Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/91 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Edi Kan
  • Dapɛn a Ɛto so Abien
  • Dapɛn a Ɛto so Abiɛsa
  • Dapɛn a Ɛto so Anan
Yɛn Ahenni Som—1991
km 10/91 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Edi Kan

Dwom 17

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Si nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛntitiriw so dua.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Bible Adesua a Wobefi Ase Tẽẽ So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Sɛ mususuw nkyekyem 3 ne 4 ho wie a fa Creation nhoma ne Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no yɛ adesua a wobefi ase tẽẽ ho ɔyɛkyerɛ. Adesua a wobefi ase tẽẽ no bɛboa ma woahu sɛnea anigye a ofiewura no wɔ te. Si sɛnea ehia sɛ yɛsan kɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye nyinaa no nkyɛn, sɛ ebia yɛmaa wɔn nhoma wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu anaa dabi no so dua. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmmɔ mmɔden sɛ obefi Bible adesua ase denam adesua a obefi ase tee wɔ asɛnka mu no so.

15 min: Asemmisa Afa, “Wɔasakra Yɛn Ahenni Som no Hwɛbea” ne Teokrase nsɛmmansɛmma Fa nkuranhyɛ ma sɛ wonnya asɛnka mu kyɛfa dapɛn yi awiei.

Dwom 157 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Ɛto so Abien

Dwom 214

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ti nsɛmma nhoma a mode bedi dwuma wɔ asɛnka mu dapɛn yi awiei mu nsɛntitiriw mu. Yɛ sɛnea wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien sɛnea bere ma kwan.

20 min: Fa Botae Horow Sisi W’anim ma Ɔsom Afe Foforo No. Ɔpanyin tĩ ɔsom afe a etwaam no mu dwumadi mu. Fa anigye kamfo wɔn wɔ faako a wuhui sɛ munyaa nkɔso no. Ka nneɛma a ehia sɛ moma mo ani san ku ho wɔ ɔsom afe foforo no mu ho asɛm, na fa nyansahyɛ ahorow a eye ma. Tĩ ɔmansin sohwɛfo amanneɛbɔ a etwa to no mu. Fa Index di dwuma fa hwehwɛ nea muhia ne sɛnea mode afotu a wɔde ma bedi dwuma ho nsɛm. Wɔn a wogyina mu wɔ ɔsom adwuma mu hyɛ afoforo nkuran. (Heb. 6:10) Bisabisa adawurubɔfo anaa akwampaefo baanu a wonyaa nkɔso pa wɔ ɔsom afe a etwaam no mu nsɛm. Botae horow bɛn na wɔde asisi hɔ ama 1992 ɔsom afe no? Afei nso, bisabisa ɔdawurubɔfo anaa ɔkwampaefo bi a ɔde mfe pii asom nokwaredi mu ma ɔnka nsɛnnennen a wahyia ne sɛnea ɔnam Yehowa ne n’ahyehyɛde no mmoa so dii eyinom so no nsɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa botae pa nsisi hɔ na ama wɔn som adwuma anya nkɔso wɔ 1992 ɔsom afe no mu.

15 min: “Yɛn Asɛyɛde a ɛne sɛ Yɛnyɛ Afoforo Papa ho Dwuma a Yebedi.” Asemmisa-ne-mmuae dwumadi. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ho a, yɛ sɛnea ɔpanyin bi betumi akamfo ɔdawurubɔfo bi wɔ ne nokwaredi ho nhwɛso wɔ mfe a atwam no mu wɔ Ahenni Asa so ho ɔyɛkyerɛ. Wubetumi ayɛ nea wobetumi ayɛ de aboa no ho nhwehwɛmu. Nanso, ɛsɛ sɛ wosi nkamfo no so dua.

Dwom 94 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Ɛto so Abiɛsa

Dwom 44

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Kenkan ntoboa a mode manae ho krataa a Asafo ti kyerɛ sɛ nsa aka na da anisɔ adi wɔ sika a adawurubɔfo yi de boaa Asafo ti no ne mo asafo no dwumadi ahorow no ho.

20 min: “Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe​—Ɔfa 3.” Anuanom baanu a wɔfata susuw asɛm no ho, wɔma asɛm no fa mo asafo no ho. Si mfaso a mo nyinaa munya bere a adwurubɔfo boa asɛnka ho nhyehyɛe no so dua. Ka sɛnea ehia sɛ wɔkyerɛ obu ma afie a mode di dwuma bere a muhyiam kɔ asɛnka, na kamfo wɔn a wofi ayamye mu de wɔn afie ma no. (kmTW 7/86 kr. 5) Esiane sɛ muhia mmeae afoforo wɔ bere ne bere mu nti, obiara a ɔpɛ sɛ ɔde ne fie ma no betumi aka akyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa ɔsom adwuma sohwɛfo no. Fa dapɛn a etwaam no mu nkɔmmɔbɔ a ɛfa ɔsom botae horow a yɛde besisi hɔ no mu nsɛm foa so. Ɔsom adwuma sohwɛfo betumi aboa na wahyɛ adawurubɔfo ma wɔadu wɔn ɔsom adwuma mu botae horow no.

15 min: “Mmofra​—So Mubedi Kristofo Nokwaredi ho Sɔhwɛ no Mu Nkonim?” Ɔkasa a egyina Vol. 112, No. 12, mu asɛm so. Si nyansa a enni ɔbra ahorow abien a wobebu mu no so dua.

Dwom 171 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Ɛto so Anan

Dwom 187

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Si nsɛmma nhoma a aba foforo mu asɛm biako anaa abien so dua. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wonnya asɛnka mu kyɛfa dapɛn yi awiei.

20 min: “Fi Ɔkra Nyinaa Mu Yɛ Asɛnka Adwuma No​—Ɔfã 3.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ mudu nkyekyem 4 a, ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ sɛnea wɔboa ɔfoforofo bere a wɔkɔ asɛnka ho ɔyɛkyerɛ. Kyerɛ sɛnea wɔne ɔfoforofo sua nea wɔbɛka akyerɛ denam ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyansahyɛ ahorow a wɔde bedi anoyi a ntease wom ho dwuma so.

15 min: “Ɔman a Wodi Yiye Wom a Wotu Kɔtra So ho a Wobesusuw.” Vol. 112, No. 7, nkratafa 26-29 mu asɛm a ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ne ho akokwaw gyina so ma ɔkasa a ɛkari pɛ.

Dwom 70 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena