Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ahosiesie a Wobɛyɛ So
1 Sɛ yesiesie yɛn ho yiye ma ɔsom adwuma no a, ɛboa ma yɛkyerɛ afoforo ho anigye. Ɔkwan bɛn so? Sɛ yesiesie yɛn ho yiye a, ɛmma yɛnnwen asɛm a yɛbɛka no ho pii ma enti yetumi de yɛn adwene si ofiewura no so kɛse. Bio nso, ɛboa ma yetumi fi komam kasa a yɛn ho mpopo. Nanso yɛbɛyɛ dɛn asiesie asɛm a yɛbɛka no yiye?
2 Paw Nsɛm a Ɛfata: Paw nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ January 2006 Yɛn Ahenni Som mu no nea ɛfata wo mpɔtam hɔ, na susuw sɛnea wode wo ankasa nsɛm bɛka ho. Ma ɛmfa w’asasesin mufo ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ wotaa hyia nkurɔfo a ɛsono ɔsom a wɔwom anaa abusua a wofi mu a, susuw ɔkwan a wubetumi afa so ama wɔn ani agye wo nsɛm ho no ho. Wo nsɛm a wobɛsakra mu ma afa nnipa a wo ne wɔn bɛkasa ho no bɛkyerɛ sɛ w’ani gye wɔn ho.—1 Kor. 9:22.
3 Sɛ worekasa a, dannan mu. Esiane sɛ wo nnianim nsɛm ho hia paa nti, ɛsɛ sɛ wohyɛ sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ ho no nsow. So wɔn ani gye w’asɛmti no ho? Wobua wo nsɛmmisa no? Sɛ ɛnte saa a, sakra mu kosi sɛ wubenya nnianim nsɛm a ɛfata.
4 Nneɛma a Ɛbɛboa Wo Ma Woakae Ade: Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ sɛ wodu fie bi mu a, wɔbɛkae asɛm a wɔde befi wɔn nkɔmmɔbɔ ase no. Sɛ ɛte saa wɔ wo fam a, woasɔ ahwɛ sɛ wobɛbobɔ asɛm a wobɛka no so akyerɛ obi foforo? Eyi betumi aboa ma nsɛm no aka w’adwenem yiye na woaka no tiawa ma emu ada hɔ. Ebetumi aboa ma woahu sɛnea wo ne afiewuranom mu biara bedi nsɛm.
5 Ade foforo a ebetumi aboa ma woakae ade ne sɛ wobɛkyerɛw asɛntiaa bi agu kratasin bi so na bere a worekɔ ofie bi mu no, woahwɛ so kakra. Ebinom fam no, wɔahu sɛ eyi boa wɔn ma wotumi de ahotoso kasa kyerɛ afoforo. Saa kwan yi so no, ahosiesie pa betumi aboa yɛn ma yɛakyerɛ afoforo ho anigye na ama asɛmpa a yɛka no atu mpɔn.