Asemmisa Afã
● Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra adwene mu bere a asafo abien anaa nea ɛboro saa a ɛsono kasa a asafo no biara ka yɛ asasesin biako mu adwuma no?
September 1984 Yɛn Ahenni Som no kae wɔ “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ” ase sɛ: “Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ asafo biara mu no de wɔn ani si wɔn a wɔte wɔn kasa no so.” Eyi te saa efisɛ wogyina kasa a wɔka so na wɔde asasesin ma wɔ mmeae a wɔka kasa horow pii no. Asafo ahorow a wɔyɛ asasesin a wɔka kasa horow pii wom mu adwuma no betumi ahu sɛ eye sɛ wɔkyerɛkyerɛw afie a ɛnsɛ sɛ wɔn adawurubɔfo kɔ mu no nɔma. Ɛyɛ asafo ahorow a wɔyɛ asasesin, no mu adwuma no ɔsom adwuma so ahwɛfo asɛyɛde sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe a wɔn nyinaa begye atom de ayɛ asasesin no mu adwuma fefeefe na wɔakyerɛ anigyefo no kwan akɔ asafo a ɛsɛ no mu. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa na amma asafo ahorow a ɛsono kasa a emu biara ka no mu adawurubɔfo ankɔhaw afiewuranom sɛnea enhia, ebia anɔpa anaa awia koro no ara mu. Yɛmpɛ sɛ ‘yesiw Kristo asɛmpa no kwan.’—1 Kor. 9:12.
Sɛ ehia sɛ wɔyɛ nsakrae esiane nkurɔfo a wotu nti a, ɛsɛ sɛ wɔde anigyefo no din ne wɔn address ma asafo a ɛsɛ no. Eyi bɛboa ma asasesin no ho kyerɛwtohɔ ayɛ ne bere mu de. Ɔdɔ, yɛn ho yɛn ho a yebedwen, ntease, anidahɔ ne biakoyɛ ho hia.—Fil. 4:5.
Sɛ yɛreyɛ mmorɔn so adansedi, bɔnnɔ so adansedi, ne nea ɛkeka ho a, adawurubɔfo betumi afa kasa horow mu nhoma ahorow. Nanso, sɛ yɛkɔ afie afie wɔ asafo abien anaa nea ɛboro saa a ɛsono kasa a asafo biara ka asasesin mu a, yɛremfa kasa horow mu nhoma mma, gye nea ɛwɔ kasa a yɛn asafo no ka no mu de nko. Momma ɛntra yɛn adwene mu sɛ wogyina kasa so na wɔkyekyɛ nsasesin a ɛwɔ mmeae yi na ama adawurubɔfo a wɔde nhoma ma no atumi akyerɛ ofiewura onigyeni no kwan akɔ asafo nhyiam horow a wɔyɛ wɔ kasa a ofiewura no te yiye anaa ɔpɛ no ase. Ɛda adi sɛ ɛtɔ da bi a, ebinom bɛyɛ adwuma akɔ afoforo asasesin mu. Nanso sɛnea yɛaka wɔ asɛm a yɛatwe adwene asi so wo atifi hɔ no mu no, “eye sɛ yɛbɛma atra yɛn adwene mu titiriw sɛ bere a yɛka asɛm no, yɛn atirimpɔw ne sɛ yɛbɛyɛ asuafo—akyerɛkyerɛ nokware no. (Mat. 28:19, 20) Ɛsɛ sɛ yɛde kasa a nnipa no te yiye kyerɛkyerɛ. (1 Kor. 14:9) ” Ɛdenam yɛn som adwuma no a yɛbɛyɛ no wɔ nnipa a wɔte kasa a yɛn asafo no ka yiye anaa wɔpɛ no mu titiriw no so no, yebetumi ayɛ nneɛma pa pii de aboa pii ma wɔanya nkwagye.