1991 “Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam
1 Wɔ 1990 mu ne 1991 mfiase pɛɛ no, Yehowa nhyira horow daa adi yiye wɔ “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam Horow a wɔyɛe wɔ asase so afa horow no ase. Nnipa 1,373,825 na wɔkɔe wɔ United States, na wɔbɔɔ nnipa 17,673 asu. Ɛwom mpo sɛ yɛantumi anyɛ nhyiam no bi wɔ ɔman yi mu de, nanso nnipa 3,000 ne akyi a wofi Ghana tumi kɔɔ nhyiam horow a wɔhyɛɛ da yɛɛ ho nhyehyɛe wɔ aman a ɛbemmɛn no mu no. Wɔbɔɔ eyinom mu 36 asu. Na afei, susuw ho hwɛ, bere aso dedaw sɛ yɛbɛyɛ nhyehyɛe akɔ 1991 “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” nnansa Ɔmantam Nhyiam no. So wo ne w’abusua bɛkɔ bi?
2 Nhyiam no dwumadi a wɔresiesie no bɛhyɛ yɛn nkuran na akanyan yɛn. Wɔde emu afotu ne ɔkyerɛkyerɛ a egyina Bible so no bɛma wɔn a wobu ahofadi a Onyankopɔn nkurɔfo wɔ mprempren no sɛ ɛsom bo ampa, na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya ahofadi a edi mũ wɔ wiase foforo a Yehowa ahyɛ ho bɔ no mu no. (Rom. 8:20, 21) Hwɛ hu sɛ wode boasetɔ ne mpaebɔ bɛyɛ nhyiam a wobɛkɔ no ho nhyehyɛe ahorow no, na woatumi akotie nnansa dwumadi a ɛyɛ anigye na ɛbɛma woamee wɔ honhom mu no nyinaa, fi dwom a wɔde bebue ano so kosi mpaebɔ a wɔde bewie no so. Sɛ woyɛ wo nhyehyɛe ahorow no a, fi ɔdɔ mu fa afoforo a ebia wobehia mmoa no ka ho. Dwen afoforofo ho titiriw, na ama wɔatumi akotie dwumadi no nyinaa. (Gal. 6:10) Dwumadi no befi ase Fida anɔpa 9:50, na nea etwa to no bɛba awiei Kwasida anwummere 4:00. Yɛde amanneɛbɔ a edidi so yi ama na aboa wo wɔ w’ahosiesie a edi kan no mu.
3 Yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa ankasa bere mu no, wobeyi nsa a mprempren ɛda yɛn dwumadi so no. Esiane sɛ yɛhwɛ eyi kwan nti, wɔayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam ahorow wɔ ɔman yi mu mmeae asia. Nanso, sɛ wɔanyi nsa a ɛda yɛn dwumadi so no wɔ nhyiam bere no mu a, wɔayɛ nhyehyɛe foforo sɛ yɛbɛyɛ nhyiam horow anum wɔ Benin ne Cote d’Ivoire. Enti, yɛhyɛ wo nkuran sɛ tɔ wo bo ase yiye kenkan nhyehyɛe a wɔaka ho asɛm wɔ krataa yi mu no.
FAAKO A WOBƐKƆ
4 Sɛnea nkyerɛkyerɛmu a yɛde ama wɔ kratafa 6 kyerɛ no, wɔkyerɛ sɛ ɔmansin biara, anaa faako a ehia no, ne fã bi nkɔ ɔmantam nhyiam pɔtee bi. Hu ɔmantam nhyiam a wɔkyerɛ sɛ mo asafo no nkɔ no, na aboa wo ma woasiesie wo ho akɔ.
5 Afei ma yensusuw nhyiam no nhyehyɛe ahorow no ho, sɛ woyi nsa a ɛda yɛn dwumadi so no a. Yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛma ɔmansin biara akɔ nhyiam a ɛbɛn no sen biara. Wɔreyɛ nkongua, nhoma, ne aduan, ne ade ho nhyehyɛe na ama aso nnipa dodow a wɔhwɛ kwan sɛ wobefi amansin a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ no mu akɔ no. Enti yɛhyɛ asafo ahorow nyinaa nkuran sɛ ɛsɛ sɛ wodi nhyehyɛe a yɛaka ho asɛm no so. Nkurow akɛse mu asafo ahorow titiriw na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Sɛ wɔyɛ nhyiam abien ho nhyehyɛe wɔ kurow no mu wɔ adapɛn awiei a ɛtoatoa so no mu a, anuanom binom bɛpɛ sɛ wɔkɔ n’abien nyinaa. Ɛwom sɛ saayɛ bɛma wɔanya hokwan dɛ ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran de, nanso ɛma ɔhaw ahorow sɔre wɔ nneɛma a wɔde yɛ nhyiam no ho, ma enti ɛsɛe atirimpɔw a yɛwɔ sɛ yɛbɛma nnipa a wɔbɛba no dodow ayɛ nea ɛsɛ, na adwuma a edi nhyiam anim no anyɛ kɛse pii no. Enti, yɛsrɛ nkurow akɛse mu anuanom sɛ wɔnkɔ kurow no mu nhyiam a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ no nkutoo. Nanso, sɛ wɔpɛ a, wobetumi akɔ nhyiam a ɛto so abien no wɔ kurow foforo mu. Anuanom a wɔbɛyɛ nhyiam no ho nnwuma bi a egye ntɛmpɛ, a ɛno nti dwumadi no afã horow bi bɛpa wɔn ti so no de, wɔwɔ hokwan sɛ wɔkɔ kurow koro no ara mu nhyiam a ɛto so abien no. Ebinom nso pɛ sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu, esiane kasa a wɔnte no nti. Eyi nso wɔma ho kwan.
6 Nkurow nketewa mu asafo ahorow kakra fam no, ebia ɛbɛyɛ papa yiye sɛ wɔkɔ nhyiam no wɔ baabi foforo, a ɛnyɛ faako a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔn a wɔwɔ Asankrangwa wɔ ɔmansin 31 mu behu sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ Takoradi mmom sen sɛ wɔbɛkɔ Kumasi. Sɛ bere a mode boasetɔ asusuw nneɛma ho akyi no, saa na ɛte wɔ mo asafo no fam a, ɛbɛyɛ papa sɛ mopaw baabi foforo.
DABERE
7 Yɛde Adammisa nkratasin rema asafo biara. Sɛ ebedu bere a yɛbɛyɛ nhyiam no na wɔayi nsa a ɛda yɛn dwumadi so no a, anuanom a wobehia dabere denam wɔn a wɔyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe so no betumi ahyehyɛ Adammisa kratasin no bi, na wɔde afa address a wɔde ama wɔ kratafa 6 a ɛfata no so de akɔ faako a wɔbɛkɔ nhyiam no. Ɛnsɛ sɛ wɔde nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ Ghana no ho Adammisa nkratasin mana baa dwumadibea no wɔ Accra. Mmom no, sɛnea yɛaka dedaw no, ɛsɛ sɛ mode Adammisa nkratasin no fa address a wɔakyerɛ wɔ kratafa 6 no so kɔ nhyiam nkurow no mu.
BOLGATANGA NHYIAM
8 Nea ɛbɛyɛ na anuanom pii atumi afi ase ha akɔboa Bolgatanga nhyiam no, na yɛafa ɛno so aboa ma wɔabɔ nokware no dawuru wɔ ɔmantifi no, yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ bɔs ho nhyehyɛe titiriw ama nhyiam no. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ monyɛ nhyehyɛe mprempen na moakɔ bi. Sɛ woyi nsa a ɛda yɛn dwumadi so no a, yɛbɛsan akyerɛw mo wɔ ho. Saa bere no de, yebebisa asafo biara mu ɔsom boayikuw no sɛ wɔmfa asafo no mu mpanyimfo a wɔayɛ nhyehyɛe pɔtee sɛ wɔbɛkɔ Bolgatanga nhyiam no din mma yɛn.
ADWUMA A EDI NHYIAM ANIM
9 Bere a ɔsomafo Paulo gyinaa ɔtaa ano esiane nsi a ɔde yɛɛ Kristofo ɔsom adwuma no nti no, otumi kae sɛ “nea ɛyɛɛ me no abɛma asɛmpa no akɔ so mmom,” na ama wɔadi “amrado aban mufo nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa” adanse. (Fil. 1:12-14) Esiane sɛ yɛn nuanom agyina ɔtaa ano nti, tebea a ɛte saa ara kɔ so wɔ ɔman yi mu mprempren—wɔadi nnipa pii adanse tẽẽ ne ɔkwan a ɛnyɛ tẽẽ so. Enti, yɛhwɛ kwan sɛ nnipa pii bɛba nsa a wɔayi afi yɛn dwumadi so no akyi nhyiam a edi kan no. Eyi behia sɛ yesisi apata akɛse, yenya dabere pii, na yɛyɛ nnwuma a edi nhyiam anim afoforo. Enti, yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ monyɛ nhyehyɛe na moanya adwuma a ehia yi mu kyɛfa akosi ase, wɔ adapɛn no mu nna no bi mu nso, na ɛnyɛ adapɛn awiei nko. Yebehia wɔn a wotu wɔn ho ma mmoa wɔ nhyiam no mu. Yɛsrɛ mo sɛ monyɛ nhyehyɛe na moanya eyi nso mu kyɛfa.
ADUANNOA
10 Yɛbɛkɔ so adi ɔkwantiaa so aduannoa nhyehyɛe no akyi wɔ aduan a yɛbɛnoa afe yi nso mu. Eyi bɛma adwuma no so atew, na ama nhyiamfo no nyinaa, a wɔn a wotu wɔn ho ma no ka ho, anya honhom fam dwumadi no mu mfaso. Mfe kakra a atwam no mu no, yehui sɛ ɔkwantiaa so aduannoa nhyehyɛe no anyɛ yiye papa wɔ nhyiam horow bi ase, na wɔnoaa nnuan a egye bere yiye. Saa nnuan no ne nea ne noa yɛ den no ne ɔkwantiaa so aduannoa nhyehyɛe no nhyia. Momma yɛn nyinaa mmoa honam fam nsiesiei biara a wɔbɛyɛ wɔ nhyiam no ase no, bere a yɛde yɛn adwene si dwumadi no fã a ehia titiriw a ɛne honhom fam aduan so no.
AHIADE ATITIRIW
11 Ɛsɛ sɛ asafo a wɔn a wɔwɔ ahiade titiriw wom no yɛ nhyehyɛe de hwɛ saafo no. Mpanyimfo ne afoforo a wonim tebea a onii no wom no betumi afi ɔdɔ mu aboa no. Eyi taa hwehwɛ sɛ adawurubɔfo dwen wɔn a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wɔayɛ mmerɛw, anifuraefo, asotifo, ne ebia afoforo ho. Adawurubɔfo betumi aboa denam saafo a wɔde wɔn bɛka wɔn kuw no ho so. Akwan afoforo a yebetumi afa so aboa saafo no ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔatua wɔn lɔre ne wɔn aduan ka. (Yak. 2:15-17; 1 Yoh. 3:17, 18) Sɛ saafo a wɔwɔ ahiade atitiriw no behia dabere wɔ baabi a ɛbɛn nhyiambea no a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ saa pefee wɔ Adammisa nkratasin no so. Yɛwɔ ahotoso sɛ mubefi ɔdɔ mu asusuw wɔn a wohia yɛn mmoa no nyinaa ho.—2 Kor. 6:11-13; Yoh. 13:35; Gal. 6:10.
KASA A WƆKYERE GU AFIRI SO ANAASƐ VIDEO MFONINITWA
12 Asafo ti no renyɛ dwumadi no anaasɛ drama a wɔbɛkyere agu kasɛt anaa video so ho nsiesiei biara. Ɛsɛ sɛ ankorankoro biara a wɔpɛ sɛ wɔkyere dwumadi no gu afiri so na wɔde adi dwuma no, yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase adwene anaasɛ ɛrentwetwe wɔn adwene mfi dwumadi no so so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde nsa ka anyinam ahoɔden nkanea nhama ne akasam afiri nhama no biara. Ani bɛsɔ eyi so a mubedi no yiye.
NHYEHYƐE FOFORO
13 Bere a wɔretintim eyi no, na nsa da so ara da yɛn dwumadi so. Sɛ ɛkɔ so kosi nhyiam bere no mu a, yɛde nhyehyɛe foforo a yɛayɛ ama nhyiam horow a yɛbɛyɛ wɔ Cote d’Ivoire ne Benin no bedi dwuma. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ monyɛ hyehyɛe nkɔ nhyiam horow yi, na monhwɛ nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama wɔ kratafa 6 no, na moahu faako a wɔkyerɛ sɛ monkɔ. Yɛhyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkɔ nhyiam a wɔkyerɛ sɛ n’asafo nkɔ no anaa wɔbɛka kasa a ɔte no.
14 Sɛ wɔanyi nsa a ɛda yɛn dwumadi so no a, efi September 1, 1991 rekɔ no, ɛsɛ sɛ anuanom a wobehia dabere denam Asafo ti no so no de wɔn Adammisa nkratasin mana yɛn, ma yɛde kɔma Asafo ti baa dwumadibea a ɛwɔ Benin anaa Cote d’Ivoire no, sɛnea faako a wɔbɛkɔ no kyerɛ, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde mana ansa na saa bere no adu. Yɛsrɛ sɛ monkyerɛ nhyiam a mobɛkɔ no ne bere no wɔ Adammisa kratasin no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ wobɛkɔ nhyiam “A” a, fa nkyerɛwee akɛseakɛse kyerɛw “BENIN-A,” ne “DECEMBER 20-22, 1991,” wɔ kratasin no atifi. Sɛ, bere a wode wo Benin anaa Cote d’Ivoire Adammisa kratasin no amana akyi no, woyi nsa a ɛda yɛn dwumadi so no a, ɛkyerɛ sɛ afei yebetumi ayɛ nhyiam horow no wɔ ha. Sɛ ɛba saa a, yɛde w’Adammisa kratasin no bɛkɔ kurow a wobɛkɔ nhyiam no wom no mu, gye sɛ wokyerɛw bɛka biribi foforo.
15 Sɛnea yɛaka wɔ krataa a ɛhyɛ Our Bulletin, Vol. 33, No. 7, mu no mu no, yɛhyɛ obiara a ɔyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkɔ nhyiam no wɔ aman a ɛbemmɛn no mu no nkuran sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe nkogye akwantu tumi nkrataa a ehia no, anaasɛ awu a, ɔnyɛ foforo. Passport anaa travel certificate a enwui, ne health certificate a wɔakyerɛ wom sɛ wɔasesa wo nnansa yi ara wɔ yellow fever ne cholera ho ka eyi ho. Esiane osuahu a anuanom a wotumi kɔɔ nhyiam horow yi wɔ afe a etwaam no mu anya nti, yɛwɔ anidaso sɛ nkrataa yi gye mu ɔhaw ahorow no so bɛtew wɔ saa bere no mu.
16 Nea ɛbɛyɛ na yɛakwati nsɛnnennen ne ɔhaw ahorow a akwantufo pii hyiae wɔ afe a etwaam no mu no, Asafo ti no reyɛ nhyehyɛe ayɛ bɔs ho nhyehyɛe titiriw ama anuanom a wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ Benin ne Cote d’Ivoire no. Yɛde nhyehyɛe titiriw yi ho amanneɛbɔ foforo bɛma akyiri yi. Ansa na saa bere no bedu no, wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yemfi ase nsiesie yɛn ho, sɛnea ɛbɛyɛ na ebedu bere a yɛbɛkɔ nhyiam horow yi no, na yɛasiesie yɛn ho awie.
AWIEI
17 Yesu Kristo kae bere bi sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yoh. 8:32) Nokwarem no, nokware Kristofo ade wɔn ho afi bɔne ne owu kɔndua a emu yɛ duru, ne onipa ho suro a egurow obi nso mu, sɛnea yehu wɔ Romafo 6:18, 22 no. Esiane Yehowa honhom dwumadi nti, wɔwɔ nokware ahofadi. (2 Kor. 3:17) Nkoa a wɔyɛ ma porɔwee mu ahofadi koraa a wobenya ho nokware anidaso a ɛma wonya “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi” no san hyɛ eyi mu den bio.—Rom. 8:21.
18 Sɛ wɔbɛkɔ so anya saa ahofadi yi a, ɛho hia sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa san bɔ mmɔden bio, esiane tumi horow—Satan Ɔbonsam, ne wiase a aporɔw no, ne yɛn ankasa bɔne su horow, a ɛpɛ sɛ saa ahofadi no fi yɛn nsa no nti. Yehowa Nyankopɔn de mmoa ama wɔ eyi mu denam n’Asɛm a efi honhom mu, ne honhom kronkron, ne n’ahyehyɛe a aniwa hu no so. (Luka 11:13) Saa afe yi ɔmantam nhyiam a asɛmti no ne “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” no bɛyɛ hokwan a eye a yɛde benya honhom mu ahoɔden foforo, na ahyɛ yɛn den ma yɛakura yɛn ahofadi no mu. Ɛwom mpo sɛ eyi hwehwɛ sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre de, nanso akatua a yebenya no dɔɔso pii. Momma yɛn nyinaa nkɔ so mmɔ Yehowa mpae na nhyehyɛe a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no atumi ayɛ yiye. Sɛ ankorankoro no, momma yɛn nyinaa mfa yɛn ho nto Yehowa so na ama yɛn nhyehyɛe ahorow a yɛyɛ sɛ yɛbɛkɔ nhyiam no ayɛ yiye, na yɛatumi adi yɛn honhom fam ahiade ahorow ho dwuma.—Mat. 5:3.