Wɔasakra Yɛn Ahenni Som No Hwɛbea
Wɔasakra Yɛn Ahenni Som no hwɛbea fi September de no so. Sɛnea wɔahyehyɛ emu nsɛm yi no bɛma sɛnea wɔyɛ kasa pii mu krataa a ɛba ɔsram biara yi ho adwuma ayɛ mmerɛw, na ayɛ mmerɛw kɛse ama akenkanfo ma wɔahu nsɛm bi a wɔhwehwɛ no.
Wobetumi de kɔmputa akyerɛw foforo yi mu nsɛmti ne nsɛm nyinaa. Wɔahyehyɛ emu nsɛm no yiye ma enti Yɛn Ahenni Som no hwɛbea ayɛ fɛ yiye.
Wɔayɛ nsakrae pii ama ɔkenkanfo no. Nkyerɛwee no akɛse sɛ, na n’akenkan nyɛ den, sɛ ɛyɛ nketewa mpo a ɔsom akontaabu no akenkan bɛyɛ mmerɛw yiye. Bio nso, emu nsɛm atitiriw no bepue wɔ anim ne akyi mpɛn pii, na nsɛm no pii bɛba awiei wɔ kratafa koro no ara mu. Ɔsom Nhyiam dwumadi Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe, Ɔsom akontaabu, Nkaebɔ Ahorow, Teokrase Nsɛmmansɛmma, Asɛnka Nhyiam, Nkɔmmɔbɔ Asɛmti, ne Asemmisa Afã no nyinaa bepue wɔ emu nkratafa no mu.
Yɛwɔ anidaso sɛ wubehu sɛ adwinnade a ɛsom bo yi yɛ mmoa a ɛkanyan anigye na etu mpɔn yiye wɔ Ahenni no ho asɛmpaka ne asuafoyɛ adwuma no mu.