-
Asomafo Nnwuma 26:9-11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Me nso, na migye di paa sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nneɛma pii de ko tia Nasaretni Yesu din. 10 Na saa pɛpɛɛpɛ na meyɛe wɔ Yerusalem. Mekyeree akronkronfo bebree guu afiase,+ efisɛ minyaa tumi fii asɔfo mpanyin no hɔ.+ Na sɛ ɛba sɛ wobekum wɔn a, na mepene so. 11 Metwee wɔn aso mpɛn pii wɔ hyia adan nyinaa mu, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛhyɛ wɔn ama wɔapo wɔn gyidi. Na esiane m’ani a na abere wɔn so denneennen nti, mekɔɔ nkurow foforo so mpo kɔtan wɔn ani wɔ hɔ.
-