Wɔreyɛ Ɔwɛn-Aban no mu Nsakrae a Ɛyɛ Anigye!
1 Afe yi mfiase no, wɔde amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye yi kɔmaa asafo ahorow no: Efi January 2008 mu no, wɔbɛkɔ so atintim Ɔwɛn-Aban no ahorow abien, nanso abien no mu biara bɛyɛ soronko. Wobetintim biako ama ɔmanfo na wɔatintim biako nso ama yɛn Kristofo anuanom! Ebia worebisa wo ho sɛ: ‘Nsɛmma nhoma abien no bɛyɛ soronko wɔ ɔkwan bɛn so? Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yebenya biako ama ɔmanfo na yɛanya biako nso ama Kristofo anuanom? So nsɛm foforo bi wom a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan?’
2 Nsonsonoe a Ɛwom: Wɔbɛfrɛ nea ɛbɛba ɔsram biara da a edi kan no Ɔmanfo De. Wɔbɛkyerɛw eyi mu nsɛm nyinaa ama ɔmanfo. Wɔbɛfrɛ nea ɛbɛba ɔsram biara da a ɛto so 15 no Nea Adesua Nsɛm Wom, na yɛremfa mma ɔmanfo wɔ asɛnka mu. Wɔde ɔsram biako adesua nsɛm nyinaa ne nsɛm foforo a ɛho behia ama Kristofo a wɔahyira wɔn ho so bɛba mu. Yehowa Adansefo ani begye Ɔwɛn-Aban a wobetintim ama ɔmanfo no ho, nanso wɔn a wɔn ani begye ho kɛse paa ne wɔn a wɔnyɛ Adansefo a ebia wogye Bible tom no. Nanso wɔbɛkɔ so atintim Awake! no ama obiara, a akyinnyegyefo ne wɔn a wɔnyɛ Kristofo ka ho.
3 Ɛso Mfaso: Ɛho renhia sɛ wɔkyerɛkyerɛ nsɛmfua bi te sɛ “ɔkwampaefo” mu wɔ Nea Adesua Nsɛm Wom no mu wɔ akwan a wɔn a wɔnyɛ Adansefo betumi ate ase so. Wobetumi de nsɛm a ɛho hia nso a wɔahyɛ da asiesie ama Yehowa Adansefo ne Bible asuafo a wɔrenya nkɔso no aba eyi mu. Na Ɔmanfo De no nso ɛ? Esiane sɛ wɔbɛkyerɛw emu nsɛm ama ɔmanfo nti, wɔn a wɔnyɛ Adansefo no ani begye ho sɛ wɔbɛkenkan nsɛmma nhoma no nyinaa. Nokwarem no, Yehowa Dansefo biara benya nea ɛbɛba biara a ɔbɛkenkan no so mfaso. Esiane sɛ yɛde Ɔwɛn-Aban no biako pɛ ne Awake! biako na ɛbɛma ɔsram biara wɔ asɛnka mu nti, wɔ ɔsram no nyinaa mu no, yebenya hokwan asiesie nsɛm a yɛbɛka no yiye.
4 Nsɛm Afoforo a Ɛwom: Wɔreyɛ nhyehyɛe de nsɛm afoforo a ɛyɛ anigye aba Ɔwɛn-Aban a ɛyɛ Ɔmanfo De no mu. Emu biako bɛkyerɛkyerɛ Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw mu ma ayɛ mmerɛw koraa. Foforo nso bɛkyerɛ sɛnea Bible no betumi aboa mmusua. Ɔfã bi bɛwom a mmofra betumi de asua Bible mu nsɛm. Nea ɛbɛba biara bɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm pɔtẽẽ bi a ɛkyerɛkyerɛ yɛn Yehowa su ho asɛm mu.
5 Yɛn mpaebɔ ne sɛ Yehowa behyira nhyehyɛe foforo a wɔreyɛ wɔ Ɔwɛn-Aban no ho no so. Ɛmmra sɛ yɛde nsɛmma nhoma yi ne Awake! no bɛma nnipa pii a wɔfata ma wɔate asɛmpa no.—Mat. 10:11.