Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Tete Adawurubɔfo Foforo
Nea Enti a Ɛho Hia: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔabɛyɛ Yesu asuafo foforo no di nea wɔahyɛ yɛn “nyinaa” so. Ahyɛde yi baako ne sɛ wɔde nokware no bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo. (Mat. 28:19, 20) Asuafo foforo yi mu pii akyerɛw wɔn din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu, na ebia wɔtumi di abusuafo anaa wɔn nnamfo adanse. Nanso bere a wɔgu so resua ade no, nokware no bɛka wɔn koma na wɔbɛhu sɛ Yehowa pɛ sɛ nnipa nyinaa te asɛmpa no. Wei nti ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔne yɛn bom yɛ asɛnka adwuma no. (Rom. 10:13, 14) Sɛ asafo mu mpanimfoɔ pene so sɛ wɔnyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu a, ɛsɛ sɛ yɛtete wɔn wɔ asɛnka adwuma no mu. Wei bɛboa ma wɔde akokoduru ayɛ adwuma no.—Luka 6:40.
Sɔ Wei Hwɛ Bosome Yi Mu:
Fa wo suani no ka wo ho bere a worekɔyɛ afie afie asɛnka adwuma no, sankɔhwɛ, anaa Bible adesua. Sɛ wonni Bible suani a wafi asɛnka ase a, ɛnneɛ pɛ ɔdawurubɔfo bi a ne ho nkokwaeɛ ka wo ho.