Ɔkwan a Wobɛfa so Abua Nsɛm a Ebetumi Asiw Nkɔmmɔbɔ Ano
Ɛho Nsɛm: Asetra ho anidaso a nnipa benya no gyina sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ Yehowa Nyankopɔn ne n’Ahenni a ɔnam Kristo Yesu so de bɛba ho no so. Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no yɛ anigye, na ɛtwe adwene si nokware anidaso koro pɛ a adesamma betumi de wɔn ho ato so no so. Ɛyɛ asɛm a ɛsakra nnipa asetra. Yɛpɛ sɛ obiara te. Yehu sɛ nnipa kakraa bi na wɔde anigye begye atom, nanso yenim sɛ, sɛ nnipa betumi afi nimdeɛ mu apaw nea wɔpɛ a, ehia sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔte asɛm no. Nanso ɛnyɛ obiara na ɔpɛ sɛ otie, na yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ wɔn. Nanso sɛ yɛde nhumu di dwuma a, mpɛn pii no yebetumi adan nsɛm a ebetumi asiw nkɔmmɔbɔ kwan ma ayɛ hokwan a yebetumi de atoa nkɔmmɔbɔ so. Nea Adansefo a wɔn ho akokwaw binom de adi dwuma de ahwehwɛ wɔn a wɔfata ho nhwɛso horow bi ni. (Mat. 10:11) Bɔ asɛm no mua wɔ wo tirim na fa w’ankasa wo nsɛm ka wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛkyerɛ sɛ nea wo ne no rekasa no ho hia wo ampa. Bere a woyɛ saa no, wubetumi anya ahotoso sɛ wɔn a wɔwɔ koma pa no betie, na wɔde anigye begye nea Yehowa reyɛ de atwe wɔn aba ne dɔ nsiesiei ahorow a ɛkɔ nkwa mu ho no atom.—Yoh. 6:44; Aso. 16:14.
‘M’ANI NNYE HO’
● ‘Ma mimmisa wo, Wokyerɛ sɛ w’ani nnye Bible no ho, anaasɛ nyamesom nyinaa na w’ani nnye ho? Nea enti a merebisa saa ne sɛ yɛahyia nnipa pii a bere bi na wɔyɛ anyamesomfo, nanso wɔnkɔ asɔre bio efisɛ wohu nyaatwom pii wɔ asɔre no mu (anaa, wɔte nka sɛ nyamesom yɛ ade foforo ara kwa a wɔde pɛ sika; anaa, wɔmpene kyɛfa a nyamesom nya wɔ amammuisɛm mu no so; ne nea ɛkeka ho). Bible no nso mpene nneyɛe a ɛtete saa so, na ɛkyerɛ yɛn ade koro pɛ a yebetumi agyina so ahwɛ daakye pa bi kwan.’
● ‘Sɛ wokyerɛ sɛ w’ani nnye ɔsom foforo ho a, mete ase. Nanso ɛnyɛ dɛn ara a, esiane nea akodi de aba yɛn asetra so nti, wopɛ sɛ wuhu nea ɛbɛba daakye (anaa, ɔkwan a yebetumi afa so abɔ yɛn mma ho ban afi nnubɔne ho; anaa, nea yebetumi ayɛ wɔ nsɛmmɔnedi ho sɛnea ɛbɛyɛ a yensuro sɛ yɛbɛnantew abɔnten; ne nea ɛkeka ho). Wugye di sɛ biribi paa bi wɔ hɔ a ebetumi ayi ɔhaw no afi hɔ?’
● ‘Wowɔ ɔsom bi mu dedaw nti anaa? . . . Ma mimmisa wo, Wugye di sɛ bere bi bɛba a nnipa nyinaa benya ɔsom biako? . . . Dɛn na esiw ɛno kwan? . . . Sɛ ebetumi aba saa a, wugye di sɛ nhyɛase bɛn na ebehia?’
● ‘Mete wo ase. Mfe kakraa bi a atwam ni no, saa ara na na mete nka. Nanso mekenkanee biribi wɔ Bible no mu a ɛboaa me ma mihuu nneɛma wɔ ɔkwan foforo so. (Kyerɛ onii no nea wokenkanee no.)’
● ‘W’ani begye ho sɛ mefi Bible mu akyerɛ wo nea ɛbɛyɛ a wubehu w’adɔfo a wɔawuwu bio (anaa, asetra atirimpɔw ankasa; anaa, nea ɛbɛma biakoyɛ aba yɛn mmusua mu; ne nea ɛkeka ho)?’
● ‘Sɛ wokyerɛ sɛ w’ani nnye ho sɛ wobɛtɔ biribi a, mma no nnhaw wo. Ɛnyɛ gua na meredi. Nanso w’ani begye ho sɛ wubenya hokwan atra paradise asase a ɔyare ne nsɛmmɔnedi nni so, a afipamfo nyinaa dɔ wo ankasa so?’
[● ‘Sɛ Yehowa Adansefo ba wo nkyɛn a, saa na ɛyɛ a wotaa ka? . . . Woadwen nea enti a yɛkɔ so ba mo nkyɛn anaa nea yɛwɔ ka no ho pɛn? . . . Ne tiaa mu no, nea enti a mebaa wo nkyɛn ne sɛ minim biribi a mepɛ sɛ wo nso wuhu. Adɛn nti na ɛnnɛ nko ara de wuntie bi?’]
‘M’ANI NNYE NYAMESOM HO’
● ‘Mete sɛnea wote nka no ase. Nokwasɛm ne sɛ asɔre ahorow no mma wiase yi mu tra nyɛ abodwo, anaa ɛnte saa? . . . Nanso, wugye Onyankopɔn di?’
● ‘Nnipa pii kura w’adwene no bi. Nyamesom mmoaa wɔn ankasa. Ɛka ho bi nti na yɛaba wo nkyɛn no—efisɛ asɔre ahorow no nkaa Onyankopɔn ne adwene pa a ɔwɔ ma adesamma no ho nokwasɛm nkyerɛɛ nnipa.’
● ‘Nanso migye di yiye sɛ w’ankasa wo daakye ho hia wo. Ná wunim sɛ Bible no aka tebea a ɛwɔ wiase nnɛ yi ho asɛm ato hɔ? . . . Na ɛkyerɛ nea ɛbɛkɔ akowie.’
● ‘Saa na woate nka bere nyinaa? . . . W’adwene wɔ daakye ho ne dɛn?’
‘M’ANI NNYE YEHOWA ADANSEFO HO’
● ‘Nnipa pii ka saa kyerɛ yɛn. Woasusuw nea enti a nnipa te sɛ me atu yɛn ho asi hɔ kɔ nkurɔfo nkyɛn bere mpo a yenim sɛ ebia ofiewuranom bebree rentie yɛn no ho pɛn? (Ka Hesekiel 9:1-11 mu asɛm, na kyerɛkyerɛ mu sɛ, wɔnam nea obiara bɛyɛ wɔ Ahenni asɛm no ho so rehyɛ no “agyirae” ma wɔakora ne so wɔ ahohiahia kɛse no mu anaa Onyankopɔn asɛe no.)’
● ‘Mete wo ase efisɛ saa ara na na me nso mete nka. Nanso, nea ɛbɛyɛ a mɛkyerɛ nidi ama wɔn no nti, meyɛɛ m’adwene sɛ metie wɔn mu biako. Na mibehui sɛ nea na mate afa wɔn ho no nyɛ nokware. (Ka atosɛm bi a wɔtaa ka fa yɛn ho, na afei kyerɛkyerɛ nea yegye di mu.)’
● ‘Ɛnkyɛe biara na mekaa saa ara kyerɛɛ Ɔdansefo bi a ɔbaa me fie. Nanso ansa na ɔrefi hɔ no, mibisaa no asɛm bi a na minim yiye sɛ ontumi nyi ano. Wobɛpɛ sɛ wuhu saa asɛm no? . . . (Ɛho nhwɛso ne: Ɛhe na Kain nyaa ne yere fii?)’ (Wɔn a wonyaa osuahu a ɛte saa ankasa na wɔmfa nni dwuma.)
● ‘Sɛ woyɛ obi a wokɔ asɔre a, ɛnde mete wo ase. Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gye w’asɔre a wokɔ ho. Nanso misusuw sɛ wo ne me bɛyɛ adwene sɛ yɛn baanu nyinaa ani begye (ka asɛmti bi a ɛfata) ho.’
[● ‘Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ asɔre a wokɔ. Metumi ahu asɔre a wokɔ? . . . Yɛn ani gye ho sɛ yɛne wo som mufo bɛbɔ nkɔmmɔ. Wususuw dɛn wɔ (ka asɛmti a wopɛ sɛ mobɔ ho nkɔmmɔ no) ho?’]
● ‘Yiw, mete ase. Nanso nea enti a yɛbɛsraa wo ne sɛ yɛyɛ abusua a yɛbɛpɛ sɛ yehu sɛ nnipa bom tra ase wɔ asomdwoe mu. Ntɔkwaw ne amanehunu ho amanneɛbɔ a yɛte no anadwo biara no afono yɛn na ɛhaw yɛn. Misusuw sɛ wo nso wote nka saa ara. . . . Nanso dɛn na ebetumi de nsakrae a ehia no aba? . . . Yɛanya nkuranhyɛ afi Bible bɔhyɛ ahorow no mu.’
[● ‘M’ani agye sɛ woama mahu w’adwene. Wubetumi akyerɛ me nea wompɛ wɔ yɛn ho? Ɛyɛ Bible mu asɛm a yɛka no anaasɛ ba a yɛba mo nkyɛn no?’]
‘MEWƆ M’ASƆRE A MEKƆ’
● ‘Ma mimmisa wo biribi, So w’asɔre kyerɛkyerɛ sɛ bere bi bɛba a wɔn a wɔdɔ trenee bɛtra asase so daa? . . . Ɛyɛ anigyesɛm, ɛnte saa? . . . Ɛwɔ Bible no mu wɔ ha. (Dw. 37:29; Mat. 5:5; Adi. 21:4)’
● ‘Me ne wo yɛ adwene sɛ obiara na ɛsɛ sɛ osi ne gyinae wɔ saa asɛm yi ho. Nanso, wunim sɛ Onyankopɔn ankasa rehwehwɛ nnipa pɔtee bi ma wɔayɛ ne nokware asomfo? Tie asɛm a ɛwɔ Yohane 4:23, 24. Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛresom Onyankopɔn wɔ “nokware mu”? . . . Dɛn na Onyankopɔn de ama yɛn a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛyɛ nokware ne nea ɛyɛ atoro? . . . (Yoh. 17:17) Na tie sɛnea ɛho hia ma yɛn ankasa. (Yoh. 17:3)’
[● ‘Wufi wo mmofrase na akɔ asɔre anaa? . . . Wususuw sɛ bere bi bɛba a adesamma nyinaa bɛkɔ asɔre biako? . . . Masusuw ɛno ho pii esiane nea wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm 5:13 ha nti. . . . Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi aka saa asɛm no bi?’]
● ‘Ná merehwɛ kwan sɛ mehyia obi a ɔte sɛ wo a n’ani gye honhom mu nneɛma ho. Nnipa pii nte saa nnɛ. Wususuw ɛbɔ a Bible ahyɛ sɛ Onyankopɔn beyi nsɛmmɔnedi nyinaa afi hɔ na wayɛ asase yi beae a wɔn a wɔdɔ adetrenee nko ara na wɔbɛtra hɔ no ho dɛn? W’ani gye ho?’
● ‘Wode wo ho hyɛ asɔre dwumadi ahorow mu kɛse? . . . Nnansa yi, sɛ wɔreyɛ asɔre a, ɛyɛ a asɔredan no taa yɛ ma? . . . Ɛyɛ a wuhu sɛ asɔrefo no mu dodow no ara fi wɔn komam paa pɛ sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm no di dwuma wɔ da biara da asetra mu? (Anaa, Wuhu sɛ asɔrefo no adwene hyia wɔ ɔkwan a yɛbɛfa so adi wiase haw ahorow ho dwuma no ho?) Yehu sɛ Bible nkyerɛkyerɛ a yɛne wo bɛyɛ wɔ fie no bɛboa.’
● ‘Ɛda adi sɛ w’ani gye wo som ho. Nanso nnipa dodow no ara ani nnye nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase no ho. Ebia saa ara na wo nso wuhu no; meboa? . . . Dɛn mu na ne nyinaa bɛkɔ akowie?’
● ‘Woyɛ obi a w’ani gye Bible akenkan ho? . . . Ɛyɛ a wugye bere kenkan no daa?’
● ‘M’ani sɔ sɛ woama mahu saa. Migye di sɛ wo ne me bɛyɛ adwene sɛ asɔre biara a yɛkɔ no, yɛn nyinaa ani gye wiase asomdwoe (anaa, akwan a yɛbɛfa so abɔ yɛn mma ho ban afi nkɛntɛnso bɔne ho; anaa, mpɔtam a nkurɔfo dodɔ wɔn ho wɔn ho ankasa; anaa, abusuabɔ pa a ɛbɛba yɛne nnipa foforo ntam, ade a ebetumi ayɛ den bere a biribi hyɛ obiara so) ho.’
● ‘Ɛyɛ me dɛ sɛ mahu sɛ w’ani gye nyamesom ho. Ɛnnɛ nnipa pii mfa nyamesom aniberesɛm. Ebinom mpo susuw sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. Nanso sɛnea wɔakyerɛkyerɛ wo no, wugye di sɛ Onyankopɔn yɛ onipa bɛn? . . . Hyɛ no nsow sɛ Bible no kyerɛ yɛn ne din ankasa. (Ex. 6:3; Dw. 83:18)’
● ‘Bere a Yesu somaa n’asuafo no sɛ wɔnkɔka asɛm no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ wiase afanan nyinaa, enti ná wobehyia nnipa pii a ɛsono wɔn som. (Aso. 1:8) Nanso na onim sɛ wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn no betie. Asɛm pɔtee bɛn na ɔkae sɛ wɔbɛka ho asɛm wɔ yɛn bere yi mu? (Mat. 24:14) Yehu Ahenni no dɛn?’]
‘ƐHA DE YƐYƐ KRISTOFO DEDAW’
● ‘M’ani agye sɛ mahu saa. Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ wunim sɛ Yesu ankasa yɛɛ saa adwuma yi bi kɔɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔn nso wɔnyɛ bi. Wunim wɔn asɛnka no asɛmti? . . . Ɛno ho asɛm na yɛrebɛka nnɛ. (Luka 8:1; Dan. 2:44)’
● ‘Ɛnde migye di yiye sɛ wunim sɛ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu asɛm a ɔkae wɔ ha no yɛ aniberesɛm. Ná ɔka n’asɛm no penpen, nanso na ɔreda ɔdɔ nso adi bere a ɔkae sɛ . . . (Mat. 7:21-23) no. Ɛnde asɛm a ehia sɛ yebisa yɛn ho ne sɛ, Minim ɔsoro Agya no apɛde kosi he? (Yoh. 17:3)’
‘MINNI ADAGYEW’
● ‘Ɛnde menkyɛ. Mebae sɛ me ne wo rebesusuw asɛm a ɛho hia biako pɛ ho. (Fa bɛyɛ kasamu abien ka w’asɛmti no mu asɛm.)’
● ‘Eye. M’ani begye sɛ mɛsan aba wo nkyɛn bio wɔ bere a eye ma wo mu. Nanso ansa na mɛkɔ no, mepɛ sɛ mekan kyerɛwsɛm biako pɛ a ɛbɛma yɛanya biribi a ɛho hia asusuw ho.’
● ‘Mete ase. Meyɛ ɔbaatan, (anaa, odwumayɛfo; anaa, sukuuni) a me nso minni adagyew. Enti metwa no tiaa. Tebea a ɛyɛ hu bi da yɛn nyinaa anim. Bible no kyerɛ sɛ yɛabɛn bere a Onyankopɔn bɛsɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ nnɛ no pɛɛ. Nanso ebinom benya nkwa. Asɛm no ne sɛ, Dɛn na ɛsɛ sɛ me ne wo yɛ na yɛn nso yɛaka wɔn ho? Bible no ma saa asɛm no ho mmuae. (Sef. 2:2, 3)’
● ‘Wunim, ɛno ara nti na mebae. Yɛn nyinaa nni adagyew—adagyew nni hɔ araa ma ɛtɔ mmere bi a yebu yɛn ani gu asetra mu nneɛma a ɛho hia ankasa so, ɛnte saa? . . . Merenkyɛ koraa, nanso migye di sɛ w’ani begye kyerɛwsɛm biako pɛ yi ho. (Luka 17:26, 27) Yɛn mu biara mpɛ sɛ ɔba tebea a ɛte saa mu, enti ɛwom sɛ yenni adagyew de, nanso ɛho hia sɛ yɛpɛ bere de susuw nea Bible no ka ho. (Ma no nhoma.)’
● ‘Sɛ yɛkɔsrasra mpɔtam hafo no bi wie na yɛsan ba bɛyɛ simma aduasa ntam a, ɛbɛyɛ nea eye ma wo?’
[● ‘Ɛnde merensɛe wo bere. Ebia metumi aba da foforo. Nanso ansa na mɛkɔ no, mepɛ sɛ mede hokwan no ma wo nhoma titiriw yi bi. (Fa nhoma a yɛde redi dwuma ɔsram no mu no kyerɛ no.) Adesua a ɛbɛma woahu mmuae a Bible no ankasa de ma wɔ nsemmisa te sɛ (bisa biako anaa abien pɛ) ho wɔ nhoma yi mu.’]
● ‘Ɛyɛ me yaw sɛ mamma bere pa mu. Sɛnea ebia wunim no, meyɛ Yehowa Adansefo no biako. Anka me ne wo rebesusuw Bible asɛm a ɛho hia bi ho. Nanso ɛnam sɛ wunni bere a wode betie no seesei ara nti, mɛpɛ sɛ mede kratawa yi bɛma wo, ɛka (ka asɛmti no) ho asɛm. Ɛnkyɛ na woakenkan awie, nanso w’ani begye ho.’
[● ‘Mete ase paa. Ayɛ sɛ nea yennya bere a ɛsɛ mfa nyɛ yɛn nneɛma nyinaa. Nanso woasusuw sɛnea anka asetra bɛyɛ soronko bere a wutumi tra ase daa no ho pɛn? Minim sɛ ebia ɛbɛyɛ wo ade foforo. Nanso ma memfa Bible mu asɛm biako pɛ a ɛkyerɛ nea ɛbɛyɛ a ebetumi aba saa no nkyerɛ wo. (Yoh. 17:3) Enti, nea ehia sɛ yɛyɛ seesei ne sɛ yebenya Onyankopɔn ne ne Ba no ho nimdeɛ yi. Ɛno nti na yɛregyaw nhoma yi.’]
‘ADƐN NTI NA MOTAA BA HA SAA?’
● ‘Efisɛ yegye di sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri a Bible ka ho asɛm no mu. Yɛte nka sɛ ɛho hia sɛ yɛn nyinaa susuw nea tebea horow a ɛwɔ hɔ nnɛ yi de bɛba ho. (Ka asɛm a asi anaa tebea a aba nnansa yi biako anaa abien ho asɛm.) Asɛm no ne sɛ, Sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkwa wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?’
● ‘Efisɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa. Saa na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ, meboa?’
‘MINIM MO ADWUMA NO ANI SO YIYE DEDAW’
●‘M’ani agye yiye sɛ mate saa. Wo busuani paa anaa w’adamfo bi yɛ Ɔdansefo anaa? . . . Ma mimmisa wo: Wugye nea yɛkyerɛkyerɛ fi Bible mu a ɛne sɛ yɛte “nna a edi akyiri” mu, na ɛnkyɛ Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo, ne sɛ asase yi bɛdan paradise a nnipa betumi ne afipamfo a wɔdodɔ wɔn ho ankasa atra daa wɔ akwahosan pa mu no di?’
‘YENNI SIKA’
● ‘Ɛnyɛ sika na yɛresrɛsrɛ. Na mmom yɛne nkurɔfo resua Bible no wɔ wɔn afie a yennye hwee. Nsɛm a ɛwɔ adesua no mu biako ne (ka nhoma a ɛbaa nnansa yi ara ti bi ho asɛm). Metumi de simma kakraa bi akyerɛ wo sɛnea yɛyɛ no? Wuntua kaperɛ.’
● ‘Nnipa ho na yedwen, ɛnyɛ wɔn sika. (Toa nkɔmmɔbɔ no so. Fa nhoma no biako kyerɛ wɔn, na kyerɛ wɔn sɛnea ɛso betumi aba wɔn mfaso. Sɛ wɔkyerɛ ho anigye ankasa na wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛkenkan a, fa ma wɔn. Sɛ ɛfata a, kyerɛ wɔn sɛnea yetua yɛn wiase nyinaa asɛnka adwuma no ho ka.)’
SƐ OBI KA SƐ, ‘MEYƐ BUDDHANI’ A
● Nsusuw sɛ onipa no gyidi ne Buddhafo a aka nyinaa gyidi yɛ biako. Japanfo Buddhasom yɛ soronko koraa wɔ Asia Kesee Fam Apuei de ho. Ɛsono ankorankoro biara nso adwene wɔ ho. Nanso nsɛm a edidi so yi betumi aboa mpɛn pii: (1) Buddhafo nnye nni sɛ Onyankopɔn bi wɔ baabi a ɔno na Ɔbɔɔ onipa. Nanso Buddhafo pii som Buddha honi ne ne ho nneɛma. (2) Siddhartha Gautama a wɔde edin Buddha too ne so no akyidifo bebuu no sɛ nyamesom mu nipa titiriw a ɛsɛ sɛ wosuasua no. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa nnipa adwene nsua adesamma ho ade mfa nnu pɛyɛ ho, na afei wɔnhyɛ wɔn adwene so mfa nyi honam fam akɔnnɔ nyinaa mfi hɔ na asiw nea ɛde amanehunu ba no ano. Ɔkyerɛe sɛ obi betumi afa saa kwan yi so anya Nirvana, a wɔrensan nwo no mma wiase bio sɛ abɔde foforo. (3) Buddhafo som wɔn nananom a wɔawuwu, efisɛ wobu wɔn sɛ wɔn na wɔma wɔn nkwa.
Nkɔmmɔbɔ ho nyansahyɛ ahorow: (1) Sɛ wo ne Buddhafo rebɔ nkɔmmɔ a, si so dua kyerɛ wɔn sɛ wonka Kristoman ho. (2) Buddhafo bu “nhoma akronkron,” na ɛno nti wobu Bible no mpɛn pii. Sɛ́ anka wobɛka Buddhafo nyansapɛ ho asɛm no, ka Bible mu asɛm pa no mmom. Ma wonhu sɛ Bible no nyɛ nnipa nyansapɛ bi ara kwa, na mmom Yehowa Nyankopɔn, adesamma Bɔfo no, Asɛm a tumi wom. Fi obu mu bisa wɔn sɛ ebia wɔn ani begye ho sɛ wode nhoma kronkron yi, a ɛne Bible no mu asɛm bi a ɛyɛ anigye bɛkyerɛ wɔn anaa. (3) Buddhafo pii ani gye asomdwoe ne abusua asetra ho yiye, na wɔpɛ sɛ wɔde ɔbra pa tra ase. (4) Kyerɛ wɔn sɛ Bible no ka ɔsoro trenee nniso bi a ebedi asase so ho asɛm sɛ ɛno na ɛde adesamma haw bɛba awiei ankasa. Ɛka nea asase no bɛyɛ daakye ne anidaso pa a ɛwɔ hɔ sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ asase so paradise mu ho asɛm. (5) Wubetumi ada no adi sɛ Bible no kyerɛ nea ɛyɛe a nkwa fii ase, nea enti a yɛte ase, tebea a awufo wom ne owusɔre ho anidaso no, ne nea enti a nsɛmmɔnedi wɔ hɔ. Wɔn a wɔte sɛ nguan bebue wɔn komam ama Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm ahorow a emu da hɔ a yɛde ayamye bɛka akyerɛ wɔn no.
Buddhafo a wɔwɔ koma pa titiriw nti na wɔyɛɛ nhomawa In Search of a Father.
SƐ OBI KA SƐ, ‘MEYƐ HINDUNI’ A
● Hu sɛ Hindufo nyansapɛ yɛ hwanyann yiye na ntease papa biara nnim. Ebia nsɛm a edidi so yi a wobɛkae no bɛboa wo: (1) Hindufo kyerɛkyerɛ sɛ anyame baasa na ɛwɔ onyame Brahman mu—Brahma Ɔbɔadeɛ, Vishnu Nkwamafo, ne Siva Ɔsɛefo. Nanso Hindufo nni onyame bi a ɔno nko ara atew ne ho. (2) Hindufo gye di sɛ abɔde biara wɔ ɔkra a enwu da, wɔsan wo ɔkra no ma ɔba wiase bere nyinaa, ne nneyɛe (Karma) na ɛbɛkyerɛ abɔde ko a ɔbɛsan abɛyɛ, na sɛ obi betumi ade ne ho afi “daa kyinhyiadi” yi ho a, gye sɛ oyi honam fam akɔnnɔ nyinaa fi hɔ ansa, na sɛ otumi yɛ saa a, ɛnde ɔkra no bɛfra amansan honhom no mu. (3) Hindufo pii bu ɔsom afoforo. Hindufo gye di sɛ ɛwom sɛ ɔsom ahorow nyinaa nkyerɛkyerɛ ade koro de, nanso ne nyinaa ma wohu nokware koro no ara.
Sɛ anka wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛka Hindufo nkyerɛkyerɛ hwanyann no ho asɛm no, ka nokwasɛm a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron Bible no mu a ɛma ahotɔ no ho asɛm. Ɔdɔ nsiesiei a ɛde kɔ nkwa mu a Yehowa ayɛ no ho kwan abue ama nnipa nyinaa, na n’Asɛm no mu nokwasɛm a emu da hɔ no bɛka wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn no koma. Bible no nko ara na ɛma yenya daakye ho anidaso a edi mu ankasa; Bible no nko ara na ɛma wonya nsɛm atitiriw a ɛhaw adesamma nyinaa no ho mmuae a akomatɔyam wom ankasa. Ma wɔn hokwan ma wontie saa mmuae horow no. Ɛyɛ anika sɛ wɔato Hindufo Rig-Veda nnwom no, 10. 121, din sɛ “Wɔto Ma Onyame a Wonnim No No.” Ɛtɔ mmere bi a, ebia wubehu sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛka eyi ho asɛm. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 17:22, 23 ho.) Anigyesɛm ne sɛ, sɛ wɔkyerɛw Hindufo nyame Vishnu din na digamma nkyerɛwde no nni mu a, ɛyɛ Ish-nuh, na ɛkyerɛ “onipa Noa” wɔ Kaldea kasa mu. Kyerɛ wɔn nea Bible se Noa bere so Nsuyiri a ɛbaa wiase nyinaa no kyerɛ.
Nsɛm a ɛwɔ nhomawa The Path of Divine Truth Leading to Liberation ne From Kurukshetra to Armageddon—And Your Survival ne afei Our Problems—Who Will Help Us Solve Them? mu no so bɛba mfaso kɛse ama Hindufo a wɔwɔ koma pa.
SƐ OBI KA SƐ, ‘MEYƐ YUDANI’ A
● Nea edi kan no, hu adwene a onii no kura wɔ ne ho sɛ Yudani no. Wɔn mu kakraa bi na wɔyɛ anyamesomfo. Wɔ pii fam no abusua ko a wofi mu ara kwa nti na wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo no.
Nneɛma kakra a wubetumi de agu wo tirim ni: (1) Yudafo nyamesomfo susuw sɛ wɔabara sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn din. (2) Yudafo bebree adwene yɛ wɔn sɛ Bible no yɛ Kristofo nhoma, nanso sɛ woka “Hebri Kyerɛwnsɛm no,” “Kyerɛwnsɛm no,” anaa “Tora no” a, ɛnhaw wɔn. (3) Wɔn gyidi gyina atetesɛm so, na Yudafo nyamesomfo pii bu no sɛ ɛwɔ tumi te sɛ Kyerɛwnsɛm no pɛpɛɛpɛ. (4) Ebia wɔbɛka sɛ ɔtaa a emu yɛ den a Kristoman de baa Yudafo so wɔ Yesu din mu no fi Yesu Kristo. (5) Wogye di mpɛn pii sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ Yudafo di Homeda, na ade a saa gyidi yi ma wɔyɛ no bi ne sɛ wonso sika mu saa da no.
Nea ɛbɛboa ma moanya biribi a mo adwene hyia wɔ ho abɔ ho nkɔmmɔ no, wubetumi aka sɛ: (1) ‘Akyinnye biara nni ho sɛ wo ne me bɛyɛ adwene sɛ ɛmfa ho ɔsom a yɛwom no, yɛn nyinaa yehyia ɔhaw koro no ara pii wɔ nnɛ wiase yi mu. Wugye di sɛ biribi wɔ hɔ a ebeyi nneɛma akɛse a ɛhaw yɛn nnɛ no afi hɔ daa? (Dw. 37:10, 11, 29; Dw. 146:3-5; Dan. 2:44)’ (2) ‘Yɛnka Kristoman ho, na yennye Baasakoro no nni na mmom yɛsom Abraham Nyankopɔn no. Yɛn ani gye nyamesom mu nokware ho titiriw. Esiane sɛ nsonsonoe kɛse wɔ gyidi ahorow a Yudafo wɔ mu nti, ma mimmisa sɛ wobɛyɛ dɛn ahu nea ɛyɛ nokware? . . . (Deut. 4:2; Yes. 29:13, 14; Dw. 119:160)’ (3) ‘Yɛn ani gye ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham sɛ ɔnam n’aseni so behyira aman nyinaa no ho kɛse. (Gen. 22:18)’
Sɛ onipa no ka sɛ onnye Onyankopɔn nni a, bisa no hwɛ sɛ ebia saa na wate nka bere nyinaa anaa. Afei, ebia mubetumi asusuw nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ne amanehunu ho kwan ho. Nnipa pii a wokunkum wɔn wɔ Nasi nniso ase no ho nkae ama Yudafo pii susuw eyi ho.
Sɛ mususuw hia a ehia sɛ yɛde Onyankopɔn din di dwuma ho a, di kan hu sɛnea onii no te nka wɔ ho. Da no adi sɛ Exodus 20:7 kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn din basabasa, nanso ɛmmara edin no a yɛde bedi dwuma obu mu. Afei munsusuw kyerɛw nsɛm bi te sɛ Exodus 3:15 (anaa Dwom 135:13); 1 Ahene 8:41-43; Yesaia 12:4; Yeremia 10:25; Malaki 3:16 ho.
Sɛ mususuw Mesia no ho a: (1) Sɛ́ anka wobɛka onipa ko a ɔyɛ ho asɛm no, di kan ka nhyira horow a yebenya wɔ ne nniso ase daakye no ho asɛm mmom. (2) Afei munsusuw kyerɛw nsɛm a ɛkyerɛ sɛ Mesia no yɛ obi ankasa ho. (Gen. 22:17, 18; Sak. 9:9, 10; Dan. 7:13, 14) (3) Ebia ebehia sɛ mususuw Mesia no ba abien no ho. (Fa Daniel 7:13, 14 toto Daniel 9:24-26 ho hwɛ.) (4) Sɛ woreka Yesu ho asɛm a, ka no ɔkwan bi so ma ensi so dua sɛ Onyankopɔn atirimpɔw renya nkɔso. Ka sɛ bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ no, na aka kakraa bi ma Onyankopɔn ama kwan ma wɔasɛe asɔrefie a ɛto so abien no a wɔrensi bio. Nanso Yesu sii Mmara ne Adiyifo no mmamu ne daakye pa a ɛde bɛbrɛ nnipa a wɔwɔ gyidi so dua.