Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkɔmmɔ a Yɛne Nkurɔfo Bɛbɔ So
1 Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ no, nkɔmmɔbɔ yɛ “nkate horow, nea wɔahu, adwene anaa nsusuwii a wɔwɔ a wɔka kyerɛ wɔn ho wɔn ho.” Nanso wobɛyɛ dɛn atumi afi nkɔmmɔbɔ a egyina Bible so ase bere a ebia nnipa a wuhyia wɔn yɛ ɔsom mu asɔretiafo, anaa wɔn ankasa nsɛm agye wɔn adwene no? Yesu bisaa nsɛm na ama atiefo akasa.—Yoh. 4:9-15, 41, 42.
2 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae anibere so sɛ ɔmmoa yɛn mma yennya nnipa komapafo na ommue kwan mma yɛne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Sɛ yebu ofiewura biara sɛ obi a obetumi abɛyɛ Yehowa akoa a, adansedi yɛ mmerɛw ma yɛn. Saa adwene yi bɛboa yɛn ma yɛada nokware no adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye na eye so na atwetwe anigyefo.
FA NEA YƐWƆ DI DWUMA
3 Reasoning nhoma no de nnianim nsɛm a eye pii ma wɔ nkratafa 9-15. Eyi mu pii de nsemmisa di dwuma ɔkwan a etu mpɔn so. Sɛ ofiewura no bua asemmisa bi a, fa obu tie na afei bua wɔ ɔkwan a ɛbɛma ofiewura no ahu sɛ yɛasusuw nea ɔkae no ho so.—Kol. 4:6.
4 Ɛwom, sɛ wubisa asɛm a, wunnim sɛnea ofiewura no bebua. Siesie wo ho sɛ wobɛsakra wo nkɔmmɔbɔ no mu ma ɛne no ahyia. Bɔ mmɔden sɛ wobɛma nkɔmmɔbɔ no akɔ so denam nsɛm afoforo a ɛka nneɛma a n’ani gye ho ho asɛm a wobɛda no adi, ne nsɛm afoforo a ɛma wodwen a wubebisa no so.
DI KAN SIESIE WO HO
5 Ebia wunim adwene a mo asasesin no mu nnipa kura no dedaw. Sɛ saa a, ɛnde paw Reasoning nhoma no mu nnianim nsɛm a ebetu mpɔn yiye wɔ mo asasesin pɔtee no mu. Ebia nnianim nsɛm no mu biako a wobɛsakra mu na ɛne mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ahyia no ne nea wuhia. Fa nneɛma a wugye di sɛ ɛho asɛm hia ofiewura no fi wo nkɔmmɔbɔ no ase, da ɔhaw no adi tiawa na afei dan kɔ ano aduru a ɛwɔ Bible mu no so. Sɛ ɔka biribi a, ka nea ɔka no ho asɛmpa na nkasa ntia. Ɛsɛ sɛ ne nsusuwii ne ne nkate horow ho anigye a wokyerɛ no hyɛ no nkuran ma ɔne wo kɔ so bɔ nkɔmmɔ no. Bɔ mmɔden sɛ wubenya nsɛm a mo adwene hyia wɔ ho na ka eyi ho asɛm. Ma nkɔmmɔbɔ no nka nneɛma pa ho asɛm denam Ahenni nhyira horow a wubesi so dua sɛ onipa ɔhaw ahorow ano aduru a Bible de ma no so.
6 Susuw adwenhorow a ɛsonosonoe sɛ akwan a wonam so bɛtoa nkɔmmɔbɔ no so. Sɛ ofiewura no pɛ sɛ obesusuw nneɛma ho a, wubetumi abisa sɛ “So woasusuw ho saa kwan yi so pɛn?” Afei twe adwene si nea Onyankopɔn Asɛm ka wɔ asɛm no ho so. Sɛ wuhu sɛ onipa no mpɛ sɛ ɔte nneɛma ase a, nhyɛ no sɛ onnye nea woaka no ntom. Mmom no, ka adamfofa kwan so asɛm bi fa wie, na akɔ so abue hokwan ma akyiri yi wɔaka asɛmpa no akyerɛ no.—Mmeb. 12:8, 18.
7 Nnipa binom pɛ yiye sɛ wɔne wo bɛbɔ nkɔmmɔ bere a woanhyɛ da anyɛ nhyehyɛe sɛ wokɔ wɔn nkyɛn no. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wo ne nnipa a wuhyia wɔn wɔ mmorɔn so anaa wɔreyɛ adwuma anaa wɔregye wɔn ahome wɔ wɔn adiwo no befi nkɔmmɔbɔ ase. Ebia wobegye wɔn dwumadi ho nokware anigye a wokyerɛ no atom, na wubetumi ama nkɔmmɔbɔ no adan ayɛ Bible bɔhyɛ a ɛne sɛ ɛrenkyɛ asase no bɛdan paradise no ho nkɔmmɔbɔ. Sɛ wufi nkɔmmɔbɔ ase a, bɔ mmɔden sɛ wobɛma ayɛ ade a ɛyɛ anigye ma ofiewura no. Yɛ nea wubetumi biara na woagyaw onipa no hɔ a wanya Onyankopɔn, n’Asɛm, ne ne nkoa ho adwempa. Ɔkwan yi so no, sɛ woantumi annu ne koma mu mpo mfiase no a, ebia obetie asɛm no kɛse bere foforo a Ɔdansefo bi kɔ ne nkyɛn no.