Yehowa Adansefo—Nokware Asɛmpakafo
1 Yesu Kristo de asɛmpaka ho asɛyɛde no too n’asuafo nyinaa so, na ɔhyɛɛ wɔn pɔtee sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛmpa no. (Mat. 24:14; Aso. 10:42) N’asuafo a wodi kan no yɛɛ nhwɛso wɔ eyi mu bere a wɔkaa Ahenni no ho asɛm a wɔannyae no—ɛnyɛ mmeae a na wɔsom nko, na mmom baabiara a wohyiaa nnipa, wɔ baguam ne afie afie. (Aso. 5:42; 20:20) Sɛ́ Yehowa Adansefo a yɛwɔ hɔ nnɛ no, yɛada yɛn ho adi sɛ nokware Kristofo asɛmpakafo, na yɛaka Ahenni asɛm no wɔ nsase 232 so, abɔ asuafo foforo bɛboro ɔpepem biako asu wɔ mfe abiɛsa a abɛsen kɔ no nkutoo mu! Dɛn nti na yɛn asɛmpaka adwuma no yɛ yiye saa?
2 Asɛmpa no Ma Yɛn Ani Gye: Asɛmpakafo yɛ wɔn a wɔka asɛm anaa asɛmpa no ho asomafo. Ne saa nti, yɛwɔ hokwan a ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛbɔ Yehowa Ahenni no dawuru—asɛmpa koro pɛ ankasa a yebetumi de ama adesamma a wɔahaw no. Yɛn ani gye nimdeɛ a yɛadi kan anya wɔ ɔsoro foforo a ebedi asase foforo a adesamma anokwafo na wɔwom so wɔ Paradise a ɛreba mu wɔ trenee mu no ho. (2 Pet. 3:13, 17) Yɛn nkutoo ne nnipa a yɛagye saa anidaso yi atom, na yɛde anigye ka ho asɛm kyerɛ afoforo.
3 Nokware Dɔ Kanyan Yɛn: Asɛmpaka yɛ nkwagye adwuma. (Rom. 1:16) Ɛno nti na yenya anigye kɛse bere a yɛtrɛw Ahenni asɛm no mu no. Sɛ́ nokware asɛmpakafo no, yɛdɔ nnipa, na ɛno na ɛkanyan yɛn ma yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn—yɛn mmusua, afipamfo, amannifo, ne afoforo pii a yebetumi. Saa adwuma yi a yebefi ɔkra nyinaa mu ayɛ no yɛ akwampa a yebetumi afa so ada yɛn nokware dɔ adi akyerɛ afoforo no biako.—1 Tes. 2:8.
4 Onyankopɔn Honhom Boa Yɛn: Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwuma a ɛne Ahenni aba no a yegu na yegugu so nsu no a, Yehowa na “ɔma enyin.” Saa pɛpɛɛpɛ na yehu sɛ ɛrekɔ so wɔ yɛn ahyehyɛde no mu nnɛ. (1 Kor. 3: 5-7) Onyankopɔn honhom na ɛboa yɛn wɔ yɛn asɛmpaka adwuma no mu, na ɛma yenya nkɔso pii.—Yoel 2: 28, 29.
5 Esiane nkuranhyɛ a ɛwɔ 2 Timoteo 4:5 a ɛne sɛ ‘yɛnyɛ asɛmpaka adwuma’ no ne ɔdɔ a yɛwɔ ma nnipa nyinaa nti, ɛmmra sɛ ɛbɛkanyan yɛn ma yɛde hokwan biara a yebenya aka Ahenni ho asɛmpa a ɛyɛ anigye no, na yɛanya ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira yɛn adwuma no so.