mu wɔ jw.org
Fa w’ani to fam. Sɛ woreyɛ afie afie asɛnka a, bɔ mmɔden fa hokwan biara a wubenya di adanse. Wo ne wɔn a wɔretwam anaa wɔte kar mu retwɛn obi mmɔ nkɔmmɔ. Sɛ woreyɛ baguam adansedi a, kae sɛ wo botae paa ne sɛ wubedi adanse
Fa nsi yɛ. Bɔ mmɔden sɛ nnipa a woanto wɔn bere a woreyɛ afie afie no, wubedi wɔn adanse. Fa yɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no, wubedi obi adanse wɔ fie biara mu. Ebia da no ara wubetumi akɔ hɔ bio anaa wubetumi akɔ hɔ da foforo wɔ nnawɔtwe no mu. Ebinom wɔ hɔ a sɛ yebetumi adi wɔn adanse a, gye sɛ yɛkyerɛw wɔn krataa, yɛfrɛ wɔn wɔ tɛlɛfon so, anaa yedi wɔn adanse wɔ mmɔnten so
Yɛ nhyehyɛe hwehwɛ no. Sɛ wuhu sɛ obi ani gye asɛm no ho a, yɛ ntɛm kɔsra no. Sɛ nipa no ka kasa foforo a, pɛ obi a ɔte ne kasa na ɔmmoa no. Kɔ so kɔsra no kosi sɛ adawurubɔfo a wɔka ne kasa bɛkɔ ne nkyɛn.—od 94 ¶39-40
MONHWƐ VIDEO A YƐATO DIN WƆREKA ASƐM NO WƆ “ASASE ANO NOHOA,” NA MUNSUSUW NSƐMMISA YI HO:
Ahoboa bɛn na anuanom mmarima ne mmea no yɛe de dii nnipa a wɔwɔ asasesin no mu adanse? (1Ko 9:22, 23)
Ɔhaw ahorow bɛn na na ɛsɛ sɛ wodi so?
Nhyira bɛn na wonyae?
Dɛn na wubetumi ayɛ de aka asɛm no akyerɛ nnipa pii wɔ w’asasesin mu?