Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 3/1 kr. 11-16
  • Yehowa Asɛm A Wɔde Nnam Ka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Asɛm A Wɔde Nnam Ka
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ATITIRIW ANIM A WƆKASAE
  • MMOA A EFI YEHOWA HƆ KƆƆ SO
  • AKOKODURU WƆ SƆHWƐ ASE
  • NNAM A WƆDE BƐKASA MPREMPREN
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm No Akokoduru So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Munsuasua Yesu—Monka Asɛm No Akokoduru So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Kɔ So Ka Onyankopɔn Asɛm no Akokoduru So
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Kɔ So Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 3/1 kr. 11-16

Yehowa Asɛm A Wɔde Nnam Ka

“Na afei de, Awurade, . . . ma wo nkoa mfa nnam nyinaa nka w’asɛm.”​—Aso. 4:29.

1, 2. (a) Anigye bɛn na Kristo yii no adi wɔ n’asuafo no ho wɔ ne wusɔre no akyi, enti ahyɛde horow bɛn na ɔde maa wɔn? (b) Adansedi adwuma no kɛse bɛyɛ dɛn?

ƐWOM SƐ owu atetew Yesu ne n’asuafo no ntam de, nanso wɔn werɛ mfii nsa a ɔto frɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ “nnipa yifo” no. Wonim sɛ eyi kyerɛ sɛ wɔbɛka Onyankopɔn asɛm no wɔ nnipa no mu. Nanso ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so ayɛ no? Wohia akwankyerɛ ne afotu.

2 Nea ɛyɛ anigye kɛse ne sɛ Yesu a wɔanyan no no yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mpɛn ahorow pii ansa na ɔreforo akɔ n’Agya nkyɛn. (1 Kor. 15:3-8; Yoh. 20:20) Enti otumi de ahyɛde ahorow pii a ɛfa wɔn daakye adwuma no ho maa wɔn. Ɔkae wɔ Galilea sɛ:

“Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron no din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mat. 28:18-20)

Ɛsɛ sɛ Kristofo adwuma a ɛyɛ asuafo a wɔbɛyɛ na wɔabɔ wɔn asu akyerɛkyerɛ wɔn ade no du nnipa a wofi aman horow nyinaa mu no nkyɛn. Hwɛ sɛnea ɛyɛ nkuranhyɛ sɛ wobehu sɛ saa Onyankopɔn Ba a wɔanyan no yi ne Kristofo no bɛtra wɔ wɔn Ahenni adwuma no mu da biara da de akosi nneɛma nhyehyɛe yi awiei!

3. Dwuma bɛn na honhom kronkron di wɔ mu, efi Pentekoste rekɔ?

3 Yesu ahyɛ n’asuafo no bɔ sɛ okyigyinafo anaa ɔboafo bi, honhom kronkron no bɛba. (Yoh. 14:16, 26) Dɛn na eyi bɛyɛ, na ɔkwan bɛn so na ɛbɛfa ayɛ adwuma? Ansa na ɔrebɛforo akɔ n’Agya nkyɛn no, Yesu ka kyerɛɛ saa asuafo no sɛ:

“Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.” (Aso. 1:8)

Akwanhwɛ kɛse bɛn na eyi yɛ ma adansedi adwuma no a wɔatrɛw mu no! Asuafo no san kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔɔ so kuraa mpaebɔ mu wɔ hɔ. Yesu wusɔre no akyi da a ɛto so 50 ne Pentekoste, ná asuafo no nyinaa ahyiam wɔ faako. Mpofirim na biribi a ɛte sɛ “mframa a emu yɛ den” a anwonwade ahorow nso ka ho bae. Yehowa rehwie honhom kronkron a wahyɛ ho bɔ, n’adeyɛ tumi no agu wɔn so. Na dɛn na honhom no kaa wɔn ma wɔyɛe? Ɛma wofii ‘ase kasae . . . sɛnea honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.’​—Aso. 2:1-4.

4. Wogyee “asɛmpa” no so dɛn wɔ saa bere no?

4 Bere adu sɛ ‘wobeyi nnipa’ pii. Wɔ honhom kronkron no mmoa ase no, saa asuafo no betumi aka Onyankopɔn asɛm no wɔ kasa horow pii mu. Enti, nnipa a na wɔreba Pentekoste afahyɛ no ase a wofi wiase afanan nyinaa no tumi tee sɛ wɔde wɔn ankasa kurom kasa ka “Onyankopɔn ade kɛse.” Ɛyɛɛ wɔn a wɔrehwɛ nea ɛkɔ so nyinaa no nwonwa. Ɛno na Petro sɔre gyinaa hɔ na ɔde nnam kasae de kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu. Odii Yesu Kristo wusɔre no ho adanse kɛse, too nsa frɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ wɔnsakra, na wɔmmɔ wɔn asu na wonnye wɔn nkwa mfi saa awo ntoatoaso kɔntɔnkye no mu. Dɛn na efii mu bae? Bɛyɛ sɛ 3,000 penee asɛm no so! Wɔbɔɔ eyinom asu na wɔde wɔn kaa Kristofo asafo no ho. Wodii ahurusi kɛse, efisɛ “Awurade [Yehowa] de wɔn a ogye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.”​—Aso. 2:5-47.

5. (a) Atirimpɔw bɛn nti na Kristofo kopue wɔ ɔman mu atitiriw anim wɔ ɔsɔretia bere mu? (b) Nkuranhyɛ bɛn na ɛwɔ hɔ ma yɛn wɔ eyi mu?

5 Saa adanse a wodii denam honhom kronkron no tumi so no de Yehowa ayeyifo afoforo pii bae. Eyinom nso ani gyei sɛ wobefi adi da biara da, na wɔde wɔn adansedi adwuma a ɛyɛ “asɛmpa” a wɔka wɔ baabiara no hyɛɛ Yerusalem ma. Petro ne Yohane na wodii saa adwuma yi mu kan, na wɔtoo nsa frɛɛ nnipa no sɛ wɔnsakra na wɔmma wɔnhohoro wɔn bɔne sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn nsa aka honhom mu ahodwo afi Yehowa hɔ. Eyinom mu pii de anigye tiee “asɛmpa” no​—nanso ɛnyɛ asɔfo mpanyin no ne asɔrefi safohene no ne Sadukifo no. Wɔkyeree Petro ne Yohane kosiei. Eyi maa asuafo no fii ase tee ɔtan a Yesu abɔ wɔn kɔkɔ wɔ ho no nka, bere a ɔkae sɛ:

“Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anifere sɛ awɔ na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma. Na monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wobeyi mo ama mpanyimfo gua, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu. Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim na adi adanse akyerɛ wɔne amanaman. Na sɛ woyi mo ma a munnnwinnwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka bɛma mo ɛdɔn no ara mu. Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mo agya honhom no na ɔkasa mo mu.” (Mat. 10:16-20)

Nanso, wɔ saa bere yi mu de na saa “nnipa yifo” no ani begye kɛse wɔ nnipa dodow a woyii wɔn a wɔn ano dodow bɛyɛ 5,000 a wɔyɛ gyidifo afoforo no nti. Hwɛ sɛnea wɔbɛda Yehowa ase afa wɔ saa dodow yi nti! Wɔn som adwuma no hyɛ yɛn nso nkuran.​—Aso. 4:1-4.

ATITIRIW ANIM A WƆKASAE

6. (a) Dɛn na Petro ne Yohane yɛe bere a wɔde wɔn baa atitiriw no anim no? (b) Dɛn nti na na wɔasiesie wɔn yiye ama saa yɛ no?

6 Ade kyee no, atitiriw no hyiaa mu, na eyinom bisaa Petro ne Yohane nsɛm faa wɔn adwuma no ho, a obubuafo bi a wɔasa no yare no ho asɛm nso ka ho. Hokwan fɛfɛ a ɛbɛma wɔadi adanse akyerɛ ɔmanfo no bio ni. Sɛnea Yesu aka sɛ ɛbɛba no, honhom kronkron hyɛɛ Petro ma ma ɔkasae sɛ:

“Ɔman atitiriw ne mpanyimfo! Sɛ nnɛ wobisa yɛn ɔyarefo yi yiyeyɛ ho asɛm sɛ dɛn na ama wadi mu a, mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no din mu, ɔno na oyi gyina mo anim a ne ho asan yi. Oyi ne ɔbo a mo abantofo ammu no na abedi twea ti. Na nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.” (Aso. 4:8-12)

Ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka nokware ahorow a ɛho hia yi kyerɛ! Enti asomafo no de akokoduru kasae. Wɔantwentwɛn wɔn anan ase. Petro ne Yohane yɛ apofofo, nanso Yesu atete wɔn sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde akokoduru ne nnam bɛkasa a wɔwɔ awerɛhyem ne ahotoso. Wɔkasae sɛ Yehowa adansefo efisɛ wɔpɛ sɛ wɔpae mu ka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ​—Fa to Yohane 7:15-18, 45, 46 ho.

7. Dɛn na yesua fi asɛm a ɛwɔ Asomafo no nnwuma ti 4 a ɛfa saa ɔsɔretiafo no nsusuwii ne wɔn botae ahorow ho?

7 Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma ti 4 no nti! Efisɛ ɛnyɛ sɛ eyi kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ nokware Kristofo de nnam kasa wɔ pefee mu nkutoo, na mmom eyi wiase no mu atitiriw a wɔsɔre tia Onyankopɔn adwuma no adwene a akyinkyim no adi. Bere a asomafo no de nnam adi adanse saa no, atitiriw no ma wokogyinaa Hyiadan no akyi bere a wosusuw wɔn asɛm no ho. Adwene bɛn na wokura? Wontumi nka sɛ wɔnyɛɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛyɛ hu wɔ Yesu Kristo din mu ɛ. Nanso wɔn adwene ne sɛ wobesiw nokware som a ɛretrɛw no ano. Wosusuwii sɛ sɛ wɔteɛteɛm gu asomafo no so na sɛ woyi wɔn ho hu a wobegyae Yesu din mu a wɔkasa no.​—Aso. 4:16, 17.

8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ asuafo no nsuro?

8 Nanso, so ateɛteɛ ara kwa bɛma saa Yehowa adansefo Kristofo no agyae adwumayɛ? Ma nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nhyɛ wɔn akokoduru nhwɛso no nsow:

“Na [atitiriw no] wɔfrɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛm nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa. Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ yetie mo sen Nyankopɔn a, mommu ntɛn! Na yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.” (Aso. 4:18-20)

Esiane sɛ wosuro nea ɔmanfo no bɛka nti atitiriw no anaasɛ mpanyimfo no gyaa asomafo no, wɔ bere a wɔateɛteɛ wɔn akyi. Denam Onyankopɔn honhom no mmoa so no, saa Kristofo no adi ɔtaa so nkonim.

MMOA A EFI YEHOWA HƆ KƆƆ SO

9, 10. (a) Adeyɛ bɛn na Yehowa nkoa dii akyi, na dɛn na na wɔpɛ a ɛwɔ wɔn komam? (b) Dɛn na wɔsrɛe, na wɔmaa wɔn mmuae dɛn?

9 Bere a wogyaa wɔn pɛ na asomafo no san kɔɔ asafo no mu. Ɛno na wɔbɔɔ nea aba nyinaa ho amanneɛ kyerɛɛ anuanom no, na ɛno na afei asafo no yɛɛ nea ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ bere nyinaa wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ ase no. Wɔne Yehowa kasae wɔ mpaebɔ mu. Wɔn de no yɛ gyidi mpaebɔ, a ɛda sɛnea wɔpɛ yiye sɛ wɔkɔ so som Nyankopɔn no adi kyerɛ. Wɔkae sɛ:

“Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa, wonam Honhom Kronkron so de yɛn agya Dawid a ɔyɛ w’abofra no ano kae sɛ: Adɛn nti na wiase aman yɛ gyegyeegye, na amanaman susuw ade hunu? Asase so ahene sɔre gyina, na atitiriw hyia faako sɔre tia Awurade [Yehowa] ne ne Kristo no. Na wohyiaa ampa tiaa w’abofra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman, sɛ wɔrebɛyɛ nea wɔn nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa. Na afei de, Awurade [Yehowa], hwɛ wɔn ateɛteɛ na ma wo nkoa mfa nnam nyinaa nka w’asɛm, bere a woteɛ wo nsa sa wɔn yare na wonam w’abofra kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi.”​—Aso. 4:24-30.

10 Asuafo no ammisa sɛ wonyi wɔn mfi adwuma no ne ateɛteɛ a nokware no ho atamfo de ba wɔn so no mu. Wonim adwuma a wɔn nsa aka afi Yehowa hɔ no​—sɛ́ wɔbɛyɛ n’adansefo. Nea wɔn koma pɛ ne sɛ wɔde nnam bɛkɔ so aka Onyankopɔn asɛm no, na wɔbisaa ne mmoa nso wɔ eyi mu. Wɔrennyaa wɔn ho mu mma osuro da. So Yehowa ani sɔɔ su a wokura yi? Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn:

“Na wowiee asɔre no, nea wohyiae hɔ wosowee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde nnam kaa Onyankopɔn asɛm.”​—Aso. 4:31.

11. (a) Dɛn na efii nnam a wɔde kasae no mu bae? (b) Dɛn nti na afiase nna amma wɔannyae adwuma no yɛ?

11 Saa Ahenni no ho adansefo no de ahoɔden foforo kɔɔ wɔn adwuma no so, na Yehowa ne wɔn wɔ hɔ. “Na wɔde nnipa a wogye dii no, mmarima ne mmea bebree toatoaa so bɛkaa Awurade ho.” (Aso. 5:14) Nea efii mu bae ne sɛ, anyamesom akwankyerɛfo no bo fuwii bio na wɔde asuafo no too afiase. Nanso, ɛyɛ Yehowa apɛde sɛ wɔn adansedi no nkɔ so wɔ Yerusalem. Enti ɔsomaa ne bɔfo ma obeyii asomafo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

“Monkɔ nkogyina asɔrefi nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no.” (Aso. 5:20)

Afiase a wɔde wɔn toe no anyi wɔn ho hu amma wɔanyɛ komm sɛnea asɔfo no ne atitiriw no ateɛteɛ no nso amma wɔanyɛ saa no.

12. Ɛyɛɛ dɛn na asomafo no san bedii adanse wɔ baguafo no anim bio, so wɔteɛteɛɛ wɔn anaa?

12 Nanso, wɔsan kyeree asomafo no bio de wɔn baa Baguafo no asa no so na wɔabehyia ɔsɔfo panyin a ne bo afuw no, na ɔno na ɔkae sɛ:

“Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo kyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn so.” (Aso. 5:28)

Hwɛ asenniibea a nnipa no mpɛ wɔn asɛm a asraafo akyere wɔn rehwɛ wɔn so na ɔsɔfo panyin no de abufuw kasa kyerɛ wɔn, so asomafo no begyaa mu ama aka? Dabida.

“Na Petro ne asomafo no buae sɛ: Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa. Yɛn agyanom Nyankopɔn nyan Yesu a mosɛn no dua so kum no no; ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ ɔsafohene ne agyenkwa sɛ ɔmma Israel adwensakra ne bɔne fafiri. Na yɛn na yɛne Honhom Kronkron nso a Onyankopɔn de ama wɔn a wotie no no yɛ nsɛm yi ho adansefo.”​—Aso. 5:29-32.

13. Afotu bɛn na Gamaliel de mae, na baguafo no buu eyi dɛn?

13 Ɛha nso, yɛda Kyerɛwnsɛm mu kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛ sɛnea wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn adwuma no adwene mu aduru sum no ase. Ɛwom sɛ asomafo no yɛ nnipa pa de, nanso na asenniibea no mu mpanyimfo no abɔ wɔn tirim sɛ wobekum wɔn. Nanso, mmaranimfo a wonim no yiye, Gamaliel, sɔree na ɔde afotu a wɔde ma wɔ ne bere mu pɛpɛɛpɛ maa saa anyamesom akwankyerɛfo no. Ɔkae sɛ:

“Israel mmarima, monhwɛ mo ho yiye nnipa yi ho wɔ nea mo ne wɔn rebedi yi ho. Na ɛnkyɛe na Teuda a ɔyɛɛ ne ho sɛ obi sɔree, na mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ ahannan de wɔn ho bɔɔ ne ho; ɔno na wokum no, na wɔn a wotiee no nyinaa hwetee, na wɔyɛɛ ɔkwa. Eyi akyi no, Galileani Yuda sɔree ɔkan nna no mu, na ɔtwee nkurɔfo bebree dii n’akyi; ɔno nso sɛee, na wɔn a wotiee no nyinaa bɔ petee. Na afei de, mise no sɛ: Munyi mo ho mfi nnipa yi ho, munnyaa wɔn! Na sɛ ebia agyina yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ɛbɛsɛe. Na sɛ nso efi Nyankopɔn, a muntumi nsɛe wɔn, na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn po na ɛreko.” (Aso. 5:34-39)

Wɔpenee Gamaliel afotu a nyansa wom yi fã so. Ɛwom sɛ anyamesom akwankyerɛfo no annyae ɔko a wɔko tia Onyankopɔn no de, nanso anyɛ yiye koraa no wɔankum asomafo no. Mmom, wɔhwee wɔn kɛse, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wonnyae Yesu ho asɛm a wɔka no, na wogyaa wɔn.​—Aso. 5:40.

AKOKODURU WƆ SƆHWƐ ASE

14. Kristofo no de akokoduru yɛɛ wɔn ade dɛn na dɛn na efii mu bae?

14 So eyinom nyinaa buu asomafo no abaw mu ma enti wɔamfa nnam anka Onyankopɔn asɛm no bio? Kyerɛwtohɔ no ma mmuae:

“Ɛna wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora. Na wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.” (Aso. 5:41, 42)

Asomafo no ne Kristofo afoforo no de akokoduru de wɔn ho hyɛɛ Onyankopɔn asɛm no a wɔde nnam ka no mu na Yehowa hyiraa wɔn adwuma no so.

“Na Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii Yerusalem, na asɔfo no mu pii nso yɛɛ wɔn aso mmerɛw maa gyidi no.”​—Aso. 6:7.

15. Nneɛma bɛn na Stefano de nnam kaa ho asɛm, na anyamesomfo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

15 Afei a asɔfo no nso resakra na wɔrebɛyɛ Kristofo no, ɔsɔretia a anyamesom akwankyerɛfo a wɔyɛ katee no de ba no ano ammrɛ ase. Ankyɛ na Stefano a ɔyɛ nnam no huu ne ho sɛ ogyina Baguafo no anim. Ɔde tumi kɛse dii adanse, na emu na ɔkaa sɛnea Yehowa atirimpɔw ahorow di dwuma fa no ho asɛm. Nanso ɔsɔretiafo no de abufuw tow hyɛɛ no so na wosiw no abo kum no. Ɛdan baa Stefano so sɛnea Yesu aka asie no: “Ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn.”​—Yoh. 16:2; Aso. 6:8-7:60.

16. (a) Ɛno akyi no dɛn na ɛtoo Kristofo asafo no? (b) Adwene bɛn na wokura wɔ wɔn honam fam nneɛma ho?

16 Stefano a owuu mogya dansefo wu no bɛyɛɛ ɔtaa a ano yɛ den ho sɛnkyerɛnne.

“Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafo no nko.” (Aso. 8:1)

Nanso so eyi bɛma Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ saa bere no ayɛ komm? Ɛha nso kyerɛ mmɔden foforo a Satan bɔ na ɔde abubu Onyankopɔn nkoa no adwuma no. Ɛsɛ sɛ wogyaw afie ne wɔn nneɛma wɔ wɔn akyi. Nanso na wɔwɔ honam fam nneɛma ho adwene pa. Eyi mu no na wɔte sɛ Kristofo a ɔsomafo Paulo kyerɛw eyi faa wɔn ho no: “Na momaa nneduafo amane kaa mo, mode anigye nso penee mo nneɛma fow sɛ mowɔ ahode a eye kyɛn so ɔsoro a ɛtra hɔ.”​—Heb. 10:34.

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na Filipo ne Kristofo afoforo a wɔbɔɔ wɔn hwetee no adeyɛ kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so adi Satan nneyɛe no so nkonim? (b) Nhyira horow bɛn na efii Yehowa hɔ bae?

17 Asuafo no nim yiye sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so sɛ Onyankopɔn ne Kristo adansefo anokwafo. Enti, “wɔn a wɔhwetee no kyinkyin kɔkaa asɛmpa no.” (Aso. 8:4) Filipo kɔɔ Samaria kurow no mu, na ɛhɔ na ɔde nnam kaa asɛm no kyerɛe, na ɔde anigye kɛse brɛɛ nnipa no. Ankyɛ na gyidifo pii bɛkaa ne ho, na wɔsoma de asɛm kɔɔ Yerusalem kɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ Samaria agye Onyankopɔn asɛm no. Petro ne Yohane kɔɔ hɔ, honhom kronkron baa Samariafo no so na wɔde saa yɛ hyehyɛɛ Kristofo asafo no wɔ hɔ.​—Aso. 8:5-8, 14-17, 25; 9:31.

18 Saa Kristofo no a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no wɔ adwene a ɛteɛ. Wɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa mma wɔmfa nnam nka Onyankopɔn asɛm no, na saa ara na wɔyɛe wɔ honhom no mmoa ase, na ohyiraa wɔn. Sɛnea kyerɛwtohɔ no ka no, “na Awurade [Yehowa] nsa ka wɔn ho”!​—Aso. 11:19-21.

NNAM A WƆDE BƐKASA MPREMPREN

19. Adanse bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Kristo ne adansefo a wɔyɛ Kristofo wɔ nnɛ bere mu no atra hɔ?

19 Yesu adi ne bɔhyɛ: “Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei” no nokware de afa mfehaha no nyinaa mu. (Mat. 28:20) Afei a yɛadu saa bere no mu no, hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye na yɛda ase sɛ adansefo bɛboro 2,000,000 ‘de nnam reka Yehowa asɛm no’! Na yɛn Nyankopɔn no ahyira saa “nnipa yifo” no adwuma no so, ma wɔate “ahenni no ho asɛmpa” no wɔ asase so baabiara, de akɔ akodu Antartika (sukyerɛmma asase) so mpo. Ahyɛn mu akodu mmepɔw ahorow so ne nsupɔw nketewaa a ɛwɔ po ahorow mu nyinaa so. (Mat. 24:14) Yiw, adansedi adwuma no akodu ɔman biara mu “de akodu asase ano nohɔ,” na Yehowa honhom na atumi ama wɔayɛ eyi.​—Aso. 1:8; Sak. 4:6.

20. Ɔkwan bɛn so na Ɔbonsam afa so ayi sɛnea ɔsɔre tia wɔn a wɔka Onyankopɔn Asɛm no adi akyerɛ, na so n’ananmusifo betumi asiw adwuma no ano anaa?

20 Sɛnea Onyankopɔn Asɛm no ka siei no, Ɔbonsam bo afuw, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa. Ɔkɔ so sɔre tia adansedi adwuma no. (Adi. 12:12, 17) Ɔbonsam ne wɔn a wadaadaa wɔn no kyi Yehowa Adansefo efisɛ saa Kristofo yi “mfi wiase.” Wabɔ wɔn mu pii ahwete afi wɔn afie mu denam ɔtaa so. Wɔakunkum ɔhaha pii wɔ atirimɔden mu, sɛnea wɔyɛɛ Stefano wɔ yɛn bere mu afeha a edi kan no mu no. (Adi. 17:6; 20:4) Nanso adwuma no ayɛ nea efi Nyankopɔn. Nnipa antumi ansɛe no, bere a Onyankopɔn nkoa anokwafo kɔ so de nnam ka n’asɛm no. Wɔadi Ɔbonsam nnɛɛdɛe no so nkonim wɔ ɔkwan yi so.​—Fa to Efesofo 6:11, 12; Yakobo 4:7; 1 Petro 5:8, 9 ho.

21. (a) Dɛn ne adwuma a Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ mprempren? (b) Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yewie adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no, na ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa de nnam aka asɛm no akyerɛ?

21 Ɛnnɛ, Ahenni ‘nnipa a woyi’ adwuma no kɔ so fɛfɛɛfɛ, wɔ ɔsɔretia a ano yɛ den nyinaa akyi. Na Yehowa kɔ so hwie ne nhyira gu wɔn so. Wɔ ɔsom afe a etwaa mu no nkutoo mu no, Yehowa Adansefo ani gyei sɛ wohuu afoforo 113,672 a wɔabɔ wɔn asu. Hwɛ sɛnea eyinom ani gyei sɛ wonyaa Yehowa asɛm a wɔka kyerɛ no mu kyɛfa! Eyi ne Onyankopɔn adwuma ma yɛn nnɛ, na ɛsɛ sɛ ɛtra wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa no nyinaa komam sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ eyi, efisɛ ɛno ne adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa. (1 Kor. 9:16) So wo koma ka wo ma wode nnam ka Yehowa asɛm no? Bere a tebea horow a ɛwɔ wiase no mu no kɔ so sɛe no, yɛn bo a yɛasi ne sɛ yɛbɛkɔ so aka Ahenni no ho asɛmpa no de akosi sɛ yebewie adwuma no. Sɛ ɔsɔretia ba a, ɛnyɛ yɛn nwonwa. Yɛkae sɛ ɛnyɛ fi na Yesu fii adwuma a Yehowa de maa no sɛ ɔnyɛ no ase nko na mmom owiei. (Yoh. 17:4) Osiesiee yɛn na yɛatumi ahyia ɔtan a ɛwɔ wiase no mu no. Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ sɛ ɔno bere nyinaa na yɛayɛ sɛ asomafo no ne Kristofo afoforo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu no, na yɛde gyidi a edi mu akɔ so ahwehwɛ Yehowa hɔ mmoa de awie n’apɛde a ɛfa yɛn ho no. Ɛmmra mu sɛ bere nyinaa no mpae a yɛbɔ wɔ biakoyɛ mu bɛyɛ: “Na afei de, Awurade [Yehowa] ma wo nkoa mfa nnam nyinaa nka w’asɛm.”​—Aso. 4:29.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

“Na wohyiae ampa tiaa w’abofra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman. Na afei de, Awurade [Yehowa], hwɛ wɔn ateɛteɛ, na ma wo nkoa mfa nnam nyinaa nka w’asɛm, bere a woteɛ wo nsa sa wɔn yare na wonam w’abofra kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi.”​—Aso. 4:27-30.

[Kratafa 16 mfoni]

Yehowa Nyankopɔn hyira nnɛ bere mu “nnipa yifo” adwuma no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena