Siesie Wo Ho Yiye ma Bible Adesua
1. Sɛ yɛreyɛ Bible adesua a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛboa osuani no ma ɔkyerɛ nea ɔresua no ho anisɔ?
1 Sɛ yɛreyɛ Bible adesua na sɛ yebetumi aboa osuani no ma wasom Yehowa a, ɛsɛ sɛ yedi kan siesie yɛn ho yiye. Sɛ yɛboa no ma ɔkyerɛ nea ɔresua afi Bible mu no ho anisɔ a, biribi pa betumi afi mu aba. Saa a yɛbɛyɛ no bɛhyɛ osuani no nkuran. (Deut. 6:5; Mmeb. 4:23; 1 Kor. 9:26) Yɛbɛyɛ dɛn koraa atumi ayɛ eyi?
2. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ boa ma yetumi siesie yɛn ho yiye?
2 Sɛ Woresiesie Wo Ho a, Bɔ Mpae Fa Hwehwɛ Mmoa: Esiane sɛ Yehowa na ɔma nokware no nyin wɔ osuani no koma mu nti, sɛ yɛresiesie yɛn ho ama adesua no a, ɛfata sɛ yɛhyɛ da bɔ osuani no ne n’ahiade pɔtẽẽ ho mpae. (1 Kor. 3:6; Yak. 1:5) Mpaebɔ a ɛte saa no nso betumi aboa ma yɛahu sɛnea yɛbɛkɔ so aboa osuani no ma ɔde Yehowa apɛde ho “nokware nimdeɛ” ahyɛ ne koma mu ma.—Kol. 1:9, 10.
3. Sɛ yɛresiesie yɛn ho a, ɔkwan bɛn so na yebetumi asusuw osuani no ho?
3 Susuw Osuani no Ho: Ná Yesu nim sɛ sɛ yɛn nkyerɛkyerɛ betu mpɔn a, ɛsɛ sɛ yesusuw wɔn a wotie yɛn no ho. Anyɛ yiye koraa no, wobisaa Yesu asɛm koro no ara mpɛn abien. Wobisaa no sɛ: “Dɛn na sɛ meyɛ a menya daa nkwa?” Yesu amfa ɔkwan koro no ara so amma emu biara ho mmuae. (Luka 10:25-28; 18:18-20) Sɛ yɛresiesie yɛn ho a, ɛsɛ sɛ yesusuw osuani no ho. Kyerɛwnsɛm a emu nsɛm nni nkyekyɛm no mu bɛn na yɛne no bɛkenkan? Nkyekyɛm dodow ahe na yɛne no besua? Adesua no mu nsɛm bɛn na ebia ɛbɛyɛ den ama osuani no sɛ ɔbɛte ase anaa obegye atom? Sɛ yetumi hu nsɛmmisa a osuani no bebisa no bi a, ɛbɛboa ma yɛasiesie yɛn ho yiye.
4. Yɛn ho a yebesiesie yiye no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?
4 Siesie Wo Ho ma Adesua Biara: Ɛmfa ho mpɛn dodow a yɛasua asɛm no dedaw no, ɛbɛyɛ bere a edi kan koraa a yɛne osuani yi rekosua. Sɛ yebetumi adu ne koma mu a, ɛho hia sɛ yesiesie yɛn ho yiye ma adesua biara. Eyi hwehwɛ sɛ yedi kan yɛ nea yɛhyɛ osuani no nkuran sɛ ɔnyɛ no. Hwɛ nea morekosua no mu bio, na bere a woresusuw osuani no ho no, kenkan kyerɛwnsɛm a emu nsɛm nni mu no, na sensan adesua no mu nsɛntitiriw ase.—Rom. 2:21, 22.
5. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa?
5 Yehowa ani kũ Bible suani biara nkɔso ho. (2 Pet. 3:9) Sɛ yegye bere siesie yɛn ho ma Bible adesua biara a, yɛn nso yɛda no adi sɛ yɛn ani kũ wɔn ho saa ara.