Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/93 kr. 7
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Woasɔ Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • So Wutumi Yɛ Akwampaefo Boafo?
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 5/93 kr. 7

Asemmisa Afã

◼ Ɛsɛ sɛ wubu akwampaefo boafo a wobɛyɛ no dɛn?

Ɛsɛ sɛ wobu akwampaefo aboafo adwuma no sɛ hokwan ne asɛyɛde a anibere wom. Wɔpaw adawurubɔfo ɔpedudu pii ɔsram biara sɛ wɔnsom sɛ akwampaefo aboafo, na ebinom toa so yɛ bere nyinaa. Yɛkamfo adawurubɔfo mmɔdenbɔfo yi a wɔn nsɛm tebea ma kwan ma wɔde nnɔnhwerew 60 a wɔhwehwɛ no yɛ asɛnka adwuma ɔsram biara a wɔsom sɛ akwampaefo aboafo no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ne afoforo hyɛ adawurubɔfo a wobisa kwan yɛ akwampaefo aboafo adwuma no nkuran ma wobu paw a wɔpaw wɔn saa no aniberesɛm, na wɔkwati su biara a ɛbɛma wɔayɛ adwuma no ebi ne bi kɛkɛ no.

Te sɛ daa akwampaefo no, ɛsɛ sɛ wɔn a wotu wɔn ho si hɔ sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo ɔsram biako anaa nea ɛboro saa no di kan susuw ho. (Luka 14:28) Ɛho a wobedi kan asusuw sɛ ebia wobetumi de bere a wɔhwehwɛ no ayɛ asɛnka adwuma no a wommu ani ngu Kristofo asɛyɛde afoforo so no ka eyi ho. Ɛsɛ sɛ obi de mpaebɔ susuw n’ankasa nsɛm tebea ho ansa na wasi gyinae sɛ ɔbɛyɛ akwampaefo boafo. Ɛnyɛ nkate na ɛsɛ sɛ ɛkanyan no esiane sɛ afoforo rebisa kwan sɛ wɔbɛyɛ bi nti. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ gyinaesi a wasusuw ho yiye, a bere nhyehyɛe a ɛbɛma wanya nea wɔhwehwɛ no a wakyerɛw ka ho. Ehia sɛ ɔkenkan akwammisa kratasin no yiye, na osi gyinae wɔ n’ankasa komam sɛ obetumi de nokwaredi aka sɛ yiw wɔ nea wobisa no ho.

Nokwarem no, ebehia sɛ ɔyere ne ho kɛse. Afe no mu asram bi ma yenya bere pa a ɛbɛma yɛde “nnam” aka asɛmpa no. (Aso. 18:5) March ne April Nkaedi bere ne asram a ɔmansin sohwɛfo no bɛsra asafo no ka ho. Adawurubɔfo pii de anigye hyɛɛ wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi bere nhyehyɛe a emu yɛ den wɔ ɔkwan bi so no so, na ama wɔayɛ asɛnka adwuma no kɛse wɔ dwumadi mmere atitiriw yi mu, na wohu sɛ ɛma wonya nhyira pii. (2 Kor. 9:6) Adawurubɔfo pii bɔ mmɔden soronko bi de yɛ akwampae adwuma wɔ wɔn akwamma asram ne afe no mu ɔsram biara a ekura adapɛn awiei anum no mu. Nanso sɛ wɔde wɔn ho hyem a, wohu sɛnea ehia sɛ wodi nnyinasosɛm yi, ‘Momma mo Yiw nyɛ Yiw’ no so denam nea wobetumi nyinaa a wɔyɛ na wɔabu nnɔnhwerew 60 anaa nea ɛboro saa ho akontaa ɔsram biara a wɔsom sɛ akwampaefo aboafo no.—Mat. 5:37.

Adawurubɔfo a ebia wontumi nyɛ akwampaefo no betumi aboa denam wɔn ho a wɔde bɛma ne akwampaefo aboafo ayɛ adwuma, bere a wɔne wɔn yɛ nhyehyɛe pɔtee no so. Ɛboa sɛ wɔne akwampaefo bɛtra asɛnka mu akyɛ sɛnea wobetumi. Akwampaefo ani bɛsɔ adawurubɔfo afoforo mmoa a wobenya anɔpatutu ne anwummere no titiriw. Akwampaefo aboafo ani gye sɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔne afoforo akɔyɛ sankɔhwɛ na wɔafi ofie Bible adesua ahorow ase. Wɔn a wobetumi aboa akwampaefo aboafo wɔ saa kwan yi so no benya anigye kɛse a efi ɔma mu ba no.—Aso. 20:35.

Ani sɔ akwampaefo aboafo nsiyɛ no yiye. Wɔn a wotumi kɔka wɔn ho no betumi ahwɛ kwan sɛ wobenya nhyira pii. (Mmeb. 10:4) Bere bɛn na wubetumi atrɛw w’adwuma mu sɛ akwampaefo boafo no na woanya emu anigye?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena