Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w08 1/15 kr. 3
  • Ɔwɛn-Aban a Adesua Nsɛm Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔwɛn-Aban a Adesua Nsɛm Wom
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔreyɛ Ɔwɛn-Aban no mu Nsakrae a Ɛyɛ Anigye!
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nea Adesua Nsɛm Wom no Ni Ampa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Borɔfo a Emu Nyɛ Den Ɔwɛn-Aban Foforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • So Wubetumi Anya Borɔfo a Emu Nyɛ Den no So Mfaso?
    Yɛn Ahenni Som—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
w08 1/15 kr. 3

Ɔwɛn-Aban a Adesua Nsɛm Wom

NSƐMMA nhoma a worenkenkan yi ne Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom no mu nea edi kan. Yɛpɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ sɛnea wɔahyehyɛ saa nsɛmma nhoma yi mu nsɛm foforo no bi mu kyerɛ wo.

Wɔayɛ nsɛmma nhoma a adesua nsɛm wom yi ama Yehowa Adansefo ne Bible asuafo a wɔrenya nkɔso no. Ɛbɛba pɛnkoro ɔsram biara, na adesua nsɛm anan anaa anum na ɛbɛba mu. Wɔakyerɛ bere a wɔde besua adesua nsɛm no mu biara wɔ nsɛmma nhoma yi anim. Esiane sɛ yɛremfa Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom no mma wɔ asɛnka mu nti, wɔrensesa mfonini a ɛwɔ nea ɛba biara no anim no te sɛ nea wɔbɛyɛ ɔmanfo de no.

Wubehu nkyerɛkyerɛmu tiawa bi a ɛbɛboa ma woahu nea enti a wɔkyerɛw adesua asɛm biara, anaa nsɛm foforo a ɛka ho a ɛnyɛ adesua nsɛm no wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 2. Sɛ wɔn a wɔhwɛ Ɔwɛn-Aban adesua so no resua wɔ fie a, wobehu sɛ saa ɔfã yi bɛboa wɔn paa ma wɔakyerɛkyerɛ adesua nsɛm no mu yiye wɔ asafo nhyiam ase.

Wubehu sɛ adesua nsɛm no nyɛ atenten sɛ kan de no. Ɛno nti, bere a moreyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no, mubenya bere pii de asusuw kyerɛw nsɛm atitiriw a ɛwom no ho. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan kyerɛw nsɛm a wɔanka emu nsɛm wɔ Ɔwɛn-Aban no mu no nyinaa dapɛn biara. Wɔde ahyɛ kyerɛw nsɛm a wɔanka emu nsɛm wɔ adesua no mu no bi ho sɛ “kenkan.” Ɛsɛ sɛ mokenkan na mususuw ho bere a moreyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no. Sɛ bere ma kwan a, mubetumi akenkan kyerɛw nsɛm foforo nso. Wɔ adesua nsɛm no bi mu no, wubehu kyerɛw nsɛm a wɔde ahyɛ ho sɛ “fa toto ho.” Esiane sɛ kyerɛw nsɛm a ɛte saa mma yenhu nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyɛm no mu tẽẽ nti, yɛntaa nkenkan wɔ asafo nhyiam ase. Nanso, nsɛm foforo a ɛyɛ anigye wɔ kyerɛw nsɛm a wɔde “fa toto ho” ahyɛ ho no mu, anaasɛ ebetumi aboa ma yɛahu nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛm a yɛresusuw ho no mu wɔ ɔkwan bi so. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ sɛ woresua Ɔwɛn-Aban no wɔ fie ansa na woakɔ Ɔwɛn-Aban Adesua a, kenkan kyerɛw nsɛm a ɛte saa no. Ebia wubetumi aka emu asɛm bere a worema mmuae no.

Wɔremfa ɔsom afe ho akontaabu no mma Ɔwɛn-Aban mu bio. Efi afe 2008 no, wɔde bɛhyɛ Yɛn Ahenni Som ne Yearbook mu. Nanso, sɛnea yɛadi kan aka no, wɔde nsɛm foforo bɛka adesua nsɛm no ho. Ɛwom sɛ yɛrensusuw saa nsɛm no mu pii ho wɔ asafo nhyiam ase de, nanso yɛhyɛ wo nkuran sɛ tɔ wo bo ase kenkan no yiye. Saa nsɛm no nso ka honhom fam aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma yɛn no ho.—Mat. 24:45-47.

Sɛ yɛbɛka paa a, Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom ne ɔmanfo de no nyinaa yɛ nsɛmma nhoma koro. Abien no nyinaa yɛ Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ. Wɔakyerɛkyerɛ nea enti a wɔkyerɛw Ɔwɛn-Aban no mu wɔ emu biara kratafa 2. Wɔde abien no nyinaa bɛbom ayɛ afe afe bound volume no. Wɔde abien no mu nsɛm nyinaa bi bɛba “So Wokae?” a ɛbɛba Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom no mu.

Efi afe 1879 no, Ɔwɛn-Aban no akɔ so aka Onyankopɔn Ahenni no ho nokwasɛm wɔ ɔko, sikasɛm mu ahokyere, ne ɔtaa mmere mu. Yɛn mpaebɔ ne sɛ wɔ Yehowa mmoa so no, nea yɛayɛ no foforo yi nso bɛkɔ so ayɛ saa ara. Na yɛbɔ mpae sɛ, Yehowa nhyira wo a worekenkan Ɔwɛn-Aban foforo a adesua nsɛm wom no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena