Fa Nhoma Afoforo Toa Nkratawa no So
1 Wɔ nsɛmma nhoma nyinaa a wotintim no nnɛ mu no, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nkutoo ne nsɛmma nhoma a ebetumi aboa akenkanfo komapafo ma wɔahu daa nkwa kwan. Bere a wo ne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ wɔ May ne June mu no, ebinom bɛkyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye ankasa, na wubetumi atwe wɔn adwene asi nsɛmma nhoma a aba foforo anaa Asafo ti no brochure ahorow fɛfɛ no bi so tẽẽ. Afoforo renkyerɛ anigye kɛse mfiase. Wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ mu no, wubetumi adi kan ne no asusuw kratawa bi mu asɛm biako anaa abien ho; afei sɛ ofiewura no kɔ so kyerɛ anigye a, fa nsɛmma nhoma anaa brochure a wode redi dwuma no toa so.
2 Wubetumi aka sɛ:
◼ “Nnipa dodow no ara begye atom sɛ nnɛ wiase no mu ɔhaw ahorow dɔɔso sen ano aduru. So wunim sɛ wɔhyɛɛ yɛn haw ahorow a emu yɛ den kɛse no mu pii ho nkɔm wɔ Bible no mu?” Afei wubetumi abue So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ kratawa no kratafa 4 ne 5, na moasusuw ɔhaw ahorow no bi ho.
3 Sɛ wode April 1 Ɔwɛn-Aban no redi dwuma, na ofiewura no kyerɛ nea wokenkan fi kratawa no mu ho anigye a, wubetumi atwe adwene asi “Di Wiase Hann no Akyi” no so, na kyerɛkyerɛ sɛnea awiei koraa no Yesu Kristo bedi onipa haw ahorow nyinaa ho dwuma no mu. Afei ka sɛ wobɛsan aba wɔ bere pa mu na wo ne no abesusuw asɛm no ho bio.
4 Sɛ woresi April 8 “Awake!” no so dua a, wubetumi de nnianim asɛm a wɔde ama wɔ asɛm yi nkyekyem 2 no adi dwuma na woaka aka ho sɛ:
◼ “Nnipa pii nnye nni sɛ nyamesom ne amammuisɛm betumi adi yɛn haw ahorow ho dwuma, nanso wontumi nhu sɛ ebia nyansahu wɔ ano aduru.” Afei kenkan asɛm bi a ɛfata wɔ “Can Science Meet the Challenges of the 21st Century?” no mu. Ɛda adi sɛ mmofra pii, titiriw sukuufo, ani begye asɛm yi ho.
5 Sɛ wode “Hwɛ!” “brochure” no redi dwuma a, wubetumi afa ɔkwan foforo so:
◼ “Nnipa pii ntumi nhu nea ɛto yɛn bere a yɛawu no. Ebinom se yɛkɔ soro anaa hell; afoforo nso nnim. Mmuae a Bible no de ma no yɛ nwonwa na ɛma awerɛhyem.” Afei mubetumi asusuw Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu? kratawa no afã horow bi ho. Ɛno akyi no, wubetumi atwe adwene asi brochure no nkratafa 16 ne 17 so, sɛ ofiewura no kyerɛ kratawa no ho anigye a.
6 Wɔ asɛnka mu no, fa Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu di dwuma. Wubetumi abisa ofiewura no nsɛm abiɛsa a wɔabisa wɔ kratawa no nkyekyem a edi kan no mu no. Sɛ obua wie a, twe n’adwene si kratafa 3 no nkyekyem a etwa to no so. Eyi twe adwene si wiase foforo a asomdwoe wom no mu paradise a wɔasan de aba no so. Sɛ ofiewura no kɔ so kyerɛ ho anigye a, fa April 1 Ɔwɛn-Aban no di dwuma sɛnea wɔakyerɛ wɔ asɛm yi nkyekyem 3 mu no. Sɛ wunni April nsɛmma nhoma no bi a, fa nea wowɔ no di dwuma.
7 Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo foforo a, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani bɛsɔ ɔkwan tiaa yi a wobɛfa so no. Dɛn nti na wunkogye So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? kratawa no bi, na womfa nyansahyɛ ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 2 wɔ atifi hɔ no nni dwuma?
8 Ɛyɛ nidi ma yɛn sɛ yɛde nkwagye nkrasɛm no bɛkɔ nkurɔfo afie mu. Sɛ yɛhwehwɛ ‘wɔn a wɔsɛ’ a, momma yɛmfa yɛn nkratawa no nni dwuma yiye, na yɛmfa nhoma afoforo ntoa so bere a wɔkyerɛ ho anigye no.—Mat. 10:13.