Dwom 34:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yehowa bɔfo bɔ wɔn a wosuro no no ho ban,+Na ogye wɔn.+ Asomafo Nnwuma 12:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na hwɛ! Yehowa* bɔfo begyinaa hɔ,+ na hann bi hyerɛnee afiase dan no mu. Na ɔbɔfo no prɛw Petro nkyɛnmu nyan no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre ntɛm!” Na nkɔnsɔnkɔnsɔn no fii ne nsa guu fam.+ Asomafo Nnwuma 16:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Prɛko pɛ na asaasewosow kɛse bi sii, na ɛmaa afiase no fapem mpo wosowee. Na ɛhɔ ara na apon no nyinaa buebuei, na obiara nkɔnsɔnkɔnsɔn sanee.+ Hebrifo 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Bio nso, ɔka abɔfo no ho asɛm sɛ: “Ɔsoma n’abɔfo sɛ ahonhom, na ɔsoma n’asomfo+ sɛ ogyaframa.”+ Hebrifo 1:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔyɛ adwuma kronkron,*+ a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wobenya nkwagye no. Ɛnte saa?
7 Na hwɛ! Yehowa* bɔfo begyinaa hɔ,+ na hann bi hyerɛnee afiase dan no mu. Na ɔbɔfo no prɛw Petro nkyɛnmu nyan no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre ntɛm!” Na nkɔnsɔnkɔnsɔn no fii ne nsa guu fam.+
26 Prɛko pɛ na asaasewosow kɛse bi sii, na ɛmaa afiase no fapem mpo wosowee. Na ɛhɔ ara na apon no nyinaa buebuei, na obiara nkɔnsɔnkɔnsɔn sanee.+
14 Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔyɛ adwuma kronkron,*+ a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wobenya nkwagye no. Ɛnte saa?