Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/93 kr. 1
  • Fa Bere Si Hɔ ma Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Bere Si Hɔ ma Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛmma Nhoma Ka Ahenni no Ho Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 12/93 kr. 1

Fa Bere Si Hɔ ma Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ

1 Yehowa ahyɛ sɛ wɔn a wɔnam n’akwan so no benya ‘asomdwoe, awiei pa ne anidaso.’ (Yer. 29:11) Wɔka anidaso yi ho asɛm wɔ bere a ɛfata mu wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu. Saa nsɛmma nhoma ahorow yi so betumi aba nkurɔfo nyinaa mfaso wɔ tebea biara mu. (1 Tim. 2:4) So wo ne w’abusua de bere si hɔ de kyekyɛ nsɛmma nhoma daa?

2 Sɛ nsɛmma a woma no reba fam a, wobɛyɛ dɛn atumi adi eyi ho dwuma? Ahiade biako ne sɛ wobɛma anisɔ a wowɔ ma yɛn nsɛmma nhoma no mu nsɛm no atra hɔ daa. Ɔbarima bi kyerɛwee sɛ: “Mo nsɛmma nhoma no kenkan yɛ adeyɛ a ɛyɛ anigye ankasa. Ɛnyɛ nea ɛba fam anaa ɛnsom bo a ‘wɔkan de gye ani’ kɛkɛ, na mmom ekura ɔkwan a wɔfa so ma asetra nya atirimpɔw ho akwankyerɛ ne afotu.” Wɔde ahwɛyiye yɛ nhwehwɛmu ansa na wɔakyerɛw Ɔwɛn-Aban ne Nyan!, na ɛyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no na ɔyɛ ho nhyehyɛe de ma. (Mat. 24:45) Ɛyɛ nnwinnade a etu mpɔn a wɔnam so du nkurɔfo komam.

3 Hu nsɛmma nhoma a wode rema no mu nsɛm yiye. Hwehwɛ nsɛm a ɛfa nsɛnnennen a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ ho. Eye sɛ yebesiesie yɛn ho sɛ yɛne mmarima, mmea ne mmofra a yehyia wɔn wɔ afie mu anaa mmɔnten so no bɛkasa na yɛakyerɛ wɔn sɛnea nsɛmma nhoma no fa wɔn ho.

4 Ma W’ani Nkũ Nsɛmma Nhoma no Ho: Ɛsɛ sɛ nsɛmma nhoma adwuma nya ɔfã kɛse wɔ w’asɛnka nhyehyɛe mu. Bere bɛn na ɛfata sen biara sɛ wɔde nsɛmma nhoma bɛma? So woabɔ mmɔden de dɔnhwerew bɛyɛ biako akɔ afie afie anwummere ansa na mo Asafo Nhoma Adesua no afi ase? Memeneda ye ma nsɛmma nhoma kyekyɛ wɔ akwan horow so, nanso wubetumi ayɛ saa dwumadi yi nna afoforo te sɛ gua da nso. Ɛsɛ sɛ yɛma afie afie ne guaso asɛnka bɛyɛ Nsɛmma Nhoma Ɔsatu Da no fã titiriw.

5 Ɛsɛ sɛ obiara nya nsɛmma nhoma biara a ɛba no dodow bi a ogye daa de kɔma, a nea ɛba yɛn kasa mu no nso ka ho. Mɛmma ɛnhaw wo sɛ wode nea ɛbae akyɛ bedi dwuma, nanso ma ɛho ntew. Yebetumi agyaw nea ɛbae akyɛ nso wɔ wɔn a yɛanto wɔn no apon ano anaa ayaresabea ahorow, sɛ wɔma ho kwan a. Wubetumi abu nsɛmma nhoma a ɛtete saa yi nyinaa sɛ nea wɔde ama, na ɛsɛ sɛ wubu ho akontaa ɔsram biara wɔ w’asɛnka kyerɛwtohɔ kratasin so.

6 Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ wode atifi hɔ nyansahyɛ ahorow no di dwuma a, nsɛmma nhoma a wutumi de ma no bɛkɔ soro. Nnipa komapafo a nnɛyi nhyehyɛe bɔne yi mu asetra ahyɛ wɔn so no ani sɔ nsɛm a ɛma akomatɔyam te sɛ nea ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu no. Nokwarem no, saa nsɛmma nhoma yi de honhom fam aduan a wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Yehowa anim dom hia no ma. Enti ma w’ani nkũ nsɛmma nhoma no ho, na hwehwɛ akwan a wubetumi afa so ama eyinom a ɛsom bo yi pii wɔ w’asasesin mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena