Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/93 kr. 8
  • Nhoma a Ɛde Nokware Akwankyerɛ Ma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhoma a Ɛde Nokware Akwankyerɛ Ma
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • To Nhyɛase wɔ Wo Nsrahwɛ a Edi Kan Mu
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Bible no so Mfaso wɔ Nnɛyi Wiase Mu
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔahu Abohene a Ɛyɛ Fɛ
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Onyankopɔn Asɛm De Akwankyerɛ Ma
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 11/93 kr. 8

Nhoma a Ɛde Nokware Akwankyerɛ Ma

1 Wiase no asakra kɛse wɔ afeha a atwam no mu. Ɛwom sɛ nkɔso aba wɔ nkitahodi, aduruyɛ, ne akwantu mu de, nanso abusua asetra akɔ so asɛe. Ɔpepem pii ma ho kwan ma nnipa nyansapɛ a ɛsakra bere nyinaa no kyerɛ wɔn kwan.

2 Wɔ saa wiase a ne tebea resakra ntɛmntɛm yi mu no, Yehowa nkurɔfo anya mfaso kɛse denam n’Asɛm a wodi so no so. Bible no nsakrae wɔ mfe mpempem pii mu, na n’afotu da so ara yɛ nea eye sen biara a ɛma yegyina nsɛnnennen a yehyia nnɛ no ano. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa anigyefo ma wɔahu sɛ Bible no nkutoo na ɛde nokware akwankyerɛ ma wɔ yɛn bere yi mu?

3 Sɛ wode “Nea Enti a Wubetumi De Wo Ho Ato Bible no So” kratawa mae wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi asan akɔ hɔ na woaka sɛ:

◼ “Esiane sɛ Bible no ka no pefee sɛ ɛyɛ nkrasɛm a efi Onyankopɔn ankasa hɔ, na sɛ yegye nea ɛka no di na yɛde di dwuma a, ɛbɛma yɛn daa nkwa nti, so wususuw sɛ mfaso wɔ so sɛ wobɛhwehwɛ saa nsɛm yi mu akɔ akyiri? [Ma ommua.] Hyɛ nea Bible no ka sie wɔ mprempren wiase nneɛma nhyehyɛe no ho nsow. [Kenkan 2 Timoteo 3:1-5 fi kratawa no kratafa 5 tee.] So wususuw sɛ saa asɛm no fata wiase no nnɛ? [Ma ommua.] So ntease pa bi wɔ hɔ nti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ tebea pa bɛba daakye?” Afei, wubetumi ato nhyɛase ama nsrahwɛ foforo denam kratawa no nkyekyem abien a etwa to no a mubesusuw ho anaa The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no kratafa 161 a wode bedi dwuma, na woasi anidaso a ɛyɛ nwonwa a Bible no wɔ ma adesamma no so dua no so.

4 Sɛ ofiwura no ani gyee mfaso a ɛwɔ Bible so no ho, na sɛ wodaa nnyinasosɛm ahorow pɔtee bi adi wɔ “The Bible—God’s Word or Man’s?” nhoma no Ti 12 a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Yɛn ani gye nneɛma a ɛso wɔ mfaso ma yɛn nnɛ ho, ɛnte saa? So wubegye atom sɛ mfaso bɛba ɔko a wɔbɛma agyae no so? [Ma ommua.] Sɛ nnipa suaa sɛnea wɔne aman afoforo mufo bɛtra abom wɔ asomdwoe mu a, anka eyi bɛyɛ mfiase pa, ɛnte saa anaa? [Ma ommua.] Bible no ahyɛ nkɔm sɛ ɛbɛba saa pɛpɛɛpɛ. [Kenkan Yesaia 2:2, 3.] So woasusuw bere a eyi bɛba ne ɔkwan a ɛbɛfa so aba ho pɛn?” Ka kyerɛ ofiwura no sɛ wobɛpɛ sɛ wosan ba ma mususuw asemmisa yi ho kɔ akyiri wɔ bere a eye ma no mu.

5 Sɛ wode “New World Translation” mae a, wubetumi asan akɔ na woaka sɛ:

◼ “Ɛda adi sɛ woyɛ obi a w’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho. Enti migye di sɛ w’ani begye ho sɛ wubehu nsonsonoe akɛse a ɛda New World Translation no ne nkyerɛase afoforo ntam no biako. Saa nsonsonoe yi ne Onii a ne ho hia sen biara a wɔaka ne ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no din. So wunim Onii no?” Ma ofiwura no mmua na kenkan Dwom 83:18. Wubetumi anya nsɛm afoforo wɔ Reasoning nhoma no asɛmti “Jehovah” a efi ase wɔ kratafa 191 no ase.

6 Bible no nkutoo na ɛde akwankyerɛ a nnipa hia no ma. (Yer. 10:23) Onyankopɔn Asɛm a wubesua nkutoo ne ɔkwan a wubetumi afa so asua N’atirimpɔw ho ade na woanya N’anim dom. Enti, momma yɛmmɔ mmɔden nto nsa mfrɛ afoforo ma wonnya n’afotu a nyansa wom no so mfaso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena