Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/84 kr. 3-6
  • 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1985 “Mudi Mu Kurafo” Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • 1987 “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 7/84 kr. 3-6

1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam

Ɔrekyerɛw akɔma asafo a ɛwɔ Tesalonika no, ɔsomafo Paulo srɛɛ mfɛfo gyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae mma ɔne ne mfɛfo adwumayɛfo no “na [Yehowa] asɛm nnya ɔkwan nkɔ so, na wɔahyɛ no anuonyam.” (2 Tes. 3:1) Te sɛ afeha a edi kan Kristofo no, ɛyɛ yɛn pɛ a emu yɛ den sɛ Bible mu nokware ahorow no bɛkɔ so anya nnipa koma pafo so tumi na aka wɔn ma wɔagye “[Yehowa] asɛm” no atom. Eyi reba saa nnɛ. Nnipa pii aguan afi Satan nkɛntɛnso ase na wɔabɛhwehwɛ guankɔbea wɔ Yehowa teokrase ahyehyɛde no mu. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ wɔbɔɔ koma pafo a wɔte sɛɛ 161,896 asu wɔ ɔsom afe a etwaam no mu. Na nnipa 6,767,707 baa Nkaedi no ase wɔ 1983 mu. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ! Yiw; yɛwɔ ntease a enti ɛsɛ sɛ yegye di sɛ Yehowa de nkɔso foforo behyira yɛn ansa na nhyehyɛe yi awiei aba. (Yes. 60:22) Ɛnde hwɛ fata ara a asɛmti “Ahenni Nkɔso” no fata ma 1984 ɔmantam nhyiam horow no.

Ná Israel man no hyiam bere nyinaa som Yehowa. Ná wosua pii fa wɔn Nyankopɔn no ho wɔ nhyiam horow a ɛte sɛɛ ase. Eyi da adi wɔ asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 31:12 no mu: “Ma ɔman no mmarima ne mmea, mmofra . . . mmɔ gua na wontie, na wonsua, nsuro [Yehowa].” Atirimpɔw koro no ara nti na yehyiam. Yɛpɛ sɛ yetie na yesua Yehowa ho ade. Ɛno nti na yɛn, sɛ́ Yehowa asomfo, ne anigyefo afoforo de ahopere kɛse rehwɛ “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam Horow no kwan no.

Kɔ a wobɛkɔ no gye bere ne sika. Nanso nea ebefi mu aba no bɛyɛ nea ɛsom bo kɛse. (Efe. 5:15-17) Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pii kae nneɛma ahorow a ɛyɛ anigye wɔ nhyiam horow a atwam no ho, te sɛ ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛda adi wɔ mmere a ɛte sɛɛ mu no. Hwɛ nhyira ara a ɛbɛyɛ bio sɛ yɛde hokwan no bedi dwuma de atwetwe yɛn ho yɛn ho ‘akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Heb. 10:24, 25) Kɔ a wobɛpɛ sɛ wokɔ ne nhyehyɛe pa a wobɛyɛ bɛma woatumi ne nnipadɔm a wɔn dodow rekɔ anim a mprempren wɔreyi Yehowa, yɛn Nyankopɔn ayɛ no ahyiam saa bere yi.

KƆ NNANAN NO NYINAA: Mma teokrase aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no asiesie no biara mpa wo ti so, efi bere a wobefi ase Yawda awia 1:30 kosi mpaebɔ a etwa to Kwasida awia no so. Ɛwom, ebia eyi behia sɛ woyɛ nsakrae ahorow wɔ wo adwuma ho nhyehyɛe mu, nanso wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ ahorow no so kɛse. Bere a wowɔ gyidi wɔ Yehowa mu no, yɛ nhyehyɛe na kɔ nnanan no nyinaa.

Bɔ mmɔden sɛ wubedu hɔ ntɛm ansa na dwumadi no mu biara afi ase. Eyi bɛma woanya hokwan anya ‘yɛn ho yɛn ho nkuran a yɛhyɛ’ a efi mfɛfo ‘Kristofo a yɛne wɔn hyiam mu ba no mu kyɛfa. (Rom. 1:12) Nhyehyɛe pa ne nhumu bɛboa wo ma woadu ho ansa na dwumadi no afi ase na amma woanhaw afoforo. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ebinom taa ka akyi bere nyinaa. Eyi nkyerɛ obu, na ebetumi ayɛ anisɔ ankasa a wonni mma honhom mu nneɛma. Ɛwom, ɛtɔ bere bi a ɔhaw ahorow remma yennu hɔ bere ano. Nanso Kristofo dɔ ne anidahɔ bɛka yɛn ma yɛabɔ mmɔden biara a yebetumi afi fie ntɛm sɛnea ɛsɛ da biara sɛnea ɛbɛyɛ a dwumadi no fã biara rempa yɛn ti so.

NEA ENTI A ƐSƐ SƐ WOKƆ: Afe biara yɛde ahopere kɛse hwɛ kwan sɛ yɛbɛkɔ ɔmantam nhyiam. Nanso dɛn nti na eyi ho hia ma yɛn? Efisɛ ɛma yenya hokwan tie na yɛn adenim dɔɔso.’ (Mmeb. 1:5) Yenya anigye nso bere a yɛne yɛn nuanom nnipadɔm kɛse hyiam na yehu yɛn nnamfonom bio na yɛka osuahu ahorow kyerɛ yɛn ho yɛn ho no. Nanso, mommma yɛn werɛ mfi sɛ atirimpɔw titiriw nti a yɛkɔ ne sɛ yebegye afotu afi Yehowa hɔ.​—Hes. 34:14, 15.

Yɛn nsa aka amanneɛbɔ pa ahorow a ɛfa nkɔso a aba wɔ aso a wɔyɛ tie asɛm wɔ nhyiam ase no ho. Wɔde amanneɛbɔ yi fi nhyiam kurow biako mu bae: “Obiara traa ase komm tiei, na na obiara nni hɔ a ɔnenam hɔ bere a dwumadi no rekɔ so no.” Wɔkaa nhyiamfo no ho asɛm wɔ kurow foforo mu sɛ “atiefo a wɔwɔ obu na wɔapɔw sen biara, wɔtra wɔn afã bere a wɔaka sɛ wɔntra ase no na wɔyɛ aso tie. . . . Ná ɛda adi sɛ anuanom no ani sɔ nhyiam no atirimpɔw no.” Na nea wɔka faa nhyiam foforo ho ni: “Nea na ɛda nsow ne aso a atiefo no ayɛ retie asɛm no. Ɔkasa a wode buee ano no nyaa tumi kɛse wɔ wɔn so ma wɔyɛɛ aso tiei.”

Nanso na eyi nyɛ nea ɛte saa wɔ ne nyinaa mu. Wɔtee sɛ agodibea bi odwumayɛfo reka akyerɛ yɛn nuanom nkumaa no mu biako sɛ, ‘Ɛte sɛnea wummu nea moreyɛ no efisɛ mihu sɛ wonenam ha bere nyinaa.’ Enti ɛda so ara yɛ nea ɛho hia sɛ yesusuw atirimpɔw titiriw nti a yɛkɔ nhyiam afe biara no ho.

Fa no sɛ wɔato nsa afrɛ wo sɛ bedidi wɔ obi fi bere a wunim sɛ wɔbɛto pon kɛse. Bere a worekɔ ofie hɔ no wode ahopere susuw nnuan ahorow pii a ɛyɛ dɛ a wɔde bɛba ase no ho. Bere a woadu ofie hɔ no, so afei wubebu w’ani agu aduan no so na woakokyinkyin ahwehwɛ fie hɔ ne mmea a ɛbɛn no na wo ne afoforo a wɔaba no abɔ nkɔmmɔ a aduan no kakraa bi na wudi? Hwɛ sɛnea anka ɛno bɛyɛ nneɛma ho a wonsusuw ne adeyɛ a nyansa nnim. Nanso saa na ebinom yɛ wɔn ade wɔ afe afe honhom mu apontow a nneɛma pa nyinaa Mafo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn to nsa frɛ yɛn ba ase no ho.

Ampa ɛrenyɛ mmerɛw mma ebinom sɛ wɔbɛtra ase bere tenten na wɔde wɔn adwene asi kyerɛwsɛm mu afotu a wɔde rema no so. Ebia wobɛte nka sɛ woabrɛ anaasɛ wowɔ mmofra a wɔpere a ɛsɛ sɛ wohwɛ wɔn. Ebia ɛtɔ bere bi a, nnyigyei ne nneɛma afoforo betumi atwe w’adwene afi asɛm a wɔreka wɔ asɛnka agua so no so. Sɛ́ wobɛma adwene no akosi nsusuwii ne nneɛma afoforo so nso wɔ hɔ. Dɛn na wubetumi ayɛ? Sɛ́ wode w’adwene besi nea wɔreka no so na woayɛ aso atie no ho hia. Yesu tuu fo sɛ: “Enti monhwɛ yiye sɛnea mote asɛm no fa.” (Luka 8:18) Eyi gye mmɔdenbɔ ne ahosodi. Ebinom ne afoforo bɔ nkɔmmɔ bere a dwumadi no rekɔ so. Nanso so eyi renyɛ obu a wɔnkyerɛ mma Yehowa nsiesiei? Bere a Yehowa de afotu rema Hiob no, osee no sɛ: “Tie me; yɛ komm.” (Hiob 33:31, 33) So yɛrentumi mfa afotu koro yi ara nni dwuma bere a nhyiam dwumadi rekɔ so no?

Nni mfomso nsusuw sɛ ɛho nhia sɛ wode w’adwene besi so kɛse biara a wofa no sɛ asɛm no bepue wɔ Ɔwɛn-Aban mu. Ebia wobetintim ɔkasa ahorow no bi wɔ Ɔwɛn-Aban mu, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛba saa. Worente asɛm titiriw bi bere a wɔde rema no, sɛ woantie no yiye anyɛ kyerɛwtohɔ kakra bi a. Ebia na asɛm foforo bi nni ɔkasa pɔtee bi a wɔrema mu de, nanso ɛbɛda Kyerɛwsɛm mu adwene bi adi wɔ ɔkwan foforo so. Anaasɛ ebia asɛm no bɛma ntease a yɛwɔ wɔ kyerɛwsɛm bi ho no mu ada hɔ na ama anisɔ a yɛwɔ ma asɛm bi a yenim dedaw no ayɛ kɛse.

Nsɛm atitiriw no nkutoo a yɛbɛkyerɛw ato hɔ betumi aboa ma nsɛm no aka yɛn tirim. Eyi te saa, sɛ yɛankɔhwɛ nsɛm a yɛakyerɛw ato hɔ no daakye mpo a. Ne saa nti, wobɛpɛ sɛ wofa krataa bi na wokyerɛw nneɛma wɔ so. Ɔkwan a ɛwɔ dwumadi ho nhyehyɛe (program) no akyi no nyɛ nea ɛso a wubetumi akyerɛw nsɛm a wɔbɛka no nyinaa wɔ hɔ.

Asɛm bi a ɛwɔ Human Behavior mu kaa nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ New Mexico Sukuupɔn mu wɔ Amerika ho asɛm a esi bo a nsɛntitiriw a wɔkyerɛw to hɔ som so dua. Nhwehwɛmufo baanu ka kyerɛɛ adesuafo 83 sɛ wontie ɔkasa bi. Ebinom kyerɛw ɔkasa no mu nsɛntitiriw too hɔ, na wɔde nsɛm a ɔkyerɛkyerɛfo no akyerɛw wɔ asɛm no ho maa ebinom wɔ ɔkasa no akyi. Kuw a ɛto so abiɛsa no annya hwee. Simma du ntĩmu akyi no, wɔyɛɛ wɔn sɔhwɛ. Adesuafo a wɔn ankasa kyerɛw nsɛm ahorow too hɔ no bɔɔ mmɔden sen wɔn nyinaa. Nsɛm ahorow a wobɛkyerɛw ato hɔ boa ma w’adwene no yɛ adwuma na ɛma asɛm no kɔ koma ne adwene no mu kɛse. Eyi mma nneɛma afoforo ntwetwe w’adwene.

Adesua a ɛto so anum wɔ Theocratic Ministry School Guidebook mu no nnianim asɛm ka asɛm a ɛho hia yi: “Nkɔso a wunya sɛ Yehowa somfo no gyina sɛnea wutie asɛm no so kosi baabi.” Sɛ́ wubetie a botae no ne sɛ wubenya nimdeɛ yɛ su a wubetumi ayɛ ho adwuma. Dɛn nti na wunsua sɛ wobɛyɛ obi a otie asɛm yiye, nea otie asɛm na osusuw ho na ama woanya mfaso kɛse wɔ nnanan “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam a ɛrenkyɛ ebefi ase wɔ mo hɔ no mu? Ebia ebegye bere ne sika na woatumi akɔ, enti bɔ mmɔden nya mfaso kɛse wɔ eyi mu denam tie a wubetie nea wɔbɛka no nyinaa yiye no so.

ABRABƆ PA: Wɔ mmere bi mu no, so ɛnyɛ nea w’ani agye mfɛfo Adansefo abrabɔ ho bere a wode toto nnipa afoforo nyinaa de ho no? Ebia na ɛyɛ wɔn ayamye ne boasetɔ bere a wɔretwɛn biribi, kar afoforo a ɛreba ho a wosusuw, ahotew ne ahobrɛase a ɛda adi wɔ wɔn ntadehyɛ ne ahosiesie mu, obu ankasa a wɔde ma awofo ne mpanyimfo afoforo, ɔdɔ ne ntetee a wɔkɔ so de ma mmofra, anaa ayamye mu a wofi kyerɛ anisɔ wɔ adwuma a wɔayɛ ama wɔn ho. Yiw, ɛda adi sɛ Yehowa Adansefo yɛ soronko wɔ wiasefo ho, na afe a etwaam no, wɔkaa nsɛm ahorow a ɛyɛ anigye wɔ yɛn abrabɔ wɔ nhyiam horow ase no ho. Obi a ɔte bɛn agodibea kɛse bi huu nsonsonoe a ɛda nhyiam horow a Yehowa Adansefo yɛ ne afoforo nneɛma a wɔyɛ wɔ hɔ ntam no. Bere a waka sɛnea nnwontofo kuw bi yɛɛ hɔ fĩ na kar ahorow nnya baabi mfa ne wɔn nnwom a ano yɛ den ho asɛm akyi no, ɔkae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ biribiara a wɔayɛ wɔ agodibea hɔ de ɔhaw ahorow aba. Biako pɛ a amma saa ne Yehowa Adansefo nhyiam no.” Agodibea foforo sohwɛfo kaa asɛm a edi so yi: “Wɔ nnipadɔm ahorow, nketewa ne akɛse, a wɔabehyiam wɔ agodibea ha nyinaa mu no, mo kuw no ne wɔn a wɔn ho tew, wɔyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ na wɔboa wɔ nneɛma mu sen afoforo biara.” Afoforo pii nso ka biakoyɛ ne ɔdɔ honhom a yɛn nuanom mmarima ne mmea yi adi wɔ nhyiam horow ase no ho asɛm. Ɛyɛ anigye sɛ yenya nkamfo pa a ɛte sɛɛ fi afoforo hɔ, ɛnte saa? Nanso nea ɛho hia kɛse no, yɛn abrabɔ da yɛn Kristofo ntetee no adi wɔ ɔkwan pa so na ɛhyɛ Onyankopɔn din anuonyam.​—1 Pet. 1:15, 16.

Nanso, sɛ yɛanka mmeae binom a ehia nkɔso ho asɛm wɔ ha a na yɛreyɛ anibiannaso. Emu biako ne yɛn su wɔ bere a yɛtete sukuu ahorow mu ne nnipa afoforo afie mu no. Yɛn nsa da so ara ka amanneɛbɔ ahorow a ɛkyerɛ hia a ɛho hia sɛ yɛhwɛ yɛn abrabɔ ne yɛn mma nso de yiye. Wɔabɔ amanneɛ ahorow a ɛfa nnwura a wogyaw gu mmeae ahorow basabasa, mmofra a wɔma wogya wɔn anan wɔ baabiara kɛkɛ, mmeae ahorow a wogya anan ne ade a wɔnnyɛ hɔ yiye, kasa ne nnyigyei ahorow a ano yɛ den kosi ɔdasu mu ne ade ho. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛma wɔanya adwene biara a enye wɔ Yehowa nkurɔfo ho. Sɛ́ yɛwɔ nhyiam ase anaasɛ yɛwɔ mmeae horow a yɛakɔsoɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda trenee gyinapɛn horow adi bere nyinaa. Yɛyɛ nnipa a wɔn ho tew wɔ abrabɔ, honhom ne nipadua mu na ɛno ne adwene a ɛsɛ sɛ nkurɔfo nya wɔ yɛn ne Yehowa ahyehyɛde a yɛwom no ho. Ɛsɛ sɛ eyi da adi pefee wɔ yɛn nhyiam horow ase ne faako a yɛkɔsoɛe no nso. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yesiesie adan a yɛdaa mu no mu ne n’adiwo nyinaa kama ansa na yɛde nsafe no ama, te sɛ nea yɛyɛ wɔ mmeae a wɔde ma yɛn yɛ nhyiam bere a yɛawie no.

Nkaebɔ ahorow kakra a ɛfa yɛn ntade ne ahosiesie ho bɛyɛ nea ɛfata wɔ ha nso. Mpɛn pii adan a yɛyɛ ɔmantam nhyiam ahorow wom no taa yɛ agodibea ne mmeae ahorow a wogye wɔn ani. Nanso yehyiam wɔ hɔ ma atirimpɔw a ɛkorɔn sen saa, sɛ́ yɛbɛsom Yehowa na yɛasua ɔkwan pa a yɛbɛfa so ayɛ saa. Ɛtaa yɛ nokware sɛ obi yɛ ade na osusuw nneɛma ho te sɛ nea wasiesie ne ho no. Sɛ yɛasiesie yɛn ho bi-ne-bi, te sɛ nea yɛrekogye yɛn ani anaasɛ yɛrepue ara kwa a, so ɛrentumi mma sɛ eyi benya nkɛntɛnso bi wɔ yɛn abrabɔ ne aso a yɛbɛyɛ no so? Wɔabɔ amanneɛ wɔ nhyiam ahorow binom ho sɛ ebinom ntade ne ahosiesie no nyɛ nea wobɛhwɛ kwan sɛ wubehu wɔ aguabɔ a ekura atirimpɔw a nidi wom a ɛne Ɔsorosoroni no a wɔde ɔsom ma no no ase. Wubetumi ahu Kyerɛwsɛm mu afotu pa a ɛfa ahotew, ntadehyɛ ne ahosiesie ho wɔ Our Ministry nhoma no nkratafa 130, 131, 135 ne 136. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ‘yɛbɛyɛ nneɛma nyinaa ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.’​—1 Kor. 10:31.

ASƐNKA ADWUMA HO NHYEHYƐE:

Asɛnka adwuma ayɛ yɛn ahohuru bere mu nhyiam horow no fã titiriw fi bere tenten ni. Wɔ 1922 Cedar Point nhyiam no ase no woyii “Ɔsom Da” bi sii hɔ maa mmɔden titiriw a wɔbɛbɔ wɔ asɛnka mu. Afe yi nso wɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe na ɔmfa ne ho nhyɛ asɛnka adwuma no mu. Yɛbɛyɛ eyi Fida awia. So wubetumi anya mu kyɛfa? Dwumadi no bɛba awiei bɛyɛ 8:00 p.m. Hwɛ sɛ wubenya asasesin anaasɛ wɔde wo bɛka kuw a wɔwɔ asasesin ho ansa na Fida awia dwumadi no afi ase. Ɛbɛyɛ nea nyansa wom nso sɛ nea odi kuw no anim no behu ɔkwan a ɛkɔ asasesin no mu bere a ne nsa aka asasesin kratasin no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɛe bere mfa nhwehwɛ ɔkwan a ɛkɔ asasesin no mu Fida awia. Ɛsɛ sɛ wode nsɛmma nhoma, nhoma ne nneɛma afoforo a ɛho hia fi w’asafo mu ba.

ADWUMA A YƐBƐYƐ WƆ NHYIAM ASE:

Ade biako a ɛkɔ so ara yɛ nkurɔfo a wɔma yɛn mmeae ahorow ma yɛyɛ nhyiam ahorow wɔ hɔ no anigye ne yɛn ho a yɛde ma de yɛ adwuma no. Ɛdefa nhyiam biako ho wɔ bere bi a atwam mu no, agodibea bi sohwɛfo abadiakyiri kae sɛ: “Nhyiam yi ayɛ nwonwa kɛse. Mannye anni sɛ mo nkurɔfo a wɔde wɔn ho ama a wonnyaa adwuma yi ho ntetee biara no betumi ayɛ adwuma kɛse yi. M’ani agye ho pii.”

Ɛwom, nea enti a yɛde yɛn ho ma ne sɛ yɛbɛsom yɛn nuanom na yɛaboa ma nhyiam no atumi akɔ so. Ebia ebinom bɛkae wɔ mfe a atwam no mu sɛ dwumadi no pii paa wɔn a wɔde wɔn ho ama no ti so efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma bere a nhyiam no rekɔ so mpo no. Afoforo yɛɛ nhyehyɛe yɛɛ adwuma wɔ nhyiam biako ase na afei wɔsan kɔɔ nhyiam foforo kotiee asɛm no yiye wɔ hɔ. Ɔdɔ ne ahofama bɛn ara ni!

Nanso, mprempren wɔahyehyɛ dwumadibea ahorow no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔn a wɔde wɔn ho bɛma ayɛ adwuma no atumi atie dwumadi no fã kɛse no ara, sɛ ɛnyɛ ne nyinaa mpo a. Dwumadibea ahorow no pii gyae adwuma yɛ bere a nhyiam no rekɔ so no sɛnea ɛbɛyɛ a adwumayɛfo no betumi atie asɛm. Wɔ mmeae kakraa bi a ɛho hia sɛ wɔyɛ adwuma bere a nhyiam no rekɔ so te sɛ, Aduan ho Dwumadibea ne Aduruyɛbea no, wɔtaa de akasam nnaka no bi kɔ dwumadibea hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛte nea wɔreka no. Yɛwɔ anidaso sɛ ahwɛfo no bɛhwɛ ma wɔankasa denneennen wɔ hɔ na ama wɔatumi atie asɛm no yiye.

Dɛn nti na wunsusuw ho mprempren ara sɛ wode wo ho bɛma ayɛ adwuma aboa nnɔnhwerew kakraa bi wɔ dumadibea biako? Ebia wo ne w’abusua anaa afoforo a wofi w’asafo no mu betumi ayɛ eyi. Sɛnea ɛte wɔ mmere a atwam mu no, anyɛ yiye koraa no ɛho hia sɛ nea ɔde ne ho ma no yɛ obi a wadi mfirihyia 16, gye sɛ ebia ɔne ɔwofo na ɛreyɛ adwuma anaasɛ ɔhyɛ obi a wanyin nsa.

ADUAN: Wɔreyɛ nhyehyɛe titiriw a ɛbɛma wɔadi yɛn honam fam ahiade ho dwuma. Wɔbɛyɛ aduan ne annone ho nhyehyɛe te sɛ nea wɔyɛ wɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ nnansa yi mfe no mu no. So ɛnsɛ sɛ yɛda yɛn nuanom mmarima ne mmea a wofi ɔdɔ mu yɛ adwumaden de som yɛn no ase?

Nhyiam tekit no biako bɛyɛ ¢20 a wɔakyekyem du. Wubetumi atɔ tekit dodow biara a wuhia wɔ nhyiam a wobɛkɔ no ase. Esiane amanade ho nsɛnnennen ne ɔhaw ahorow nti, yɛremfa nhyiam tekit mmana asafo ahorow no mfi Baa Dwumadibea ha, enti yɛsrɛ mo monnnkra. Montwɛn nkosi sɛ mubedu nhyiam kurow no mu na moatɔ nea muhia. Sɛnea ɛte bere a atwam no, yɛde tekit no bɛtɔ aduan nkutoo. Enti tɔ tekit dodow a wohwɛ kwan sɛ wode bɛtɔ aduan no.

Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛne yɛn nuanom ne nnipa a wɔwɔ asɛm no ho anigye behyiam na yɛanya Yehowa ho nokware nimdeɛ wɔ “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam Horow no ase. So wobɛka mpem ɔhaha pii a wɔbɛkɔ afe yi no ho? Yɛwɔ anidaso sɛ nsɛm yi bɛboa wo ma woawie wo nhyehyɛe nyinaa.

Yehowa rema Ahenni adwuma no akɔ so ntɛmntɛm, na bere a yɛkɔ so ara nya nkɔanim wɔ wiase nyinaa no, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔte sɛ nguan no ma wɔakɔ wɔn anim akodu onyin mu. “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam Horow no besiesie yɛn yiye ama adwuma a ɛho hia yi, bere a ɛhyɛ yɛn tirim a yɛabɔ sɛ yebefi koma nyinaa mu asom Onyankopɔn no mu den no. Momma yɛmmɔ mpae “na [Yehowa] asɛm nnya ɔkwan nkɔ so, na wɔnhyɛ no anuonyam.”​—2 Tes. 3:1.

[Kratafa 6 adaka]

Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow

DABERE: Yɛsrɛ mo, mommoa ma Adan ho Dwumadibea no adwuma nkɔ so pɛpɛɛpɛ denam ɔdan a wɔde ama mo no a mobɛtra mu no so. Eyi remma nkyereso ne ɔhaw mma wɔ mmeae afoforo a ebia wosusuw sɛ ɛhɔ ye no. Monhwɛ ofiewura no nneɛma yiye bere a mowɔ hɔ no, na “monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ,” na yɛsrɛ mo, monhwɛ na moanyera ɔdan no ano safe.​—Kol. 3:15.

ASUBƆ: Wɔ mmeae pii no wɔbɛma asubɔ kasa no Memeneda anɔpa. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔn yɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne denam nsu mu asubɔ so no yɛ wɔn a wɔne wɔn asafo mu mpanyimfo asusuw nsemmisa ahorow no ho dedaw ansa na nhyiam bere no adu. Ɛsɛ sɛ obiara a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛbɔ asu no de n’atade ne mpopaho a ɛfata a ɔde bɛyɛ saa ba.

DWUMADI NHYEHYƐE MMERE: Ɛyɛ nea nyansa wom, na ɛkyerɛ anisɔ nso sɛ yɛbɛtra ase bere a dwumadi no afi ase. Ɛno bɛyɛ Yawda 1:30 p.m., Fida 9:00 a.m, ne Memeneda ne Kwasida nso 9:00 a.m. wɔ nhyiam no pii ase. Yɛda su pa ahorow a ɛte saa ara adi bere a yemmfi nhyiam no ase ansa na wɔapɔn no. Dwom ne mpaebɔ a wɔde wie Yawda no bɛba so 5:10 p.m. Yɛde Fida awia besi hɔ de ayɛ asɛnka adwuma titiriw bere a yɛde dwom ne mpaebɔ apɔn wɔ 3:00 p.m. akyi no. Memeneda dwom ne mpaebɔ a wɔde wie no bɛba so 4:50 p.m. na Kwasida nso yɛ 4:10 p.m.

AKWAMPAEFO ADANSEDI KRATASIN: Ɛho hia sɛ daa akwampaefo, akwampaefo atitiriw ne ahwɛfo akwantufo de wɔn Watchtower Identification and Assignment kratasin (S-202) no ba nhyiam no. Wɔn a ebedu bere a wɔkɔ ɔmantam nhyiam no na wɔanya asram asia wɔ bere nyinaa som adwuma no mu no benya nhyiam tekit a ɛyɛ ¢400 bere a wɔde wɔn adansedi kratasin no akyerɛ no. Monhwɛ so yiye te sɛ sika. Sɛ ɛyera a morentumi nnya bi wɔ nhyiam no ase. Akwampaefo nsa betumi aka nhoma foforo biara a wobeyi adi no bi kwa na wɔatɔ nhoma wɔ akwampaefo bo so wɔ faako a wɔtɔn nhoma no bere a wɔde wɔn adansedi kratasin akyerɛ no nkutoo. Wɔn a wɔwɔ Betel nsa betumi aka nhoma foforo biara a wobeyi no adi no bi kwa na wɔatɔ nhoma wɔ akwampaefo bo so wɔ faako a wɔtɔn nhoma no bere a wɔde wɔn Betel adansedi kratasin akyerɛ no.

ADE A WƆDE BƆ KOKO SO: Wɔde eyi ma yɛn sɛ́ nea yɛnam so bɔ nhyiam no dawuru, na afei nso ɛboa ma yehu yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔaba no. Esiane eyi nti, yɛsrɛ mo, mommɔ mo ade a wɔde bɔ koko so no wɔ nhyiam no ase ne afei bere a moreba ne bere a morekɔ fie. Ɛnyɛ sɛ eyi yɛ ɔkwan pa a wɔnam so hu yɛn nko, na mmom mpɛn pii ɛbɛyɛ adansedi fɛfɛ bere a yɛretu kwan no. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden sɛ mo nsa bɛka eyi denam mo asafo no so efisɛ morennya bi wɔ nhyiam no ase. Krataa no biako yɛ 30 pesewas na kotoku a wɔde hyem no nso biako yɛ ¢3. (Asafo ti no de nkrataa no amana asafo ahorow no dedaw, nanso mubetumi abɛtɔ kotoku a wɔde hyem no wɔ Betel ha. Wɔde bi bɛba nhyiam no nyinaa nso ase. Yɛsrɛ mo, monnnkra, efisɛ bere a aka no sua sɛ yɛbɛma mo nsa aka.)

KƆKƆBƆ: Ɛmfa ho sɛ ɛhe na wode wo kar besi no, ɛsɛ sɛ wototo n’apon no mu bere nyinaa, na nnyaw biribi wom a wohu. Sɛ ebetumi a, fa wo nneɛma hyɛ faako a wɔde nneɛma hyɛ wɔ mu no. Afei nso monhwɛ yiye wɔ akorɔnfo ne atotobotomfo a wɔpɛ mmeae a nnipa pii ahyiam no ho. Nea ɛka eyi ho nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mugyaw biribi a ɛsom bo to nkongua so wɔ apata no ase a obi nhwɛ so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena