Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/08 kr. 1
  • Nya Nkɔso wɔ Asɛnka Adwuma no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Nkɔso wɔ Asɛnka Adwuma no Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kɔ So Fa Nsi Yɛ Asɛnka Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Yɛn Nkɔso A Yɛbɛma Ada Adi
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Boa Afoforo Ma Wɔn Ho Nkokwaw Wɔ Onyankopɔn Asɛm a Yɛde Di Dwuma No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Sɛnea Yɛbɛtete Wɔn a Wɔyɛ Foforo Ma Wɔaka Asɛm No
    Yɛn Ahenni Som—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 4/08 kr. 1

Nya Nkɔso wɔ Asɛnka Adwuma no Mu

1 Sɛ yɛn soro Agya no asomfo nya nkɔso wɔ nokware no mu a, n’ani gye. Ebi ne sɛ obi ho bɛkokwaw sɛ asɛmpa no ho somfo a otu mpɔn. Paulo hyɛɛ ɔhwɛfo Timoteo nkuran sɛ ɔnkɔ so mmɔ ne ho mmɔden sɛnea ɛbɛyɛ a ne nkɔso bɛda adi. (1 Tim. 4:13-15) Sɛ yɛyɛ adawurubɔfo a yɛn ho akokwaw mpo a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn asɛnka adwuma no atu mpɔn.

2 Fa Botae Sisi W’anim: Sɛ yebenya nkɔso a, ɛsɛ sɛ yɛde botae sisi yɛn anim. Botae a yebetumi de asisi yɛn anim no bi ne nea ɛwɔ he? Yebetumi abɔ mmɔden de yɛn honhom no nkrante a ɛne Bible no adi dwuma yiye. (Efe. 6:17) Ebia ebehia sɛ yenya nkɔso wɔ yɛn asɛnka adwuma no afã horow bi, te sɛ abɔnten so adansedi, telefon so adansedi, anaa nsasesin a nnwuma wom mu adwuma a yɛbɛyɛ no mu. Yebetumi abɔ mmɔden ayɛ sankɔhwɛ pii a etu mpɔn. Botae foforo a eye nso ne sɛ yebetu mpɔn wɔ sɛnea yefi Bible adesua ase na yɛtoa so yɛ no mu.

3 Nneɛma a Ɛbɛboa Yɛn: Wɔayɛ asafo nhyiam ahorow, titiriw Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no na aboa yɛn ma yɛanya nkɔso wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ yɛbɔ mmɔden siesie yɛn ho yiye ma nhyiam horow yi na yɛkɔ ne nyinaa, na yɛde nyansahyɛ a wɔde ma yɛn no di dwuma a, ɛda adi sɛ yebenya so mfaso pii.—2 Kor. 9:6.

4 Ɛho hia nso sɛ yɛboa yɛn ho yɛn ho ma yenya nkɔso. (Mmeb. 27:17) Sɛ wɔn a yɛne wɔn kɔ asɛnka no di adanse na yetie no yiye a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatu mpɔn. Afei nso, yɛn nhoma adesua sohwɛfo betumi ayɛ nhyehyɛe ma obi aboa yɛn. Hwɛ nhyira a ɛyɛ sɛ yebenya ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw ma waboa yɛn ma yɛasow aba pii na yɛanya anigye kɛse wɔ asɛnka mu! Ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo bi wɔ yɛn nhoma adesua kuw mu? Ebia yebetumi ato nsa afrɛ no ma ɔne yɛn akɔ asɛnka.

5 Adwuma a ɛho hia sen biara a wɔreyɛ nnɛ ne Kristofo asɛnka adwuma no. Sɛ yɛbɔ “ayeyi afɔre” ma Yehowa a, ɛsɛ sɛ yɛde nea eye sen biara ma no. (Heb. 13:15) Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya nkɔso wɔ ɔsom adwuma no mu a, yɛbɛyɛ adwumayɛfo a ‘ɛnsɛ sɛ wɔfɛre hwee ho, a wokura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’—2 Tim. 2:15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena