Bible no so Mfaso wɔ Nnɛyi Wiase Mu
1 Ɛnnɛ, nnipa pii bu Bible no sɛ ne bere atwam na ɛso nni mfaso. Ɛwom sɛ ɛyɛ nhoma a wɔakyekyɛ pii na wɔakyerɛ ase sen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu de, nanso sɛ wɔde nhoma afoforo toto ho a, nnipa kakraa bi na wɔkenkan, na wɔn a wodi n’akwankyerɛ akyi no sua koraa sen wɔn a wɔkenkan no.
2 Nea ɛne ɛno bɔ abira no, yebu Bible no sɛ Onyankopɔn Asɛm. Nokwasɛm ahorow no da no adi sɛ emu abakɔsɛm yɛ nokware. Afei nso, emu nsɛm a ɛmmɔ ne ho abira, ne nkɔmhyɛ ahorow, ne nyansa, ne sɛnea etumi kanyan nkurɔfo ma wonya mfaso wɔ asetra mu no nyinaa da no adi sɛ Bible no “fi Nyankopɔn home mu.” (2 Tim. 3:16) Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa suahu ne anisɔ a yɛwɔ ma akyɛde a ɛyɛ nwonwa yi ka yɛn ma yɛhyɛ afoforo nkuran sɛ wɔnhwehwɛ mfaso ankasa a ɛwɔ so no mu.
3 Ɔkwan biako a yebetumi afa so ni:
◼ “Esiane ɔhaw akɛse a adesamma rehyia nti, ɛyɛ nnipa pii den sɛ wobegye Onyankopɔn adi, anaa wonnye nni sɛ Onyankopɔn betumi adi ɔhaw ahorow a yehyia no ho dwuma. Wote nka dɛn wɔ ho? [Ma ommua.] Hyɛ kratawa yi a ɛne Nea Enti a Wubetumi de Wo Ho Ato Bible no So asɛmti no nsow.” Twe adwene si anim mfonini no so, na kenkan nkyekyem a edi kan ne nea ɛto so abien wɔ kratafa 2 no. Sɛ ofiwura no kyerɛ ho anigye a, wubetumi akenkan kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din wɔ nkyekyem abien no mu no na moasusuw ho. Yɛ nhyehyɛe san kɔ na wo ne no nsan nkɔbɔ kratawa no ho nkɔmmɔ, na ebia woadan asɛmti nketewa sɛ asemmisa de akanyan n’anigye.
4 Yebetumi afa ɔkwan foforo te sɛ eyi so:
◼ “So wugye tom sɛ adesamma hia akwankyerɛ a wɔde bedi asetra mu nsɛnnennen ho dwuma? [Ma ommua.] Kan no, na nkurɔfo taa de wɔn ho to Bible no so na ama wɔn akwankyerɛ, nanso asesa. So wususuw sɛ Bible no so wɔ mfaso nnɛ? [Ma ommua.] Hyɛ nea wɔka wɔ 2 Timoteo 3:16 no nsow. [Kenkan.] Ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no boa yɛn ma yesi gyinae a nyansa wom nko, na mmom ɛde daakye ho anidaso a ahotoso wom ma.” Kenkan Yohane 17:3. Sɛ ofiwura no kyerɛ ho anigye a, ka asɛm biako anaa nsɛm abien a woadi kan apaw afi The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no mu fa kyerɛ mfaso a ɛwɔ Bible no so.
5 Wubetumi de nnianim nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 10 wɔ asɛmti “Bible/God” no ase no adi dwuma ma mfaso aba so. Nsɛm afoforo wɔ kratafa 58-68 a ebetumi aboa wo ma woabua afiwuranom nsemmisa anaa woadi wɔn anoyi ahorow ho dwuma.
6 New World Translation a Wɔde Ma: Nya adwempa bere a wode New World Translation Bible no rema no. Wubetumi abisa ofiwura no sɛ ebia ɔwɔ Bible, na ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ ɔbɛkenkan anaa. Gyina mmuae a ɔma no so twe n’adwene si New World Translation mu nneɛma a mfaso wɔ so no bi so. Wubetumi asi asɛm biako anaa nsɛm abien a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 276-80 so dua.
7 Hwehwɛ hokwan ahorow fa hyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔnkenkan Bible no. Boa anigyefo ma wonnya obu mma Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no na wɔnkyerɛ ho anigye. Ɛdenam ne nnyinasosɛm ahorow a wɔde bedi dwuma wɔ wɔn ankasa asetra mu ne nokware nimdeɛ a wobenya so no, wobenya mfaso pii nnɛ ne daakye nyinaa.—Dw. 119:105.