Fa Nkratawa Da Onipa a Ɔsen Biara Nhoma no Adi
1 Wɔ July mu no, adawurubɔfo pii de nkratawa bɛkanyan Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no ho anigye. Saayɛ bɛboa ma yɛnam nkratawa no so bɛma nkurɔfo anya biribi asusuw ho, na bere koro no ara mu no, yɛde Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ato nhyɛase ama ofie Bible adesua.
2 So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? Nkratawa boa yiye ma yetumi fi nkɔmmɔbɔ ase. Ɛboa ma afiewuranom tie yɛn efisɛ nkratawa no ka nsɛm a ntease wom a ɛfa wɔn ho ankasa.
Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka biribi te sɛ:
◼ “Bere a yɛne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ no, yɛahu sɛ pii ka sɛnea . . . [paw asɛm bi a asi nnansa yi] haw wɔn no ho asɛm. Ɛte sɛ nea wiase tebea no kɔ so sɛe da biara. Ebinom mpo ntumi nhu sɛ ebia wiase yi betumi akɔ so atra hɔ. Wote nka dɛn wɔ ho? [Twɛn ma ofiewura no mmua. Nnipa dodow no ara gye di sɛ ɛbɛkɔ so atra hɔ.] Mekenkan biribi a ɛhyɛ nkuran a mepɛ sɛ mema wo nso wote. Ɛwɔ kratawa yi mu. [Fa So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ? kratawa no ma ofiewura no na kura biako wɔ wo nsam.] Hyɛ sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ . . . yi nsow.” Kenkan kratafa 4 anaa 5 nkyekyem bi mu asɛm a ɛne asɛm a asi nnansa yi a wokae wɔ wo nnianim asɛm no mu hyia no. Afei fa Onipa a Ɔsen Biara nhoma no kyerɛ, na sɛ ɛfata a, dan kɔ Yesu nkɔmhyɛ a wɔasi so dua wɔ ti 111 mu ho nsɛm afoforo so. Afei nso, hwɛ hu sɛ wubebisa asɛm bi a sɛ wosan kɔ hɔ a, mubesusuw ho.
3 Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu: Asetra wɔ wiase foforo a asomdwoe wom mu bɛkyerɛ dɛn ama wo? Mpɛn pii no, nkurɔfo susuw mmeae fɛfɛ a asubɔnten akɛse ne abon a asomdwoe wɔ hɔ a mmoa a wɔn ho yɛ fɛ a wɔne wɔn ho wɔn ho te asomdwoe mu wɔ hɔ ho. Wiase foforo a asomdwoe wom ho anidaso no betumi ahyɛ wɔn a mprempren wiase tebea no ama wɔahaw no den kɛse.
4 So woayɛ krado sɛ wode biribi a ɛma akomatɔyam ne anigye bɛma w’afipamfo, wo mfɛfo adwumayɛfo, ne wɔn a wuhyia wɔn wɔ afie afie adwuma mu no?
Sɛ wode “Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu” kratawa no redi dwuma a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “So wususuw sɛ nnipa betumi atra ase asomdwoe mu da bi sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ kratawa yi akyi no? [Twɛn ma ofie wura no mmua.] Mesrɛ sɛ hwɛ asɛm a etwa to wɔ kratafa 2 no nkyekyem a edi kan no. Ebisa sɛ: ‘Nanso so ɛyɛ adaeso ara kwa sɛ wubegye adi sɛ tebea horow a ɛte sɛɛ bɛba asase so da bi?’ [Afei kenkan kratawa no mu nkyekyem a edi hɔ no.] Saa ɔsoro foforo ne asase foforo ho asɛm a wɔafa aka no fi Bible no mu wɔ 2 Petro 3:13. Sɛ ɛrenhaw wo sɛ wobɛkɔ akɔfa wo Bible no aba a, yebetumi akenkan Dwom 104:5 de asua pii afa asase no daakye ho.” Anaasɛ wubetumi akenkan nkyekyem no afi wo Bible mu. Sɛ onii no da anigye adi a, dan nkɔmmɔbɔ no kɔ Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ti 133 so.
5 Ebehia sɛ woyɛ sankɔhwɛ afoforo na ‘woagugu’ aba a woadua no ‘so nsu.’ (1 Kor. 3:6, 7) Asɛm a ɛwɔ eyi ase no kyerɛ sɛnea wubetumi de Onipa a Ɔsen Biara nhoma no afi adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no anaa wɔ sankɔhwɛ mu.