Ɔfã 10—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
Tete Asuafo Wɔ Afie Afie Asɛnka Adwuma Mu
1 Sɛ mpanyimfo no gye tom sɛ Bible suani bi afata sɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu a, obetumi afi ase aka anuanom ho ne wɔn akɔ asɛnka. (Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde, kr. 79-81.) Yɛbɛyɛ dɛn aboa osuani no ma watumi ayɛ afie afie asɛnka?
2 Mommom Nsiesie Mo Ho: Ahosiesie pa a mobɛyɛ ho hia yiye. Ma osuani no nhu Yɛn Ahenni Som ne Reasoning nhoma no mu baabi a nsɛm a wɔde fi asɛnka ase no wɔ, na boa no ma ɔmpaw nea ɛyɛ tia a ɛfata ma mo asasesin no. Hyɛ no nkuran mfitiase no ara ma ɔmfa Bible no nni dwuma wɔ n’asɛnka mu.—2 Tim. 4:2.
3 Asɛm a wodi kan bobɔ so no boa ɔdawurubɔfo foforo paa. Bere a osuani no de nsɛm a ɔbɛka no yɛ ɔyɛkyerɛ no, ma onhu sɛnea ɔde anifere bedi nsɛm a nkurɔfo taa ka wɔ asasesin no mu no ho dwuma. (Kol. 4:6) Ma ɔnte ase sɛ yɛnhwɛ kwan sɛ Kristofo asomfo behu ofiewura bi nsɛmmisa nyinaa ho mmuae wɔ hɔ ara. Ɔkwan pa ne sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ nsɛmmisa a ɛtete saa ho nhwehwɛmu na wɔasan aba ne no abesusuw ho.—Mmeb. 15:28.
4 Mommom Nkɔ Asɛnka: Bere a edi kan a wo ne osuani no bɛkɔ asɛnka no, ma ɔnhwɛ sɛnea wobɛka asɛm a moabom asiesie no akyerɛ ofiewura no. Afei ma ɔno nso nka bi. Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ woma ɔdawurubɔfo foforo no ka ɔfã bi nko ara, sɛ ebia ɔbɛkenkan kyerɛwsɛm biako akyerɛkyerɛ mu. Susuw sɛnea osuani no suban ne ne mmɔdemmɔ te ho. (Filip. 4:5) Bere a woretete no nkakrankakra wɔ asɛnka adwuma no afã horow mu no, kɔ so kamfo no yiye wɔ mmɔden a ɔbɔ no ho.
5 Ɛho hia sɛ woboa ɔdawurubɔfo foforo ma ɔyɛ ɔsom adwuma no ho bere nhyehyɛe pa a ɛbɛma watumi akɔ asɛnka ntoatoaso, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, nnawɔtwe biara. (Filip. 3:16) Monyɛ nhyehyɛe pɔtee a mode bɛkɔ asɛnka abom, na hyɛ no nkuran ma ɔne anuanom afoforo a wɔyɛ nnam nso nyɛ ɔsom adwuma no. Bɔ a ɔne wɔn bɛbɔ ahu wɔn nhwɛso no bɛboa ma ne ho akokwaw na wanya afie afie asɛnka no mu anigye.