Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/93 kr. 7
  • Mpɔtam Hɔ Hann Kurafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mpɔtam Hɔ Hann Kurafo
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bra “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam No Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nhyira Pii wɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam Horow Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nya Ɔmansin Nhyiam No Ho Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 5/93 kr. 7

Mpɔtam Hɔ Hann Kurafo

1 Yɛkɔɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no wiei no, yɛahu sɛnea ehia sɛ yɛyɛ hann kurafo ma yɛn mpɔtam hɔfo yiye. (Mat. 5:14) Bere a yesusuw dwumadi no mu nsɛm a wɔkae no nyinaa ho, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde bedi dwuma wɔ yɛn da biara asetra mu no, ɛboa yɛn ma yɛbɛn Yehowa kɛse wɔ nokware som mu, na yɛaboa afoforo ma wɔasua Yehowa bɔhyɛ ahorow ho ade.

2 Hokwan ahorow a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ hann kurafo no nyaa nkɔanim bere a woyii kratawa foforo a wɔato din sɛ So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? no adi wɔ Fida anɔpa dwumadi no awiei no. Memeneda anɔpa ɔyɛkyerɛ ahorow no boaa yiye wɔ kyerɛ a wɔkyerɛe sɛnea yɛde kratawa yi bedi dwuma no mu. Woyii nkratawa afoforo abiɛsa kaa eyi ho. Wɔato eyi din sɛ Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw, Nya Abusua Asetra Mu Anigye, ne Hena Na Odi Wiase no so Ankasa? Wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nnwinnade a ɛnyɛ den sɛ yɛde bedi dwuma yi nhyɛ yɛn ho mfa nni dwuma bere a hokwan ahorow bue no.

3 Wɔ ɔkasa, “Ogye wɔ Yesu Kristo Ahoyi Mu” no awiei wɔ Memeneda awia no, woyii brochure foforo fɛfɛ bi a wɔato din sɛ So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? adi. Saa brochure a mfonini fɛfɛ wom yi bebua nsɛm pii a nkurɔfo bisa, te sɛ: Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu kwan? So amanehunu bɛba awiei da bi? Yɛyɛ dɛn hu sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu? Ɔkwan bɛn so na wɔbɛdan asase no paradise? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu? Brochure yi bɛyɛ adwinnade a eye kyɛn so a yɛde befi adesua afoforo ase.

4 Hwɛ aseda ara a yɛde ma wɔ honhom fam aduan bebree a yenyae wɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no ase no ho! Sɛ Onyankopɔn honhom fam hann kurafo no, momma yɛmfa nyɛ yɛn tirimbɔ sɛ yɛbɛda yɛn komam anisɔ adi denam nea yesuae a yɛbɛyere yɛn ho de adi dwuma, ne nhoma afoforo fɛfɛ a woyii no adi a yɛnam nsiyɛ so de bɛboa nnipa a wɔwɔ baabiara ma wɔahu Yehowa na wɔasom no no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena