So Wubetumi Anya Borɔfo a Emu Nyɛ Den no So Mfaso?
Seesei wɔayɛ Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom a emu nyɛ den wɔ Borɔfo mu. Wɔyɛ maa (1) adawurubɔfo a wɔka Borɔfo kasa a wobenya nea asete nyɛ den no so mfaso; (2) adawurubɔfo a Borɔfo nyɛ wɔn kurom kasa; (3) mmofra ne wɔn a wɔkɔ mfitiase ne ntoaso sukuu; ne (4) Bible asuafo a ehia sɛ wɔka Borɔfo kasa a ɛba fam a asete nyɛ den kyerɛ wɔn na ama wɔate Onyankopɔn som ase.
Nkyekyɛm ahorow, nsɛmmisa, ne nsɛmti nketewa a ɛwom no te sɛ nea ɛwɔ Borɔfo a emu yɛ den no mu no. Abien no nyinaa mu nsɛm yɛ pɛpɛɛpɛ, nanso foforo no mu nsɛm mu nyɛ den. Ɔwɛn-Aban Adesua so ahwɛfo ne akenkanfo a wɔwɔ Borɔfo asafo ahorow mu no de Ɔwɛn-Aban a emu yɛ den no na ɛbɛyɛ adwuma, gye sɛ atiefo no mu dodow no ara kura nea emu nyɛ den no bi. Wɔn a wokura nea emu nyɛ den no behu sɛ kyerɛw nsɛm ne mfonini a ɛwom no ne nea emu yɛ den no nyinaa yɛ biako, na wobetumi adi nkyekyɛm ahorow no akenkan no akyi na wɔama mmuae. Monhyɛ no nsow: Adawurubɔfo a wɔwɔ asafo ahorow a wɔka ɔman yi mu kasa mu no betumi de nea emu nyɛ den no ayɛ wɔn ankasa adesua ma aboa wɔn.
Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte nka sɛ obenya nea emu nyɛ den no so mfaso no kohu nsɛmma nhoma sohwɛfo no ma ɔkra bi ma no.