Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/92 kr. 1
  • Sɛnea Ehia sɛ Adesamma Hwehwɛ Onyankopɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Ehia sɛ Adesamma Hwehwɛ Onyankopɔn
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Akyi Kwan A Adesamma Rehwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Adanse a Yebedi ‘Nnipa Ahorow Nyinaa’
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Mankind’s Search For God A Yɛde Bɛma
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Mankind’s Search for God Ho Anisɔ
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 7/92 kr. 1

Sɛnea Ehia sɛ Adesamma Hwehwɛ Onyankopɔn

1 Wɔ afeha 20 yi mu no, ɔko, nhyɛso, ne sika fam ahokyere nti, nnipa pii atu akɔtra mmeae afoforo. Akwan a wotumi tu ntɛmntɛm ne nkitaho a wotumi di ntɛmntɛm nti, ɛte sɛ nea wiase no reyɛ ketewaa. Eyi ama nyamesom akuw horow abɛn wɔn ho wɔn ho kɛse. Enti, wɔtaa ka nyamesom ho asɛm wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu sɛ ɛrenya nnipa asetra so nkɛntɛnso wɔ baabiara.

2 Aka yɛn asɛnka adwuma no nso. Ɛnyɛ nwonwa bio sɛ yebehyia nnipa a wɔyɛ nyamesom bi a yennim mufo.

3 Wɔayɛ Mankind’s Search for God nhoma no ama yɛn na aboa yɛn ma yɛate nyamesom afoforo ne nea ɛyɛe a ɛbae ho abakɔsɛm ase pefee. Ebua wiase nyamesom akɛse no gyidi atitiriw ho nsemmisa ɔhaha pii. Yɛde nhoma yi bedi dwuma wɔ yɛn som adwuma mu wɔ ɔsram a ɛne July mu. Nhoma a ɛsom bo yi mu nsɛmti bɛn na yebetumi asi so dua de ahyɛ nnipa komapafo nkuran ma wɔasua Onyankopɔn ho ade pii?

4 Asemmisa titiriw biako a wɔka ho asɛm wɔ nhoma no mu nyinaa ne: So onipa wɔ ɔkra a enwu da a enya nkwa kɔ so tra ase wɔ ne wu akyi? Ɛkame ayɛ sɛ nyamesom biara kyerɛkyerɛ saa wɔ ɔkwan bi so. Nsemmisa afoforo a wɔabua wɔ nhoma no mu ne: So beae bi a wɔfrɛ no hell a wɔyɛ akra ayayade wɔ hɔ? Dɛn ne nokware anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo? So Onyankopɔn biako pɛ na ɔwɔ hɔ, anaasɛ anyame pii na wɔwɔ hɔ? Wubetumi atwe adwene asi nsemmisa a ɛwɔ nhoma no nkratafa 17-18 no so. Sɛ wo ne obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, anaa obi a ontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ onni hɔ rekasa a, nsemmisa 4 ne 5 betumi ama watie, na ebia ama moabɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so.

5 Ɛho hia sɛ adesamma nyinaa hwehwɛ Onyankopɔn ne n’anim dom. Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no kyerɛ sɛ Harmagedon reba ntɛmntɛm. Bere a ɛsɛ sɛ yɛde nnam yɛ ade ni. Hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɛhyɛ afoforo ma wɔahwehwɛ Yehowa mprempren, bere a wobetumi ahu no bɛn ara ni! (Yes. 55:6, 7) Ɔkwan bɛn so na Mankind’s Search for God nhoma no boa nkurɔfo wɔ Onyankopɔn a wɔhwehwɛ no no mu? Ɛma nnipa a wɔnyɛ nyamesom biako mufo nya nsɛm a ɛkanyan adwene. Sɛ nhwɛso no, nkyekyem 26 a ɛwɔ kratafa 297 ka kyerɛ Nkramofo sɛ nokware Kristosom nkyerɛkyerɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no. Asɛmti ketewa a ɛne sɛ “Onyankopɔn Na Ɔkorɔn Sen Obiara, Na Ɛnyɛ Yesu” a ɛwɔ kratafa 295 no betumi akanyan Nkramofo anigye, bere a wohu Kristoman nkyerɛkyerɛ ne nokware Kristosom ntam nsonsonoe no.

6 Yɛwɔ ntease a yebetumi agyina so ada anigye adi bere a yɛde nhoma yi ma no. Sɛ yenim emu nsɛm no yiye a, yebenya hokwan ahorow de akanyan nyamesom ahorow pii mu nnipa komapafo anigye. Ɛmmra sɛ yɛde nnam bɛyɛ ɔsom adwuma yi.

7 Yehowa yɛ ayamye ne mmɔborohunu Nyankopɔn. Ayamye bɛn ara na nsa a ɔto frɛ yɛn sɛ yensua ne ho ade no yɛ sɛɛ yi! Ebia nnipa pii wɔ hɔ a wɔbɛba abeyi Yehowa ayɛ. Wɔ July mu no, yɛnam Mankind’s Search for God nhoma no mmoa so betumi aboa Kristoman mufo pii ne wɔn a wɔnyɛ Kristofo ne wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no ma wɔafi ase asom Yehowa wɔ “honhom ne nokware mu.” (Yoh. 4:23, 24) Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so ahwehwɛ wɔn a wɔhwehwɛ nokware no na ahyɛ wɔne nokware Nyankopɔn no ntam abusuabɔ mu den. Wobetumi ahu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena