1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
Dwumadi no Afã Horow a Wobetie Afi Accra
Hwɛ fata a ɛfata sɛ afe yi ɔmantam nhyiam no asɛmti ne “Ahenni Biakoyɛ.” Onyankopɔn kae wɔ Mika 2:12 sɛ: “Mɛka wɔn mabom sɛ nguan nguannan mu.” Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa rekyerɛ ne nkurɔfo kwan na ɔreka wɔn abom denam Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo so.
Wɔn a wɔba bɛhwɛ no ahu Yehowa Adansefo Kristofo biakoyɛ no mpɛn pii. Ɛda nsow koraa wɔ Satan nhyehyɛe a emu apaapae na ɛrekɔ awiei no ho. Sɛ nhwɛso no, Brazilfo atesɛm krataa O Tempo bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛwom sɛ asɔre horow pii aba . . . de, nanso emu biako pɛ mpo nni asase so nnɛ a eyi ɔdɔ ne biakoyɛ koro no ara adi te sɛ Yehowa Adansefo teokrase ahyehyɛde no.” Na yɛn afe asɛm no kae yɛn sɛ ɔdɔ yɛ ‘yɛn biakoyɛ hama a ɛyɛ pɛ,’ biakoyɛ a ɛkã yɛn nuanom nyinaa a wɔwɔ wiase nyinaa bom. (Kol. 3:14, NW; 1 Pet. 2:17) Wɔ afe yi nhyiam horow no ase no, ɔdɔ bɛhyɛ yɛn biakoyɛ no mu den na ama ada nsow.
NEA WƆDE AKA HO: Ade foforo a wɔde aka ho na ahyɛ nhyiam asɛmti no mu den ne nhyehyɛe a wɔbɛyɛ ma ɛtɔ bere bi a wɔnam telefon hama so aka Kumasi ne Sekondi nhyiam no atõa Accra de no mu no. Eyi kyerɛ sɛ, sɛ edu dwumadi no afã bi so a, wɔbɛka wɔn a wɔahyiam wɔ Accra, Kumasi ne Sekondi no nyinaa abom sɛ nnipadɔm kɛse biako ma wɔatie dwumadi no afi Accra. Hokwan foforo nso a yebenya ne Onua Dan Sydlik a ɔyɛ Sodikuw ne Brooklyn Betel abusua no muni a ɔbɛba abɛsra yɛn saa bere no mu no. Ɛwom sɛ Accra nhyiam no nkutoo na Onua Sydlik bɛkɔ de, nanso ɛdenam telefon nhyehyɛe no so no wubetumi atie ne kasa tẽe wɔ dwumadi no afã horow mu a ɛmfa ho sɛ nhyiam bɛn ase na wowɔ.
Eyi ne nea edi kan a yɛresɔ nhyiam horow dodow bi a wɔka bom denam telefon hama so no ahwɛ wɔ Yehowa nkurɔfo abakɔsɛm mu wɔ Ghana. Post and Telecomommications Corporation (a ɛne ɔman asoɛe a ɛredi nhyehyɛe yi ho dwuma ama yɛn no) mpanyimfo reboa kɛse. Nanso wɔka ɔhaw ahorow, te sɛ engine oil a wɔde begu wɔn mfiri ahorow no mu, ne nneɛma afoforo a ebi nni hɔ ho asɛm. Nanso, yebetumi de yɛn ho ato Yehowa yɛn Nyankopɔn adɔe no so kɛse, na yɛkamfo kyerɛ sɛ mo nyinaa mmɔ No mpae wɔ eyi ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnyɛ telefon nhyehyɛe no nko na ɛbɛyɛ yiye na mmom ɔman yi mu nsɛm tebea nyinaa a ɛfa aduan, akwantu, ahotɔ ne nea ɛkeka ho ho no nso bɛyɛ nea ɛbɛma yɛatumi ayɛ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam no wɔ December mu.—1 Tim. 2:1-4.
Sɛnea munim no, wɔyɛɛ nhyehyɛe maa asɛmpatrɛwfo no kɔɔ aman a wofi mu mu na wɔne wɔn mmusuafo ne nnamfo akɔ ɔmantam nhyiam no wɔ hɔ.
Nhyiam no fã titiriw bi bɛka wɔn dwumadi ahorow ho asɛm. Afei nso, sɛnea wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe no, wɔbɛto nsa afrɛ asɛmpatrɛwfo ma wɔaka wɔn suahu ahorow akyerɛ wɔ asɛnka agua so. Eyi nso bɛma dwumadi nhyehyɛe no ayɛ anigye. Sɛ asɛmpatrɛwfo no bi amma nhyiam a wobɛkɔ no ase ankasa mpo a, wubenya hokwan atie biribi a ɛfa adwuma pa a asɛmpatrɛwfo reyɛ no ho.
Yɛn Ahenni Som ma September 1983 no kyerɛɛ bere ne mmeae a wɔbɛyɛ nhyiam no. Ɛkyerɛɛ ɔkwan a wobɛfa so anya dabere nso. So wobɛkɔ? Afe yi nso, yɛde ahopere hwɛ kwan sɛ yɛbɛbom asom Yehowa wɔ yɛn “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam no ase. Sɛnea Ɔhene Dawid kae wɔ Dwom 133:1 no, “eye” na ɛyɛ “fɛ” sɛ yɛbɛyɛ saa.
KƆ NNANAN NO NYINAA: Dwom 119:33 da mpaebɔ a emu yɛ den adi sɛ: “[Yehowa], kyerɛ me w’ahyɛde kwan, na mafa so makosi ase.” Ampa, asɛm yi da Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so nyinaa nkate adi. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ nnanan nhyehyɛe a yɛde besusuw Yehowa ‘ahyɛde horow’ ho na yɛada no adi. So wobɛtra ase dinn atie dwumadi no nyinaa, efi dwom ne mpaebɔ a wɔde bebue ano Yawda 1:30 p.m. no so akosi mpaebɔ a wɔde bewie Kwasida awia no so? Obiara rempɛ sɛ ɔbɛhwere nhyiam dwumadi no mu biara. Ɛbɛyɛ nea ɛnteɛ sɛ wobɛka sɛ da no bi, anaasɛ mpo da no fã bi ho nhia kɛse te sɛ afoforo a aka ho. Ɛsɛ sɛ yebu nnanan no nyinaa sɛ ɛyɛ teokrase aduan ankasa a ne mmma yɛ nea yehia ma yɛn honhom mu ahoɔden ne onyin.
Ebehia sɛ pii yɛ nsakrae wɔ wɔn dapɛn biara nhyehyɛe no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aba nhyiam no nyinaa. Ebia eyi bɛkyerɛ kwan a wobɛsrɛ wɔ w’adwuma mu anaa akwamma a wubegye. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden sɛnea ɛbɛyɛ a abusua no muni biara renhwere dwumadi no mu bi. Ɛyɛ nokware sɛ ebia tebea horow bi a ntease wom besiw kakraa bi kwan ma wɔrentumi mma nnanan no nyinaa, nanso wɔ ɛno mu mpo no, ɛbɛyɛ nea ɔdɔ wom sɛ ebinom bɛka emu nsɛntitiriw no akyerɛ wɔn.
ASO A WƆBƐYƐ ATIE DE NHYIRA BA: Yehowa ka kyerɛɛ Israel man no wɔ Yesaia 55:2, NW, sɛ: “Monyɛ aso ntie me.” Wɔkyerɛ asɛm “yɛ aso” ase sɛ, sɛ́ “wosrɛn w’aso, wowɛn w’aso anaa woyɛ komm tie.” Ná Israel man no wɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ aso tie, efisɛ na Yehowa de ogye asɛm a ɛte sɛ aduan a ɛyɛ dɛ ne nsu a ɛyɛ nwini rebrɛ wɔn. Asɛm a Yehowa wɔ ma ne nkurɔfo nnɛ no som bo saa ara. Nokwarem no, ɛsom bo kɛse mpo, efisɛ ɛyɛ asɛm a ɛfa daa nkwa ho. Hena na ɔmpɛ sɛ obenya Yehowa atirimpɔw horow ma adesamma no mu ntease? Sɛ yɛwɛn yɛn aso wɔ nhyiam bere no a, yɛde ahopere ‘betie na yɛn adenim adɔɔso.’ (Mmeb. 1:5) Sɛ́ wubetie na woasua wɔ ɔmantam nhyiam ase taa gye mmɔdenbɔ ne adwene a wɔde kɔ nea wɔreka no so kɛse sen sɛnea ɛte wɔ Ahenni Asa so. Tra a wobɛtra ase bere tenten ne nneɛma pii a ebetumi ayi w’adwene afi nea wɔreka no so wɔ hɔ. Dɛn na yebetumi ayɛ?
Ɛho hia sɛ yɛkae nea enti a yɛakɔ nhyiam no. Esiane sɛ egye bere ne sika na ama yɛatumi akɔ nti, so ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ yebenya sika ne bere a yɛde yɛɛ saa no ho mfaso kɛse? Akyinnye biara nni ho! Esiane eyi nti, so ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛba ntɛm, adi nneɛma biara a ɛho hia, te sɛ nhyiam tekit ne nhoma a yɛbɛtɔ ho dwuma, na afei yɛatra ase bere a dwumadi no afi ase? Eyi remma adwene no nkyinkyin nsusuw nneɛma a ɛmfa dwumadi no ho. Afei nso ɛsɛ sɛ anadwo yɛda home. Nhyiam bere ma yenya hokwan a eye de hyia yɛn nnamfonom bio, nanso sɛ yɛyɛ saa denam sra a yɛbɛkɔ akɔsra wɔn atra hɔ ma ade asa kɛse no so a, so yebetumi ama yɛn ani ada hɔ da a edi hɔ no ‘ayɛ aso atie’? Ebia yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenna. Nanso da a yɛbɛda sɛnea ɛsɛ anadwo bɛma ayɛ mmerɛw sɛ yɛde yɛn adwen ne besi nea wɔreka no so. Bere a woretie no, kari nsɛm a wɔreka no hwɛ. Fa toto nea wunim dedaw no ho wɔ w’adwene mu. Nsɛm kakraa bi a wobɛkyerɛw ato hɔ nso bɛboa, efisɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛw nsɛm pii a, ebia wobɛhwere nsɛm atitiriw no binom.
Asɛm foforo: Sɛ bere a wɔahyɛ a ɛsɛ sɛ obiara de da (curfew) no da so ara wɔ hɔ wɔ nhyiam bere no mu a, ɛsɛ sɛ mohwɛ yiye na mudi so pɛpɛɛpɛ. Ebia nkurow nketewaa ne nkuraase baabi a yɛn mu pii befi aba no de eyi nyɛ nea emu yɛ den pii biara ma enti ebia wɔremfa no aniberesɛm wɔ nhyiam bere no mu. Nanso worentumi nyɛ saa wɔ Accra, Kumasi anaa Sekondi. Wubekwati ɔhaw ahorow pii a mfaso nni so denam Mateo 22:21 a wubedi so wɔ eyi mu no so.
Awofo a wɔwɔ mma nkumaa wɔ asɛnnennen foforo wɔ wɔn adwene a wɔde besi asɛm a wɔreka no so ho. Ɛtaa yɛ den kɛse ma mmofra nkumaa sɛ wɔbɛtra ase nnɔnhwerew pii. Sɛnea wɔte no, ɛnkyɛ na wɔabrɛ. Na, nea ɛde ba ne sɛ wɔn awofo, ne ɛtɔ bere bi a afoforo a wɔbɛn wɔn ntumi ntie asɛm. Nanso, ada adi sɛ mmofra binom mpo a wɔnsõo sukuukɔ tra ase dinn wɔ dwumadi no pii mu. Dɛn na ɛma wotumi yɛ saa? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ ntetee pa wɔ fie ne Ahenni Asa so. Awofo a wɔwɔ obu kɛse ma honhom mu aduan a efi asɛnka agua so ba no bɛbɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛma wɔn mma nkumaa no anya obu ne anisɔ koro no ara bi. Wobetumi atete mmofra ma wɔatra ase dinn wɔ fie ne afei asafo nhyiam horow ase a ɛho nhia sɛ wɔde wɔn sɔre fi faako a wɔte sɛnea ɛmfata. Nneɛma pa befi ntetee pa yi mu aba wɔ nhyiam no ase efisɛ awofo ne mmofra no nyinaa benya dwumadi no mu mfaso. Wobetumi aboa mmofra ma wɔatra ase dinn, atie akyɛ kakra, sɛ awofo hyɛ nyansa sɛ wɔn mma nkyerɛw Kyerɛwnsɛm a wɔbɛbɔ din a wɔankenkan no wɔ krataa so mmom sen sɛ wɔbɛma wɔn kwan ma wɔayeyɛ mfonini ahorow wɔ krataa so a. Ɛwom, bere bi wɔ hɔ a ɛho behia sɛ awofo fi faako a wɔte, ná wɔde abofra bi kɔ akyiri baabi anaasɛ wode nteɛso kɔma no. Yɛsrɛ mo monyɛ eyi komm sɛnea ebetumi.
KRISTOFO SU HOROW, ƆDƆ AGYIRAEHYƐDE: Yehowa Adansefo abrabɔ ne su pa yɛ nea afoforo aka ho asɛm mpɛn pii na eyi te saa titiriw wɔ yɛn nhyiam akɛse no ho. United States agodibea bi so panyin kae sɛ: “Mede krataa yi rekyerɛ mo sɛnea m’ani agye sɛ Yehowa Adansefo yɛɛ wɔn nhyiam no wɔ ha . . . ná wɔadi kan aka sɛnea kuw no bɛyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ ne sɛnea wɔn ho tew no akyerɛ me, na wɔyɛɛ wɔn ade sɛnea wodii kan kae wɔ wɔn ho no nyinaa. Minnye nni sɛ me ne nnipakuw bi, sɛ́ wosua anaa wɔdɔɔso, ayɛ dwuma a wofi wɔn pɛ mu boa kɛse wɔ nneɛma nyinaa mu saa.”
Obi a na anka ɔhwɛ Accra Race Course so, ɔfoforo nso a na kan ɔhwɛ agodi ho nsɛm so wɔ Ashanti mantam mu, ne Sunyani ntoaso sukuu bi so panyin, yɛ nnipa a wɔn nyinaa aka nsɛm a ɛte saa ara afa Yehowa Adansefo nhyiam horow ho wɔ ɔman yi mu. Bio, wɔ United States no, din pa a yɛwɔ wɔ Kristofo su pa mu no hyɛɛ sukuu bi a Adansefo nkumaa a wɔdɔɔso kakra wɔ mu no so panyin ma ɔde krataa kɔmaa akyerɛkyerɛfo a wɔhyɛ n’ase no, na ɔkae sɛ, sɛ ɛho hia a wɔnsan nyɛ bere nhyehyɛe foforo a wɔde bɛyɛ sɔhwɛ a etwa to wɔ afe no mu no mma Adansefo mmofra a wɔreyɛ nhyehyɛe akɔ nhyiam horow a edi kan no mu biako no.
Nanso, ɛda adi wɔ amanneɛbɔ ahorow a nsa aka afi ɔman yi mmeae horow no mu sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara bɔ mmɔden wɔ eyi mu. So wokae atesɛm krataa kyerɛwfo a ofi Brazil a ɔkamfoo Yehowa Adansefo “ɔdɔ ne biakoyɛ” no? Wɔakyerɛ ɔdɔ ase sɛ pɛyɛ mu a wofi da su a pɛsɛmenkominya nni mu adi. Kristo Yesu nso daa no adi sɛ ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nni mu bɛyɛ ɔkwan titiriw a wɔnam so behu n’asuafo. (Yoh. 13:35) Yɛhyɛ mo nkuran sɛ momma yɛn nyinaa mmɔ mmɔden nyi saa ɔdɔ yi adi kɛse wɔ nhyiam bere mu. Ɛno na ɛbɛma yɛahwehwɛ nhyiamfo afoforo yiyedi. Ɛno na ɛbɛma yɛatumi aboa wɔn a nhyiam ho nhyehyɛe hyɛ wɔn nsa no na ama yɛakura tebea a eye ma adesua ne ɔsom mu. Sɛ yɛyɛ saa a na yɛredi mmara a ɛsen biara no so.—Fil. 2:2-4; Mat. 7:12.
Baabi a yɛadu yi yɛbɛpɛ sɛ yɛkae yɛn ho biribi a wosii so dua kɛse wɔ yɛn ɔmansin nhyiam a etwa to a n’asɛmti ne “Monyɛ Adefo Onyankopɔn Fam, Ɛnyɛ Aniberefo” ase no. Yɛkae sɛ wotuu yɛn fo denneennen sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ aguadi wɔ asafo no mu ho. Ebi asi pɛn. Edu nhyiam bere a anuanom mmarima ne mmea de aguade ahorow nyinaa bi, efi “oburoniwawu” so kosi nnɔkɔnnɔkɔwade so, kyin tontɔn. Eyi nyɛ papa. (Mpanyimfo mmɔ mmɔden mfa asɛm a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som, October 1977 de no “Asemmisa Afã” no nni dwuma nsan nsi eyi so dua nkyerɛ anuanom ansa na nhyiam no adu.) Yehowa nkurɔfo nhyiam nketewa anaa akɛse nyɛ nea wɔde ma obi nya kwan di gua anaasɛ onya hokwan de trɛw n’aguadi mu. Yɛsrɛ mo, muntie eyi.
ABRABƆ PA: Petro nhoma a edi kan ti 2:12 tu fo sɛ: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu.” Wɔ bere bi a atwam mu no ɛho behiae sɛ wɔma yehu sɛ ɛho hia sɛ yenya nkɔso wɔ yɛn abrabɔ wɔ mmeae horow a yɛkɔsoɛ wɔ nhyiam ase no mu. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛka sɛ yɛn nsa aka amanneɛbɔ ahorow a ɛhyɛ nkuran wɔ eyi ho. Ɛte sɛ nea atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ho wɔ ɔman bi mu no: “Mmea hyɛ ntade a ɛma wuhu sɛ wɔyɛ mmea. Mmarima ayi wɔn ti kama, hyehyɛ ntade abobɔ tae, na ɛma wobu wɔn. Okununom ne wɔn yerenom ato abasakonmu. Awofo ne mma abom sɛ abusua. Mmofra tie wɔn awofonom, na wɔnyɛ wɔn a wommu ade anaa wɔsɛe ade. Nkurɔfo kurakura Bible, na ɛnyɛ asekan ne nneɛma a edi awu mmom. Adewia biara nni hɔ.” Ampa, eyi yɛ amanneɛbɔ pa, na yehu sɛ ɛhyɛ nkuran.
Nanso, yɛate amanneɛbɔ ahorow afi anuanom a nhyiam ho dwumadi hyɛ wɔn nsa hɔ sɛ ɛho da so ara hia sɛ yɛhwɛ yɛn abrabɔ yiye wɔ nhyiam ase. Wɔntaa nhwɛ mmofra yiye bere a wɔte nnipa afoforo afie mu no, na ebinom nkyerɛ obu mma nkurɔfo nneɛma. Eyi te saa nso wɔ nhyiam ase nneɛma ankasa ho. Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛnea wɔsɛe mmeae horow a wɔkɔ kɔyɛ wɔn ho yiye no, sɛnea anuanom mmea noa nnuan wɔ faako a ɛnsɛ sɛ wɔsɔ gya, ne ade. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma yɛn ani da hɔ wɔ eyi mu, na yɛhwɛ sɛ yɛn ankasa abrabɔ boa ma dinpa a Yehowa Adansefo anya ne anuonyam a ɛyɛ ma yɛn Nyankopɔn din wɔ wiase nyinaa no kɔ so.
Saa ara nso na ɛho hia sɛ yɛkɔ so hwɛ yɛn ntadehyɛ yiye wɔ nhyiam bere mu. Ada adi sɛ ebinom siesie wɔn ho bi-ne-bi, te sɛ nea wɔrekogye wɔn ani wɔ baabi anaasɛ wɔrepue. Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi ayɛ eyi ho biribi.
Onyansafo no kae sɛ: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ . . . kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere.” (Ɔsɛnk. 3:1, 7) Bere a dwumadi rekɔ so no ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔ nhyiam binom ase no dede ne kasa a ɛtra so kɔɔ so bere a dwumadi no rekɔ so. Eyi kɔɔ so titiriw wɔ apata no akyi ne dwumadibea ahorow no, na ɛtɔ bere bi a ɛkɔ so wɔ apata no ase ankasa nso ne wɔ oguamtrafo dwumadibea ne faako a wɔyɛ mfiri horow ho adwuma no mpo. Ná ebinom rekasa denneennen kyerɛ wɔn a wɔbɛn wɔn de haw afoforo a wɔwɔ hɔ a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobetie asɛm no. Mmofra ne mpanyimfo nyinaa ka ho. Sɛ́ nea na ɛka nkɔmmɔbɔ ahorow ho no, ɛtɔ bere bi a wɔkyekyɛ chewing gum, bisket, tɔfe, ne nneɛma a ɛtete saa ma nnamfo ne abusuafo a wɔte bɛn. Ɛtɔ bere bi a nkɔmmɔbɔ ne nea ɛkeka ho ano bɛyɛ den a ɛhaw adwene araa ma wɔn a wɔte bɛn akyi ne ade no nte dwumadi a ɛrekɔ so no. Onua biako kyerɛwee sɛ: “Ná yɛnte ɔkasa no kɛse efisɛ na nkurɔfo nenam hɔ rekasa. Ná onua bi gyina akyi hɔ rekasa bere nyinaa a nhyiam no rekɔ so no.” Ɔfoforo se: “Ɛte sɛ nea pii antie afotu a wɔde mae wɔ oguamtrafo kasa no mu a ɛfa ananteanantew ne kasa a ɛho nhia ho no.” Kakraa bi na nnipa a wɔhwɛ ma wonya baabi tra no tumi yɛ wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma kasa ne nneɛma a ɛtete saa a ɛho nhia agyae no mu.
Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.” (1 Kor. 10:24) Bere bi wɔ hɔ a mmofra bɛbrɛ, na nkokoaa besu bere a wonhu nea wɔyɛ no. Nea ɛne Bible nnyinasosɛm no hyia no, so worenhwehwɛ nea eye mma afoforo denam abofra no a woremma ɔnhaw wɔn no so? Ebia eyi behia sɛ wosɔre fi faako a wote no kakra, nanso, akyinnye biara nni ho sɛ afoforo a wɔretie asɛm no ani bɛsɔ wɔn ho a wususuw no.
ASƐNKA ADWUMA HO NHYEHYƐE: Ɛyɛ yɛn ani gye sɛ yɛbɛma moate sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe titiriw Yawda awia, bere a yɛapɔn nhyiam no. Ansa na wubesim akɔ nhyiam no mpo no, dɛn nti na wonhyɛ da nyɛ nhyehyɛe na woanya ɔsom adwuma no mu kyɛfa? Adanse fɛfɛ a ebedi wɔ nhyiam kurow no mu akyi no, bere kakra a wode bɛyɛ asɛnka adwuma no bɛma nhyiam no ho anigye a woanya no ayɛ kɛse. Ɛyɛ nea ɛbɛboa wo, sɛ wukogye asasesin ntɛm ara bere a wɔaba no, sen sɛ wobɛtwɛn akosi sɛ Yawda awia dwumadi no bɛba awiei ansa a. Ɛsɛ sɛ akuw horow yɛ kar ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɛe bere. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo de wɔn ankasa nsɛmma nhoma a wɔde bɛkɔ asɛnka ba efisɛ nea wɔde bɛba nhyiam ase no renyɛ nea ɛdɔɔso pii.
ADWUMA A YƐBƐYƐ WO NHYIAM ASE: Yɛreto nsa afrɛ wɔn a anyɛ yiye koraa wobetumi de bere kakraa bi ayɛ adwuma wɔ nhyiam ase no bio sɛ wɔnyɛ saa. Obiara a ɔde ne bere ne ahoɔden bi aboa ma nhyiam akɔ so no te akomatɔyam kɛse nka. Adwuma biara a wubenya hokwan ayɛ, sɛ ebia nea ɛbɛma nhyiam no ho nneɛma ahorow ho atew a, wobɛpɛ sɛ wode ahosɛpɛw yɛ, bere a wokae nhwɛso pa a Yesu yɛe wɔ Yohane 13:14-17 no.
So moasusuw ho sɛ mobɛbom ayɛ adwuma wɔ nhyiam ase sɛ abusua? Eyi ada adi sɛ ɛyɛ adwempa. Abusua mũ no nyinaa betumi abom ayɛ adwuma na wɔn a wonnya nnii mfirihyia 16 no mpo betumi anya mu kyɛfa.
Sɛnea ɛte mmere horow a atwam mu no, nhyiam ase dwumadibea ahorow no bebisa anuanom a wɔwɔ kurow no mu no ma wɔadi kan de wɔn ho ama ansa na bere no adu. Eyinom ntaa nyɛ wɔn a wɔdɔɔso sɛnea wohia wɔ nhyiam no ase nyinaa. Dwumadibea akɛse te sɛ faako a wɔnoa aduan ne faako a wɔhwɛ ahotew ho nsɛm so no taa hia mmoa kɛse. Ɛha ne faako a afoforo a wɔwɔ ɔpɛ honhom no betumi aboa kakra ma nhyiam no atumi akɔ so. Ɛdefa adwuma a edi nhyiam anim ho no, Yɛn Ahenni Som ma September, 1983, kyerɛɛ sɛnea wubetumi anya eyi mu kyɛfa kɛse. Yegye di sɛ wɔn a wɔhwɛ nhyiam ho nsɛm so, ne mpanyimfo afoforo a wɔaka no de nkuranhyɛ biara a ehia bɛma asafo no ma wɔde wɔn ho ahyɛ adwuma a edi nhyiam anim mu kɛse wɔ faako a ɛbɛyɛ yiye. Yɛhwɛ kwan sɛ mobɛboa ma yɛayɛ adwuma a ɛho hia yi.
ADUAN: Ade biako a yɛn ani sɔ bere nyinaa wɔ ɔmantam nhyiam ho ne aduan ne anonne a yɛn nsa taa ka wɔ faako a wɔtɔn aduan no. Ɛnyɛ oye nko na eyi ye na mmom etwa bere a anka yɛde bɛkɔ kurom akɔhwehwɛ aduan atɔ no so. Ɛma yenya hokwan nso ne yɛn nuanom bɔ fekuw.
Nhyiam tekit a yɛde bɛtɔ aduan ne anonne no bɛyɛ nea ɛbom ¢10 a wɔakyekyem ayɛ no ¢1 de. Wubetumi atɔ tekit dodow biara a wuhia wɔ nhyiam a wobɛkɔ no ase. Esiane amanade ho nsɛnnennen ne ɔhaw ahorow nti, yɛremfa nhyiam tekit biara mmana asafo ahorow no mfi Baa Dwumadibea ha, enti yɛsrɛ mo monnnkra. Montwɛn nkosi sɛ mubedu nhyiam kurow no mu na moatɔ nea muhia. Yɛhyɛ nyansa sɛ momma eyi nyɛ nneɛma a edi kan koraa a mobɛyɛ bere a moadu apata ase Yawda no mu biako, ansa na nhyiam no afi ase. Sɛnea ɛte bere a atwam no, yɛde tekit no bɛtɔ aduan nkutoo. Enti tɔ tekit dodow a wohwɛ kwan sɛ wubehia, ɛwom sɛ wubetumi de nea ɛbɛka no atɔ nnuan a ɛbɛka bere a nhyiam no aba awiei no bi de.
Ampa yɛyɛ nnipa a wɔwɔ nhyira sen biara wɔ asase so nnɛ. Ɛrenkyɛ, yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea mpempem pii behyiam bio anigye mu wɔ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam no ase. Dawid asɛm a ɛwɔ Dwom 122:1 no da yɛn nkate adi bere a ɔkae sɛ: “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ [Yehowa] fi” no. Momma yenhu nea nhyiam horow yi yɛ—yɛn soro Agya no ɔdɔ nhyehyɛe a wayɛ ma ahyɛ yɛn den wɔ mprempren nhyehyɛe yi nna a etwa to yi mu. Hena na ɔbɛpɛ sɛ ɔhwere honhom mu akyɛde horow a Yehowa wɔ ma yɛn no mu bi? Bere a yɛwɔ nhyiam kurow no mu ne bere a yɛretu kwan no, yɛmpɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ yɛn abrabɔ pa no bɛka Onyankopɔn a yɛsom no no tẽe. Su a yɛde kata yɛn ho ne yɛn dɔ a emu yɛ den ma Yehowa ne yɛn nuanom no. Ɛmmra sɛ ɛbɛkɔ so ayɛ “biakoyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”—Kol. 3:14, NW.
[Kratafa 6 adaka]
Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow
DABERE: Yɛsrɛ mo, mommoa ma Adan ho Dwumadibea no adwuma nkɔ so pɛpɛɛpɛ denam ɔdan a wɔde ama mo no a mobɛtra mu no so. Eyi mma nkyereso ne ɔhaw mma wɔ mmeae afoforo a wosusuw sɛ ɛhɔ ye no. Monhwɛ ofiewura no nneɛma yiye bere a mowɔ hɔ no, na “monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ,” na yɛsrɛ mo, monhwɛ na moanyera ɔdan no ano safe.—Kol. 3:15.
ENGIRESI DWUMADI NHYEHYƐE: Esiane sɛ wɔbɛyɛ nhyiam horow abiɛsa wɔ Ewe, Ga ne Twi mu wɔ Accra wɔ bere koro mu nti, wɔrenyɛ Engiresi nhyiam soronko. Nanso dwumadi no bi wɔ hɔ a ɛbɛkɔ so wɔ Engiresi kasa mu wɔ Twi asɛnka agua no so na wɔakyerɛ ase akɔ Ewe, Ga ne Twi mu.
ASUBƆ: Wɔbɛma asubɔ kasa no Memeneda anɔpa. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne denam nsu mu asubɔ so no yɛ wɔn a wɔne wɔn asafo mu mpanyimfo asusuw nsemmisa ahorow no ho dedaw ansa na nhyiam bere no adu. Ɛsɛ sɛ obiara a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛbɔ asu no de n’atade ne mpopaho a ɔde bɛyɛ saa ba.
DWUMADI NHYEHYƐE MMERE: Ɛyɛ nea nyansa wom, na ɛkyerɛ anisɔ nso, sɛ yɛbɛtra ase bere a dwumadi no afi ase. Wɔde nnwom ne mpaebɔ befi dwumadi no ase Yawda 1:30 p.m. wɔ nhyiam nkurow no nyinaa mu. Yɛde Yawda awia besi hɔ de ayɛ asɛnka adwuma titiriw, enti nhyiam dwumadi no bɛba awiei bɛyɛ 4:30 p.m. Fida dwumadi no befi ase 9:00 a.m. na aba awiei 4:40 p.m. Memeneda de no befi ase 9:00 a.m. na aba awiei 4:20 p.m. Kwasida de no befi ase anɔpa 9:00 na wɔde mpaebɔ awie 4:10 p.m.
AKWAMPAEFO ADANSEDI KRATASIN: Ɛho hia sɛ daa akwampaefo, akwampaefo atitiriw ne ahwɛfo akwantufo de wɔn Watchtower Identification and Assignment kratasin (S-202) no ba nhyiam no. Wɔn a ebedu bere a wɔkɔ ɔmantam nhyiam no na wɔanya asram asia wɔ bere nyinaa som adwuma no mu no benya nhyiam tekit a ɛyɛ ¢300 bere a wɔde wɔn adansedi kratasin no akyerɛ no. Monhwɛ so yiye te sɛ sika. Sɛ ɛyera a morentumi nnya bi wɔ nhyiam no ase. Akwampaefo nsa betumi aka nhoma foforo biara a wobeyi adi no bi kwa na wɔatɔ nhoma wɔ akwampaefo bo so wɔ faako a wɔtɔn nhoma no bere a wɔde wɔn adansedi kratasin no akyerɛ nkutoo. Wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Betel betumi atɔ nhoma biara a wɔpɛ wɔ akwampaefo bo so bere a wɔde wɔn Betel adansedi kratasin akyerɛ no.
ADE A WƆDE BƆ KOKO SO: Wɔde eyi ma yɛn sɛ́ nea yɛnam so bɔ nhyiam no dawuru, na afei nso ɛboa ma yehu yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔaba no. Esiane eyi nti, yɛsrɛ mo, mommɔ mo ade a wɔde bɔ koko so no wɔ nhyiam no ase ne afei bere a moreba ne bere a morekɔ fie. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden ma mo nsa ka eyi denam mo asafo no so efisɛ morennya bi wɔ nhyiam no ase. Krataa no biako yɛ 25p na kotoku a wɔde hyem no nso biako yɛ ¢3.
KƆKƆBƆ: Ɛmfa ho sɛ ɛhe na wode wo kar besi no, ɛsɛ sɛ woto n’apon no mu bere nyinaa, na nnyaw biribi wom a wohu. Sɛ ebetumi a fa wo nneɛma hyɛ faako a wɔde nneɛma hyɛ wɔ mu no. Afei nso monhwɛ yiye wɔ akorɔnfo ne atotobotomfo a wɔpɛ mmeae a nnipa pii ahyiam no ho. Nea ɛka eyi ho nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mugyaw biribi a ɛsom bo to nkongua so wɔ apata no ase a obi nhwɛ so.