Ne Enti a Ɛsɛ sɛ Wokɔ Kristofo Nhyiam Horow
ELIZABETH ne Rosario a ɔte South America no suaa Bible asram pii maa n’ani gyee ho. Rosario ani gyei sɛ osuaa Onyankopɔn Ahenni ne sɛnea ɛde Paradise tebea bɛba asase so no ho ade. Nanso bere biara a Elizabeth bɛto nsa afrɛ no sɛ ɔmmra nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so no, na ɔnkɔ. Ná ɔte nka sɛ obetumi asua Bible no wɔ fie na ɔde nea ɛka no adi dwuma, a ɔnkɔ asafo nhyiam horow. So wo nso woasusuw ho ahwɛ sɛ ebia mfaso wɔ Kristofo nhyiam horow so ankasa ma wo anaa? Dɛn nti na Onyankopɔn yɛ nhyehyɛe ma ne nkurɔfo hyiam?
Esiane sɛ na afeha a edi kan mu Kristofo no yɛ soronko koraa wɔ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia ho nti, na fekubɔ a ɛfata hia na wɔakɔ so asom. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa tete Kristofo asafo bi sɛ: ‘Mobɛyɛɛ nnipa a wonnunu wɔn, na wɔn ho nni asɛm nnɛ mma abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ wiase akanea no.’ (Filipifo 2:15) Ná Yudea Kristofo wɔ mmere a emu yɛ den titiriw bi mu, na wɔn na Paulo kyerɛw wɔn sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Ɔkwan bɛn so na yɛnam hyia a yehyiam so twetwe yɛn ho kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu?
Sɛnea Kristofo “Sew” Wɔn Ho Wɔn Ho
Nea Hela asɛmfua a Paulo de dii dwuma, a wɔkyerɛ ase sɛ ‘twetwe kɔ’ no kyerɛ ankasa ne “biribi a wɔsew.” Bible abebusɛm bi kyerɛkyerɛ sɛnea Kristofo “sew” wɔn ho wɔn ho no mu, na ɛka sɛ: “Dade sew dade ano, na onipa sew ne yɔnko anim.” (Mmebusɛm 27:17; Ɔsɛnkafo 10:10) Yɛte sɛ nnwinnade a ehia sɛ wɔsew no daa. Esiane sɛ ɔdɔ a yɛbɛkyerɛ ama Yehowa ne gyinae ahorow a yegyinaa yɛn gyidi so si hwehwɛ sɛ yɛda nsow fi wiase no ho nti, ɛsɛ sɛ yɛn nneyɛe yɛ soronko fi nnipa dodow no ara de ho sɛnea yɛbɛka no no.
Mmɔden a yɛbɔ daa sɛ yɛbɛyɛ soronko no betumi ama nnwuma pa ho nsi a yɛwɔ no ano abrɛ ase. Nanso bere a yɛne afoforo a wɔdɔ Yehowa bɔ no, yɛsew yɛn ho yɛn ho —yɛtwetwe yɛn ho yɛn ho kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ ɛka yɛn nko ara a, yɛtaa susuw yɛn ankasa ho kɛse. Ɔbrasɛe, pɛsɛmenkominya anaa nkwaseasɛm betumi aba yɛn adwenem. ‘Nea ɔtew ne ho no bɛhwehwɛ n’ankasa akɔnnɔde; ɔbɛtew ne ho atia nyansa nyinaa a wodi ho dwuma a ɛyɛ yiye no.’ (Mmebusɛm 18:1) Enti na Paulo kyerɛw eyi kɔmaa asafo a ɛwɔ Tesalonika kurow mu no: “Muntutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛ moreyɛ no.”—1 Tesalonikafo 5:11.
Bere a Rosario suaa Bible mu mfitiasesɛm wiei no, ɔkɔɔ so twentwɛn ne nan ase wɔ bɔ a ɔne asafo no bɛbɔ ho. Enti, esiane sɛ Elizabeth antumi amfa mmoa foforo amma no nti ogyaee ne hɔ kɔ. Asram bi akyi no, ɔhwɛfo kwantufo bi kɔsraa Rosario na obisae sɛ: “Sɛ abusua bi muni biara benya aduan pa adi wɔ abɔnten mpo a, dɛn na abusua no mufo nyinaa nsa renka bere a wommom nnidi wɔ fie no?” Rosario buae sɛ: “Wɔn nsa renka abusua no mu fekubɔ.” Ohuu nea ɛkyerɛ na ofii ase baa nhyiam daa. Ohui sɛ mfaso wɔ so araa ma efi hɔ no ɛkame ayɛ sɛ waba nhyiam biara.
Ɛhyɛ nkuran sɛ wobɛte sɛ afoforo da gyidi adi wɔ nneɛma a wugye di no ara mu, na ɛte saa ara bere a wuhu sɛnea saa gyidi no asakra wɔn asetra no. Ná Paulo nim eyi fi nankasa suahu mu, na ɔkyerɛw asafo a ɛwɔ Roma no sɛ: “M’ani gyina sɛ mehu mo, na mede honhom dom akyɛde bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den, ɛne sɛ me ne mo benya awerɛkyekye a efi gyidi a mo ne me wɔ no mu ba no bi.” (Romafo 1:11, 12) Nokwarem no, mfe pii twaam ansa na Paulo retumi akɔ Roma, na bere a ɔkɔɔ hɔ no, na ɔyɛ deduani wɔ Romafo no nsam. Nanso bere a ohuu anuanom a wofi Roma a wɔnantew boroo kilomita 60 fi kurow no mu behyiaa no no, ‘Paulo daa Onyankopɔn ase, na otwaa ne bo tɔɔ ne yam.’—Asomafo no Nnwuma 28:15.
Honhom Fam Aduan a Wonya wɔ Mmere a Emu Yɛ Den Mu
Bere a Paulo yɛ deduani wɔ fie wɔ Roma no, ɔkyerɛw Hebrifo no sɛ wonnnyae wɔn ho wɔn ho nhyiam. Ɛkyerɛ biribi ma yɛn sɛ ɔde nsɛm yi kaa ho: “Dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:25) Yehowa Adansefo akɔ so fi Kyerɛwnsɛm no mu akyerɛ sɛ wiase yi awiei bere no fii ase wɔ afe 1914 mu, ne sɛ “atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no” abɛn. (2 Petro 3:7) Sɛnea Bible mu Adiyisɛm nhoma no kyerɛ no, bere a wotuu Ɔbonsam fii soro wɔ awiei bere no mfiase no, ne bo fuwii kɛse na ‘okotuu wɔn a wodi Onyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no nkaefo so sa.’ (Adiyisɛm 12:7-17) Enti, Onyankopɔn ahyɛde sodi yɛ den kɛse nnɛ; ehia sɛ yɛne mfɛfo gyidifo hyiam pii. Nhyiam horow bɛboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn gyidi ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu den na ama yɛatumi agyina Ɔbonsam ntua no ano.
Onyankopɔn ho dɔ ne gyidi nte sɛ adan a sɛ wonya si a, ɛkɔ so tra hɔ no. Mmom no, ɛte sɛ abɔde a nkwa wom a aduan a enya daa no ma enyin nkakankakra a sɛ annya aduan a, ekisaw na ewu no. Ɛno nti na Yehowa de honhom fam aduan ma daa de hyɛ ne nkurɔfo den no. Yɛn nyinaa hia aduan a ɛte saa, nanso sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde ne emu nhyiam horow pa ho a, ɛhe na yebetumi anya eyi? Baabiara nni hɔ.—Deuteronomium 32:2; Mateo 4:4; 5:3.
Yesu bisaa asɛm bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea ɔma Kristofo asafo no aduan. Obisae sɛ: “Hena ara ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu? Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa.” (Mateo 24:45, 46) Hena na Yesu paw no sɛ ɔmma n’akyidifo no aduan wɔ afeha a edi kan no mu, na hena na bere a ɔbae wɔ Ahenni tumi mu no ohui sɛ ɔde nokwaredi rema wɔn aduan? Ɛda adi sɛ ɔdesani biara ntraa ase wɔ mfeha a atwam no nyinaa mu. Adanse no da adi sɛ akoa no ne Kristofo a wɔde honhom asra wɔn asafo no, sɛnea na Israel mu no yɛ Onyankopɔn akoa ansa na Kristosom reba no. (Yesaia 43:10) Yiw, Yesu nam saa wiase nyinaa Kristofo a wɔde honhom asra wɔn kuw no so de yɛn honhom fam aduan ma yɛn, na ɛnnɛ wɔde honhom fam aduan fa Yehowa Adansefo asafo ahorow no so.
Ɔsomafo Paulo nso kaa Yesu nhyehyɛe a ɔnam so de honhom fam aduan ma no ho asɛm sɛ: ‘Ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum a ɔfae no kɔe, na ɔde nnipa mu ayɛyɛde mae. Wama ɛbinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ɛbinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so, akodu sɛ yɛn nyinaa bedu Onyankopɔn ba no ho gyidi ne ne ho biakoyɛ mu, ayɛ ɔbarima mu, adu mpanyin mfe so a Kristo mayɛ bɛyɛ yɛn ma.’—Efesofo 4:8, 11-13.
Ɛyɛ asafo ahorow no mu—wɔ nhyiam horow ase—titiriw na saa ‘nnipa mu ayɛyɛde’ yi hyɛɛ anuanom no den. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Antiokia no, “Yuda ne Silas a wɔn nso yɛ adiyifo no de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wohyɛɛ wɔn den.” (Asomafo no Nnwuma 15:32) Saa ara na ɔkasa ahorow a mmarima a wɔfata wɔ honhom mu mu no hyɛ yɛn gyidi den sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn gyidi nnwudwo anaa ɛnyɛ mmerɛw.
Ebetumi ayɛ nokware sɛ asafo no muni bi mmoa ama yɛanya nkɔanim kɛse, ɛmfa ho sɛ ebia yennya mfii ase nkɔɔ nhyiam horow mpo no. Bible no se bere bi wɔ hɔ a ‘wuhia sɛ obi kyerɛkyerɛ wo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na ehia wo nufu, ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den.’ (Hebrifo 5:12) Nanso obi ntumi nnom nufu daa. Kristofo nhyiam horow de Bible afotu ho nhyehyɛe a ɛkɔ so daa, a wɔasiesie na ahyɛ Onyankopɔn ho dɔ ne ne mu gyidi mu den, na afei ɛde mmoa a mfaso wɔ so a ɛma wɔde “Onyankopɔn tirim agyina nyinaa” di dwuma ma. (Asomafo no Nnwuma 20:27 ) Eyi sen “nufu.” Bible kɔ so ka sɛ: “Aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin [honhom fam] a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” (Hebrifo 5:14) Wɔ nhyiam horow no ase no, wosusuw nsɛm pii a ebia ɛntaa nka ofie Bible adesua nhyehyɛe titiriw no ho, te sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛho hia a wosua nkyekyem biara ne sɛnea yebetumi asuasua Onyankopɔn wɔ yɛn ankasa asetram ho nkɔmmɔbɔ a ɛkɔ akyiri, ho.
Yehowa Nkae Nsɛm—Ɛte sɛ Ɛnne Bi a Ɛkasa Kyerɛ Wo
Yehowa nam asafo adesua ahorow a ɛte saa so kae yɛn nnipa ko a ɛsɛ sɛ yɛyɛ daa. Nkae nsɛm a ɛte saa ho hia. Sɛ ɛnonom nni hɔ a, yɛtaa yɛ pɛsɛmenkominya, ahantan, ne adifudepɛ. Kyerɛwnsɛm mu nkae nsɛm bɛboa yɛn ma yɛne afoforo ne Onyankopɔn ankasa anya abusuabɔ pa. Nea ɔkyerɛw Dwom 119:59 no kae sɛ: “Meda midwen m’akwan ho, na medan me nan mekyerɛ w’adansesɛm.”
Bere a yɛkɔ Kristofo nhyiam daa no, yehu nkɔmhyɛ a Yehowa nam Yesaia so hyɛɛ no mmamu sɛ: ‘Wo Kyerɛkyerɛfo Kɛse no remfa ne ho nsie bio, na w’aniwa behu wo Kyerɛkyerɛfo Kɛse no. Na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan no, monnantew so, mo nkurɔfo.’ Yehowa hwɛ yɛn nkɔso, na sɛ yɛfom a ofi ɔdɔ mu teɛ yɛn so. (Yesaia 30:20, 21; Galatifo 6:1) Na ɔde mmoa pii ma mpo sen eyi.
Honhom Kronkron a Wɔnam Asafo no So Nya
Ɛdenam nhyiam a yɛne Yehowa Adansefo kɔ no daa so no, Onyankopɔn honhom a ɛwɔ ne nkurɔfo so no hyɛ yɛn den. (1 Petro 4:14) Afei nso, honhom kronkron na apaw Kristofo ahwɛfo a wɔwɔ asafo no mu. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Saa adeyɛ tumi yi a efi Onyankopɔn hɔ no wɔ Kristoni so nkɛntɛnso kɛse. Bible no se: “Honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, [ahosodi].” (Galatifo 5:22, 23) Honhom kronkron a ɛyɛ adwuma wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no bɛboa yɛn ma yɛate nea Yehowa de bɛma wɔn a wɔdɔ no no ase pefee nso. Bere a Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nneɛma nhyehyɛe yi mu nnipa atitiriw ntumi nte Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ase akyi no, ɔkyerɛw sɛ: “Yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn.”—1 Korintofo 2:8-10.
Honhom fam aduan a ɛhyɛ gyidi den akyi no, asafo no tete wɔn a wɔpɛ sɛ wonya asafo no dwumadi titiriw no mu kyɛfa. Ɛno ne dɛn?
Ntetee a Asafo no de Ma
Kristofo asafo no nyɛ anigyede kuw bi a nnipa hyiam gye wɔn ani wom na ebia wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran sɛ wɔmfa suban pa ntra ase ara kwa. Yesu hyɛɛ asafo no sɛ wɔnkɔka Ahenni no ho asɛmpa nkyerɛ wɔn a wɔte honhom mu sum mu. (Asomafo no Nnwuma 1:8; 1 Petro 2:9) Efi da a wɔde sii hɔ wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, na ɛyɛ ahyehyɛde a asɛmpakafo na wɔwom. (Asomafo no Nnwuma 2:4) So woabɔ mmɔden sɛ wobɛka Yehowa atirimpɔw ahorow ho asɛm akyerɛ obi, a woantumi amma wante ase pɛn? Asafo nhyiam horow de ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn ho ntetee ma obiara. Ɛdenam Bible nhwɛso ahorow a yesua so no, yesua sɛnea yebetumi anya biribi a yɛne afoforo adwene hyia wɔ ho a yɛne wɔn besusuw ho, sɛnea yebetumi agyina Kyerɛwnsɛm no so abɔ nkɔmmɔ a nyansa wom, ne sɛnea yebetumi aboa afoforo ma wɔasusuw nsɛm ho denam nsemmisa ne mfatoho ahorow a yɛde bedi dwuma so. Ahokokwaw a ɛte saa betumi aboa wo ama woanya anigye kɛse sɛ woaboa onipa foforo ma wate Bible mu nokware ase.
Wɔ saa akodi ne ɔbrasɛe wiase yi mu no, Kristofo asafo no yɛ honhom fam guankɔbea ankasa. Ɛwom sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ na wɔwom de, nanso ɛyɛ faako a asomdwoe ne ɔdɔ wɔ. Enti, kɔ asafo no nhyiam horow nyinaa na w’ankasa hu sɛnea odwontofo no nsɛm yi yɛ nokware: ‘Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako. Ɛhɔ na Yehowa ahyɛ nhyira, nkwa de kosi daa.”—Dwom 133:1, 3.