Nnianim Nsɛm A Yɛde Bedi Dwuma Wɔ Asɛnka Mu
Ɛho Nsɛm: Sɛ wubehu nnianim asɛm ko a wode bedi dwuma wɔ asɛnka adwuma no mu a, ɛsɛ sɛ wususuw nneɛma abiɛsa bi ho yiye: (1) Asɛm a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka ne “ahenni no ho asɛmpa yi.” (Mat. 24:14) Sɛ ɛnyɛ ɛno ho asɛm pɔtee na yɛreka mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔahu hia a ɛho hia, anaasɛ ebia yɛbɛboa wɔn ma wɔayi nneɛma a ɛmma wonsusuw ho no afi hɔ. (2) Wɔn a yɛkɔ wɔn nkyɛn no yiyedi a yɛbɛma ɛho ahia yɛn ampa no bɛboa yɛn sɛnea ɛboaa Yesu no ma yɛn asɛm no aka wɔn koma. (Marko 6:34) Nea ɛbɛkyerɛ sɛ yesusuw wɔn ho ankasa ne sɛ yɛde anigye bɛnwenwe na yɛne wɔn ayɛ sɛ nnamfo, atie wɔn bere a wɔrekasa na yɛama nea yɛbɛka no afa wɔn asɛm no ho, afei nso, yebetumi abisa wɔn nsɛm a ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔakyerɛ wɔn adwene, na ama yɛate nea wɔkyerɛ no ase yiye. (1 Kor. 9:19-23) (3) Wɔ wiase afã ahorow bi no, wɔhwɛ kwan sɛ ahɔho bɛyɛ amanne bi ansa na wɔabɔ wɔn amanneɛ. Wɔ mmeae foforo nso no, ebia ofiewura no bɛhwɛ kwan sɛ ɔhɔho a waba mpofirim no bɛbɔ n’amanneɛ ntɛm.—Fa toto Luka 10:5 ho.
Nnianim nsɛm a edidi so yi kyerɛ sɛnea Adansefo bi a wɔn ho akokwaw fi nkɔmmɔbɔ ase. Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wode w’ankasa wo nsɛm ka. Afei nso, sɛ wugye nyansahyɛ ahorow fi w’asafo mu Adansefo foforo a wotumi ne afoforo bɔ nkɔmmɔ hɔ a, ɛbɛboa.
ABUSUA/MMOFRA
● ‘Yɛne nkurɔfo a wɔn ani gye sɛ wobehu ɔkwampa a yebetumi afa so agyina abusua asetra mu ɔhaw ahorow ano rebɔ nkɔmmɔ. Yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara, nanso sɛ biribi wɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn ma yɛadi ho dwuma yiye a, yɛn ani begye ho, anaa ɛnte saa? . . . (Kol. 3:12, 18-21) Bible no ma yenya anidaso sɛ daakye pa bi wɔ hɔ ma yɛn mmusua. (Adi. 21:3, 4)’
● ‘Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn mma ani gye wɔ asetra mu. Nanso wususuw sɛ ntease pa bi wɔ hɔ a enti yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya ahotɔ afi ɔhaw a ɛwɔ wiase nnɛ no mu? . . . Enti sɛ yɛn mma no nyinyin a, wususuw sɛ wiase bɛn mu na wɔbɛtra? . . . Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛyɛ asase yi anigyebea ma yɛatra so. (Dw. 37:10, 11) Nanso sɛ yɛn mma bɛtra hɔ bi a, ebetumi agyina nea yɛbɛyɛ so kɛse. (Deut. 30:19)’
ADWUMA/ADAN
● ‘Yɛne wo mpɔtam hafo resusuw nea wobetumi ayɛ ma yɛanya awerɛhyem sɛ obiara benya adwuma ne dan ho. Wugye di sɛ ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ nnipa nniso betumi ayɛ eyi? . . . Nanso obi wɔ hɔ a onim ɔkwan a ɔbɛfa so adi ɔhaw yi ho dwuma; ɔne adesamma Bɔfo no. (Yes. 65:21-23)’
[● ‘Yɛne yɛn nnamfo rebɔ nniso pa ho nkɔmmɔ. Nnipa dodow no ara bɛpɛ sɛ wonya nniso a edi nokware a ɛbɛma obiara anya adwuma ne dan pa. Wususuw sɛ nniso bɛn na ebetumi ayɛ eyinom nyinaa? . . . (Dw. 97:1, 2; Yes. 65:21-23)’]
AHENNI
● ‘Bere a me ne me nnamfo bɔ nkɔmmɔ no, mihu sɛ nnipa pii hwehwɛ sɛ nniso a ebetumi adi nneɛma akɛse a ɛhaw yɛn nnɛ—nsɛmmɔnedi ne asetra a emu ayɛ den (anaa biribiara a ɛwɔ nnipa adwenem nnansa yi)—ho dwuma bedi wɔn so. Anka ɛbɛyɛ anigye, anaa meboa? . . . Nniso bi a ɛte saa wɔ hɔ nnɛ anaa? . . . Nnipa pii abɔ nniso a ebetumi ayɛ saa nneɛma no ho mpae ankasa. Akyinnye biara nni ho sɛ woabɔ ho mpae, nanso nnipa kakraa bi na wosusuw ho sɛ ɛyɛ aban. (Dan. 2:44; Dw. 67:6, 7; Mika 4:4)’
● ‘Yɛrebisa yɛn nnamfo asɛm bi. Yɛn ani begye sɛ wobɛkyerɛ w’adwene wɔ ho. Wunim, Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na N’apɛde nyɛ asase so sɛnea ɛyɛ wɔ soro no. Wugye di sɛ bere bi bɛba a Onyankopɔn bebua mpae yi ma N’apɛde ayɛ asase yi so ha ampa? . . . (Yes. 55:10, 11; Adi. 21:3-5)’
● ‘Me ne me nnamfo resusuw asɛm bi a ɛfa yɛn nyinaa ho ho: So yɛpɛ Onyankopɔn nniso, anaasɛ nnipa nniso mmom na yɛpɛ? Esiane tebea horow a ɛwɔ wiase nnɛ nti, wote nka sɛ yehia biribi a ɛsen nea nnipa ayɛ? . . . (Mat. 6:9, 10; Dw. 146:3-5)’
AKODI/ASOMDWOE
● ‘Merehwehwɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔtra wiase a akodi nnim mu. Afeha yi nko ara mu no, akodi ɔhaha pii asisi, na wiase nyinaa de abien ka ho. . . . Hena na obetumi de wiase a asomdwoe wom aba? . . . (Mika 4:2-4)’
● ‘Yehu sɛ ɛkame ayɛ sɛ obiara ka sɛ ɔpɛ sɛ asomdwoe ba wiase. Wiase akannifo mu dodow no ara nso ka saa. Ɛnde, adɛn nti na ɛyɛ den saa sɛ yebenya asomdwoe? . . . (Adi. 12:7-12)’
ASETRA/ANIGYE
● ‘Yɛresrasra yɛn nnamfo de ahwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu nea enti a yɛte ase. Nnipa dodow no ara ani gye kakra. Nanso nneɛma bebree nso haw wɔn. Bere a yɛrenyinyin no, yehu sɛ nkwa yɛ tiaa yiye. Eyi ara nti na yɛte ase? Wote nka dɛn wɔ ho? . . . (Ka Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw sɛnea na ɛte wɔ Eden no ho asɛm; afei ka Yohane 17:3 ne Adiyisɛm 21:3, 4 nso ho asɛm.)’
● ‘Ɛnnɛ, yɛrebisa yɛn nnamfo nea ɛba wɔn adwenem bere a wɔrekenkan wɔn Bible na wohu asɛm “daa nkwa” no. Ɛho hia yiye efisɛ saa asɛm no pue Bible mu bɛyɛ mpɛn 40. Dɛn na asetra a ɛte saa betumi ama yɛanya? . . . Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya? (Yoh. 17:3; Adi. 21:4)’
● ‘Yɛne nnipa a sɛnea asetra te nnɛ ho asɛm haw wɔn ankasa no rebɔ nkɔmmɔ. Yɛn mu dodow no ara ani gye ho sɛ yɛte nkwa mu, nanso nnipa pii bisa wɔn ho sɛ, Asetra a nokware anigye wom betumi aba anaa? Wote nka dɛn wɔ ho? . . . Wususuw sɛ nneɛma a ɛnnɛ ɛmma yɛn ani nnye koraa no biako ne dɛn? . . . (Dw. 1:1, 2; fa kyerɛw nsɛm foforo a ɛfa nneɛma a ɛhaw ofiewura no ho di dwuma)’
BIBLE/ONYANKOPƆN
● ‘Mema wo akye. Merebɛsra wo bere tiaa bi ma yɛasusuw asɛm a ɛho hia bi ho. Mesrɛ wo, tie asɛm bi a Bible no ka wɔ ha. (Kenkan kyerɛwsɛm bi te sɛ Adiyisɛm 21:3, 4.) Wususuw asɛm no ho dɛn? W’ani gye ho?’
● ‘Yɛreka baabi a yebenya mmoa de adi asetra mu ɔhaw ahorow ho dwuma akyerɛ yɛn nnamfo. Bere a atwam no, na nnipa pii hwehwɛ Bible no mu. Nanso seesei yɛte bere a nkurɔfo suban resakra mu. Wote nka dɛn wɔ ho? Wugye di sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm, anaa wote nka sɛ ɛyɛ nhoma pa bi a nnipa akyerɛw ara kwa? . . . Sɛ efi Onyankopɔn hɔ a, wususuw sɛ obi bɛyɛ dɛn ahu?’
[● ‘M’ani agye sɛ mabɛto wo wɔ fie. Me ne me nnamfo resusuw Bible (anaa Kyerɛw Kronkron no) mu asɛm bi a ɛhyɛ nkuran ho. Woasusuw ho pɛn sɛ: . . . ? (Bisa asɛm bi a ɛbɛtwe adwene asi nea wopɛ sɛ mobɔ ho nkɔmmɔ no so.)’]
● ‘Yɛrehyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔakenkan wɔn Bible. Mmuae a ɛde ma wɔ nsemmisa a ɛho hia bi ho no taa yɛ nnipa nwonwa. Ebi ne: . . . (Dw. 104:5; anaa Dan. 2:44; anaa foforo bi).’
● ‘Yɛde bere kakraa bi resrasra yɛn nnamfo nnɛ. Wɔn a yɛne wɔn bɔ nkɔmmɔ no bi gye Onyankopɔn di. Ɛyɛ ebinom nso den sɛ wobegye no adi. Wote nka dɛn? . . . Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yensusuw nea amansan mu nneɛma a yehu no kyerɛ no ho. (Dw. 19:1) Onii a ne mmara na ɛkyerɛ ɔsoro abɔde yi kwan no de akwankyerɛ a ɛsom bo nso ama yɛn. (Dw. 19:7-9)’
DAAKYE/AHOBAMMƆ
● ‘Mema wo akye. Wo ho te dɛn? . . . Yɛrebɔ mmɔden ne yɛn nnamfo asusuw daakye ho adwempa a yebenya ho. Ɛno ne adwene a wowɔ wɔ asetra ho? . . . Wuhu sɛ nneɛma bi ma ɛyɛ den sɛ wobɛyɛ saa? . . . Mahu sɛ Bible no boa yɛn yiye wɔ eyi mu. Ɛka tebea a yɛwom nnɛ yi ho asɛm pefee, nanso ɛma yehu nea ɛkyerɛ ne nea ebefi mu aba. (Luka 21:28, 31)’
● ‘Mema wo akye. Me din de——. Na wo nso ɛ? . . . Merehyɛ mmerante ne mmabaa te sɛ wo nkuran ma wɔasusuw daakye pa bi a Bible no ka ho asɛm kyerɛ yɛn no ho. (Kenkan kyerɛwsɛm bi te sɛ Adiyisɛm 21:3, 4.) W’ani gye ho?’
HARMAGEDON
● ‘Nnipa bebree dwen Harmagedon ho. Wɔate sɛ wiase akannifo ka sɛ ɛyɛ nuklea akodi bi a ebi mmae da. Wugye di sɛ dɛn na Harmagedon de bɛba adesamma so? . . . Nokwasɛm ne sɛ wonyaa edin Harmagedon no fii Bible mu, na ɛkyerɛ ade foforo koraa wɔ sɛnea wɔtaa kyerɛ ase no ho. (Adi. 16:14, 16) Bible no san kyerɛ sɛ, nneɛma bi wɔ hɔ a yɛn ankasa yebetumi ayɛ na ama yɛanya nkwa. (Sef. 2:2, 3)’
NNA A EDI AKYIRI
● ‘Yɛne wo rebesusuw nea nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no kyerɛ ho. Onyankopɔn ne asetra ho gyinapɛn a wada no adi wɔ Bible mu no ho anigye a nnipa pii wɔ no kɔ fam. Eyi ama suban a nnipa da no adi kyerɛ wɔn yɔnko no asakra kɛse. Mesrɛ wo, ma yɛnkenkan nneɛma bi a wɔabobɔ din wɔ 2 Timoteo 3:1-5 na ka kyerɛ me sɛ ebia wususuw sɛ ɛrekɔ so nnɛ wɔ wiase yi mu a. (Monkenkan) . . . Ntease pa bi wɔ hɔ a yebetumi agyina so ahwɛ tebea pa kwan daakye anaa? (2 Pet. 3:13)’
● ‘Nnipa bebree gye di sɛ wiase yi rekɔ n’awiei. Wɔka sɛ yɛn bere yi yɛ “nna a edi akyiri.” Nanso wunim sɛ Bible kyerɛ yɛn nea yɛbɛyɛ a sɛ wiase yi kɔ n’awiei a, yebenya nkwa na yɛatra asase bi a wɔbɛyɛ no paradise so? (Sef. 2:2, 3)’
[Hwɛ “Nsɛm a Asisi Nnansa Yi” wɔ nnianim nsɛm ahorow a wɔde ama yi mu no nso.]
NSƐM A ASISI NNANSA YI
● ‘Mema wo adwo. Me din de——. Mete (kyerɛ baabi a wote). Wuhuu TV so nsɛm no nnɛra anadwo? . . . Asɛm a wɔka faa (ka biribi a asi nnansa yi ara a ɛhaw adwene) ho no—wususuw ho dɛn? . . . Ɛnyɛ nwonwa sɛ wobɛte sɛ nkurɔfo bisa sɛ, Dɛn na ɛreba wiase yi mu? Yɛn Yehowa Adansefo de, yegye di sɛ yɛte nea Bible frɛ no “nna a edi akyiri” no mu. Tie sɛnea wɔka ho asɛm kɔ akyiri wɔ 2 Timoteo 3:1-5.’
● ‘Wokenkanee eyi wɔ nnawɔtwe yi atesɛm krataa mu? (Fa asɛm a woatwa afi atesɛm krataa mu kyerɛ no.) Wususuw ho dɛn . . . ?’
● ‘Mepɛ sɛ mibisa wo asɛm bi. Sɛ wubetumi apaw bi a, anka ɔhaw ahorow pii a ɛwɔ wiase nnɛ no mu nea ɛwɔ he na wobɛpɛ sɛ edi kan fi hɔ? (Sɛ wuhu nea ɛhaw ofiewura no kɛse a, fa mo nkɔmmɔbɔ no gyina so.)’
NSƐMMƆNEDI/AHOBAMMƆ
● ‘Mema wo akye. Yɛne nkurɔfo resusuw nea ɛde ahobammɔ bɛbrɛ obiara ho. Nsɛmmɔnedi pii atwa yɛn ho ahyia, na ɛkã yɛn asetra. Wususuw sɛ bere bi bɛba a nnipa te sɛ me ne wo betumi anantew abɔnten anadwo a yensuro? (Anaa, Wususuw sɛ obi betumi adi ɔhaw no ho dwuma?) . . . (Mmeb. 15:3; Dw. 37:10, 11)’
[● ‘Me din de——. Mete mpɔtam ha. Bere a mereba anɔpa yi no, metee sɛ obiara reka (ka nsɛmmɔnedi bi a asi mpɔtam hɔ nnansa yi ara anaa biribi foforo bi a asi hɔ) ho asɛm. Wususuw ho dɛn? . . . Wugye di sɛ biribi wɔ hɔ a ebetumi aboa ma yɛanya ahobammɔ kɛse? . . . (Mmeb. 1:33; 3:5, 6)’]
NSISI/AMANEHUNU
● ‘Woasusuw eyi ho da: So Onyankopɔn dwen nsisi ne amanehunu a nnipa wom no ho ampa? . . . (Ɔsɛnk. 4:1; Dw. 72:12, 14)’
OFIE BIBLE ADESUA
● ‘Mebae sɛ me ne wo rebesua Bible no wɔ fie a wuntua hwee. Sɛ wopɛ a, mede simma kakraa bi bɛkyerɛ wo sɛnea nnipa pii a wɔwɔ aman bɛboro 200 so sua Bible no wɔ fie sɛ mmusua. Yebetumi de nsɛmti yi mu biara asua. (Fa nhoma a morebesua no nsɛmti a wɔahyehyɛ no kyerɛ no.) Emu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho kɛse?’
● ‘Yɛde nhoma a yɛde sua Bible yi rekyerɛ yɛn nnamfo. (Fa kyerɛ no.) Woahu bi da? . . . Sɛ wowɔ bere kakraa a, anka mɛkyerɛ wo sɛnea wubetumi de asua w’ankasa wo Bible.’
ONYIN/OWU
● ‘Woasusuw nea enti a yenyinyin na yewuwu no ho pɛn? Osudanna bi tumi di mfe ɔhaha pii. Nnua bi adi mfe mpempem pii. Nanso nnipa di mfe 70 anaa 80 pɛ a na wɔawuwu. Woasusuw nea enti a ɛte saa no ho? . . . (Rom. 5:12) Saa tebea no bɛsakra da bi anaa? . . . (Adi. 21:3, 4)’
● ‘Woabisa pɛn sɛ: So owu yɛ biribiara awiei? Anaa ade foforo bi wɔ owu akyi? . . . Bible no bua owu ho asemmisa biara a ebia yɛwɔ no. (Ɔsɛnk. 9:5, 10) Ɛkyerɛ nso sɛ anidaso paa bi wɔ hɔ ma wɔn a wɔwɔ gyidi. (Yoh. 11:25)’
ƆDƆ/AYAMYE
● ‘Yɛahu sɛ nokware dɔ a enni wiase no ho asɛm haw nnipa pii yiye. Saa na wo nso wote nka? . . . Wugye di sɛ dɛn na ama aba saa? . . . Wunim sɛ na Bible no aka tebea yi ho asɛm ato hɔ? (2 Tim. 3:1-4) Ɛkyerɛ nea enti a aba saa nso. (1 Yoh. 4:8)’
● ‘Me din de——. Mete wo mpɔtam ha. Meresrasra me nnamfo na mede bere tiaa bi ne wɔn asusuw asɛm bi a ɛhaw me yiye ho, na migye di sɛ wo nso woahyɛ no nsow. Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛda ayamye adi, nanso ɛte sɛ nea ɛho ayɛ den kɛse nnɛ. Woadwen nea enti a aba saa no ho pɛn? . . . (Mat. 24:12; 1 Yoh. 4:8)’
SƐ NNIPA PII KA SƐ: ‘MEWƆ M’ASƆRE A MEKƆ’ A
● ‘Yɛma wo akye. Yɛresrasra mmusua a ɛwɔ mo borɔn yi so (anaa mpɔtam ha) nyinaa, na yehu sɛ wɔn mu dodow no ara wɔ wɔn asɔre a wɔkɔ. Yegye di sɛ wo nso wowɔ bi a wokɔ. . . . Nanso asɔre a yɛkɔ no mfa ho, ɔhaw ahorow no pii to yɛn—asetra mu den a ayɛ, nsɛmmɔnedi, ɔyare—anaa ɛnte saa? . . . Wugye di sɛ biribi wɔ hɔ paa a ebetumi ayi saa nneɛma yi afi hɔ? . . . (2 Pet. 3:13; ne nea ɛkeka ho.)’
SƐ NNIPA PII KA SƐ: ‘MINNI ADAGYEW’ A
● ‘Yɛma wo akye. Yɛresrasra obiara wɔ mo mpɔtam ha ne no asusuw asɛnhia bi ho. Yehu sɛ wunni adagyew, enti metwa no tiaa.’
● ‘Mema wo akye. Me din de——. Nea enti a mebaa ha ne sɛ, me ne wo rebesusuw nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛbrɛ yɛn ne nea yɛbɛyɛ a yebenya mu kyɛfa ho. Nanso mihu sɛ woreyɛ ade (anaa anka worepue). Metumi de asɛm ketewa bi agyaw wo anaa?’
WƆ ASASESIN A WƆTAA YƐ MU ADWUMA MU
● ‘M’ani agye sɛ mabɛto wo wɔ fie. Yɛresrasra mpɔtam hafo sɛnea yɛyɛ no nnawɔtwe biara no, na nneɛma pa a Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama adesamma no ho biribi foforo wɔ hɔ a yɛpɛ sɛ yɛne wo bɔ ho nkɔmmɔ.’
● ‘Mema wo akye. Eye sɛ mahu wo bio. . . . Abusuafo no nyinaa ho ye? . . . Mebae sɛ me ne wo rebesusuw . . . ho.’
[● ‘Mema wo akye. Wo ho te dɛn? . . . Ná merepɛ hokwan foforo ne wo abɛbɔ nkɔmmɔ bio. (Afei ka asɛmti pɔtee a wopɛ sɛ mobɔ ho nkɔmmɔ no.)’]