Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Adesua Horow A Wobefi Ase Wɔ “Kingdom Come” Nhoma Mu So
1 Yehowa Nyankopɔn “ahenni no ba na ‘abɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no,’ na ɛde awufo a wobenyan wɔn aba, na abeyi ɔtamfo a ɛne owu afi hɔ na ama yɛn asase yi abɛyɛ ofie a anigye ne asomdwoe wom ma adesamma.” (Adi. 11:15, 18; 21:1, 3, 4) (“Kingdom Come” nhoma, kratafa 21, nky. 1) Yɛn pɛ ne sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔagye nhoma yi bi no ma wɔanya Ahenni a ɛne Kyerɛw Kronkron no asɛmti titiriw no ho nimdeɛ ne anisɔ. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ eyi no, Bible adesua ho hia mpɛn pii.
2 Anuanom bebree a wɔatumi afi adesua horow ase no se nnianim asɛm a ɛyɛ tẽe ye sen biara. Bere a woakyia ofiewura no fɛw so akyi no, ka kyerɛ ofiewura no sɛ worenkyɛ, na wopɛ sɛ wokyerɛ no ɔkwan a obetumi afa so anya nhoma no ho mfaso kɛse. Hyɛ nyansa ayamye mu sɛ ɔmfa ne nhoma no. Dan kɔ mfonini a ɛwɔ ti 1 mfiase no so na bisa no dekode a n’ani gye ho wɔ mu. (Ma ofiewura nkyerɛ n’adwene.) Ma ɔnkenkan nkyekyem a edi kan a ɛkyerɛkyerɛ mfonini no mu no. Sɛ wanyɛ a, wubetumi akan. Ɛno akyi no, bisa asɛm a edi kan no, na ma ofiewura mma mmuae. Monkenkan nkyekyem 2 ne 3, bisa asɛm no na mommɔ ho nkɔmmɔ, na afei kɔ nkyekyem a ɛto so 4 ne 5 so. Wubetumi nso ama wakenkan nsɛm a ɛwɔ adaka no mu wɔ kratafa 7 no. Bisa no sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ ohu nea Ahenni no yɛ ankasa na ka kyerɛ no sɛ w’ani begye sɛ wobɛsan aba dapɛn a edi hɔ no na wo ne no abɛtoa asɛm no ho nkɔmmɔbɔ so. Sɛ wosan kɔ a, susuw nkratafa abien a edi so a ɛma asɛm no ho mmuae no ho.
3 Ɔkwan pa foforo nso a wubetumi afa so akɔ “Kingdom Come” nhoma no mu na woafi adesua ase ne sɛ wobɛka sɛ efi yɛn mmofraase no yɛn mu bebree abɔ Awurade Mpae no. Afei wubetumi aka ne fã a edi kan no na woabisa sɛ, “‘Wo ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ’ wɔ he?” (Ma ofiewura mmua.) Sɛ ɔtwentwɛn ne nan ase anaa ontumi mmua a, wubetumi atoa so sɛ, “Mpaebɔ no kɔ so sɛ, ‘wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro.’” Afei bisa ofiewura no nea osusuw sɛ asase yi bɛyɛ bere a wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so. (Ma ɔnkyerɛ n’adwene.) Dan kɔ mfonini a ɛwɔ ti 1 no so na ka tebea horow a Onyankopɔn ahenni de bɛba asase so no ho asɛm. Monkenkan nkyekyem 1, bisa asɛm no na mommɔ ho nkɔmmɔ. Munsusuw nkyekyem kakraa ho saa kwan yi so na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba na moabɛtoa so.
4 Nyansahyɛ foforo ne sɛ: esiane sɛ nnipa ɔpepem pii bɔ mpae sɛ Onyankopɔn ahenni mmra nti, asɛm a ntease wom a nnipa pii bisa ne sɛ: “Dɛn ne Ahenni no?” Bisa nea ofiewura susuw wɔ asɛm no ho. Afei ka kyerɛ no sɛ saa nhoma yi de mmuae no ma. Ma ɔmfa ne nhoma no na ommue kratafa 8. Kenkan asɛmti ketewa no na ma ofiewura no nkenkan nkyekyem 6. Bisa asɛm no na mommɔ ho nkɔmmɔ. Afei monkenkan nkyekyem 7 ne 8 na mommɔ ho nkɔmmɔ. Tĩ nea moasua no mu—sɛ Ahenni no, yɛ nniso ankasa. Ka kyerɛ ofiewura sɛ ɔmmɔ mmɔden sɛ obegye ɛbere akenkan nkratafa abiɛsa a edi so no na ka kyerɛ no sɛ w’ani begye sɛ wobɛsan aba bere foforo na wo ne no abɛtoa saa nsɛm yi ho nkɔmmɔbɔ so.
5 Wɔasiesie “Kingdom Come” nhoma no ama adesua, na yɛwɔ anidaso sɛ yebetumi de afi adesua afoforo pii ase. Na afei ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma nso, sɛ eyi, ne Nokware nhoma no, ne nhoma abien a yɛne nnipa a wɔyɛ foforo besua. Yɛsrɛ sɛ Yehowa behyira mmɔden a mobɔ sɛ mode bedi dwuma yiye ma ɛde ayeyi abrɛ no no so.