Boa Afoforo ma Wonsua Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, ho Asɛm
1 December yɛ ɔsram a wɔn a wose wɔyɛ Kristofo mu dodow no ara susuw Yesu ho sen bere biara wɔ afe no mu. Enti, ɛyɛ ɔsram a ɛfata sɛ yɛde Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no bedi dwuma. Esiane sɛ eyi yɛ nhoma a ɛsom bo nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara na yɛnam nhoma yi so boa ofiewura no. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
2 Bɔ mmɔden fi Bible nkɔmmɔbɔ a ɛtwe adwene si Yesu so ase.
Bere a woakyia ofiewura no awie no, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Ɛnnɛ yɛrebisa yɛn afipamfo nea wosusuw bere a wɔkenkan asetra a enni awiei ho asɛm wɔ wɔn Bible mu no. [Twɛn ma ommua.] Ɛho hia titiriw efisɛ Bible no ka sɛnea eyi betumi ayɛ yiye no ho asɛm bɛyɛ mpɛn 40. Dɛn na asetra a ɛte saa betumi akyerɛ ama yɛn? Hyɛ nea Adiyisɛm 21:4 ka no nsow. [Kenkan.] So wohyɛɛ nea wɔahyɛ ho bɔ no nsow? [Twɛn ma ommua.] Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya daa nkwa?” Kenkan Yohane 17:3, na si hia a ɛho hia sɛ yebenya Onyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ no so dua. Eyi akyi no, yebetumi de Onipa a Ɔsen Biara nhoma no akyerɛ no, na yɛde nnianim no nsɛmti nketewa no akanyan n’anigye.
3 Sɛ ofiewura no anye nhoma no a, ma no Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo no bi anaa So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? kratawa no. Twe adwene si nea wugyaw ma no no mu asɛm pɔtee biako anaa abien so. Ka kyerɛ no sɛ wobɛsan aba bere a ɛsɛ mu na wone no abɛtoa nkɔmmɔbɔ no so.
4 Sɛ ɛda adi sɛ ofiewura no nni adagyew a, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubetwa atifi hɔ nkɔmmɔbɔ no tiawa. Ebetumi ayɛ mmerɛw ama adawurubɔfo afoforo nso sɛ wɔbɛfa ɔkwan a edi so yi so.
Bere a yɛada yɛn ho adi awie no, yebetumi aka sɛ:
◼ “Ɛnnɛ yɛrebisa yɛn afipamfo nea wosusuw bere a wɔkenkan asetra a enni awiei ho asɛm wɔ wɔn Bible mu no. Sɛ́ nhwɛso no, hyɛ nea Yesu kae wɔ Yohane 17:3 no nsow. [Kenkan.] Sɛnea ɛbɛboa nkurɔfo ma wɔasua Yesu Kristo ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm pii no, wɔatintim saa nhoma yi.” Bue Onipa a Ɔsen Biara nhoma no kratafa a mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ no bi wɔ. Dan kɔ nnianim no so, na kenkan nkyekyem a ɛto so abien a ɛwɔ asɛmti ketewa a ese “Sua Ne Ho Ade na Nya Mfaso” ase no. Afei nya akokoduru fa nhoma no ma no.
5 Sɛ wode nhoma no ma a, to fapem ma Bible adesua denam eti a edi kan a ese “Nkrasɛm Ahorow a Efi Soro” a wone no besusuw ho saa bere no anaa sɛ wosan kɔ hɔ nna kakra bi akyi a. Sɛ́ anka wobɛka bere pɔtee bi a ɛsɛ sɛ wudi wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu no, nea ɛsɛ sɛ woka ara ne sɛ wɔ simma kakraa bi mu no, obetumi asua Yesu Kristo ho nsɛm afoforo a ɛyɛ anigye pii afi Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu.
6 Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa de wiase no nnapɔnna bere yi bɛtwe adwene asi Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo ho nokware no so, na ama yɛatumi aboa afoforo ma wɔafa ɔkwan a ɛkɔ nkwagye mu no so.—Mat. 7:14.