Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/05 kr. 3-6
  • Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhoma a Mode Bɛyɛ
  • Sɛnea Wubesiesie Wo Ho
  • Ma Adesua no Mfa Osuani no Ho
  • Gyina Onyankopɔn Asɛm so Kyerɛkyerɛ
  • Sensan Ase na Yɛ Kyerɛwtohɔ
  • Bɔ Nsɛm no Mua na Tĩ Mu
  • Hyehyɛ Gyidi a Ɛyɛ Den
  • Ma Adwene Nkɔ Adesua no So
  • Da Nhumu Adi
  • Nya Ahobrɛase
  • Sɛnea Yefi Mpaebɔ Ase
  • Nea Wubetumi Abɔ Ho Mpae
  • Asafo Nhyiam
  • Fa Video Ahorow Kanyan Wɔn Anisɔ
  • Hyɛ Wɔn Nkuran Ma Wonni Adanse
  • Tete Wɔn Ma Wonni Wɔn Gyidi Ho Adanse
  • Mommom Nsiesie Mo Ho
  • Mommom Nkɔ Asɛnka
  • Ahoboa ma Sankɔhwɛ
  • San Kɔ Hɔ Ntɛm
  • Ka Bible Adesua Ho Asɛm
  • Tete Asuafo Ma Wɔmmɛyɛ Akyerɛkyerɛfo
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Siesie Wo Ho Yiye ma Bible Adesua
    Yɛn Ahenni Som—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 9/05 kr. 3-6

Fa Sie

Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ

Krataa a ehyem yi yɛ Bible adesua a etu mpɔn ho nsɛm a atoatoa so apue wɔ Yɛn Ahenni Som mu no mu nsɛntitiriw a yɛaboaboa ano. Yɛhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa ne de nsie na wahwɛ mu de asiesie ne ho ayɛ Bible adesua. Afei nso, wobetumi asi emu nsɛm no bi so dua wɔ asɛnka nhyiam ase, na ɔsom adwuma so ahwɛfo nso betumi agyina so asiesie kasa a wɔbɛma bere a wɔresrasra nhoma adesua kuw no.

Ɔfa 1: Dɛn Ne Bible Adesua?

Sɛ wotaa de Bible no ne nhoma a wɔkamfo kyerɛ ne nkurɔfo bɔ Bible mu nkɔmmɔ ntiantia nnidiso nnidiso a, na Bible adesua na woreyɛ no. Bere a moafi adesua no ase no, sɛ mosan toa so yɛ no mprenu, na ɛda adi sɛ adesua no bɛtoa so a, ɛnde wubetumi abu ho akontaa.—km-TW 7/04 kr. 1.

Nhoma a Mode Bɛyɛ

◼ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?

◼ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu

◼ Som Nokware Nyankopɔn Koro No

◼ Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo! Yebetumi ne nnipa a wɔn nhomanim ba fam anaa wonnim akenkan papa no asua nhomawa yi.

Ɔfã 2: Ahoboa a Yɛde Bɛkɔ Akɔyɛ Adesua No

Ehia sɛ yɛkyerɛkyerɛ nsɛm no mu wɔ ɔkwan a ɛbɛka osuani no koma so. Eyi hwehwɛ sɛ yɛdwene osuani no ho de siesie yɛn ho yiye.—km-TW 8/04 kr. 1.

Sɛnea Wubesiesie Wo Ho

◼ Gye bere susuw adesua no ti, asɛmti nketewa ne mfonini biara a ɛwom ho.

◼ Hwehwɛ nsɛmmisa a wɔatintim no ho mmuae na hyɛ nsɛmfua ne kasasin atitiriw no nsow.

◼ Paw kyerɛw nsɛm a mobɛkenkan bere a moresua ade no. Kyerɛw nsɛntiaa bi wɔ nhoma no anoano a ebetumi aboa wo.

◼ Siesie ntimu tiawa a mode bɛkae nsɛntitiriw no.

Ma Adesua no Mfa Osuani no Ho

◼ Bɔ nneɛma a ehia osuani no ho mpae.

◼ Fa w’adwene kɔ nsɛmmisa a wususuw sɛ osuani no bebisa ne adesua no fã a wuhu sɛ ebia ɛbɛyɛ den ama no no so.

◼ Bisa wo ho sɛ: Dɛn na ehia sɛ ɔte ase anaa ɔyɛ na watumi anya ɔsom mu nkɔso? Mɛyɛ dɛn atumi adu ne komam?

◼ Sɛ ɛho behia a, hwehwɛ mfatoho, nkyerɛkyerɛmu anaa nsɛmmisa bi a wode bɛboa osuani no ma wate asɛmpɔw anaa kyerɛwsɛm bi ase.

Ɔfã 3: Kyerɛwnsɛm a Yɛde Bedi Dwuma Yiye

Adwene a yɛde yɛ Bible adesua ne sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔate nkyerɛkyerɛ a efi Onyankopɔn Asɛm mu no ase, agye atom de abɔ wɔn bra, na yɛnam so ‘ayɛ wɔn asuafo.’ (Mat. 28:19, 20; 1 Tes. 2:13) Enti ɛsɛ sɛ yɛde adesua no gyina Kyerɛwnsɛm no so. km-TW 11/04 kr. 8.

Gyina Onyankopɔn Asɛm so Kyerɛkyerɛ

◼ Kyerɛ osuani no ɔkwan a obetumi afa so abue kyerɛw nsɛm wɔ n’ankasa Bible mu.

◼ Monkenkan Kyerɛwnsɛm a ɛma yɛn gyidi mu nnyinaso da adi no na munsusuw ho.

◼ Bisa nsɛm. Sɛ́ anka wubedi kan akyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu ama osuani no, ma ɔno mmom nkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ wo.

◼ Ma no nyɛ tiawa. Mmmɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm biara mu akosi ase. Nea ɛbɛboa ama asɛm a moresusuw ho no mu ada hɔ nko ara na ehia sɛ wokyerɛkyerɛ mu.

◼ Kyerɛ no sɛnea ɔde bɛyɛ adwuma. Boa osuani no ma onhu sɛnea Bible mu nsɛm no fa ne ho.

Ɔfã 4: Tete Asuafo Ma Wonsiesie Wɔn Ho

Osuani a odi kan kenkan adesua no mu, sensan mmuae no ase na osusuw sɛnea obesi akyerɛkyerɛ mu ho no taa nya honhom mu nkɔso ntɛmntɛm. Enti, sɛ munya yɛ adesua ho nhyehyɛe a, wo ne osuani no mmom nsiesie mo ho mma adesua biako na onhu sɛnea wɔyɛ no. Wɔ adesuafo pii fam no, sɛ mobom siesie mo ho wɔ ti biako anaa adesua mũ no nyinaa mu a, ɛboa wɔn yiye.—km-TW 12/04 kr. 1.

Sensan Ase na Yɛ Kyerɛwtohɔ

◼ Kyerɛkyerɛ sɛnea obenya nhoma no mu nsɛmmisa no ho mmuae tee.

◼ Fa w’adesua nhoma a woasensan emu nsɛntitiriw nkutoo ase no kyerɛ osuani no.

◼ Boa osuani no ma onhu sɛ kyerɛw nsɛm a wɔamfa emu nsɛm anka tẽẽ no mu biara foa asɛm bi so wɔ nkyekyɛm no mu. Afei kyerɛ no sɛnea obesi akyerɛw nsɛm ntiantia a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ no nsow no wɔ kratafa no anoano.

Bɔ Nsɛm no Mua na Tĩ Mu

◼ Kyerɛ osuani no sɛnea ɔde bere tiawa bɛhwehwɛ asɛmti, nsɛmti nketewa ne mfonini ahorow no mu ansa na wafi n’ahosiesie no ankasa ase.

◼ Hyɛ osuani no nkuran na sɛ osiesie ne ho wie a, watĩ nsɛntitiriw no mu.

Ɔfã 5: Sɛnea Wubehu Nsɛm Dodow a Mubesua

Nsɛm dodow a wobetumi asua no begyina Bible kyerɛkyerɛfo no ne osuani no nyinaa mmɔdemmɔ ne wɔn nsɛm tebea so.—km-TW 1/05 kr. 1.

Hyehyɛ Gyidi a Ɛyɛ Den

◼ Ɛho hia sɛ yɛboa osuani no ma ɔte Onyankopɔn Asɛm ase yiye sen sɛ yɛde ntɛmpɛ ne no besua nsɛm pii wɔ bere tiaa bi mu.

◼ Nya adagyew boa osuani no ma ɔnte nea ɔresua no ase na onnye ntom.

◼ Tɔ wo bo ase twe adwene si adesua no mu nsɛntitiriw so na nya bere fa susuw kyerɛw nsɛm atitiriw a nkyerɛkyerɛ no gyina so no ho.

Ma Adwene Nkɔ Adesua no So

◼ Sɛ osuani no wɔ nsɛnhia bi a ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne bo kyerɛkyerɛ mu a, ebehia sɛ mususuw eyi ho bere a moawie adesua no.

◼ Nkasa pii bere a woreyɛ adesua no. Mfa osuahu anaa nsɛm afoforo pii a ɛremma osuani no nhu mfitiase Bible nkyerɛkyerɛ no mu yiye mmɛka adesua no ho.

Ɔfã: Bere a Osuani no Bisa Asɛm

Sɛ Bible adesua nya tim a, ne yiye mu ne sɛ yebesua Bible nkyerɛkyerɛ no nnidiso nnidiso sen sɛ yebetutu nsɛm no asisi mu. Eyi boa osuani no ma ɔde nokware nimdeɛ to fapem na onya ɔsom mu nkɔso.—km-TW 2/05 kr. 5.

Da Nhumu Adi

◼ Wubetumi abua nsɛmmisa a ɛfa nea moresua ho no wɔ ɛhɔ ara.

◼ Sɛ asɛmmisa no mfa ade a moresua no ho anaasɛ ebehia sɛ woyɛ nhwehwɛmu ansa na woatumi ayi ano a, mubetumi asusuw ho bere foforo. Ebia wokyerɛw asɛmmisa no to hɔ a, ɛbɛboa.

◼ Sɛ ɛba sɛ osuani no nnye nkyerɛkyerɛ bi ntom a, tɔ wo bo ase ne no nsusuw ɛho nsɛm foforo a ɛkɔ akyiri ho.

◼ Sɛ eyi nyinaa akyi osuani no nte ne ho ase a, momfa asɛm no nto hɔ na moasusuw ho bere foforo na montoa n’adesua no so.

Nya Ahobrɛase

◼ Sɛ wunnim asɛmmisa bi ho mmuae a, mmɔ wo tirim nyi ano.

◼ Kyerɛkyerɛ osuani no nkakrankakra ma onhu sɛnea wɔyɛ nhwehwɛmu.

Ɔfã 7: Mpaebɔ Wɔ Adesua no Ase

Sɛ Bible asuafo betu mpɔn wɔ honhom mu a, Yehowa nhyira ho hia kɛse. Enti ɛfata sɛ yɛde mpaebɔ fi Bible adesua ase na yɛde wie.—km-TW 3/05 kr. 8.

Sɛnea Yefi Mpaebɔ Ase

◼ Yɛne nnipa a wɔn ani gye Onyankopɔn som ho betumi abɔ mpae bere a yɛahyehyɛ adesua a edi kan no ara.

◼ Asuafo no bi nso wɔ hɔ a, ebehia sɛ yɛhwehwɛ mu yiye hu bere pa a yɛne wɔn befi ase abɔ mpae.

◼ Wubetumi de Dwom 25:4, 5 ne 1 Yohane 5:14 aboa osuani no ma wate nea enti a yɛbɔ mpae no ase.

◼ Wubetumi de Yohane 15:16 akyerɛkyerɛ hia a ehia sɛ yɛfa Yesu Kristo so bɔ Yehowa mpae no mu.

Nea Wubetumi Abɔ Ho Mpae

◼ Ɛfata nso sɛ yɛkamfo Yehowa sɛ nkyerɛkyerɛ no Fibea.

◼ Ka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ wudwen osuani no ho.

◼ Da anisɔ adi wɔ ahyehyɛde a Yehowa de redi dwuma no ho.

◼ Srɛ sɛ Yehowa nhyira mmɔden a osuani no rebɔ sɛ obedi nea ɔresua no so no so.

Ɔfã 8: Kyerɛ Asuafo Kwan Bra Ahyehyɛde no Mu

Ɛnyɛ yɛn botae a yɛde yɛ Bible adesua ara ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ ɔsom ho nsɛm nko, na mmom sɛ yɛbɛboa osuani no ma wabɛka Kristofo asafo no ho nso. Wɔ dapɛn biara adesua mu no, fa simma kakraa bi kyerɛ osuani no biribi a ɛfa Yehowa ahyehyɛde no ho.—km-TW 4/05 kr. 8.

Asafo Nhyiam

◼ Kyerɛkyerɛ nhyiam horow anum a yɛyɛ no dapɛn biara no mu mmiako mmiako kyerɛ no. Mufi Bible adesua ase ara pɛ a, to nsa frɛ no sɛ ɔmmra nhyiam no bi.

◼ Ka nsɛntitiriw a musuae wɔ nhyiam horow ase no kyerɛ no.

◼ Kanyan n’anigye wɔ Nkaedi, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam, ne ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ ho.

◼ Fa mfonini a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu no boa no ma onnya nea ɛkɔ so wɔ nhyiam ase no ho adwene.

◼ Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkenkan Yehowa Adansefo—Wɔyɛ Henanom? Wɔn Gyidi Ne Dɛn? nhomawa no.

Fa Video Ahorow Kanyan Wɔn Anisɔ

◼ Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name

◼ Our Whole Association of Brothers

◼ United by Divine Teaching

◼ To the Ends of the Earth

Ɔfã 9: Kyerɛkyerɛ Asuafo Ma Wonni Adanse Bɔnnɔ So

Sɛ Bible asuafo fi ase gye nea wɔresua no di a, ɛka wɔn ma wɔka ho asɛm.—km-TW 5/05 kr. 1.

Hyɛ Wɔn Nkuran Ma Wonni Adanse

◼ Nnamfonom ne abusuafo bi wɔ hɔ a obetumi afrɛ wɔn abɛka n’adesua no ho anaa?

◼ Ne mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, anaa amannifo bi akyerɛ asɛmpa no ho anigye anaa?

Tete Wɔn Ma Wonni Wɔn Gyidi Ho Adanse

◼ Sɛ mudu adesua no afã bi so a, bisa osuani no sɛ: “Wobɛyɛ dɛn de Bible no akyerɛkyerɛ nokwasɛm yi mu akyerɛ w’abusuafo?”

◼ Boa osuani no ma onhu hia a ehia sɛ ɔde obu ne ayamye bɛka Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ho asɛm akyerɛ afoforo.

◼ Asuafo betumi de Yehowa Adansefo—Wɔyɛ Henanom? Wɔn Gyidi Ne Dɛn? nhomawa no aboa wɔn nnamfonom ne abusuafo ma wɔate yɛn gyidi ne yɛn nnwuma a egyina Bible so no ase.

Ɔfã 10: Tete Asuafo Wɔ Afie Afie Asɛnka Adwuma Mu

Sɛ mpanyimfo no gye tom sɛ Bible suani bi afata sɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu a, obetumi afi ase aka anuanom ho ne wɔn akɔ asɛnka.—km-TW 6/05 kr. 1.

Mommom Nsiesie Mo Ho

◼ Kyerɛ osuani foforo no baabi a nsɛm a wɔde fi asɛnka ase no wɔ.

◼ Boa no ma ɔmpaw asɛm a ɛyɛ tia na ɛfata ma mo asasesin no.

◼ Hyɛ no nkuran ma ɔmfa Bible no nni dwuma wɔ n’asɛnka mu.

◼ Mommom mmobɔ nsɛm no so. Ma onhu sɛnea ɔde anifere bedi nsɛm a nkurɔfo taa ka no ho dwuma.

Mommom Nkɔ Asɛnka

◼ Ma osuani no nhwɛ sɛnea wobɛka asɛm a moabom asiesie no akyerɛ ofiewura no.

◼ Susuw sɛnea osuani no suban ne ne mmɔdemmɔ te ho. Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ woma ɔdawurubɔfo foforo no ka asɛm no fã bi nko ara.

◼ Boa ɔdawurubɔfo foforo no ma ɔnyɛ bere nhyehyɛe pa a ɛbɛma watumi akɔ asɛnka ntoatoaso.

Ɔfã 11: Boa Asuafo Ma Wɔnyɛ Sankɔhwɛ

Ahoboa a wɔyɛ ma sankɔhwɛ no fi ase bere a edi kan a yɛkɔ obi nkyɛn no. Hyɛ osuani no nkuran ma n’ani nkũ nnipa a odi wɔn adanse no ho. Tete no nkakrankakra ma onhu sɛnea ɔde nsɛmmisa bɛtwetwe ofiewura no ma wakyerɛ n’adwene, watie ofiewura no na wahyɛ nsɛm a ehia no no nsow.—km-TW 7/05 kr. 1.

Ahoboa ma Sankɔhwɛ

◼ Munsusuw nsrahwɛ a edi kan no ho, na kyerɛ osuani no sɛnea ɔbɛpaw Ahenni nkrasɛm no fã bi a ofiewura no ani begye ho.

◼ Mommom mfa kyerɛwsɛm biako nsiesie asɛntiaa bi a egyina nhoma a wobesua no mu nkyekyɛm biako so.

◼ Mompɛ asɛm biako a sɛ mobɔ nkɔmmɔ no wie a obebisa ofiewura no.

San Kɔ Hɔ Ntɛm

◼ Hyɛ osuani no nkuran ma ɔnyɛ ntɛm nsan nkɔsra wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye nyinaa.

◼ Boa osuani no ma onhu sɛ ehia sɛ ɔbɔ mmɔden kɔ obi fie ntoatoaso ansa na ne nsa aka no.

◼ Kyerɛkyerɛ osuani no sɛnea ɔbɛyɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe na boa no ma onhu hia a ehia sɛ odi ne bɔhyɛ so.

Ɔfã 12: Boa Asuafo ma Womfi Bible Adesua Ase na Wɔntoa So

Ɛho hia paa sɛ wubesuasua Yesu ayɛ nhwɛso pa wɔ w’ankasa som adwuma mu. Bere a wo suani no hwɛ wo nhwɛso pa wɔ asɛnka mu no, ɔbɛte ase sɛ botae a yɛde yɛ sankɔhwɛ ne sɛ yebefi Bible adesua ase.—km-TW 8/05 kr. 1.

Ka Bible Adesua Ho Asɛm

◼ Kyerɛ osuani no mu sɛ ɛho ntaa nhia sɛ yɛkyerɛkyerɛ adesua no ho nhyehyɛe mu kɔ akyiri.

◼ Nea eye paa ne sɛ wo ne ofiewura no besusuw adesua nhoma no mu nkyekyɛm biako anaa abien ho de akyerɛ no sɛnea yɛyɛ adesua no.

◼ Muntĩ ɔkwan a yɛfa so fi Bible adesua ase ho nyansahyɛ no biako mu na mommobɔ so.—km-TW 8/05 kr. 8; km-TW 1/02 kr. 6.

Tete Asuafo Ma Wɔmmɛyɛ Akyerɛkyerɛfo

◼ Hyɛ asuafo nkuran ma wɔnkyerɛw wɔn din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu.

◼ Yɛ nhyehyɛe ma osuani no ne wo nkɔyɛ Bible adesua afoforo a ebia obenya hokwan akyerɛ nsɛm no bi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena