Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase July 9
Dwom 4
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde July 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde July Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: Dɛn na Ɛde Anigye Ankasa Ba? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina May 15, 2006, Ɔwɛn-Aban no kratafa 28-29, nkyekyɛm 11-12 so. Bisabisa obi a ɔpaw sɛ ɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no mmom sen sɛ ɔde anigyede anaa honam fam adwuma besi n’ani so nsɛm. Dɛn na ɛma ɔde honhom fam botae sii n’ani so? Ɔkwan bɛn so na eyi ama wanya anigye?
20 min: Asɛmmisa Afã. Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin di ho dwuma. Kenkan asɛm no nyinaa na munsusuw ho. Fa nsɛmti nketewa yi “The Dangers of Deception and Secrecy” (Asiane a ɛwɔ nnaadaa nsɛm a wɔkora so mu) ne “Choosing the Real Over the Virtual” (Paw obi a wuhu no ankasa na ɛnyɛ nea wunhu no) a ɛwɔ May 22, 2005 Awake!, kratafa 13-14 no mu nsɛm ka ho.
Dwom 91 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 16
Dwom 16
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka March Ɔsom Akontaabu ho asɛm na kamfo wɔn nyinaa wɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo a yenyae ne wɔn kyerɛwtohɔ a wɔde baa ntɛm no ho.
20 min: Asomdwoe ne Ahotew a Yɛbɛma Atra Asafo no Mu. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no kratafa 144 kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 150 so.
15 min: “Wɔreyɛ Ɔwɛn-Aban no mu Nsakrae a Ɛyɛ Anigye!”a
Dwom 189 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 23
Dwom 133
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde July 15 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde July Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: Monna Ahɔhoyɛ Adi Nkyerɛ Mo Ho. Ɔkasa a egyina January 15, 2005, Ɔwɛn-Aban no kratafa 21-23 so. Bisabisa ɔdawurubɔfo baako anaa adawurubɔfo baanu a afoforo nim wɔn sɛ wɔbɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden no nsɛm tiawa. Ɔkwan bɛn so na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ahɔhoyɛ adi? Mfaso bɛn na wɔne wɔn mmusua anya afi mu?
15 min: Siesie Nnianim Nsɛm a Etu Mpɔn. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Reasoning nhoma no kratafa 9 nkyekyɛm 1-2 so. Ma wɔmfa nhoma a yɛde bɛma wɔ August mu no nyɛ sɛnea yɛde bɛma ho ɔyɛkyerɛ abien.
Dwom 61 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 30
Dwom 200
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn July asɛnka akontaabu mma.
15 min: Ahofama De Yehowa Nhyira Ba. Ɔkasa a egyina November 15, 2005 Ɔwɛn-Aban, kratafa 8-9 so.
20 min: “Anigye Ne Nea Ɔkɔ So Gyina wɔ Sɔhwɛ Mu.”b Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 no ho a, ma atiefo nka sɛnea gyidi a emu yɛ den a wɔwɔ no boaa wɔn bere a sɔhwɛ bi too wɔn mpofirim no. Wubetumi ne onipa baako anaa nnipa baanu adi kan asusuw asɛm a wɔbɛka no ho.
Dwom 13 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 6
Dwom 106
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: “Nea Enti a Yɛsan Kɔ Mpɛn Pii.”c Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 no ho a, ma atiefo a bere bi na wɔsɔre tia nokware no anaa wɔn ani nnye ho no nka nea ɛyɛe a wɔn ani begyee nokware no ho asɛm nkyerɛ.
Dwom 211 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.