Du Wo Bible Suani Koma Mu
1 So wopɛ sɛ wo Bible suani de nea osua no di dwuma? Ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa na ama wanya nimdeɛ a ɔrenya no so mfaso. Sɛnea ɛbɛyɛ na woakanyan wo Bible suani no ma ɔde nea osua no adi dwuma no, ɛsɛ sɛ wudu ne komam. Wɔ Pentekoste da 33 Y.B. mu no, ɔsomafo Petro kasa a ɛka koma no ‘wowɔɔ’ nnipa bɛyɛ 3,000 “komam” ma “wɔde fɛw gyee n’asɛm no,” na wɔbɔɔ wɔn asu da no. (Asomafo no Nnwuma 2:37, 41) Wobɛyɛ dɛn atumi adu wo Bible suani komam?
2 Siesie Wo Ho Yiye: Ɛnsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ mubesua nneɛma pii araa ma amma sɛ wunnya bere pii ne osuani no nsusuw asɛm no ho. Di kan hu nsɛm a wubesi so dua, na hwɛ hu sɛ wote kyerɛw nsɛm no ase na wubetumi akyerɛkyerɛ mu yiye. Di kan susuw nsemmisa a esiane nea osuani no nim anaa ne tebea nti ebetumi asɔre wɔ n’adwene mu ho. Sɛ wunim wo suani no yiye a, saa nimdeɛ yi bɛboa wo ma woasiesie nsɛm a ɛbɛfata ama no titiriw.
3 Suasua Ɔkwan a Yesu Faa so Kyerɛkyerɛe No: Yesu yɛɛ mfatoho sɛnea ɛbɛma nsɛm a asete yɛ den aba fam na aboa n’asuafo ma wɔate tebea horow ase na wɔanya ho nkate a ɛsɛ. (Luka 10:29-37) Saa ara na wubetumi de nkyerɛkyerɛ pa ahyɛ wo Bible suani komam denam asetram nneɛma a yɛtaa hu a wode bɛyɛ mfatoho a asete nyɛ den, na woama afa osuani no tebea ahorow ho pɔtee no so.
4 Nsemmisa boa titiriw ma wotumi du Bible asuafo komam, sɛnea Yesu daa no adi mpɛn pii no. (Luka 10:36) Nanso mmu no sɛ mmuae a osuani no bɛkenkan afi nhoma no mu nkutoo dɔɔso. Fa nsemmisa a ɛma obi susuw nneɛma ho di dwuma fa kyerɛ n’adwene kwan ma onhu nsɛm a ebia a onsusuw ho da. Saa adeyɛ yi nso boa ma osuani no tumi susuw nsɛm ho yiye. Bisa nsɛm a wɔde hu obi adwene fa hwehwɛ nea n’ankasa gye di wɔ asɛm bi ho. Afei wubetumi ahu beae a mmoa ho hia, na wode mmoa pɔtee ama.
5 Sɛ Bible suani bi nnya nkɔso a, ehia sɛ wofa ɔkwan bi so hu nea enti a ɛte saa. Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ wokɔsra no mo adesua da no akyi bere foforo. Dɛn nti na ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde nea osua no bedi dwuma? So Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi wɔ hɔ a ɔnte ase? Onni ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae ahorow bi wɔ n’asetra kwan mu anaa? Sɛ Bible suani bi rebɔ mmɔden sɛ ‘obehinhim nsɛm abien ntam’ a, boa no ma onhu asiane a ɛwɔ saayɛ mu.—1 Ahene 18:21.
6 Ná ɔsomafo Paulo nim sɛ anigyefo a wɔkyerɛkyerɛ wɔn Bible mu nokware no yɛ nkwagye adwuma, enti otuu Kristofo nyinaa fo sɛ ‘wɔn ani mmra wɔn nkyerɛkyerɛ no so bere nyinaa.’ (1 Tim. 4:16) Ɛsɛ sɛ wɔn a yɛne wɔn yɛ Bible adesua no sua pii sen nokwasɛm ahorow a ɛfa Bible ne wiase nsɛm ho ara kwa. Ɛsɛ sɛ wonya Yehowa ne Yesu ho nokware nimdeɛ na yɛboa wɔn ma wɔn ankasa ne wɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den. Saa a wɔbɛyɛ no nkutoo na ɛbɛka wɔn ma wɔde nnwuma ada wɔn gyidi adi. (Yak. 2:17, 21, 22) Sɛ wudu osuani no komam a, ɛbɛkanyan no ma wanantew ɔkwan a ɛde nidi bɛbrɛ Yehowa na abɔ n’ankasa nkwa ho ban so.—Mmeb. 2:20-22.