Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 4/1 kr. 16-19
  • Onyankopɔn Akyi Kwan A Adesamma Rehwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Akyi Kwan A Adesamma Rehwehwɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwinnade a Wotumi de Yɛ Adwuma
  • Nea Wɔde Bɛyɛ Bible Adesua
  • Mankind’s Search For God A Yɛde Bɛma
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Adanse a Yebedi Nnipa a Wɔka Kasa Horow na Wɔwɔ Ɔsom Ahorow Nyinaa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wususuw Ɔsom Afoforo Ho?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Sɛnea Ehia sɛ Adesamma Hwehwɛ Onyankopɔn
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 4/1 kr. 16-19

Onyankopɔn Akyi Kwan A Adesamma Rehwehwɛ

DƐN nti na sɛ Yehowa Adansefo no, wɔde ‘kasa kronn’ no ama yɛn? Nokwarem no, wɔamfa amma yɛn sɛ yɛn nkutoo mfa. Na wɔamfa amma yɛn na ama yɛanya asetra a ahotɔ wom a ɛte sɛ Kristoman asetra kwan a ɛyɛ mmerɛw na egyaa nneɛma mu siesie no. Mmom no, wɔde maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ na ‘obiara abɔ Yehowa din, na wɔabom asom no.’ (Sefania 3:9) Yiw, kasa kronn no kyerɛ adwuma a yɛne yɛn Kristofo anuanom mmarima ne mmea ɔpepem pii​—a wofi mmusua, aman, ne ɔkasa horow nyinaa mu​—a wɔde nokwaredi reka asɛmpa no ansa na awiei no aba no bɛbom ayɛ.​—Marko 13:10; Romafo 13:11; Adiyisɛm 14:6, 7.

Ɛtɔ mmere bi a, yɛn asɛnka no ma yehyia nsɛnnennen soronko nnɛ. Dɛn nti na ɛte saa? Afeha 20 yi mu no, nnipa pii atu akɔtra mmeaemmeae esiane akodi, nhyɛso, ne sikasɛm mu ahokyere, ne nneɛma afoforo nti. Nea afi mu aba ne sɛ nnipa a wɔka ɔkasa horow na wɔwɔ ɔsom ahorow mu pii atu akɔtra mmeae a ɛhɔ amammerɛ ne wɔn de nhyia. Enti, Hindufo, Budhafo, ne Nkramofo pii atu akɔtra Atɔe Fam aman mu. Bere a yɛka kasa kronn ho asɛm wɔ afie afie mu no, yehyia saa nnipa yi. Ɛtɔ mmere bi a, yɛyɛ basaa esiane sɛ yenni wɔn ɔsom ho nimdeɛ a ɛdɔɔso nti. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho?​—Fa toto Asomafo no Nnwuma 2:5-11 ho.

Yɛbɛyɛ dɛn aka nokware no ho asɛm akyerɛ Kramoni anaa Yudani? Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ wɔn ntam? Dɛn na Hinduni gye di ankasa? Dɛn nti na Sikhfo bɔ abotiri? Dɛn ne wɔn nhoma kronkron? Ɔkwan bɛn so na Budhani yɛ soronko wɔ Hinduni ho? Dɛn na Japanfo Shintofo gye di? So Chinafo Taofo ne Konfusiofo gye Onyankopɔn di?* Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Yudafo a wodi Mose mmara no nyinaa so, Yudafo a wogye atɔe fam asetra kwan tom, ne Yudafo a wodi Mose mmara a wɔakyerɛw no nkutoo so no ntam? Sɛ yebetumi akasa akyerɛ nnipa ahorow ahorow a wɔte sɛɛ a, ɛsɛ sɛ yedi kan te wɔn nsusuwii ase na afei yehu sɛnea yɛde ayamye ne anifere bɛkyerɛ wɔn nokware Nyankopɔn, Yehowa akyi kwan.​—Asomafo no Nnwuma 17:22, 23; 1 Korintofo 9:19-23; Kolosefo 4:6.

Sɛnea ɛbɛboa yɛn na yɛanya ɔsom afoforo, wɔn nkyerɛkyerɛ, ne wɔn abakɔsɛm ho ntease yiye no, Ɔwɛn Aban Asafo no yii nhoma foforo bi a wɔato din Mankind’s Search for God (Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Rehwehwɛ) adi wɔ 1990 ‘Kasa Kronn’ Nhyiam ahorow a wɔyɛe wiase nyinaa no ase. Adwinnade a yɛn nsa aka yi bɛboa yɛn ma yɛatumi aka asɛm no akyerɛ wɔn a wɔnyɛ Kristofo ne wɔn a wɔwɔ Kristoman mu nyinaa nso.

Adwinnade a Wotumi de Yɛ Adwuma

Nhoma a ekura nkratafa 384 yi wɔ atiri 16 a ɛde Onyankopɔn a adesamma ahwehwɛ no mfe mpem asia a atwam no ho abakɔsɛm ma. Ɛma wiase ɔsom ahorow ho nsemmisa ɔhaha pii ho mmuae. Nhwɛso ahorow bi ni: Nneɛma bɛn na ɛtaa kyerɛ ɔsom a obi bɛyɛ emuni? Dɛn nti na ɛnyɛ mfomso sɛ wobɛyɛ gyidi afoforo mu nhwehwɛmu? Nsɛdi ahorow bɛn na ɛwɔ Roma Katoleksom ne Budhasom mu? Dwuma bɛn na anansesɛm di wɔ ɔsom ahorow pii mu? Dɛn nti na nnipa pii wɔ nkonyaa, ahonhonsɛmdi, ne nsoromma mu hwɛ mu gyidi? Dɛn nti na Hindufo wɔ anyame ne anyamewa pii saa? Ɔkwan bɛn so na Sikhfo yɛ soronko wɔ Hindufo ho? Na hena ne Budha no, na dɛn na ɔkyerɛkyerɛe? Dɛn nti na Shintosom mufo yɛ Japanfo titiriw? Dɛn nti na Yudafo wɔ mmara a wɔde ano ka ne nea wɔakyerɛw nso? Yɛyɛ dɛn hu sɛ Kristo nyɛ anansesɛm mu nipa? Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Koran no ne Bible no ntam? Dɛn nti na Katolekfo se Petro ne paapa a odi kan no? Dɛn nti na Katolek sɔfo Luther tew ne ho fii Roman Katolek Asɔre no ho?

Ɛte sɛ nea nsemmisa no nsa da, na nhoma yi aboaboa mmuae no nyinaa ano sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi aka asɛm no akyerɛ nnipa a wɔyɛ ɔsom a egu ahorow sɛe mufo no yiye. Nhoma no gye tom sɛ nnipa pii wɔ wɔn ankasa ɔsom ne sɛ ɔsom yɛ ankorankoro biara asɛm. Nanso ɛka wɔ kratafa 8 sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ fi awo mu no, yɛn awofo ne abusuafo de ɔsom ne abrabɔ ho gyinapɛn ahorow hyɛ yɛn adwenem. Nea efi mu ba ne sɛ yɛtaa di yɛn awofo ne yɛn nenanom ɔsom mu gyinapɛn ahorow akyi.” Ɛno kyerɛ sɛ “yɛn mu pii wɔ hɔ a afoforo na epaw yɛn ɔsom maa yɛn. Ɛnam beae ne bere ko a wɔwoo yɛn so kɛkɛ na ɛbaa saa.”​—Fa toto Filipifo 3:4-6 ho.

Afei nhoma no de asemmisa a ntease wom yi ba. “So ntease wom sɛ yebesusuw sɛ ɔsom a wɔde too obi so bere a wɔwoo no no ne nokware no nyinaa?” Enti, wɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa adwene a emu da hɔ nyɛ ɔsom afoforo ho nhwehwɛmu. Sɛnea wɔka wɔ kratafa 10 no: “Wɔn ho wɔn ho nsusuwii asete betumi ama nnipa a wonkura gyidi koro adi nkitaho na wɔabɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so.” Ɛtoa so sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ ebetumi aba sɛ nnipa bi begye wɔn ɔsom mu gyidi ahorow ho akyinnye pii, nanso hwee nni hɔ a ɛsɛ sɛ wogyina so tan obi esiane sɛ okura ɔsom mu nsusuwii soronko bi nti.”​—Mateo 5:43, 44.

Asemmisa titiriw bi a ɛtaa sɔre wɔ nhoma no mu ne sɛ, So onipa wɔ ɔkra a enwu a ɛkɔ so tra nkwa mu wɔ ne wu akyi anaa? Ɛkame ayɛ sɛ ɔsom biara kyerɛkyerɛ saa nsusuwii no ɔkwan biako anaa foforo so. Sɛnea Mankind’s Search for God ka wɔ (kratafa 52) no: “Onipa de ne ho ato nneɛma hunu so, na nkwa a owu nnim ho adwene adaadaa no wɔ Onyankopɔn akyi kwan a ɔhwehwɛ mu. . . . Ɔkra a enwu anaa nea ɛte saa ho gyidi yɛ agyapade a yɛn nsa aka afi mfepem a atwam no mu.” Nsemmisa afoforo ne sɛ: So beae bi a ɛte sɛ hell wɔ hɔ a wɔyɛ akra ayayade wɔ hɔ anaa? Dɛn ne nokware anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo? So Onyankopɔn biako na ɔwɔ hɔ, anaa sɛ anyame pii na wɔwɔ hɔ?​—Genesis 2:7; Hesekiel 18:4.

Nea Wɔde Bɛyɛ Bible Adesua

Nhoma no ka adesamma ɔsom atitiriw no ne sɛnea ɛbaa wiase no ho asɛm nnidiso nnidiso sɛnea bere a wɔde bae no te​—Hindusom, Budhasom, Taosom, Konfusiosom, Shintosom, Yudasom, Kristosom, Kristoman, ne Nkramosom. Ti biara mu no, wɔfa ɔsom ahorow yi nhoma kronkron mu nsɛm ka sɛnea ɛbɛyɛ na obi a ogye saa ɔsom no di nokwarem no ankasa atumi akɔhwɛ nsɛm a wɔafa aka no. Wɔde Koran no Engiresi nkyerɛase ahorow abiɛsa na edii dwuma wɔ ti a ɛka Nkramosom ho asɛm no mu. Tanakh​—A New Translation of the Holy Scriptures no nkyerɛase a ɛyɛ foforo sen biara a Jewish Publication Society no yɛe no mu nsɛm na wɔafa aka wɔ ti a ɛka Yudasom ho asɛm no mu.​—Fa toto Asomafo no Nnwuma 17:28; Tito 1:12 ho.

Dɛn na ɛwom ma nea onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne nea ɔkyerɛ sɛ ɛno nyɛ nea obi betumi ahu no? Ti 14 ka Onyankopɔn a wonnye no nni nnɛyi ne nea nti a Yehowa Adansefo nim sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ho asɛm. Ti biara mu no, wɔdan ɔkenkanfo no adwene kɔ Bible no so. Enti, bere a yɛde nhoma Mankind’s Search for God yi di dwuma no, ɛboa yɛn ma yɛne nnipa a wɔwɔ gyidi ahorow nyinaa anaa wɔn a wonni gyidi biara mu no fi Bible adesua ase. Ɛde obu ne anifere ka ɔsom biara ho asɛm, nanso ebisa nsɛm a ebetumi akyerɛ obi kwan akɔ Yehowa so ne nokware no ho. Nhoma yi bɛyɛ nhyira ankasa ama wɔn a wɔrehwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan ampa no.​—Dwom 83:18; Yohane 8:31, 32; 2 Timoteo 3:16, 17.

Ɔkyerɛkyerɛ afã horow wɔ ti biara mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ nkratafa 226 ne 227 no, ɔfã bi wɔ hɔ a ɛka “Yudasom​—Ɔsom a Ɛwɔ Ɛnne Pii” ho asɛm na ɛkyerɛkyerɛ nkyekyem atitiriw a ɛwɔ Yudasom mu no mu. Wɔ asɛmti a ese “Hindusom​—Ahofadi a Wɔhwehwɛ” ase no, ɔfã bi wɔ nkratafa 116 ne 117, a ese “Hindusom​—Anyame ne Anyamewa Binom.” Eyi bobɔ anyame bɛboro ɔpepem 330 a Hindufo som wɔn no mu kakraa bi pɛ din. So Budhafo gye Onyankopɔn di sɛnea nnipa a wɔwɔ Atɔe Fam te saa din no ase no anaa? Ɔfã a wɔato din “Budhasom ne Onyankopɔn” a ɛwɔ kratafa 145 no de asemmisa yi ho mmuae ma. Nhoma no wɔ index a wobetumi de ayɛ nsɛmti atitiriw mu nhwehwɛmu. Nhoma ahorow a wɔde yɛɛ nhwehwɛmu a wɔahyehyɛ wɔ akyi no nso betumi ama obi anya nneɛma pii akenkan, sɛ ɔpɛ sɛ ohu nneɛma pii a.

Nhoma no wɔ mfonini bɛboro 200, nanso ɛnyɛ ne fɛ nti na wɔyɛe. Mfonini biara kyerɛkyerɛ biribi a ɛma asɛm a wɔreka afa ɔsom bi ho no mu da hɔ pefee. Sɛ nhwɛso no, wɔ kratafa 238 no, wɔayɛ mfatoho ahorow a Yesu de kyerɛkyerɛe no ho mfonini ahorow. Beae foforo bi nso no, wɔayɛ mfonini ahorow anum bi a ɛno nso kyerɛ Kristo ɔsom adwuma afã horow​—n’anwonwade ahorow, n’anuonyam nsakrae, n’afɔrebɔ wu, ne sɛnea ɔhyɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnkɔka asɛm wiase nyinaa no.

Mfonini bi a ɛtoatoa so a Nkramofo ani begye ho yiye wɔ kratafa 289. Ɛde nea ɔhwɛ no kɔ Mecca, kɔ Nkramofo asɔredan kɛse a Kaaba no wom no mu, ne afei ɔbo tuntum ankasa a Nkramofo bu no kɛse no. Wɔayɛ Budhasom a egu ahorow no ho mfonini wɔ kratafa 157. Hindufo ani begye ho sɛ wobehu wɔn anyame a wonim wɔn yiye Ganesa ne Krishna ho mfonini wɔ nkratafa 96 ne 117.

Wogyee anuanom a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ wiase afanan nyinaa hɔ nyansahyɛ na ama wɔatumi akyerɛw ɔsom atitiriw no mu biara ho asɛm yiye. Sɛ nhwɛso no, wonyaa nsɛm a ɛsom bo fii Israel de kyerɛw atiri a ɛfa Yudasom ne Baha’i gyidi no ho no. Adansefo a wɔwɔ Nkramofo aman mu hwehwɛɛ ti a ɛka Nkramosom ho asɛm no mu nsɛm mu yiye sɛ ɛte saa pɛpɛɛpɛ. Wɔma wohuu Hindufo, Sikhfo, ne Yainfo ho nsɛm a efi India, a na ɛho wɔ mfaso. Asomfo a wɔwɔ Apuei fam no hwɛ hui yiye sɛ ti a ɛka Shintosom ho asɛm no mu nsɛm no yɛ nokware, na wɔde Budhasom, Taosom, ne Konfusiosom ho nyansahyɛ mae.

Esiane sɛnea nhoma no de ahwɛyiye aka ɔsom biara ho asɛm nti, wɔn a wɔwɔ wɔn kasa mu de no betumi de ti a ɛka obi som a ɔwom ho asɛm afi Bible adesua ase. Afei ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ ti a ɛka sɛnea tete Kristosom fii ase ne nea nti a yebetumi agye adi sɛ Kristo ne Onyankopɔn nokware Ɔnanmusifo, nea wɔde no dii dwuma sɛ ɔntwetwe adesamma nkɔ Onyankopɔn nkyɛn ho asɛm no so. Atiri bi kyerɛkyerɛ sɛnea ɔwae no bae, ma ɛde Kristoman akuw horow a emu apaapae bae no mu. Atiri abien a etwa to no kyerɛ sɛnea wɔasan de nokware som asi hɔ wɔ awiei bere yi mu ne nea ɛbɛba Babilon Kɛse, Satan wiase nyinaa atoro som ahemman no so daakye. Ɛno akyi no, wɔka wiase foforo ne owusɔre anidaso a ɛwɔ Bible no mu no ho asɛm.​—Yohane 5:28, 29; 12:44-46; 14:6; Adiyisɛm 21:1-4.

Ampa, eyi yɛ nhoma a ɛsɛ sɛ ɛboa nnipa pii ma wɔbɛn Onyankopɔn, sɛnea Yakobo kaa ho asɛm wɔ ne krataa no mu ti 4, nkyekyem 8 sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo kra yɛ ntanta.” Yiw, sɛnea Yesaia ka no: “Monhwehwɛ Yehowa, bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no.”​—Yesaia 55:6; Yohane 6:44, 65.

Momma yɛnkɔ so mma wɔnkyerɛ yɛn kwan mfa ɔkwan a ɛteɛ no so, nkɔ Amansan Hene, Yehowa Nyankopɔn, nkyɛn. Momma yɛmfa nhoma Mankind’s Search for God yi mmoa nnipa mpempem pii ma wɔnsom Yehowa wɔ “honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23, 24) Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so ahwehwɛ wɔn a wɔpɛ nokware no na yɛaka nokware Nyankopɔn no ho asɛm akyerɛ wɔn, efisɛ, ɔbɛma wɔahu no ampa!

[Ase hɔ asɛm]

Wɔbɔ “Taofo” sɛ dow-fo; ne nnyigyei te sɛ Engiresi asɛmfua now.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Onipa ahwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan akwan horow pii so

[Mfonini]

Katolekfo anokwafo pɛ Maria hɔ mmoa

[Mfonini]

Hindufo de nidi ma asubɔnten Ganges

[Mfonini Fibea]

Harry Burdich, Transglobe Agency, Hamburg

[Mfonini]

Yudafo a wɔpɛ wɔn som yiye no mu binom hyɛ phylacteries

[Mfonini Fibea]

GPO, Jerusalem

[Mfonini]

Nkramofo mmarima tu ɔsom mu kwan kɔ Mecca

[Mfonini Fibea]

Camerapix

[Mfonini]

Pii som Budha

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yesu de mfatoho dii dwuma de boaa nkurɔfo ma wohuu Onyankopɔn akyi kwan

[Mfonini Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena