Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Asomafo Nnwuma 5
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafo Nnwuma Mu Nsɛntitiriw

      • Anania ne Safira (1-11)

      • Asomafo no yɛɛ nsɛnkyerɛnne bebree (12-16)

      • Wɔde wɔn guu afiase, na wogyaa wɔn (17-21a)

      • Wɔsan de wɔn begyinaa Sanhedrin no anim (21b-32)

        • ‘Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ yetie no, na ɛnyɛ nnipa’ (29)

      • Gamaliel afotu (33-40)

      • Wɔkaa asɛm no wɔ afi afi (41, 42)

Asomafo Nnwuma 5:1

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    10/15/2008, kr. 5-6

    6/15/2006, kr. 27

Asomafo Nnwuma 5:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:34, 35

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 35

    Ɔwɛn-Aban,

    10/15/2008, kr. 5-6

    6/15/2006, kr. 27

    6/1/1990, kr. 7

Asomafo Nnwuma 5:3

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “apirim wo koma.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 101:7; Efe 4:25; Kol 3:9
  • +Aso 5:9

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/1/1990, kr. 7

    4/1/1985, kr. 23

Asomafo Nnwuma 5:9

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

  • *

    Anaa “wɔn anammɔn na ɛwɔ ɔpon ano no.”

Asomafo Nnwuma 5:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:29, 30; 6:8; 14:3; 15:12; Ro 15:18, 19; 2Ko 12:12
  • +Yoh 10:23; Aso 3:11

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 37-38

Asomafo Nnwuma 5:13

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/1/1990, kr. 7

Asomafo Nnwuma 5:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 6:7

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/1/1990, kr. 7

Asomafo Nnwuma 5:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 9:20, 21

Asomafo Nnwuma 5:17

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 38

Asomafo Nnwuma 5:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 21:12

Asomafo Nnwuma 5:19

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 34:7; Aso 12:7; 16:26; Heb 1:7, 14

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 38

Asomafo Nnwuma 5:20

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 38

Asomafo Nnwuma 5:22

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    3/2020, kr. 31

Asomafo Nnwuma 5:26

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 20:19

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    3/2020, kr. 31

Asomafo Nnwuma 5:27

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 36, 39

Asomafo Nnwuma 5:28

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:18
  • +Mt 27:25; Aso 3:14, 15

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 21

    Di Adanse, kr. 37

Asomafo Nnwuma 5:29

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Da 3:17, 18; Aso 4:19, 20

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 21

    Di Adanse, kr. 39

    Ɔwɛn-Aban,

    9/15/2006, kr. 8-9

    12/15/2005, kr. 19-20

    11/1/2002, kr. 18-19

    Nyan!,

    8/8/1996, kr. 11-12

    “Kyerɛwnsɛm Nyinaa,” Ɔfã 16, kr. 15-17

Asomafo Nnwuma 5:30

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:23, 24

Asomafo Nnwuma 5:31

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 3:15
  • +Mt 1:21; Heb 2:10
  • +Aso 2:32, 33; Flp 2:9
  • +Yes 53:11; Aso 2:38; 10:43

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    (nwt) Wiase Foforo Nkyerɛase, kr. 1813

Asomafo Nnwuma 5:32

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔn a wotie no sɛ sodifo.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 24:46-48; Aso 1:8
  • +Yoh 15:26

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ahenni Som,

    3/2001, kr. 3-4

Asomafo Nnwuma 5:33

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ɛwowɔɔ wɔn.”

Asomafo Nnwuma 5:34

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 22:3

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 40

    Ɔwɛn-Aban,

    5/15/2008, kr. 31

    9/15/2006, kr. 9

Asomafo Nnwuma 5:37

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    10/15/1990, kr. 6

    Nyan!,

    10/8/1987, kr. 24

Asomafo Nnwuma 5:38

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 21

    Di Adanse, kr. 40

    Ɔwɛn-Aban,

    3/1/1980, kr. 14

Asomafo Nnwuma 5:39

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 21:30
  • +Aso 26:14

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 21

    Di Adanse, kr. 40

    Ɔwɛn-Aban,

    12/15/2005, kr. 21-24

Asomafo Nnwuma 5:40

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 10:17; Mr 13:9

Asomafo Nnwuma 5:41

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 5:12; Aso 16:25; Ro 5:3; 2Ko 12:10; Flp 1:29; Heb 10:34; 1Pe 4:13

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ahenni Redi Tumi!, kr. 135

    Di Adanse, kr. 40-41

    Ɔwɛn-Aban,

    12/1/1983, kr. 11

Asomafo Nnwuma 5:42

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:20
  • +Aso 4:31

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 18

    Di Adanse, kr. 41-42

    Ɔwɛn-Aban,

    8/1/1991, kr. 24

    1/15/1991, kr. 11

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 5:2Aso 4:34, 35
Aso. 5:3Dw 101:7; Efe 4:25; Kol 3:9
Aso. 5:3Aso 5:9
Aso. 5:12Aso 4:29, 30; 6:8; 14:3; 15:12; Ro 15:18, 19; 2Ko 12:12
Aso. 5:12Yoh 10:23; Aso 3:11
Aso. 5:14Aso 6:7
Aso. 5:15Mt 9:20, 21
Aso. 5:18Lu 21:12
Aso. 5:19Dw 34:7; Aso 12:7; 16:26; Heb 1:7, 14
Aso. 5:26Lu 20:19
Aso. 5:28Aso 4:18
Aso. 5:28Mt 27:25; Aso 3:14, 15
Aso. 5:29Da 3:17, 18; Aso 4:19, 20
Aso. 5:30Aso 2:23, 24
Aso. 5:31Aso 3:15
Aso. 5:31Mt 1:21; Heb 2:10
Aso. 5:31Aso 2:32, 33; Flp 2:9
Aso. 5:31Yes 53:11; Aso 2:38; 10:43
Aso. 5:32Lu 24:46-48; Aso 1:8
Aso. 5:32Yoh 15:26
Aso. 5:34Aso 22:3
Aso. 5:39Mme 21:30
Aso. 5:39Aso 26:14
Aso. 5:40Mt 10:17; Mr 13:9
Aso. 5:41Mt 5:12; Aso 16:25; Ro 5:3; 2Ko 12:10; Flp 1:29; Heb 10:34; 1Pe 4:13
Aso. 5:42Aso 20:20
Aso. 5:42Aso 4:31
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Asomafo Nnwuma 5:1-42

Asomafo Nnwuma

5 Ɔbarima bi a ne din de Anania, ne ne yere Safira nso tɔn agyapade bi. 2 Nanso oyii sika a wonyae no bi siei, na na ne yere nso nim ho bi. Na Anania de sika no fã bi pɛ brɛɛ asomafo no.+ 3 Ɛnna Petro bisaa no sɛ: “Anania, adɛn nti na woama Satan apiapia wo* sɛ bedi atoro+ kyerɛ honhom kronkron+ no, na fa asaase no ho sika no bi sie? 4 Bere a asaase no wɔ hɔ no, na ɛnyɛ wo dea anaa? Na bere a wotɔnee no nso, na sika no nyɛ wo ara wo dea? Adɛn nti na woadwen biribi a ɛte saa wɔ wo komam? Onyankopɔn na woadi atoro akyerɛ no, na ɛnyɛ nnipa.” 5 Bere a Anania tee asɛm yi no, otwa hwee, na owui. Na ehu kɛse kaa wɔn a wɔtee asɛm no nyinaa. 6 Ɛnna mmerante no sɔree, na wɔde ntama kyekyeree no, na wɔmaa no so kosiee no.

7 Bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, ne yere baa hɔ, na na onnim nea asi. 8 Ɛnna Petro bisaa ɔbea no sɛ: “Ka kyerɛ me, bere a motɔn asaase no, sɛɛ na mode gyei anaa?” Ɔkae sɛ: “Yiw, saa na yɛde gyei.” 9 Ɛnna Petro bisaa no sɛ: “Adɛn nti na mo baanu ayɛ adwene sɛ mobɛsɔ Yehowa* honhom ahwɛ? Hwɛ! Wɔn a wokosiee wo kunu no, wɔn na wote sɛ wɔreba a wɔadu ɔpon ano no.* Wo nso, wɔbɛsoa wo akɔ.” 10 Ɛhɔ ara na otwa hwee Petro nan ase wui. Bere a mmerante no beduu hɔ no, wohui sɛ wawu, na wɔmaa no so puei, na wokosiee no wɔ ne kunu nkyɛn. 11 Ɛno nti, ehu kɛse kaa asafo no nyinaa ne wɔn a wɔtee nsɛm yi nyinaa.

12 Bio nso, asomafo no kɔɔ so yɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade bebree wɔ nkurɔfo no mu,+ na na wɔn nyinaa hyiam wɔ Solomon Abrannaa no so.+ 13 Ɛwom, nnipa a aka no mu biara annya akokoduru amfa ne ho ammɔ wɔn; nanso, nkurɔfo kaa wɔn ho asɛmpa. 14 Nea ɛsen saa no, wɔn a wɔagye Awurade adi no bebree bɛkaa wɔn ho, mmea ne mmarima pii.+ 15 Na wɔn a wɔyare mpo, wɔde wɔn baa abɔnten bɛtotoo mpa nketewa ne kɛtɛ so, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ Petro retwam a, ne sunsuma betumi atɔ wɔn mu bi so.+ 16 Bio nso, nnipa pii fifi nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no mu bae. Wɔreba no, na wɔsoso ayarefo ne wɔn a ahonhom fĩ haw wɔn, na wɔn nyinaa nyaa ayaresa.

17 Na ɔsɔfo panyin no ne wɔn a wɔka ne ho a wofi Sadukifo kuw mu no nyinaa sɔree, na na ahoɔyaw ahyɛ wɔn ma. 18 Ɛno nti, wɔkyeree asomafo no de wɔn guu afiase.+ 19 Nanso anadwo no, Yehowa* bɔfo buebuee afiase apon+ no, na oyii wɔn puei. Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 20 “Monkɔ, na munkogyina asɔrefi hɔ, na monkɔ so nka nkwa yi ho nsɛm nyinaa nkyerɛ nkurɔfo no.” 21 Bere a wɔtee saa no, wɔkɔɔ asɔrefi hɔ ahemanakye, na wofii ase kyerɛkyerɛe.

Ɛnna ɔsɔfo panyin no ne wɔn a ɛka ne ho no bedui, na wɔfrɛɛ Sanhedrin no ne Israel mma mpanyimfo bagua no nyinaa hyiae, na wɔsoma kɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafo no mmra wɔn anim. 22 Nanso bere a awɛmfo no koduu hɔ no, wɔanhu wɔn wɔ afiase hɔ. Enti wɔsan kɔbɔɔ amanneɛ. 23 Wɔkae sɛ: “Yehui sɛ wɔato afiase no mu denneennen, na na awɛmfo no gyinagyina apon no ano, nanso bere a yebuei no, yɛanhu obiara wom.” 24 Bere a asɔrefi hwɛfo no ne asɔfo mpanyin no tee asɛm no, wɔn adwene tu frae efisɛ na wonnim sɛnea asɛm no bɛkɔ akowie. 25 Ɛnna obi bae bɛbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ: “Hwɛ! Mmarima a mode wɔn guu afiase no wɔ asɔrefi hɔ, na wogyina hɔ rekyerɛkyerɛ nkurɔfo no.” 26 Enti awɛmfo panyin no ne n’awɛmfo kɔfaa wɔn bae, nanso wɔanyɛ wɔn basabasa, efisɛ na wosuro sɛ nkurɔfo no besiw wɔn abo.+

27 Enti wɔde wɔn begyinaa Sanhedrin no anim. Na ɔsɔfo panyin no bisabisaa wɔn nsɛm. 28 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛhyɛɛ mo denneennen sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu+ bio. Nanso hwɛ! mode mo nkyerɛkyerɛ ahyɛ Yerusalem ma, na moasi mo bo sɛ mode onipa yi mogya bɛba yɛn so.”+ 29 Ɛnna Petro ne asomafo a aka no kae sɛ: “Onyankopɔn ne sodifo a ɛsɛ sɛ yetie no, na ɛnyɛ nnipa.+ 30 Yɛn agyanom Nyankopɔn nyan Yesu a mosɛn no dua so kum no no.+ 31 Onyankopɔn hyɛɛ Yesu yi anuonyam, na ɔyɛɛ no Ɔsafohene+ ne Agyenkwa,+ na ɔde no tenaa ne nsa nifa+ sɛ ɔmma Israel nnya adwensakra ne bɔnefakyɛ.+ 32 Yɛyɛ nsɛm yi ho adansefo,+ na honhom kronkron+ a Onyankopɔn de ama wɔn a wotie no* no nso di ho adanse.”

33 Bere a wɔtee eyi no, wɔn bo fuwii paa,* na na wɔpɛ sɛ wokum asomafo no. 34 Nanso Farisini bi a wɔfrɛ no Gamaliel+ sɔree wɔ Sanhedrin no mu. Ná ɔyɛ obi a ɔkyerɛ Mmara, na na nkurɔfo no nyinaa bu no. Ɔkae sɛ wɔmfa mmarima no mpue kakra. 35 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Israel mmarima, nea mopɛ sɛ mode yɛ saa mmarima yi, munnwen ho yiye. 36 Hwɛ, bere bi a atwam no, Teuda sɔree, na ɔkae sɛ ɔyɛ onipa titiriw. Na mmarima a wɔn dodow bɛyɛ 400 kɔkaa ne kuw no ho. Nanso wokum no, na wɔn a wodi n’akyi nyinaa bɔ hwetee, na ansi wɔn yiye. 37 Ɔno akyi no, Galileani bi a ne din de Yuda nso sɔree wɔ nna a na wɔrekyerɛw din no mu, na ɔtwee nnipa dii n’akyi. Saa ɔbarima no nso wui, na wɔn a wodi n’akyi nyinaa bɔ hwetee. 38 Ɛno nti, nea ɛrekɔ so seesei yi, nea mɛka akyerɛ mo ne sɛ, monnhaw saa mmarima yi. Mmom, munnyaa wɔn. Efisɛ sɛ nkyerɛkyerɛ yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ebegu. 39 Na sɛ efi Onyankopɔn a, ɛnde morentumi ngu+ no. Anyɛ saa a, ɛbɛyɛ sɛ nea mo ne Onyankopɔn ankasa na ɛreko.”+ 40 Bere a ɔkaa eyi no, wotiee n’afotu no, na wɔfrɛɛ asomafo no hwee wɔn.+ Na wɔka kyerɛɛ wɔn denneennen sɛ wonnyae Yesu din ho asɛm ka, na wogyaa wɔn.

41 Ɛnna wɔde anigye+ pue fii Sanhedrin no anim kɔe, efisɛ wobuu wɔn sɛ ne din nti, wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase. 42 Na wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Kristo Yesu ho asɛmpa no wɔ asɔrefi hɔ ne afi afi+ mu da biara, na wɔannyae.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena