Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Asomafo Nnwuma 22
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafo Nnwuma Mu Nsɛntitiriw

      • Paul yii n’ano wɔ nnipadɔm no anim (1-21)

      • Paul ma wohui sɛ ɔyɛ Romani (22-29)

      • Wɔmaa Sanhedrin no behyiaam (30)

Asomafo Nnwuma 22:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Flp 1:7

Asomafo Nnwuma 22:3

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔkyerɛkyerɛɛ me wɔ Gamaliel nan ase.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 11:1
  • +Aso 21:39
  • +Aso 5:34
  • +Aso 26:4, 5
  • +Ga 1:14; Flp 3:4-6

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/1996, kr. 26-29

Asomafo Nnwuma 22:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:3; 9:1, 2; 26:9-11; 1Ti 1:12, 13

Asomafo Nnwuma 22:6

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “bɛyɛ awia 12.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:3-8; 26:13-15

Asomafo Nnwuma 22:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 26:16

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    10/15/2012, kr. 28

Asomafo Nnwuma 22:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:17, 18

Asomafo Nnwuma 22:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 9:1; 15:8; Ga 1:15, 16

Asomafo Nnwuma 22:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 23:11; 26:16

Asomafo Nnwuma 22:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:43
  • +1Ko 6:11; 1Yo 1:7; Adi 1:5

Asomafo Nnwuma 22:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:26; Ga 1:18

Asomafo Nnwuma 22:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:28, 29

Asomafo Nnwuma 22:19

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:3

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/2007, kr. 17

Asomafo Nnwuma 22:20

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 7:58; 8:1; 1Ti 1:13, 15

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/2007, kr. 17

Asomafo Nnwuma 22:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:15; 13:2; Ro 1:5; 11:13; Ga 2:7; 1Ti 2:7

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    11/1/1987, kr. 13

Asomafo Nnwuma 22:23

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 16:13

Asomafo Nnwuma 22:24

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    12/15/2001, kr. 21-22

    6/15/1990, kr. 14

Asomafo Nnwuma 22:25

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “Roma man ba.”

  • *

    Anaa “bere a wonnii n’asɛm anaa?”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:37, 38; 23:27

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    3/1/2015, kr. 12

    12/15/2001, kr. 22

Asomafo Nnwuma 22:28

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:37

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 184

Asomafo Nnwuma 22:29

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 25:16

Asomafo Nnwuma 22:30

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 10:17, 18; Lu 21:12

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 22:1Flp 1:7
Aso. 22:3Ro 11:1
Aso. 22:3Aso 21:39
Aso. 22:3Aso 5:34
Aso. 22:3Aso 26:4, 5
Aso. 22:3Ga 1:14; Flp 3:4-6
Aso. 22:4Aso 8:3; 9:1, 2; 26:9-11; 1Ti 1:12, 13
Aso. 22:6Aso 9:3-8; 26:13-15
Aso. 22:10Aso 26:16
Aso. 22:13Aso 9:17, 18
Aso. 22:141Ko 9:1; 15:8; Ga 1:15, 16
Aso. 22:15Aso 23:11; 26:16
Aso. 22:16Aso 10:43
Aso. 22:161Ko 6:11; 1Yo 1:7; Adi 1:5
Aso. 22:17Aso 9:26; Ga 1:18
Aso. 22:18Aso 9:28, 29
Aso. 22:19Aso 8:3
Aso. 22:20Aso 7:58; 8:1; 1Ti 1:13, 15
Aso. 22:21Aso 9:15; 13:2; Ro 1:5; 11:13; Ga 2:7; 1Ti 2:7
Aso. 22:232Sa 16:13
Aso. 22:25Aso 16:37, 38; 23:27
Aso. 22:28Aso 16:37
Aso. 22:29Aso 25:16
Aso. 22:30Mt 10:17, 18; Lu 21:12
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Asomafo Nnwuma 22:1-30

Asomafo Nnwuma

22 “Mmarima, anuanom ne agyanom, muntie me mma minyi m’ano nkyerɛ mo.”+ 2 Bere a wɔtee sɛ ɔrekasa akyerɛ wɔn wɔ Hebri kasa mu no, ɛma wɔyɛɛ komm koraa. Na ɔkae sɛ: 3 “Meyɛ Yudani+ a wɔwoo me Tarso a ɛwɔ Kilikia,+ nanso Gamaliel+ na ɔkyerɛkyerɛɛ me* wɔ kurow yi mu sɛnea ɛbɛyɛ a medi agyanom Mmara so pɛpɛɛpɛ.+ Na mebɔɔ Onyankopɔn adwuma ho mmɔden sɛnea mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.+ 4 Wɔn a wɔnam Ɔkwan yi so no, metan wɔn ani, na mema wokum wɔn. Mekyekyeree mmarima ne mmea nyinaa, na mema wɔde wɔn guu afiase,+ 5 na ɔsɔfo panyin no ne mpanyimfo bagua no nyinaa di ho adanse. Wɔn ara nkyɛn nso na migyigyee nkrataa kɔmaa anuanom a wɔwɔ Damasko no, na na menam kwan so rekɔkyere wɔn a wɔwɔ hɔ no aba Yerusalem ama wɔatwe wɔn aso.

6 “Bere a menam kwan so a mereyɛ adu Damasko, bɛyɛ prɛmtobere* no, prɛko pɛ na hann kɛse bi hyerɛn fii soro twaa me ho hyiae,+ 7 na mitwa hwee fam. Ɛnna metee sɛ nne bi rebisa me sɛ: ‘Saul, Saul, adɛn nti na woretan m’ani?’ 8 Mibuae sɛ: ‘Ɛyɛ wo hena, Owura?’ Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Ɛyɛ me Nasaretni Yesu a woretan m’ani no.’ 9 Mmarima a wɔka me ho no huu hann no, nanso wɔante asɛm a onipa no ne me kae no. 10 Ɛnna mekae sɛ, ‘Awurade, menyɛ dɛn?’ Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Sɔre, kɔ Damasko, na biribiara a wɔahyɛ ato hɔ sɛ yɛ no, wɔbɛka akyerɛ wo wɔ hɔ.’+ 11 Nanso esiane sɛ na hann no hyerɛn paa nti, na minhu hwee. Ɛno nti, wɔn a me ne wɔn nam no na esusoo me nsa de me kɔɔ Damasko.

12 “Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Anania. Ɔyɛ ɔbarima a osuro Nyankopɔn na odi Mmara no so, na na Yudafo a wɔtete hɔ nyinaa bɔ no din pa. 13 Saa ɔbarima no baa me nkyɛn, na obegyinaa me ho. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Onua Saul, san hu ade!’ Na ɛhɔ ara memaa m’ani so, na mihuu no.+ 14 Ɔkae sɛ: ‘Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo sɛ hu n’apɛde, na hu ɔtreneeni no,+ na te nsɛm a ɔde n’ano ka, 15 efisɛ nea woahu na woate no, wo na wubedi ho adanse akyerɛ nnipa nyinaa ama no.+ 16 Enti adɛn na woretwentwɛn wo nan ase? Sɔre, ma wɔmmɔ wo asu, na bɔ ne din+ ma ɛnhohoro wo bɔne.’+

17 “Na bere a mesan baa Yerusalem+ a merebɔ mpae wɔ asɔrefi hɔ no, minyaa anisoadehu, 18 na mihuu Awurade sɛ ɔreka akyerɛ me sɛ: ‘Ma wo ho nyɛ hare, na fi Yerusalem ntɛm, efisɛ me ho adanse a wudi no, wɔrennye ntom.’+ 19 Na mekae sɛ: ‘Awurade, wɔn ankasa nim yiye sɛ, na miwurawura hyiadan mu kɔkyere wɔn a wogye wo di no gu afiase hwe wɔn;+ 20 na bere a wɔrehwie wo dansefo Stefano mogya agu no, na migyina hɔ bi, na mepenee so, na mehwɛɛ wɔn a wɔrekum no no ntaade nguguso so.’+ 21 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Kɔ, efisɛ mɛsoma wo akɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri mu.’”+

22 Nkurɔfo no tiee no ara kosii sɛ ɔkaa saa asɛm no. Ɛnna wɔmaa wɔn nne so kae sɛ: “Kum saa ɔbarima yi fi asaase so, na ɔmfata sɛ ɔtena ase!” 23 Na wɔteɛteɛɛm totow wɔn ntaade gui, na wotuu mfuturu guu mframa mu.+ Ɛno nti, 24 ɔsahene no kae sɛ wɔmfa Paul mmra asraafo asoɛe hɔ, na ɔkae sɛ wɔmmɔ no mmaa nkosi sɛ ɔbɛka nea wayɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obehu ade pɔtee a ama wɔreteɛteɛm gu Paul so saa no. 25 Na bere a wɔtwee Paul mu a wɔrebɛbɔ no mmaa no, obisaa ɔsraani panyin a ogyina hɔ no sɛ: “Mmara ma kwan sɛ mobɔ Romani* mmaa bere a wommuu no fɔ anaa?”*+ 26 Bere a ɔsraani panyin no tee eyi no, ɔkɔɔ ɔsahene no nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ, na obisaa no sɛ: “Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Hwɛ, ɔbarima yi yɛ Romani.” 27 Enti ɔsahene no baa Paul nkyɛn bebisaa no sɛ: “Ka kyerɛ me, woyɛ Romani?” Ɛnna ɔkae sɛ: “Yiw.” 28 Ɔsahene no kae sɛ: “Sika kɛse paa na mede tɔɔ saa hokwan yi bɛyɛɛ ɔman ba.” Ɛnna Paul kae sɛ: “Me de, wɔde woo me.”+

29 Enti ntɛm ara, mmarima a anka wɔrebɛyɛ Paul ayayade ama waka nea wayɛ no twee wɔn ho fii ne ho. Bere a ɔsahene no hui sɛ Paul yɛ Romani, ɛnna ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no no, ɔbɔɔ hu.+

30 Bere a ade kyee no, na ɔpɛ sɛ ohu dekode pɔtee a enti Yudafo no abɔ Paul sobo no. Enti ɔsan no, na ɔmaa asɔfo mpanyin no ne Sanhedrin no nyinaa behyiaam. Afei ɔde Paul sianee, na ɔma okogyinaa wɔn mfinimfini.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena