Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/88 kr. 3-6
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1987 “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • 1985 “Mudi Mu Kurafo” Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Bra 1990 “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam No
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 11/88 kr. 3-6

1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam

1 Yehowa Nyankopɔn dɔ asɛntrenee ne atɛntrenee. (Dw. 33:5, NW) Ne somfo Elihu paem kae sɛ: “Otumfoɔ de, yenhu no, ɔyɛ tumi mu ɔkɛse, na ɔrenkyea atemmu ne trenee a ɛdɔɔso.”—Hiob 37:23.

2 Ampa, Yehowa Nyankopɔn mmuu n’ani nguu ntɛnkyea a wɔabu wɔ wiase yi mu no so. Esiane sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a n’abrabɔ gyinapɛn ahorow nsakra nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔrennya amumɔyɛsɛm a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho koma daa. (Fa toto Yesaia 14:3-8 ho.) Nokwarem no, Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ yɛn bere yi ne wiase a ennim Nyankopɔn no nna a edi akyiri. Enti ɛho hia sɛ yɛde yɛn nnwuma kyerɛ sɛ yɛdɔ trenee ne ɔsoro atɛntrenee ne sɛ yɛtew yɛn ho fi wiase yi nneyɛe ahorow a wɔabu no fɔ no ho.

3 Yehowa Adansefo rehwɛ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam horow a wɔayɛ ho nhyehyɛe ama 1988 no kwan. Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn wɔ ɔmantam nhyiam horow ase ampa. Yɛde adwenem tebea a wɔada no adi wɔ mpae a efi honhom mu wɔ Dwom 119:33 no na ɛkɔ: “[Yehowa], kyerɛ me w’ahyɛde kwan, na mafa so makosi ase.” Ampa ara, saa nsɛm yi da Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nnɛ no nyinaa nkate adi.

4 DWUMADI NHYEHYƐE A EFI NHYIAM KUROW KƐSE MU: Sɛnea na ɛte wɔ 1983 mu no, wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔnam telefon ahama so bɛka Kumasi ne Sekondi nhyiam horow no atõa Accra de no mu. Enti Accra bɛyɛ nhyiam kurow kɛse a wofi hɔ de dwumadi nhyehyɛe no bɛkɔ Kumasi ne Sekondi. Wɔ saa kwan yi so no, anuanom a wɔwɔ saa nhyiam horow no ase no benya mfaso afi ɔkasa ahorow a Baa Boayikuw no mufo ne Betel mpanyimfo afoforo bɛma no mu. Wɔayɛ nhyehyɛe nso sɛ asɛmpatrɛwfo bɛkɔ akɔsra wɔn kurom na wɔne wɔn abusuafo ne nnamfo akɔ nhyiam horow. Dwumadi nhyehyɛe no fa bi bɛka asɛmpatrɛwfo dwumadi ho asɛm. Wɔbɛto nsa afrɛ asɛmpatrɛwfo no bi ma wɔabɛka wɔn osuahu ahorow akyerɛ yɛn wɔ nhyiam no bi ase.

5 KƆ NE NYINAA: “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam no yɛ nnanan. So woayɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ ne nyinaa? Efi ɔfã a wɔde bue ano Yawda awia 1:30 no so kosi mpaebɔ a wɔde wie bɛyɛ Kwasida anwummere 4:00 no, wɔde nsɛm a ɛho hia ma yɛn honhom mu akwahosan bɛma. Wobesi ɔsoro atɛntrenee fã foforo so dua da biara. Nea ɛka nhyehyɛe no ho ne ɔkasa, ɔyɛkyerɛ, ne drama ahorow. Enti, mma ɔfa biako mpo mpa wo ti so. Yehu sɛ ebia eyi bɛma wode nneɛma ahorow bi abɔ afɔre na woayɛ nsakrae horow bi wɔ wo dwumadi nhyehyɛe mu. Ebia ɛsɛ sɛ wo ne w’adwumawura yɛ nhyehyɛe na ama woatumi akɔ nhyiam no. Sɛ wobɔ asɛm no ho mpae nokware mu na wufi wo koma mu bɔ ho mmɔden a, ɛda adi sɛ Yehowa behyira wo.—Mat. 5:3.

6 Bɔ mmɔden sɛ wubedu hɔ ntɛm da biara na tra ase ansa na dwumadi no afi ase. Eyi bɛma woanya hokwan ma wone anuanom a wofi mmeae afoforo anya Kristofo fekubɔ mu anigye. (Rom. 1:12) Ɛbɛma woatumi de nnwonto a ɛyɛ yɛn som fã a ɛho hia kɛse no ayi Yehowa ayɛ, na woanya mpaebɔ a wɔde bue ano no mu kyɛfa. Susuw ho nso sɛ wɔn a wɔtete wo nkyɛn no ani bɛsɔ sɛ wontwetwe wɔn adwene mfi dwumadi nhyehyɛe no so denam ba a womma ntɛm so no. Ɛsɛ sɛ Kristofo dɔ ne afoforo ho a wosusuw a obu ma Yehowa ne honhom fam nneɛma a ɔde ma no ka ho ka yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara de du hɔ bere ano.

7 YƐ ASO WƆ NEA WUTIE NO HO: “[Yehowa] nsɛm yɛ nsɛm kronkron te sɛ dwetɛ a wɔanan ananee a ɛsen fam a wɔayiyi mu mpɛn ason.” (Dw. 12:6) Wɔbɛte Yehowa “nsɛm kronkron” no pii wɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam no ase. Asɛm no renyɛ nkrasɛm biara a osekufo bi repɛ atie, na mmom ɛbɛyɛ nsɛm a wɔde ma Yehowa nkurɔfo, wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama no, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ n’ani, wɔn a ‘n’asɛm nti wɔn ho popo’ no titiriw. (Yes. 66:5) Wɔ nnipa a wɔte asase so nyinaa mu no, yɛn na yɛanya ɔdom kɛse sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn.—Yes. 54:13.

8 Asɛm tie kyerɛ sɛ yɛde yɛn adwene ne yɛn koma, yɛn aso ne yɛn ntease tumi nyinaa bɛyɛ aso. Yehia sɛ yetie na yɛte “[Yehowa] asɛm.” (Yer. 2:4) Nea ɛka nea yɛte no ho ne nokware nimdeɛ a ɛbɛtrɛw yɛn ntease mu na ama yɛn anisɔ mu adɔ. Yɛbɛte nsɛm a ɛbɛhyɛ yɛn gyidi ne yɛn anidaso mu den. Yebenya afotu ne nteɛso a ɛho wɔ mfaso ma yɛn. Wɔde bere pii na ayɛ nhwehwɛmu na wɔde asiesie dwumadi no. Enti, ɛho hia sɛ yetie na yɛma yɛn ani da hɔ wɔ nea Yehowa Asɛm reka akyerɛ yɛn no ho. Yɛn ankasa betumi anya mfaso afi mu ma enti yɛatumi de nsɛm no adi dwuma de aboa afoforo.—Mmeb. 18:15.

9 Esiane sɛ atirimpɔw titiriw a yɛde kɔ nhyiam ne sɛ yebenya honhom mu akwankyerɛ ne nkuranhyɛ nti, yɛ nhyehyɛe sɛ wubedu hɔ ntɛm na woadi nneɛma a ɛho hia, te sɛ nhyiam ase aduan tekit a wobɛtɔ, ho dwuma, na afei tra ase ansa na dwumadi no afi ase. Eyi a wobɛyɛ no bɛma wo ho adwo wo a nneɛma a ɛmfa dwumadi no ho pɔtee ho adwennwen nhyɛɛ w’adwene mu ma.

10 Hwɛ sɛ wobɛda yiye anadwo biara sɛnea ɛbɛyɛ a ebedu anɔpa no na woahome na woatumi de w’adwene asi dwumadi no so koraa ɛda no mu. Ɛwom sɛ nhyiam bere ma yenya hokwan fɛfɛ a yɛsan de hyɛ nnamfofa mu den na yenya fekubɔ a ɛyɛ anigye de, nanso sɛ yɛne yɛn nnamfo tra ase kyɛ anadwo no mu a, ebia yɛn ani rentumi nna hɔ sɛnea yebenya mfaso koraa afi dwumadi no mu ɛda a edi hɔ no.

11 Yɛhyɛ nyansa sɛ wɔmfa atɛmpa nni dwuma wɔ nneɛma a yɛde bɛkɔ nhyiam ase no ho. Wɔ mmere a atwam no mu no, ebinom de nneɛma akɛseakɛse a nsu, nnuan ne ade wom a wontumi mfa nhyɛ nkongua ase bae. Wɔde eyinom sisii ɔkwan a ɛda nkongua ntam no mu anaasɛ nkongua so. Ɛho hia sɛ yesusuw nneɛma ho wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ mu. Sɛ ebia esiane nsɛnnennen a ɛwɔ faako a motrae no nti ɛsɛ sɛ wode nneɛma akɛse ba nhyiambea hɔ a, yɛsrɛ wo hwɛ sɛ wode bɛkɔ akogyaw wɔ Checkroom hɔ anaasɛ wode bɛhyɛ wo kar mu faako a wɔde nneɛma hyɛ no na woato mu.

12 ASUBƆ: Wɔbɛma asubɔ kasa no Memeneda anɔpa. Asubɔ yɛ ade a wɔyɛ ma afoforo hu sɛ obi ahyira ne ho so ama Yehowa Nyankopɔn a ɛnkaa hwee. Dwumadi no fa yi yɛ ɔmantam nhyiam mu nneɛma atitiriw no mu biako bere nyinaa. Yɛn nyinaa nya mu mfaso denam tie a yetie no yiye na yesusuw yɛn ankasa ne Yehowa ntam abusuabɔ ho no so. Nea ɛka ho no, yɛne asubɔfo no nyinaa ani gye. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛbɔ asu no nyinaa de asuguare ntade a ɛfata ma adeyɛ no ne mpopaho ba.—Hwɛ Yɛn Ahenni Som, November 1987, kratafa 3, nkyekyem 6.

13 Ɛsɛ sɛ asubɔfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase wɔ beae a wɔde ama wɔn no ansa na dwumadi no afi ase Memeneda anɔpa. Asubɔ kasa no ne ɔkasafo no mpaebɔ akyi no, dwumadi ɔfa no titrani no de akwankyerɛ tiaa bɛma asubɔfo no na afei wama wɔato dwom. Obiara bɛsɔre bere a wɔreto dwom no. Ansa na wɔbɛto nea etwa to no awie no, wɔn a wogye ahɔho no bɛkyerɛ asubɔfo no kwan akɔ faako a wɔbɛbɔ wɔn asu no anaasɛ kar a ɛde wɔn bɛkɔ no mu, bere a atiefo nkae no wie dwom no to no.

14 KYERƐKYERƐW NNEƐMA: Wɔ wo Bible ne nnwom nhoma akyi no, kae sɛ wode nhoma ketewaa bi a wobɛkyerɛkyerɛw nneɛma agu mu ne pɛn anaa pɛnsere bɛba. Ebia ɛnyɛ yɛn su sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛw nneɛma wɔ dapɛn dapɛn nhyiam ahorow no ase efisɛ wɔfa ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow no pii fi nhoma ahorow a obiara nsa betumi aka bi wɔ asafo no mu no mu. Nanso, nsɛm a wɔde ma wɔ ɔmantam nhyiam ase a yebetie no yɛ soronko koraa. Bere a ɔkasa ahorow no mu bi bepue wɔ nhoma ahorow mu no, afoforo rempue wom. Sɛ wobetintim ɔkasa ahorow no nyinaa mpo a, mfaso kɛse da so ara wɔ hɔ a yebenya afi nneɛma a yɛbɛkyerɛw wɔ ɔkwantiaa a edi mũ so no mu.

15 Ade biako ne sɛ nneɛma a wobɛkyerɛkyerɛw no boa ma wode w’adwene si nea ɛrekɔ so no so. Yiyi ɔkasafo no nsɛntitiriw ne kyerɛw nsɛm atitiriw anaa adwene afoforo a ebia ɔde bɛma no. Afei kyerɛw eyinom ho nsɛm tiaa. Mpɛn pii no ɔkasamu biako anaa abien bɛyɛ nea eye ma asɛntitiriw biako. Sɛ wudi saa nyansahyɛ yi akyi a, akyinnye biara nni ho sɛ w’adwene a wode si ade so no benya nkɔanim. Ɛremma w’adwene nkyinkyin anaasɛ biribi a ɛrekɔ so wɔ nhyiam no akyi ntwetwe w’adwene. Ebesiesie wo ama nhyiam no mu ntĩmu a wɔbɛyɛ wɔ w’asafo no mu dapɛn a edi hɔ no nso.

16 So wode mmofra nkumaa anaa wɔn a wonnya nnii mfe 20 bɛkɔ? Ɛnde dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe mma wɔnnkyerɛkyerɛw nneɛma sɛnea wɔn mfe ne wɔn ahoɔden te? Ma abusua no nhu sɛ woreyɛ nhyehyɛe sɛ, sɛ mosan kɔ faako a moda no anaasɛ moretu kwan asan akɔ fie a, mobɛsan atĩ nsɛntitiriw a akasafo no kaa ho asɛm no binom mu. Wobetumi ahyɛ mmofra nkumaa nkuran ma wɔakyerɛw kyerɛw nsɛm ahorow a wɔbɛkenkan no nyinaa anaasɛ wɔahyɛ mpɛn dodow a wɔte sɛ ɔkasafo bi dan adwene kɔ nsɛntitiriw bi anaasɛ ne kasa no asɛmti no so no nsow. Ɛdenam eyi so no, wobenya nnepa pii afi ɔkasa ahorow no mu. Eye sɛ mmofra sua sɛ wɔbɛyɛ aso wɔ Kristofo nhyiam horow ase. Ɛbɛyɛ nea woreboa wɔn ma wɔato fapem a ɛyɛ den ama daakye.—Deut. 31:12; Efe. 6:4.

17 ABRABƆ PA: Afe biara wɔ yɛn ɔmantam nhyiam horow akyi no, yɛn nsa ka nsɛm a eye fa sɛnea nneɛma kɔɔ pɛpɛɛpɛ ne abrabɔ pa a woyii adi no ho. Bɛhwɛadefo taa ka mpanyin ne mmofra nyinaa ahotew ho asɛm, ɛnkanka asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ anuanom ntam bere a wɔwɔ nhyiam no ase no. Afe 1987 ka ho. Nanso dɛn nti na yɛreka eyi ho asɛm? Efisɛ ɛyɛ nkuranhyɛ sɛ yebehu sɛ bere a yɛyɛ nhwɛso pa no, afoforo hu na wɔkyerɛ ho anisɔ. (1 Pet. 2:12) Nea ehia kyɛn so no, ɛde nkamfo brɛ Onyankopɔn. Yɛpɛ sɛ yedi Yehowa ni wɔ nsɛm ne nneyɛe mu, na esiane sɛ ebia nkurɔfo de yɛn abrabɔ na ebehu ahyehyɛde no anaasɛ Onyankopɔn a yɛsom no no nti, yɛpɛ sɛ yɛn ani da yɛn ho so wɔ nea yɛyɛ ho bere nyinaa.

18 Mmeae ahorow bi wɔ hɔ a ehia sɛ yɛde yɛn ani kɔ so na ama ‘yɛahyerɛn sɛ akanea’ koraa, titiriw no bere a yɛafi nhyiambea hɔ, te sɛ faako a yɛda no.—Fil. 2:15.

19 Sɛ asomfo a yɛahyira yɛn ho so no, ɛsɛ sɛ yɛn bra yɛ nea eye BERE NYINAA. Wohu abrabɔ pa nhwɛso titiriw wɔ nhyiam akɛse ase, na abrabɔ a ɛte saa no hyɛ Yehowa din anuonyam. Nanso, nnipa kakraa bi abrabɔ bɔne ne nneɛma ho a wonsusuw betumi de ahohorabɔ aba Yehowa din ne ne nkurɔfo so. Amanneɛbɔ ahorow a nsa aka kyerɛ sɛ ebinom mmfaa atɛmpa nnii dwuma wɔ saa nsɛm yi mu. Nokwarem no, wɔka sɛ ebinom de ayɛ wɔn su sɛ wobefi nhyiambea hɔ ansa na dwumadi no aba awiei, esiane ade biako anaasɛ foforo nti. Wɔnhwɛ Adansefo mmofra so yiye wɔ sukuu adan a wɔasoɛ asafo ahorow pii wom no mu na wɔyɛ basabasa kɛse, wɔde dede tutu mmirika wɔ hɔ na wɔhaw afoforo, na ɛtɔ mmere bi mpo a wobubu nkongua na wɔsɛe agyapade afoforo. Wɔ mpanyimfo kakraa bi fam no, wɔda wiase honhom adi bere a wɔasan akɔ faako a wɔda no na wɔde wɔn ho hyɛ adidi ne ɔnom mu ma ɛtra so no. Yehu sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo nipasu no yɛ wɔ nhyiam ase no pefee, nanso, bere a ebinom afi nhyiambea hɔ no, ɛte sɛ nea wɔn werɛ fi nea wohui na wɔtee wɔ dwumadi no mu no. (Yak. 1:22-24) Nhyiam ase ne baabi foforo biara a yɛwɔ, ne yɛn abrabɔ ne ahosiesie, di yɛne Onyankopɔn a yɛsom no no ho adanse.

20 Nokwarem no sɛ wowie nhyiam dwumadi no a, pii ani gye sɛ wɔbɛbom adidi na wɔabɔ fekuw. Eyi betumi ayɛ anigye na yebetumi de bere no adi dwuma yiye wɔ nkɔmmɔbɔ pa mu bere a yɛka osuahu ahorow kyerɛ yɛn ho yɛn ho na yefi nhyiam no mu nsɛntitiriw mu no. Bere a ‘yɛma yɛn abrabɔ fata asɛmpa no,’ ɛde anigye brɛ yɛn na ɛhyɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa anuonyam—Fil. 1:27.

21 Yɛn abrabɔ ne ahosiesie wɔ nhyiam no ase ne mmeae afoforo no di yɛne Onyankopɔn a yɛsom no no ho adanse. Ɛsɛ sɛ yɛma eyi tra yɛn adwenem bere nyinaa na yɛde anidahɔ hyɛ ntade nanso yɛma nidi ne ahotew bam bere a yɛwɔ nhyiam kurow no mu no. Sɛnea yɛahyɛ no nsow wɔ atifi hɔ no, kurow no mufo kyerɛ yɛn ho anisɔ bere nyinaa na wɔka nsɛm a eye a ɛhyɛ yɛn Nyankopɔn no anuonyam. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, yehu sɛ ebinom hyehyɛ T-shirt a nkyerɛwee ahorow a ɛmfata Kristofo nyinaa bi wom, na wɔ nsɛm no bi mu mpo no, nnipa binom a wiase no som wɔn sɛ akatakyi no mfonini na ɛwom wɔ nhyiam ase. So atade a ɛte saa no fata ankasa wɔ yɛn Ahenni Asa a wɔabae mu, nhyiambea hɔ, no so? Dabida! Ɛnyɛ sɛ yɛreka eyi de ahyehyɛ mmara bi. Nanso asɛm no ne sɛ ebinom aka sɛnea eyi ahaw adwene no nokwarem wɔ mmere a atwam mu na yɛpɛ sɛ yekwati biribiara a ebetumi ato yɛn nuanom hintidua no.

22 Nkaebɔ a efi ayamye mu a etwa to no fa nsrahwɛ ne kasa bere a dwumadi no rekɔ so no ho. Ɛda adi sɛ sɛ yehu yɛn nnamfo wɔ nhyiam ase a yɛn ani gye, nanso nea ɛsɛ sɛ ɛtra yɛn adwene mu kɛse ne obu ma Yehowa ne yɛn nuanom ho a yesusuw. Enti, yɛrempɛ sɛ yɛhaw afoforo anaasɛ yɛtwetwe wɔn adwene bere a dwumadi no rekɔ so no. Sɛ biribi nti ɛsɛ sɛ wosɔre fi w’akongua so a, yɛ no ntɛm ne dinn sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Ɛsɛ sɛ obiara yɛ aso bere a dwumadi no rekɔ so no. Yɛwɔ hɔ sɛ yebetie na yɛasua ade.—Luka 8:18.

23 ADUAN: Sɛnea wɔkae wɔ krataa a ɛhyɛ June 1988 Yɛn Ahenni Som mu no mu no, Asafo ti no ayɛ aduan nhyehyɛe no tiawa wɔ ɔmantam nhyiam horow ase denam nnuan bi a ebia pii pɛ nanso ne siesie yɛ den na egye bere pii no a wɔayi afi mu so. Eyi boa yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔnoa nnuan no ma wɔbɛka yɛn ho wɔ atiefo no mu na wonya honhom fam aduan a wɔde rema no nyinaa mu mfaso. Yɛn ani sɔ wɔn a wotu wɔn ho ma de som wɔ ɔmantam nhyiam horow ase no ɔpɛ no kɛse.

24 Wɔn a wɔbɛkɔ nhyiam no nyinaa behu sɛ aduan a ɛwɔ hɔ no yɛ nea eye na ɛma ahoɔden, na ɛbɛma wɔanya nsakrae pa nnanan. Wɔde ahwɛyiye kɛse na atɔ nnuan a eye sen biara no. Nsiesiei a ɛwɔ Aduanma Dwumadibea [Food Service Department] hɔ no a wode bedi dwuma koraa no bɛboa nhyiam no yɛ no.

25 ADWUMA A WOTU WƆN HO MA YƐ: Wohu ɔkwantiaa a wɔfa so yɛ ade no so duasi no wɔ nnɔnhwerew pii a wɔde yɛ ɔmantam nhyiam ho nhyehyɛe no mu. Wɔn a wɔakyɛ wɔ nokware no mu no bɛkae sɛ kan no ansa na wɔbɛyɛ nhyiam ne wɔ nhyiam no mu no, na wohia nnipa pii a wobetu wɔn ho ama na wɔde wɔn bere mu nnɔnhwerew pii ayɛ adwuma wɔ nhyiam ase dwumadibea ahorow no mu. Ná yɛn ani sɔ saa adwuma a wofi ɔdɔ mu yɛ no kɛse, nanso na ɛtaa ma dwumadi no mu fa kɛse no ara pa wɔn a wɔatu wɔn ho ama no mu pii ti so.

26 Bere a wɔn a wobetu wɔn ho ama ne nnɔnhwerew kakraa bi na wobehia ma wɔayɛ adwuma no mprempren no, wɔn a wotu wɔn ho ma mmoa da so ara hia na ama ɔmantam nhyiam no atumi akɔ so fɛfɛɛfɛ. So wubetumi anya mu kyɛfa? Ɛnsɛ sɛ obiara te nka sɛ ne ho a ɔde bɛma no bɛma dwumadi no mu pii apa ne ti so sɛnea ɛtoo binom wɔ mfe a atwam no mu no.

27 Sɛ wudu nhyiam no ase a, kɔkyerɛw wo din wɔ Wɔn a Wɔatu Wɔn ho Ama Dwumadibea [Volunteer Service] hɔ. Sɛ nhyiam bere no fã bi kɛkɛ na wubetumi de ayɛ adwuma mpo a, yɛn ani bɛsɔ. Wubehu sɛ ɛyɛ honhom fam akatua sɛ woyɛ adwuma wɔ nhyiam ase. Mmofra a wonnii mfe 16 nso betumi aboa ama nhyiam no akɔ so, nanso wɔhwehwɛ sɛ wɔne wɔn awofo anaa ɔhwɛfo bom yɛ adwuma.

28 KASA A WƆKYERE GU AFIRI SO NE VIDEO MFONINITWA: Ɛte sɛ nea ɛyɛ ne bere mu sɛ yɛbɛma Asafo ti no gyinabea wɔ video mfoninitwa mfiri ne mfiri afoforo ho no mu ada hɔ. Nhyehyɛe bi a ɛtra hɔ daa ye ma nhyiam horow nyinaa—ɔmantam, ɔmansin nhyiam, nhyiam da titiriw ahorow, ne wɔ Ahenni Asa so nso. Bere a wɔmmraa mfiri a ɛte saa a wɔde bedi dwuma no, ɛte sɛ nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛsodi ne anohyeto bi wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔn a wogye ahɔho no ma wɔn ani da hɔ sɛ wɔn a wɔde video mfoninitwa mfiri ne nea wɔde kyere kasa di dwuma no renhaw afoforo anaasɛ wɔrentwetwe wɔn adwene mfi dwumadi a ɛrekɔ so no so. Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔde mfiri a ɛtete saa redi dwuma no ne wɔn a wogye ahɔho no ne mpanyimfo a wɔrehwɛ nhyiam no so no yɛ biako na ɛnyɛ sɛ wɔbɛsɔ wɔn ho ani. Ɛnsɛ sɛ wɔde mfiri a ɛtete saa no sisi akwan a ɛdeda nkongua ntam anaa akwan a wɔfa so pue no mu. Ɛnsɛ sɛ wɔde mfiri a ɛte saa no mu biara so akasam afiri ahama anaa anyinam akanea ahama biara mu, na saa ara nso na wɔremma akanea akɛse biara ho kwan. Wɔ nsɛm no bi mu no, wobetumi de mfiri a ɛte saa no asi baabi a ɛrenhaw atiefo no, te sɛ wɔ asa anaa pata no akyi sɛɛ.

29 NEA ETWA TO: Ntease pa pii wom a enti yɛpɛ sɛ yɛkɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam no ase faako a yebetumi ne yɛn nuanom ɔpepem pii asom Yehowa no ase no. Afei nso, nhyiam horow yɛ honhom mu apontow a ɛhyɛ yɛn gyidi den na ɛma yɛn anisɔ ma nokware no mu dɔ. Odiyifo Yesaia kae sɛ “ɔkɔm renne” Yehowa nkoa “na osukɔm renne wɔn, na kumafrote ne owia renka wɔn, na nea ohu mmɔbɔ no begya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasu so kwan.” (Yes. 49:10) Ampa, Yehowa nkurɔfo nni kɔm honhom mu anaasɛ nokware ho sukɔm nne wɔn. Saa ara nso na Onyankopɔn atemmu a ɛyɛ hu ho kumafrote nka yɛn. Yenim sɛnea honhom mu nsiesiei ahorow no yɛ dɛ fa ne sɛnea ahoɔden wom no. Enti na yɛn ani gye hokwan a yɛanya sɛ yebehyiam ayɛ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam horow no afe yi no ho no.

[Adaka wɔ kratafa 6]

Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ

DABERE: Yɛpɛ sɛ yɛtwe adwene si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wotintim Adammisa nkratasin a wɔde manae no 1983 mu no so. Ne saa nti, adan bo a ɛwɔ so no nyɛ adwuma nnɛ. Adammisa Dwumadibea no bɛyɛ nea wobetumi nyinaa de anya dabere a ne bo ye ama obiara. Nanso wubetumi ahwɛ kwan sɛ obi ankasa fi ne ahɔhodan bo a ɛyɛ ¢10, ¢150, ne ¢250 a ɛwɔ Adammisa kratasin no so no akɔ soro bɛyɛ mpɛn du. Ade foforo: Yɛn ani bɛsɔ mmoa a mode bɛma Adammisa Dwumadibea no denam dabere a wɔde bɛma mo no a mobɛtra hɔ so no kɛse. Nhyiam abiɛsa pɛ na wɔbɛyɛ wɔ Ghana anafo ha afe yi. Eyi kyerɛ sɛ nkyereso bɛba nhyiam nkurow no mu ɔkwan bi so. Mommɔ mmɔden sɛ mubedu nhyiam kurow no mu ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akyerɛ mo mo dabere no awia. Momma mo dabere ho ntew na biribiara nyɛ pɛpɛɛpɛ. Monkyerɛ wɔn a wogyee mo ahɔho no ahɔhoyɛ su no ho anisɔ na monkae sɛ mobɛma mo abrabɔ adi adanse.—1 Pet. 2:12; 1 Kor. 4:9b; Kol. 3:15.

AKWANTU: Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ lɔre a ɛde wɔn bɛkɔ nhyiam no na ɛde wɔn aba ho nhyehyɛe a edi mũ saa bere yi. Monhwɛ sɛ bɔs ahorow a mobɛfa no wɔ ahoɔden ne sɛ afirikafo no yɛ wɔn a wotumi de ho to wɔn so. Eyinom na ɛsɛ sɛ mudi kan susuw ho, na ɛnyɛ ne bo a ɛyɛ mmerɛw no. Ankorankoro pii de wɔn ankasa mfiri bɛkɔ. Sɛ ɔkwan wom a, ɛbɛyɛ nea ɛkyerɛ Kristofo ayamye sɛ wobɛfa obi a ɔwɔ asafo no mu, ebia ɔkwampaefo anaasɛ ɔdawurubɔfo bi a ahia no aka wo ho. Ɔkwan foforo so no, wɔ ebia adawurubɔfo a ahia wɔn ankasa akyi no, anyɛ yiye koraa ɛsɛ sɛ wɔn a afoforo fa wɔn tra wɔn kar mu no tua biribi kakra na wɔde atew wɔn petrol ka so esiane sɛ yenim sɛ petrol ne kar siesie bo yɛ den wɔ ɔman yi mu nti. Ɛyɛ yɛn Kristofo su ahorow no bi sɛ yebefi yɛn pɛ mu ayɛ saa.

DWUMADI NHYEHYƐE MMERE: Ɛyɛ ade a efi nyansa mu na ɛkyerɛ anisɔ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra ase bere a dwumadi no fi ase no. Yawda dwumadi no de nnwom, afei dwom ne mpaebɔ befi ase awia 1:30 wɔ nhyiam nkurow no nyinaa mu, na dwumadi no bɛba awiei anwummere 5:10. Fida dwumadi no befi ase anɔpa 9:20 na aba awiei anwummere 4:40. Ebefi ase anɔpa 9:20 na aba awiei anwummere 4:55 Memeneda. Kwasida dwumadi no befi ase anɔpa 9:30 na aba awiei anwummere 4:00. Baguam ɔkasa no de dwom ne mpaebɔ befi ase Kwasida awia 2:00.

ASƐNKA: Ɛwom sɛ wɔnyɛɛ asɛnka ho nhyehyɛe biara wɔ dwumadi nhyehyɛe no so de, nanso eye sɛ wode ani bɛkɔ bɔnnɔ so ne anwummere adansedi so bere a wowɔ nhyiam kurow no mu no. Yɛkamfo eyi kyerɛ wɔn a wofi anafo ha bɛkɔ Tamale nhyiam no bi no titiriw. Afei nso, hwɛ sɛ wobɛyɛ w’asɛnka dwumadi ho kyerɛwtohɔ ntɛm ara ɔsram no awiei.

Yɛn mu pii buu ani guu yɛn asɛnka kyerɛwtohɔ a yɛbɛyɛ no so afe a etwaam no esiane nhyiam akwantu nti. Momma yɛmfa nhyɛ yɛn kalenda so afe yi na yɛn werɛ amfi sɛ yebebu akontaa.

AKWAMPAEFO ADANSEDI KRATASIN: Ɛho hia sɛ daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw ne ahwɛfo akwantufo ne Betel abusua mufo nyinaa de wɔn Watchtower Identification and Assignment kratasin (S-202) no ba nhyiam no. Wɔn a ebedu bere a wɔbɛkɔ nhyiam no na wɔanya asram asia no benya tekit a ɛyɛ ¢1,000 bere a wɔde wɔn Watchtower adansedi kratasin no akyerɛ wɔ nhyiam biako pɛ nkutoo ase no. Wɔmmma akwampaefo kwan sɛ wɔbɛtɔn nhyiam tekit ahorow yi. Ɛsɛ wɔsan de tekit biara a wɔamfa antɔ aduan no kɔ dwumadibea a ɛhwɛ sika ho nsɛm so [Audit Department] no wɔ nhyiam no awiei. Hwɛ adansedi kratasin no yiye te sɛ sika. Wɔrentumi nnya bi nhyɛ ananmu wɔ nhyiam no ase. Akwampaefo benya nhoma biara a wobeyi adi a wɔde kyɛ wɔn ne nhoma afoforo wɔ akwampaefo bo so wɔ nhomatɔnbea hɔ nkutoo, bere a wɔde wɔn Watchtower adansedi kratasin no akyerɛ no. Sɛ wɔde adansedi kratasin no kyerɛ de regye tekit anaa nhoma a, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ agyiraehyɛde biara wɔ so anaa wotwa.

ADE A WƆDE BƆ KOKO SO: Wɔde saa nkratasin yi ma sɛ nea yɛnam so bɔ nhyiam no dawuru na yɛde hu yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔaba no. Esiane eyi nti, yɛsrɛ mo mommɔ mo ade a wɔde bɔ koko so a wɔahyɛ da ayɛ no bere a mowɔ nhyiam no ase ne bere a moreba ne bere a morekɔ fie no. Mpɛn pii no eyi tumi ma yedi adanse bere a yɛretu kwan no. Nsa betumi aka ade a wɔde bɔ koko so no denam mo asafo no so; murennya bi wɔ nhyiam no ase. Ade a wɔde bobɔ koko so no biako yɛ ¢5. (Asafo ti no de ade a wɔde bɔ koko so no bi amana asafo biara dedaw, nanso ɛsɛ sɛ asafo ahorow no kra nea wɔde hyem no. Biako yɛ ¢25.)

KƆKƆBƆ: Afe yi wɔreyɛ nhyiam horow no nyinaa wɔ nkurow akɛse mu. Eyi kyerɛ sɛ nhyiamfo no mu dodow no ara fi nkuraase a sɛ wɔde toto ho a, asomdwoe wɔ hɔ na ɛhɔ asetra ano nyɛ hyew mu na ɛbɛba. Bere a wowɔ kurow no mu no, yɛsrɛ wo hwɛ wo ho yiye wɔ kurom mfiri ne nsɛmmɔnedi a wontaa nhu bi wɔ akuraase a ɛhɔ dwo no ho. Afei nso, mo a mode mo ankasa kar na ɛretu kwan no, yɛpɛ sɛ yɛde kɔkɔbɔ yi ma: Ɛmfa ho sɛ ɛhe na wode wo kar besi no, ɛsɛ sɛ wototo mu bere nyinaa na nnyaw biribi wom a wohu da. Sɛ ebetumi a fa wo nneɛma hyɛ faako a wɔde nneɛma hyɛ wɔ mu no. Afei nso monhwɛ yiye wɔ awifo ne atotobotomfo a wɔpɛ mmeae a nnipa pii ahyiam no ho. Nea ɛka eyi ho ne sɛ morennyaw biribiara a ɛsom bo nto akongua so a obi nhwɛ so wɔ nhyiam no ase. Yɛsrɛ wo hwɛ yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena