Bible Adesua a Wubefi Ase wɔ Onipa a Ɔsen Biara Nhoma no Mu
1 Ofie Bible adesua a wobɛyɛ no bɛyɛ anigye ne mfaso kɛse ama wo ne ofiewura no nyinaa. Yentumi mfa biribiara ntoto Bible nimdeɛ a wobɛma afoforo anya mu anigye ho.—Mmeb. 11:25.
2 Nna a Edi Akyiri no ho Sɛnkyerɛnne: Sɛ wode atifi hɔ asɛm no mu nyansahyɛ dii dwuma, na wode So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? kratawa no fii nkɔmmɔbɔ ase a, wobɛyɛ dɛn atumi de Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ti 111 afi adesua ase? Bue nhoma no ti 111 na kenkan nkyekyem abiɛsa a edi kan no. Afei wubetumi abisa asɛm a edi kan a wɔabisa wɔ ti no awiei no: “Dɛn na ɛma asomafo no bisa asɛm no, nanso ɛda adi sɛ dɛn nso na ɛwɔ wɔn adwenem?” Boa ofiewura no ma onsusuw mmuae no ho, na fa mfonini no kyerɛkyerɛ no. Bere a moakenkan nkyekyem anan akosi asia no, bisa asɛm a ɛto so abien yi: “Yesu nkɔmhyɛ no fã bɛn na ɛba mu wɔ afe 70 Y.B. mu, nanso dɛn na ensi saa bere no?” Sɛ ɛda adi sɛ ofiewura no ani gye ho na ɔwɔ bere a, montoa mo nkɔmmɔbɔ no so.
3 Sɛ ɛda adi sɛ ebia bere foforo bɛfata kɛse ama ofiewura no a, wubetumi abisa sɛ: “So wobɛpɛ sɛ wuhu bere a nneɛma nhyehyɛe no bɛba awiei ho nsɛm pii?” Afei wubetumi ayɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan abɛsra no na woabua asemmisa no.
4 So Wiase Bi a Asomdwoe Wom Betumi Aba? Sɛ wode Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa twee adwene sii Onipa a Ɔsen Biara nhoma no so a, ɔkwan bɛn so na ti 133 betumi aboa ma woafi Bible adesua ase?
Bere a woakenkan 2 Petro 3:13 awie no, wubetumi akenkan kratafa 3 no nkyekyem a ɛto so abien no anaa woabɔ no mua, na afei woaka sɛ:
◼ “Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, na ɔbɛyɛ Yehowa Ahenni so Hene. Hwɛ sɛnea Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no ka Yesu ne nea ɔbɛyɛ daakye ho asɛm kyerɛ yɛn.” Afei kenkan ti mũ no nyinaa. Bisa ofiewura no asɛm a edi kan a wɔabisa wɔ ti no awiei no: “‘Hokwan a ɛyɛ anigye bɛn na wɔn a wobetwa Harmagedon ne wɔn mma benya?’ [Twɛn ma ommua. Mubetumi asusuw nsemmisa afoforo no ho saa ara.] So wobɛpɛ sɛ woyɛ asase foforo a Yesu bedi so sɛ Ɔhene no fã? Mɛpɛ sɛ minya hokwan dapɛn biara bɛboa wo ma woahu sɛnea eyi betumi ayɛ yiye ama wo no afi Bible mu.”
5 Ebia ebinom nso ani begye ho sɛ mobɛkɔ so abɔ Yesu Kristo ho nkɔmmɔ wɔ nsrahwɛ yi mu.
Wubetumi aka sɛ:
◼ “Wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Yesu asase so asetra ho asɛm sɛnea ɛwɔ Nsɛmpa anan no mu no wɔ nhoma yi mu. So wobɛpɛ sɛ wusua pii fa Yesu asetra wɔ asase so no ho?” Sɛ ofiewura no pene so a, ebia wobɛpɛ sɛ wo ne no susuw Yesu anwonwade ahorow no mu nea edi kan no ho wɔ ti 15.
6 Nnipa komapafo pii a wɔdɔ trenee na wɔrehwehwɛ nsɛnnennen a wohyia ano aduru da so ara wɔ hɔ. Nokwarem no, yɛn ho a yɛde bɛma sɛ yɛnam Bible adesua so bɛka Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ ho asɛm akyerɛ afoforo no yɛ ade a mfaso wɔ so sen biara.