Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/07 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2007
Yɛn Ahenni Som—2007
km 7/07 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma July ne August: Momfa nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mubetumi de ayɛ adwuma wɔ mo asasesin mu mma. September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? October: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma mma.

◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ September mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no.

◼ Efi September rekɔ no, amansin so ahwɛfo bɛma ɔkasa a wɔato din “Dɛn na Ɛma Bible no Di Mũ?”

◼ Yɛhyɛ nyansa sɛ, wɔmma Betel adwumayɛbea no nsa nka daa akwampaefo akwammisa nkrataa no anyɛ yiye koraa nnafua 30 ansa na bere a wɔpɛ sɛ wofi ase no adu. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no hwehwɛ ne nyinaa mu hwɛ sɛ wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Sɛ wɔn a wɔrebisa hokwan no ntumi nkae da pɔtee a wɔbɔɔ asu a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene bu da bi na wɔyɛ ho kyerɛwtohɔ. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hyɛ saa da yi nsow na ɔkyerɛw gu Congregation’s Publisher Record (S-21) kratasin no so.

◼ Ɛsɛ sɛ mokan nhoma ne nsɛmma nhoma a mowɔ nyinaa no dodow wɔ August 31, 2007 mu, anaa bere a aka kakraa bi na saa da no adu no. Nhomakan yi te sɛ nea nhoma sohwɛfo no yɛ ɔsram biara no, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw dodow a aka nyinaa hyɛ Literature Inventory (S-18) kratasin no so. Mubetumi ahu nsɛmma nhoma dodow a mowɔ no afi asafo biara nsɛmma nhoma sohwɛfo hɔ. Ɛsɛ sɛ asafo a ɛhwɛ nhomakra so no kyerɛwfo hwɛ nhomakan yi so. Ɔkyerɛwfo no ne asafo a ɛhwɛ nhomakra so ɔhwɛfo guamtrani no de wɔn nsa bɛhyɛ kratasin no ase. Asafo biara a ɛhwɛ nhomakra so no nsa bɛka Literature Inventory kratasin no abiɛsa. Yɛsrɛ sɛ momfa biako mmena Betel adwumayɛbea no ansa na September 6 atwam. Momfa biako nto mo nneɛma mu. Mubetumi de nea ɛto so abiɛsa no adi dwuma bere a morekan no.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo hyehyɛ Congregation Analysis Report (S-10) no yiye na wɔde mena Betel adwumayɛbea no ansa na September 6, 2007 atwam. Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no hwɛ sɛ wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ ansa na wɔde amena. Sɛ muhia nkyerɛkyerɛmu bi wɔ asɛmmisa pɔtẽẽ bi a ɛwɔ kratasin no so ho a, yɛsrɛ sɛ momfrɛ “Report Desk” a ɛwɔ Betel no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena