Ɔsom Nhyiam Horow Ma December
MONHYƐ NO NSOW: Yɛn Ahenni Som bɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ December mu. Asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae ahorow a ɛho hia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya kwan akɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no na afei nso wɔatumi de simma 30 atĩ nhyiam dwumadi no mu nsɛntitiriw no mu wɔ dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam no ase. Ɛsɛ sɛ wɔde ɔmantam nhyiam no da biara nsɛntitiriw ntĩmu no hyɛ anuanom baanu anaa baasa a wɔn ho akokwaw a wobetumi atwe adwene asi nsɛntitiriw so no nsa. Ɛsɛ sɛ nsɛm anaasɛ osuahu ahorow a atiefo bɛka no yɛ tiaa na ɛyɛ tee.
Dapɛn a Efi Ase December 6
Dwom 205
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw.
20 min: “Boa Afoforo ma Wonsua Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, ho Asɛm.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw ho. Yɛ ɔkwan a wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkyekyem 2 (ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw na ɔyɛ) ne nkyekyem 4 (ɔdawurubɔfo kumaa na ɔyɛ) no ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa Onipa a Ɔsen Biara nhoma no nni dwuma wɔ afie afie ne bɔnnɔ so adansedi mu.
15 min: “Fa Bere Si Hɔ ma Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Bere a moresusuw nkyekyem 3 ho no, kyerɛ ɔkwan a wobetumi afa so de nsɛmma nhoma a aba foforo no ama nnipa ahorow ahorow a ebia wobehyia wɔn wɔ mo asasesin mu.
Dwom 169 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 13
Dwom 146
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow, sikasɛm ho amanneɛbɔ ne ntoboa biara a wɔkyerɛ sɛ nsa aka. Kamfo asafo no wɔ ayamye mu a wofi de sika boa mo asafo no ne Asafo ti Ahenni Asa Foto ne Asafo ti wiase nyinaa adwuma no ho. Kamfo asɛm biako anaa abien a wobetumi de ayɛ nnianim nsɛm wɔ asɛnka mu dapɛn yi awiei kyerɛ.—Hwɛ Reasoning nhoma no nkratafa 10-14.
20 min: “Bible Adesua a Wubefi Ase December Mu.” Wɔne atiefo nkɔmmɔbɔ. Bere a moresusuw nkyekyem 4 ho no, yɛ sɛnea wofi Bible adesua ase wɔ sankɔhwɛ mu ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran sɛ, ɛbɛyɛ yiye a ɔnyɛ Bible adesua ɔsram biara.
15 min: “Afe Nhoma No—Nkuranhyɛ Akorae.” Ɔkasa a ɛyɛ anigye a esi kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no nkyerɛkyerɛmu so dua. Yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo a wɔasiesie wɔn ho yiye mfi komam nka osuahu a ɛwɔ asɛm no mu ne osuahu ahorow a ɛwɔ January 1, 1990, Ɔwɛn-Aban, January 1 1987 Ɔwɛn-Aban (Engiresi de), ne January 1, 1986 Ɔwɛn-Aban (Engiresi de) no kratafa 32 mu no.
Dwom 165 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 20
Dwom 189
5 min: Asafo nu nkaebɔ ahorow. Ka asɛnka nhyehyɛe titiriw a asafo no ayɛ ama December 25 ho asɛm, sɛ asafo no nkɔ ɔmantam nhyiam saa bere no a.
20 min: “Du Wo Bible Suani Koma Mu.” Nsemmisa ne mmuae a ɔyɛkyerɛ ka ho. Si so dua sɛ ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa yere wɔn ho ma wɔn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn. Mususuw nkyekyem 3 ho wie a, ɔdawurubɔfo bi nyɛ sɛnea wobetumi de nsemmisa ne kyerɛw nsɛm a ɛwɔ Tra Ase Daa nhoma no ti 1, nkyekyem 13 ne 14 no adi dwuma ne Bible asuafo asusuw nsɛm ho no ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: “Mmofra—Momma Yehowa Koma Ntɔ ne Yam.” Mpanyimfo baanu susuw nkyekyem 1-18 ho. Si mfaso horow a mmofra nya fi wɔn nhwɛso pa mu no so dua. Munsusuw kyerɛw nsɛm no ho sɛnea bere bɛma kwan. Dwom 80 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 27
Dwom 37
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Ka asɛnka nhyehyɛe soronko ma January 1 ho asɛm. Yɛ sɛnea wobetumi de nhoma a mode bɛma January mu no adi dwuma ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: “Mmofra—Momma Yehowa Koma Ntɔ ne Yam.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ mu no nkyekyem 19-33 ho. Bisabisa ɔdawurubɔfo kumaa biako anaa abien nsɛm. Ma wɔnka sɛnea asafo no aboa wɔn ma wɔanya honhom mu nkɔso.
15 min: Asemmisa Afã. Asemmisa-ne-mmuae a wɔne atiefo de susuw ho. Yɛ ɔyɛkyerɛ a ɛfa ɔdawurubɔfo kumaa bi a ɔresusuw ho sɛ ɔne ne nnamfo a wɔwɔ asafo no mu bɛtew kuw bi a wɔde begye wɔn ani. Ɔkɔ ɔpanyin bi nkyɛn ne no kosusuw nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no ho ma ɔma no Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛfata.
Dwom 90 ne mpaebɔ a wɔde wie.