Sɛnea Yɛbɛtete Wɔn a Wɔyɛ Foforo Ma Wɔaka Asɛm No
1. Bere a edi kan a woyɛɛ afie afie asɛnka no bi no, wotee nka dɛn?
1 Wokae bere a edi kan a woyɛɛ afie afie asɛnka no bi no? Akyinnye biara nni ho sɛ ehu kaa wo. Sɛ wo ne nea ɔne wo suaa ade anaa ɔdawurubɔfo foforo na ɛkɔe a, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gyei sɛ ɔboaa wo. Seesei a woyɛ ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw yi, wo nso wubetumi aboa ma wɔatete wɔn a wɔyɛ foforo ma wɔaka asɛm no.
2. Dɛn na ehia sɛ adawurubɔfo a wɔyɛ foforo sua?
2 Ehia sɛ adawurubɔfo a wɔyɛ foforo sua sɛnea wɔne ofiewura befi nkɔmmɔbɔ ase, sɛnea wɔde Bible bedi dwuma wɔ ɔpon ano, sɛnea wɔbɛyɛ sankɔhwɛ, ne sɛnea wobefi Bible adesua ase na wɔayɛ. Ɛsɛ sɛ wosua sɛnea wobedi adanse wɔ akwan horow so, te sɛ abɔnten so ne nnwuma mu adansedi nso. Wubetumi de wo nhwɛso ne wo nyansahyɛ aboa wɔn ma wɔatu mpɔn wɔ eyinom mu.
3. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn nhwɛso aboa afoforo?
3 Yɛ Nhwɛso na Wonsua: Yesu yɛɛ sɛnea wɔka asɛm no ho nhwɛso kyerɛɛ n’asuafo no. (Luka 8:1; 1 Pet. 2:21) Sɛ wo ne ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo yɛ nhyehyɛe sɛ mobɛkɔ asɛnka a, siesie nnianim asɛm tiawa a obetumi asua; wubetumi de nhwɛso a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu no bi adi dwuma. Afei, di kan fa di adanse wɔ ɔpon a edi kan anaa nea ɛto so abien no ano sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdawurubɔfo no bɛte nea woka no. Sɛ mufi ɔpon foforo ano rekɔ foforo so a, wubetumi abisa no nea ohui wɔ ɔkwan a wofaa so yɛɛ wo de no ho. Eyi bɛboa no ma wahu mfaso a ɛwɔ so sɛ ɔne afoforo yɛ asɛnka adwuma no, na sɛ odi adanse wie na woma no nyansahyɛ a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ obegye atom.
4. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa aboa ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo bere a yɛatie ne nnianim asɛm no?
4 Fa Nyansahyɛ Ma: Yesu san de sɛnea wɔka asɛm no ho akwankyerɛ maa n’asuafo no. (Mat. 10:5-14) Wubetumi afa ɔkwan a ɛte saa ara so aboa ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo. Sɛ ɔno na adu ne so sɛ ɔkasa a, tie no yiye. Sɛ wuhu biribi a ehia sɛ odi ho dwuma na sɛ mufi ɔpon no ano rekɔ a, fi ɔdɔ mu kamfo no wɔ ade pɔtee bi ho. Ansa na wobɛma no nyansahyɛ bi no, wubetumi ahwɛ sɛ ɔbɛbɔ ne ho mmɔden wɔ ɔpon a edi hɔ no ano anaa. Ebia ehu kɛkɛ na ɛkaa no. Ma ɛntena w’adwenem nso sɛ, ɛsono nea ɔdawurubɔfo biara betumi ayɛ, na mpɛn pii no akwan pii wɔ hɔ a wɔfa so yɛ biribi.—1 Kor. 12:4-7.
5. Dɛn na yebetumi aka bere a yefi yɛn pɛ mu de nyansahyɛ rema no?
5 Ɛtɔ mmere bi a, ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo bebisa nyansahyɛ bi. Nanso sɛ wammisa a, fi wo pɛ mu boa no. Wobɛyɛ dɛn afa anifere kwan so aboa no? Adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw tumi bisa sɛ, “Memma wo nyansahyɛ bi?” anaa, “Wuhuu nea woyɛe no dɛn?” Anaa wubetumi aka sɛ, “Bere a mifii asɛnka ase no, na ɛyɛ den ma me sɛ . . . , nanso eyi na ɛboaa me. . . . ” Ɛtɔ mmere bi a mfaso wɔ so sɛ mobɛbom ahwɛ Reasoning nhoma no mu. Nea ɛbɛyɛ a womfa nsɛm mpuapua no no, ka akwan a ɔfaa so kaa asɛm no kyerɛe no biako pɛ ho asɛm.
6. Ɛdefa asɛnka adwuma ho no, ɔkwan bɛn so na ‘dade sew dade ano’?
6 Dade Sew Dade Ano: Paulo hyɛɛ Timoteo a ɔyɛ ɔsɛnkafo a ne ho akokwaw no nkuran sɛ ɔmma n’ani nku akenkan ho na onnya nkɔso. (1 Tim. 4:13, 15) Ebia wode mfe pii ayɛ asɛnka adwuma no de, nanso kɔ so sɛ wubetu mpɔn bere nyinaa a wunnyae da. Suasua adawurubɔfo a wo ne wɔn kɔ asɛnka no, a wɔn a wonni asɛnka mu osuahu pii no mpo ka ho. Afei yɛ krado sɛ wubefi ɔdɔ mu aboa afoforo, titiriw wɔn a wɔyɛ foforo no ma wɔabɛyɛ asɛmpakafo a wɔn ho akokwaw.—Mmeb. 27:17.