18 Ɛno nti, wɔkyeree asomafo no de wɔn guu afiase.+19 Nanso anadwo no, Yehowa* bɔfo buebuee afiase apon+ no, na oyii wɔn puei. Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 20 “Monkɔ, na munkogyina asɔrefi hɔ, na monkɔ so nka nkwa yi ho nsɛm nyinaa nkyerɛ nkurɔfo no.”
7 Na hwɛ! Yehowa* bɔfo begyinaa hɔ,+ na hann bi hyerɛnee afiase dan no mu. Na ɔbɔfo no prɛw Petro nkyɛnmu nyan no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre ntɛm!” Na nkɔnsɔnkɔnsɔn no fii ne nsa guu fam.+