Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/92 kr. 3-6
  • 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1991 “Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nya 1993 “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no Mu Mfaso Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Bra 1990 “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam No
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 11/92 kr. 3-6

1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam

1 Yesu kae sɛ n’akyidifo bɛyɛ “wiase hann.” (Mat. 5:14) Nea ɛne eyi bɔ abira no, wiase no honhom ne abrabɔ fam sum kɔ so yɛ kabii da biara. (Yes. 60:2; Rom. 1:21) Yɛn asɛyɛde sɛ hann kurafo no yɛ kɛse bere a yɛbɛn nhyehyɛe yi awiei no. Esiane sɛ yenim adwuma a ɛho hia a yɛyɛ no nti, akwanhwɛ a emu yɛ den na yɛde hwɛ 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no kɔ kwan. Wobefi nhyiam horow a wɔbɛyɛ atoatoa so yi mu nea edi kan no ase Fida, December 18.

2 Nnansa Nhyiam: Afe yi yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ nhyiam horow 12 wɔ Ghana. Sɛnea wɔtaa yɛ no, wɔde dwumadi no nyinaa bɛma wɔ Twi, Ewe, Ga ne Engiresi kasa mu. Wobefi dwumadi no ase Fida anɔpa 9:​50, na wɔde dwom ne mpaebɔ awie Kwasida anwummere bɛyɛ 4:30. Yehowa nkurɔfo nyinaa bɛpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam no kotie dwumadi no nyinaa. So w’ankasa woasi gyinae sɛ wobɛkɔ nnansa no nyinaa? Hwɛ hu sɛ wobɛbɔ mpae abisa Yehowa nhyira agu wo mmɔdenbɔ ahorow so. Amanneɛbɔ a edi hɔ no bɛboa wo wɔ w’ahosiesie ahorow mu.

3 Ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm tie dwumadi no nyinaa fi ɔkasa a wɔde bebue ano Fida anɔpa kosi nsɛm a wɔde bewie Kwasida awia no so. Wɔbɛhyehyɛ nsɛm a ɛkanyan nnipa na wɔde ama wɔ ɔkasa ahorow, ɔyɛkyerɛ ahorow, nsɛm a wobisabisa afoforo ne drama mu. Yɛ nhyehyɛe sɛ wubedi kan atra ase koraa ansa na dwumadi no afi ase Fida. Mpɛn pii, da a edi kan no, wuhia mmere pii na wode wo kar asi baabi, anya baabi a wobɛtra ne nea ɛkeka ho. Enti ma wo ho bere pii. Bere a yetie dwumadi no nyinaa na yɛtra hɔ twɛn dwom ne mpaebɔ a wɔde wie no, yenya dwumadi no mu mfaso kosi ase na yɛda hokwan a yɛwɔ sɛ yɛsom sɛ hann kurafo no ho anisɔ adi.

4 Yɛ Aso Tie: Odwontofo no kae sɛ: “M’ani ku wo nkae nsɛm ho. Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.” (Dw. 119:95b, 97, New World Translation) Bere biara a yehyiam na Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn no, ehia sɛ yɛyɛ komm de yɛn koma nso tie asɛm na ɛnyɛ yɛn aso nko. Nanso, hia a ehia sɛ yɛyɛ saa no yɛ kɛse bere a yɛkɔ nhyiam akɛse te sɛ ɔmantam nhyiam no. Pii wɔ hɔ a yɛde aniwa bɛhwɛ na yɛde aso atie. Sɛ yɛde bere ne sika kɔ nhyiam nanso yɛsan kɔ fie a sɛnea yebetumi anya nkɔso sɛ hann kurafo ho nsɛm a eye no kakraa bi na yɛkae a, hwɛ nneɛma a yɛn ankasa yɛbɛhwere! Sɛ yebenya dwumadi no mu mfaso akosi ase a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de ko tia biribiara a ɛbɛtwetwe yɛn adwene. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ ma nsɛm no aka yɛn koma ne yɛn adwene mu yiye wɔ nhyiam dwumadi no awie?

5 Asɛntie yɛ ade a ɛsɛ sɛ wosua na wɔde di dwuma. Asɛmfua “tie” kyerɛ sɛ “wode adwene betie.” Susuw nyansahyɛ ahorow kakra yi ho: (1) Bɔ mmɔden biara sɛ wobɛda ahome yiye ansa na woadu nhyiambea hɔ anɔpa biara. Eyi begye nhyehyɛe ne abusua no mmoa. Sɛ da a woanna nti woabrɛ, anaa woannidi anɔpa nti ɔkɔm de wo, anaa woahaw efisɛ wode ahopere yɛɛ nneɛma nti a, mfaso kakraa bi na wubenya afi dwumadi no mu. (2) Kanyan sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ asɛmti no mu ho akwanhwɛ. Bere a aka adapɛn bi ma moakɔ nhyiam no, dɛn nti na momma abusua no muni biara nka nea hann kurafo a ɔbɛyɛ no kyerɛ ma no ho asɛm sɛ mo abusua adesua no fã. Sɛ wowɔ nhyiam no ase a, di kan susuw saa da no dwumadi no fã biara ho ansa na afi ase. (3) Siesie wo ho sɛnea ɛfata, nnidi na nnom nsa bere a dwumadi no rekɔ so no. Wɔahu sɛ ebinom didi anaa wɔnom nsa wɔ nhyiambea hɔ anaa wɔreyɛ nneɛma afoforo a ɛmfa dwumadi no ho bere a dwumadi no ankasa rekɔ so no. Eyi yɛ animtiaabu, ɛtwetwe afoforo adwene, na ɛkyerɛ sɛ wonni ahosodi.​—Hwɛ Vol. 112, No. 22 (Ɔwɛn-Aban) nkratafa 8-18.

6 Yɛpɛ sɛ yɛka nsɛm a wɔkyerɛkyerɛw to hɔ ho asɛm titiriw. Sɛ woyɛ no yiye a, ɛbɛboa wo ma woadi akasafo no akyi yiye na nea wote no aka w’adwenem. Esiane sɛ yedwen ntɛmntɛm sen sɛnea yɛkasa mpɛn anan nti, ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so na yɛn adwene ankyinkyin ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛw nsɛm ato hɔ. Sɛnea nhoma kyerɛwfo bi kae no, “Ɛtaa yɛ den sɛ wubetie ɔkasa sen sɛ wobɛma bi.” Ebia wobɛkae sɛ na wonim Kristofo a wodi kan no sɛ wɔde nkyɛmfɛre kɔ nhyiam horow ase, na wɔde inki kyerɛkyerɛw kyerɛw nsɛm gu so. Yɛde aseda ma sɛ yebetumi de nhoma a wɔkyerɛw mu a ɛso kakra ne pɛn anaa pɛnsere ayɛ saa yiye. Sɛ́ wubetumi akyerɛkyerɛw nsɛm ato hɔ yiye no kyerɛ sɛ wobɛkyerɛw nea ɛsɛ a ɛbɛma woakae nsɛntitiriw no kɛkɛ, na ɛnyɛ pii a ɛbɛma woakyerɛkyerɛw nsɛm bere nyinaa. Eyi bɛma atirimpɔw nti a yɛyɛ saa no ayɛ kwa, na yɛrente nsɛm a ehia a ɔkasafo no ka no. Kyerɛw nsɛmfua atitiriw, na fa nsɛmfua a woatwa no tiaa gyina hɔ ma nsɛm no. Nsɛm a wobɛkyerɛkyerɛw no bɛboa wo yiye, sɛ wosan kenkan saa anwummere no ne bio nso, ansa na asafo no asusuw dwumadi no mu nsɛntitiriw ho wɔ Ɔsom Nhyiam mu a.

7 Dwom ne Mpaebɔ a Efi Komam: Ayeyi nnwom a yɛto ma Yehowa ne obu a emu dɔ a yɛde kɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu no yɛ yɛn som no afã horow. (2 Be. 30:​21, 27) Eyinom yɛ nhyiam no mu nneɛma atitiriw a yɛn nyinaa betumi anya mu kyɛfa. Wɔ nnansa “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no mu no, yɛbɛtow ayeyi nnwom 18 ama Yehowa, na yɛabom abɔ yɛn soro Agya no mpae awotwe. Eyinom yɛ hokwan ahorow a ɛso nni ankasa. Yehowa de nnɔnhwerew 12 ne akyi honhom mu ɔkyerɛkyerɛ ne ntetee rema yɛn. Wɔ simma kakra a yɛde to dwom bɔ mpae mu no, na yɛde aseda rema Yehowa wɔ n’akyɛde horow a efi ayamye mu no ho, na na yɛrekamfo no. Esiane sɛ yɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu sɛ nnipadɔm a wɔahyiam nti, so yɛbɛpɛ sɛ obu yɛn sɛ nnipa pɛsɛmenkominyafo ne boanniayɛfo a nhyehyɛe pa a yɛanyɛ nti yɛanto dwom ammɔ mpae no bi? Afei nso, afe yi nhoma ahorow no bɛdɔɔso wɔ nhyiam biara ase, enti wɔn a wɔtra ase kosi sɛ dwumadi no bɛba awiei no benya bi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obiara sɔre kɔ sɛ ɔrekɔto santen adi afoforo anim atɔ aduan ansa na nhyiam no dwumadi no fã bi aba awiei.​—Mat. 7:12; Rom. 12:10; Fil. 2:​1-4.

8 Yɛ Nneɛma Nyinaa Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam: Afe biara wofi ayamye mu de hia a ehia sɛ yeyi suban pa adi wɔ nhyiam ase ho nkaebɔ ahorow ma yɛn. Ɛsɛ sɛ wɔkamfo yɛn mu fã kɛse no ara wɔ sɛnea yɛbɔ mmɔden di nkaebɔ ahorow yi so no ho. Bere a nhyehyɛe yi bɛn awiei no, ɛkɔ so hyɛ yɛn ma yɛne nnipa a wɔkaa wɔn abrabɔ ho asɛm siei wɔ 2 Timoteo 3:​1-5 no bɔ wɔ adwumam ne sukuu mu. Sɛ yɛanhwɛ yɛn ho yiye a, fekubɔ yi betumi anya yɛn so nkɛntɛnso bɔne. Yɛmpɛ da sɛ yɛbɛma obi anya biribi agyina so ‘atwiri yɛn sɛ nnebɔneyɛfo.’ (1 Pet. 2:12) Eyi hwehwɛ sɛ yɛma yɛn ani ku yɛn Kristofo nipasu ho kɛse. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hwɛ yɛn abrabɔ yiye wɔ nhyiam no ase, wɔ ankorankoro afie mu, ne mmeae afoforo wɔ baguam, te sɛ ahɔhodan ne adidibea ahorow. Mpanyimfo ani gye wɔn nuanom nyinaa ho. (Fil. 2:4) Ɛsɛ sɛ wɔboa na wɔkamfo afoforo wɔ wɔn abrabɔ pa ho. Sɛ ebehia a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no fi wɔn pɛ mu de afotu a ɔdɔ wom ma nso, ɛwom mpo sɛ wɔn ankasa nnim onua anaa onuawa no de. Ɛsɛ sɛ wɔka ɔhaw ahorow biara a anibere wom no kyerɛ Wɔn a wɔhwɛ nhyiam no so no.

9 Dɛn na ehia sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem? Sɛ wɔde wo kɔtra ahɔhodan bi mu a, kae sɛ ɛsɛ sɛ wokyerɛ nidi ne obu ma adwumayɛfo no. Adammisa Dwumadibea no yɛɛ adwuma brɛe na wonyaa adan a ne bo ba fam. Sɛ yebisa nneɛma tra so anaa yɛyɛ ɔdan no mu basaa gyaw hɔ kɔ a, ebia ahɔhodan no so ahwɛfo remma Yehowa Adansefo mmɛ­tra hɔ nkɔ daakye nhyiam horow. Ɛda so ara hia sɛ wɔkae yɛn mu binom wɔ eyi ho. Egye nnipa kakraa bi pɛ na wɔasɛe nnipa dodow din.

10 Ɛdefa sika a wɔde kyɛ wɔ nnwuma a wɔayɛ ho no, wɔkaa ho asɛm wɔ krataa a wotintim kaa November 1991 Yɛn Ahenni Som (Vol. 34, No. 11) ho no mu. Yɛsrɛ sɛ san kenkan emu nsɛntitiriw no bi.

11 Wɔde nipasu foforo a wɔbɔ din wɔ Efesofo 4:24 no toto atade a obi hyɛ bere a wayi nipasu dedaw no agu hɔ no ho. Ɛsɛ sɛ nipasu mu nsakrae yi da adi wɔ yɛn ntade ankasa nso mu. Wɔahu sɛ anuanom mmarima ne mmea bi, titiriw mmofra, nsiesie wɔn ho yiye koraa, ɛtɔ mmere bi mpo a, ahosiesie no nyɛ nea ɛsɛ. So yɛyɛ yɛn ho saa wɔ Ahenni Asa so? Afei nso, asubɔhwehwɛfo binom ahyɛ T-shɛt a wiasefo fene, wɔn din ne wɔn agyiraehyɛde wom anaa wɔakyerɛw aguade ahorow ho dawurubɔ nsɛm wom. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔne wɔn a wɔresiesie wɔn ho ama asubɔ susuw nsemmisa no ho no hwɛ hu sɛ wɔn a wɔbɛbɔ wɔn asu no te nea wobebu no sɛ atade a ɛfata ma bere no ase.​—Hwɛ June 1, 1985 The Watchtower, kratafa 30, ne April 15, 1973 The Watchtower, nkratafa 254-5.

12 Mfiri a Wɔde Kyere Dwumadi No: Ɛwom sɛ wɔma kwan ma wɔde video mfoninitwa mfiri di dwuma de, nanso yɛhyɛ wɔn a wɔde di dwuma no nkuran sɛ wonnwen afoforo ho, wɔnyɛ nyiyim wɔ mfoninitwa no mu, na wɔnkyerɛ obu mma wɔn a ebia wɔmpɛ sɛ wobetwa wɔn mfonini bere a wɔredidi, wɔretie dwumadi no, anaa bere a wɔrebɔ mpaebɔ no. Ɛnsɛ sɛ obiara a ɔde video twa mfonini anaa ɔkyere nsɛm gu kasɛt so no twetwe atiefo no adwene anaa ɔyɛ dede bi. Wɔma kwan sɛ wobɛtra faako a wote no akyere dwumadi no bi agu afiri so. Nanso bere a dwumadi no rekɔ so no, ɛremfata sɛ obi bɛnantenantew akwan a ɛdeda atiefo ntam nso so ne wɔn anim akyere dwumadi no agu afiri so. Sɛ ehia a, ɛsɛ sɛ wɔn a wogye ahɔho no kasa kyerɛ obiara a ɔnkyerɛ onuadɔ wɔ eyi mu no. Yɛsrɛ sɛ kae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde mfoninitwa afiri anaa mfiri a wɔde kyere dwumadi no sa anyinam ahoɔden nhama anaa akasam no wɔ nhyiam no ase, na ɛnsɛ sɛ wode adwinnade biara si kwan mu anaa baabi a mfiri fa no.

13 Awofo De: Yɛbɛpɛ sɛ yɛsan si hia a ehia sɛ awofo hwɛ wɔn mma so mmere nyinaa, wɔ nhyiambea hɔ anaa afie a wɔakɔtra mu no so dua. (Mmeb. 29:15b; Luka 2:48) Bere a dwumadi no rekɔ so no, monhwɛ nhu sɛ mo mma retie na wɔrekyerɛkyerɛw nsɛm ato hɔ. (Hwɛ School Guidebook, kratafa 27, nkyekyem 12.) Wɔ ahomegye mmere mu no, wɔwɔ hokwan ahorow a wɔne wɔn nnamfo a wofi asafo afoforo mu de bɛkɔ akɔsrasra mmeaemmeae.

14 Sɛ ɛsɛ sɛ mmofra kogyaw wɔn anan a, monhwɛ nhu sɛ ɔwofo anaa obi foforo a wɔanyin ka wɔn ho. Sɛ hia a ehia sɛ muhu faako a mo mma wɔ mmere nyinaa ho mfatoho no, kurow biako a wɔyɛɛ nhyiam wom no mu taksi kafo bi ka kyerɛɛ onua bi sɛ ɔfaa mmeawa nkumaa baanu wɔ nhyiambea hɔ. Ɛda adi sɛ na wɔreyɛ nhyehyɛe afi nhyiam no ase awiabere no nyinaa, na wɔka kyerɛɛ ofirikafo no sɛ wɔn maame renhu sɛ wonni hɔ kosi sɛ anwummere 5:00 bɛbɔ. Na taksi kafo no dwen wɔn yiyedi ho, na wɔn maame nso ɛ? Sɛ asiane bi too wɔn a, anka hwɛ awerɛhosɛm a ɛbɛyɛ, sɛ yɛrenka ahohorabɔ a ɛbɛba Onyankopɔn din ne ne nkurɔfo so mpo a!

15 Ani Sɔ Wo Mmoa Nyinaa: Akwankyerɛ a Asafo ti no de ma wɔ nhyiam a ɛsɛ sɛ yɛkɔ wɔ faako a wɔkyerɛ sɛ yɛn asafo nkɔ hɔ, a yɛn mu biara bedi so no ho hia dɛn? Asafo ti no ne nhyiam kurow biara mu anuanom a wotumi de ho to wɔn so de ahwɛyiye na ɛyɛ nhyehyɛe de yɛ ahosiesie ma nhyiam biara. Ɛhwehwɛ sɛ wonya nkongua, aduan, nhoma, ne nea ɛkeka ho a ɛfata. Sɛ anuanom pii kɔ nhyiam horow a wɔankyerɛ sɛ wɔnkɔ no a, ebetumi ama ɔhaw ahorow asɔre. Ebetumi aba sɛ yɛn mu kakraa bi hyia tebea horow a ɛhwehwɛ sɛ wɔkɔ nhyiam foforo. Nneɛma ahorow nti, ebia mmeae afoforo a wɔyɛ nhyiam wɔ hɔ no bɛtwetwe nnipa kɛse, nanso sɛ anuanom no mu fã kɛse ara kɔ baabi a wɔpɛ a, ɛbɛma nneɛma ayɛ basaa yiye.

16 Wohia wo mmoa wɔ ɔkwan a wogyaw to hɔ ma afoforo no mu. Yɛsrɛ sɛ ma ɛntra w’adwenem sɛ WƆN A WUBETUMI AGYAW KWAN ATO HƆ AMA WƆN NE W’ABUSUA MUFO ANKASA NE OBI A EBIA ƆKA WO HO WƆ WO KAR MU NKUTOO. Yɛrenhwehwɛ yɛn ankasa de, na mmom ɔdɔ bɛkanyan yɛn ma yɛahu onipa foforo no de. Enti, sɛ ɛba nkongua a wɔtra so so a, yɛrennyaw nea eye sen biara no nto hɔ mma yɛn ankasa ho ne yɛn abusua mufo a ebia wonni hɔ saa bere no. Yɛbɛpɛ sɛ yehu sɛ afoforo nso atra ase wɔ ahotɔ mu, ne titiriw wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne mmubuafo, na wɔredi honhom fam nneɛma a wofi asɛnka agua no so de ma no.​—1 Kor. 10:24; Lev. 19:32.

17 Wɔhyɛ nyansa sɛ ɛnsɛ sɛ woma w’ankasa nneɛma a wode bɛkɔ nhyiam no dɔɔso bebree. Sɛ biribi nkɔ w’akongua ase a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wubegyaw wɔ fie. Ahobammɔ nti, wɔmma kwan sɛ wode nneɛma a wɔde nnuan ne annone hyem akɛse besisi kwan mu, na sɛ wode si akongua a ɛbɛn wo no so a, ebia obi rennya baabi ntra.

18 Aduan: Sɛnea wɔkae wɔ krataa a ɛhyɛ June 1988 Yɛn Ahenni Som mu no, Asafo ti no ayɛ aduannoa nhyehyɛe no tiawa wɔ ɔmantam nhyiam horow ase denam nnuan bi a ebia pii pɛ nanso ne siesie yɛ den na egye bere pii a wɔayi afi mu no so. Eyi ma yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔnoa nnuan no mu pii bɛka yɛn ho wɔ atiefo no mu, na wonya honhom fam nnuan a wɔde ma no nyinaa mu mfaso. Yɛn ani sɔ ɔpɛ a wɔn a wotu wɔn ho ma som yɛn wɔ ɔmantam nhyiam horow ase wɔ no kɛse. Ɔkwantiaa nhyehyɛe no ma wɔn adwuma no so tew, na wɔyɛ no ntɛmntɛm ma obiara nya mu mfaso!

19 Wɔn a wɔbɛkɔ nhyiam no nyinaa behu sɛ aduan a ɛwɔ hɔ no ye na ɛma ahoɔden, na ɛbɛma wɔanya nnuan a egu ahorow adi nnansa. Wɔde ahwɛyiye kɛse atɔ nnuan a eye sen biara. Nsieisiei a wɔnam Aduanma Dwumadibea no so de ma a wode bedi dwuma akosi ase no bɛboa nhyiam no yɛ.

20 Ntoboa Ahorow: Yehowa nkurɔfo ani sɔ sɛ wotumi hyia bom wɔ mmeae a ɛhɔ ye na ama wɔanya honhom fam dwumadi a wɔasiesie no mu mfaso. Yɛn ani sɔ nnwuma ne nneɛma pii a ɛma yenya ahotɔ a wɔde ma wɔ nhyiam horow a ɛte sɛɛ ase no nso. Wɔde ahwɛyiye ne Asafo ti no sika kɛse na ɛyɛ nhyehyɛe ahorow ma yenya nkongua a ɛsɛ, hyehyɛ akasam ho nneɛma a ne bo yɛ den, nya Aduanma Dwumadibea a ɛyɛ adwuma yiye, ne nnwuma afoforo a ɛma nhyiam no kɔ yɛ anigye na ɛma ahoɔden honhom fam.

21 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ ayamye a Onyankopɔn ahyehyɛde yi no adi yi kanyan yɛn ma yɛde aseda da yɛn anisɔ adi de yi sika ne ntoboa afoforo de boa nhyiam no. Sɛ wode animtew ne ayamye yi ntoboa de boa nokware som a, ebesi wo yiye.​—2 Kor. 9:7; Mmeb. 3:9, 10.

22 Kɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam No: Sɛ yɛkɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no a, yɛn ani begye sɛ yɛbɛte nea enti a hann kurafo a yɛyɛ no yɛ nidi ne hokwan kɛse. Wɔbɛkae yɛn nso sɛ ɛyɛ asɛyɛde a anibere wom. Sɛ yɛde asoyɛ a ɛboro so tie nsɛm a yɛte wɔ nhyiam no ase a, yɛn ahokokwaw ne yɛn asɛyɛde sɛ hann kurafo no ho anisɔ a yɛwɔ no benya nkɔanim. Yɛ wo nhyehyɛe saa bere yi ara sɛ wobɛtra hɔ atie dwumadi no nyinaa, fi dwom a wɔde bue ano Fida kosi mpaebɔ a wɔde wie Kwasida awia no so.

[Kratafa 6 adaka]

Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow

Dabere: Yɛsrɛ sɛ boa nhyiam no Adammisa Dwumadibea no denam wo dabere a wɔde ama wo a wɔbɛtra hɔ no so. Eyi ma wɔkwati nkyereso ne aniwu wɔ dabere afoforo a wobu no sɛ ɛhɔ ye kɛse no. Bɔ mmɔden sɛ wubedu hɔ ntɛm na ama wɔakyerɛ wo wo dabere wɔ bere pa mu. Kyerɛ wo fiewura no ahɔhoyɛ su no ho anisɔ na kae sɛ wobɛma w’abrabɔ adi adanse. (1 Pet. 2:​12; 1 Kor. 4:9b; Kol. 3:15) Ma wo dabere hɔ ntew na biribiara nyɛ pɛpɛɛpɛ. Sɛnea yɛadi kan aka no, Asafo ti no ani sɔ nhyiamfo a wodwen nneɛma ho a woyi ntoboa a ɛyɛ sika de boa nhyiam no wɔ wɔn dabere ho, ɛwom mpo sɛ wɔaka sɛ wonnye hwee wɔ dabere no ho de.

TAMALE NHYIAM: Sɛ woakyerɛw wo din sɛ wobɛkɔ Tamale nhyiam no a, yɛwɔ anidaso sɛ ebedu saa bere yi woayɛ wo dabere ho nhyehyɛe dedaw, ebia denam nhyiam no Adammisa Dwumadibea no so anaa w’ankasa nhyehyɛe so. Yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wɔn a wɔrekɔ Tamale no nyinaa nkuran sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anyɛ yiye koraa no, wonyi dɔnhwerew biako nsi hɔ da biara mfa nkɔ asɛnka bere a wɔwɔ Tamale no. Wonni adanse kɛse wɔ Ɔmantifi te sɛ Anafo ha. Enti, trɛw asɛmpa no mu bere a wowɔ hɔ no! Fa anɔpatutu ne anwummere yɛ asɛnka adwuma. Si wo bo sɛ wobɛyɛ saa! Ɛbɛma anigye a wubenya wɔ akwantu no mu no ayɛ kɛse na ɛde nhyira pii a efi Yehowa hɔ bɛbrɛ wo.

Asubɔ: Ɛsɛ sɛ asubɔhwehwɛfo no tra ase wɔ beae a wɔde ama wɔn no ansa na dwumadi no afi ase Memeneda anɔpa. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛbɔ asu no de asuguare atade a ɛfata ne mpopaho ba. Bere a ɔkasafo no ama asubɔ ɔkasa no abɔ mpae awie no, dwumadi no guamtrani de akwankyerɛ tiawa bɛma asubɔhwehwɛfo no, na afei wama wɔato dwom. Sɛ wɔto nkyekyem a etwa to no wie a, wɔn a wogye ahɔho no bɛkyerɛ asubɔhwehwɛfo no kwan akɔ faako a wɔbɛbɔ wɔn asu, anaa lɔre ahorow a ɛde wɔn bɛkɔ hɔ no ho. Esiane sɛ asu a wɔbɔ obi ma ɔde yɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne yɛ ɔno ankasa ne Yehowa ntam asɛm nti, wɔrenyɛ nsiesiei biara mma nea wose ɛyɛ ahokafo asubɔ a asubɔhwehwɛfo baanu anaa nea ɛboro saa bam wɔn ho anaa wɔso wɔn ho wɔn ho nsam bere a wɔrebɔ wɔn asu no.

Adwuma a Wotu Ho Ma Yɛ: Wɔn a wotu wɔn ho ma mmoa ho hia na ɔmantam nhyiam no akɔ so pɛpɛɛpɛ. Sɛ ebia wubetumi ayɛ adwuma wɔ dwumadi no fã bi pɛ mu mpo a, ani bɛsɔ nnwuma a wobɛyɛ no. Sɛ wubetumi aboa a, yɛsrɛ wo sɛ kohu Adwuma a Wotu Ho Ma Yɛ Dwumadibea no bere a woadu nhyiam no ase no. Mmofra a wonnii mfe 16 nso betumi aboa ma nhyiam no akɔ so yiye, nanso wɔhwehwɛ sɛ wɔne ɔwofo anaa ɔpanyin foforo a wotumi de ho to no so yɛ adwuma.

Akwampaefo Adansedi Kratasin: Ebehia sɛ daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw, ahwɛfo akwantufo ne Betel abusua no mufo nyinaa de wɔn Pioneer Service Identification kratasin (S-202) ba nhyiam no. Akwampaefo benya nhoma a woyi adi a wɔde kyɛ wɔn ne nhoma afoforo wɔ akwampaefo bo so wɔ Nhomatɔnbea hɔ bere a wɔde wɔn Pioneer Service Identification kratasin akyerɛ nkutoo. Wɔde nhyiam tekit ahorow bɛma akwampaefo a bere a wɔbɛkɔ nhyiam no, anyɛ yiye koraa no na wɔayɛ akwampaefo asram asia, bere a wɔde wɔn Pioneer Service Identification kratasin kyerɛ wɔ nhyiam no biako ase nkutoo no. Wɔmma akwampaefo kwan sɛ wɔntɔn nhyiam tekit yi. Ɛsɛ sɛ wɔsan de tekit biara a wɔamfa antɔ ade no kɔ Sika Ho nsɛm Ho Dwumadibea wɔ nhyiam no awiei.

Ade a Wɔde Bɔ Koko So: Yɛsrɛ sɛ bɔ ade a wɔde bɔ koko so a wɔahyɛ da ayɛ no wɔ nhyiam no ase, ne afei bere a worekɔ nhyiambea hɔ ne bere worefi hɔ akɔ no. Eyi taa ma yetumi di adanse fɛfɛ bere a yɛretu kwan no. Ɛsɛ sɛ mo nsa ka eyi denam mo asafo no so, efisɛ morennya bi wɔ nhyiam horow no ase.

Kɔkɔbɔ: Ɛmfa ho sɛ ɛhe na wode wo kar besi no, ɛsɛ sɛ wode safe tom mmere nyinaa, na nnyaw biribi wom a wobehu da. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, to wo nneɛma mu hyɛ faako a wɔde nneɛma hyɛ no. Afei nso, hwɛ yiye wɔ akorɔnfo ne atotobotomfo a wɔpɛ mmeae a nnipa pii ahyiam no ho. Nea ɛka eyi ho ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wugyaw biribi a ɛsom bo to nkongua so wɔ nhyiam no ase a obi nhwɛ so. Wɔde amanneɛbɔ bi ama mpo sɛ wɔahu nnipa bɔne bi sɛ wɔrebɔ mmɔden adaadaaa mmofra nkumaa afi nhyiambea hɔ. Yɛsrɛ wo hwɛ yiye.

Wɔde amanneɛbɔ ama sɛ ahɔhodan ahorow bi ma wotumi hwɛ television so dwumadi ahorow a ɔbrasɛe anaa nguamansɛm mpo wom. Eyi si sɛnea ehia sɛ wɔkwati TV a wɔma mmofra hwɛ a obiara nhwɛ wɔn so wɔ dabere ahorow yi so dua.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena