Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/91 kr. 1-3
  • Ɔfã 3: Boa Ma Afoforo Nnya Nkɔso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 3: Boa Ma Afoforo Nnya Nkɔso
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛbɛtete Wɔn a Wɔyɛ Foforo Ma Wɔaka Asɛm No
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Tete Adawurubɔfo Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Dɛn na Wobɛtumi Asua Afi Adawurubɔfo a Wɔn Ho Akokwa Hɔ?
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Yɛ Ɔboafo Pa
    Yɛn Ahenni Som—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 10/91 kr. 1-3

Fi Ɔkra Nyinaa Mu Yɛ Asɛnka Adwuma No

Ɔfã 3: Boa Ma Afoforo Nnya Nkɔso

1 Wɔaka onuapanyin Paulo ne aberantewaa Timoteo a na ɔwɔ ahofama no ntam abusuabɔ ho asɛm mpɛn pii sɛ ɔsom adwuma no ho ntetee ho nhwɛso pa. (1 Kor. 4:17) Paulo hyɛɛ Timoteo sɛ ɔmma afoforo nnya nimdeɛ ne ntetee koro no a na wanya no bi. (2 Tim. 2:1, 2) Eye sɛ yebedi nhyehyɛe koro no ara akyi wɔ asafo no mu nnɛ.

2 Tete Afoforo: Sɛnea ntetee ho hia no da adi bere a yehu sɛ afoforofo bɛboro 7,600 na wɔabɔ wɔn asu wɔ Ghana wɔ mfe abiɛsa a atwam no mu fi 1988 reba no. Ɛda adi yiye sɛ eyinom mu pii benya ntetee a adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw betumi de ama no mu mfaso. Onuawa bi a na ɔtaa de dɔnhwerew biako anaa abien yɛ asɛnka adwuma ɔsram biara no suae sɛnea wɔkasa wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ apon ano, bere a ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw boaa no no. Ogyaee ne nan ase a na ɔtwentwɛn sɛ ɔbɛyɛ asɛnka adwuma no, na ɔbɛyɛɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo a ɔyɛ nnam. Mprempren sɛ ɔkwampaefo a ne ho akokwaw no, obu kɔmpɔ hwɛ n’akyi na ɔka sɛ: “Na nea mihia ara ne sɛ wɔbɛkyerɛ me nea mɛka, na afei mifii ase nyaa ɔsom adwuma no ho anigye.”

3 Sɛ woyɛ ɔpanyin, asafo mu ɔsomfo, ɔkwampaefo, anaasɛ ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw a, ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa ma afoforo anya nkɔso? Ɔkwan a edi kan a wobɛfa so ne sɛ wobɛka akyerɛ mo Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no sɛ wopɛ sɛ woboa ɔdawurubɔfo foforo.

4 Toto Wo Nneɛma na Siesie Wo Ho: Sɛ moyɛ nhyehyɛe pɔtee bi sɛ mobɛbom ayɛ adwuma a, ɛboa. Ebia mfiase no ehu bɛka nea ɔka wo ho no anaa onhu nea ɔbɛka, nanso n’ani bɛsɔ sɛ obi ne no reyɛ adwuma a sɛ ɛho hia a, ɔbɛboa no. (Ɔsɛnk. 4:9) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, paw asasesin a ɛda adi yiye sɛ mubenya nnipa a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔne mo bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ wom. Eyi bɛboa ɔfoforofo no ma ɔde ne ho ahyem na ɔnam saayɛ so anya ahotoso.

5 Nea ɛbɛyɛ na woatoa ntetee a ɛbɛma wanya nkɔso no so no, mfaso bɛba so sɛ mubesusuw sɛnea mobɛsan akɔsra onigyeni bi a moanya no no ho. Ɛno hwehwɛ sɛ mobɛto nhyɛase no wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu denam asemmisa bi a mode begyaw ofiewura no a mubebua bere a moasan akɔsra no no. Hwɛ hu sɛ wobɛboa ɔdawurubɔfo a ne ho nkokwaw kɛse no ma wasiesie ne ho, na afei ka ne ho kɔyɛ sankɔhwɛ no. Sɛ wofi adesua bi ase na ɔdawurubɔfo ɔfoforo no da so ara nnye ne ho nni sɛ obetumi ayɛ a, ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw kɛse no betumi ayɛ adesua no mpɛn dodow bi kosi sɛ ɔfoforofo no bɛfata sɛ ɔbɛyɛ.

6 Esiane sɛ afoforofo ba ahyehyɛde no mu ntɛmntɛm nti, nyansa a ɛwom sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yiye wɔ asɛnka mu no da adi. Wohia mmoa fi wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ asɛnka adwuma no mu no hɔ. Sɛ wubetumi aboa obi a, ɛrenkyɛ ɔno nso “bɛfata yiye sɛ ɔkyerɛkyerɛ afoforo.”​—2 Tim. 2:2, New World Translation.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena