Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 1/15 kr. 14-19
  • Nhyira Pii wɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam Horow Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyira Pii wɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam Horow Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Yɛma Mo Hann Kurafo Nyinaa Akwaaba!”
  • Mmofra Hann Kurafo
  • Ma Hann no Nhyerɛn
  • Kristo Ba a Waba ne N’ahoyi
  • Kristofo Mmusua
  • Kwasida Awia
  • Bra “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam No Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Mpɔtam Hɔ Hann Kurafo
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nhyiam Horow a Ɛyɛ Anigye Kanyan Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 1/15 kr. 14-19

Nhyira Pii wɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam Horow Ase

Bɛyɛ mfe 2,700 a atwam ni no, odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “Hwɛ, esum bɛkata asase so, na esum kabii akata aman so.” (Yesaia 60:2) Hwɛ sɛnea saa nsɛm no abam! Nanso, anidaso wɔ hɔ, efisɛ Yehowa ama hann ahyerɛn. Afe a etwaam no, wɔde anigye too nsa frɛɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn hann no sɛ wɔnkɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam.

Wodii kan de nhyiam dwumadi no mae wɔ June mu wɔ Amerika Kusuu Fam. Wɔde ama wɔ Europa Apuei ne Atɔe Fam, Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam, Afrika, Asia, ne po mu nsupɔw so wɔ asram a edii hɔ no mu. Wɔn a wɔkɔɔ bi no dodow yɛ ɔpepem pii. Na hwɛ sɛnea wodii honhom fam aduan pa pii!

“Yɛma Mo Hann Kurafo Nyinaa Akwaaba!”

Wɔ mmeae pii no, wofii nhyiam no ase Fida, na wɔde baa awiei Kwasida awia. Bere a nhyiamfo no traa ase Fida anɔpa no, wɔde anigye tiee sɛnea Yehowa hann akɔ so ahyerɛn kɛse wɔ nna a edi akyiri yi mu ho asɛm tiawa bi. Afei nhyiam no guamtrani bɛkasae. Osii so dua sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ hann kurafo, na ɔde anigye kae sɛ: “Yɛma mo hann kurafo nyinaa akwaaba!” Nhyiam dwumadi no bɛboa nhyiamfo ma wɔakɔ so ahyerɛn Yehowa hann. Ɔkasa titiriw no kyerɛɛ sɛnea nhyiam mũ no nyinaa bɛyɛ. Ɔkasafo yi kaee nhyiamfo no sɛ adesamma akanea dunnum wɔ Eden turo no mu tɔnn. Efi saa bere no, Satan afura adesamma ani ma wonhu nokware hann no. (2 Korintofo 4:4) Nanso, Yesu bae sɛ “amanaman hann.” (Yesaia 42: 1-6) Ɔpaa nyamesom mu atosɛm ahorow ho ntama, ɔma wohuu sum nnwoma a enye, ogyinaa Yehowa tumidi akyi, na ɔkaa Ahenni no ho asɛmpa no. Yesu akyidifo yɛɛ saa ara​—na wɔda so yɛ saa ara! (Mateo 28: 19, 20) Ɔkasafo no de anigye kae sɛ: ‘Te sɛ Yesu no, yebetumi ayɛ hann kurafo. Adwuma biara nni hɔ a ɛho hia kɛse saa wɔ yɛn nna yi mu. Na hokwan biara nni hɔ a ɛso sen eyi.’

Bere a nhyiam no fã a edi kan rebɛba awiei ara pɛ, wɔde biribi a wɔnhwɛ kwan kyerɛe. Nhyiam no guamtrani san baa asɛnka agua no so na obeyii nkratawa afoforo ahorow anan mu nea edi kan adi. Wɔde anigye bɔɔ wɔn nsam wɔ eyi ho, na wɔmaa obiara a ɔwɔ hɔ bi no kratawa yi biako.

Fida awia, nhyiam dwumadi no de afotu titiriw maa Kristofo hann kurafo. Ɔkasa abien a edi kan no de afotu pa mae wɔ nea yɛbɛyɛ na wiase no sum no amma yɛn ho angu fi ho. Esiane sɛ Satan betumi ayɛ ne ho sɛ hann bɔfo nti, ehia sɛ yɛde yɛn adwene si honhom fam nneɛma so na wiase no mu afide annaadaa yɛn. (2 Korintofo 11:14) Paulo de afotu mae sɛ: “Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ ahwɛ.” (Romafo 12:2) Nhyiamfo no tee sɛ sakra a Kristofo sakra no yɛ adeyɛ a ɛkɔ so. Bere a yesua Onyankopɔn Asɛm na yɛde nea yesua no di dwuma no, ɛtew yɛn adwenem na esiesie no bere nyinaa. Enti, yɛyɛ te sɛ Yesu a na “ɔdom ne nokware ayɛ no ma” no kɛse.​—Yohane 1:14.

Mmofra Hann Kurafo

Ná Fida awia dwumadi no fã a ɛto so abien no fa mmofra ho. Ɔkasa a edi kan (“Mmofra​—Dɛn na Morehwehwɛ?”) kamfoo Kristofo mmofra a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ nokwaredi mu no. Nanso ɛkaee wɔn sɛ wɔyɛ Satan botae titiriw. Mmirikatufo a wɔatete no yiye mpo hia obi a ɔkyerɛkyerɛ mmirikatu. Saa ara nso na mmofra hia wɔn awofo ne asafo no mmoa na ama wɔakɔ so anantew hann no mu. Wɔde drama a eye kyɛn so a woato din sɛ Nea Ɛteɛ wɔ Yehowa Ani So a Yɛbɛyɛ a wɔde pɔn Fida dwumadi no sii eyi so dua. Nea wosii so dua ne Ɔhene Yosia nhwɛso no. Sɛ abarimaa mpo no, osii ne bo sɛ ɔbɛsom Yehowa. Ná nkɛntɛnso bɔne atwa Yosia ho ahyia, nanso ɔsɔfo panyin Hilkia akwankyerɛ ne ɔdɔ a na n’ankasa wɔ ma Onyankopɔn mmara nti, ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so. Ɛmmra sɛ nnɛ Kristofo mmofra bɛyɛ wɔn ade saa ara.

Ma Hann no Nhyerɛn

Bere a nhyiamfo no ada anadwo ahome akyi no, wɔbaa nhyiam no ase Memeneda anɔpa a wɔayɛ krado sɛ wobetie Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛma denhyɛ foforo. Wɔn nsa ansi fam. Wosusuw daa asɛm no ho wiei no, wɔde ɔkasa a wɔakyekyem a ɛka akwan horow a Kristoni betumi afa so ama ne hann ahyerɛn toaa dwumadi no so. (Mateo 5:14-16) Asɛnka yɛ ɔkwan titiriw biako, na abrabɔ pa nso di dwuma titiriw. Sɛnea ɔkasafo no kae no, “asɛnka ka nea yegye di kyerɛ afoforo, nanso ɔdɔ a yeyi adi kyerɛ da no adi.”

Afei wɔtwee nhyiamfo no adwene sii biribi a ɛho hia a ɛboa asɛnka​—nkratawa so.

Bere a na nhyiamfo no kae amannɛebɔ a wɔde mae wɔ da a atwam no mu no, wɔtiee osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea nnwinnade nketewa yi wɔ tumi no. Wɔhyɛɛ nhyiamfo no nkuran sɛ wɔmfa nkratawa no bi nhyɛ wɔn ho bere nyinaa, na wɔnyɛ krado sɛ wɔde bedi dwuma bere biara.

Afei wɔdan adwene kɔɔ akwampaefo, saa bere nyinaa Ahenni adwurubɔfo a wɔyɛ adwuma dennen de kura hann mu no so. Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ yɛn akwampaefo mmɔdenbɔfo yi! Wɔkɔ so dɔɔso. Wɔ nsase a nnansa yi ara na wɔama wɔn ɔsom mu ahofadi mpo so no, akwampaefo no redɔɔso. Wɔhyɛɛ akwampaefo nkuran sɛ wommu hokwan a wɔanya no sɛ ɛsom bo. Wɔhyɛɛ wɔn a wɔnyɛ akwampae adwuma no bi nkuran sɛ wonsusuw wɔn tebea ho. Ebia wɔn nso wobetumi atoto wɔn nneɛma na wɔama wɔn hann ahyerɛn wɔ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu. Hann kurafo a obi yɛ no ma ɔtaa de nneɛma bɔ afɔre, na wosii eyi so dua wɔ ɔkasa a edii hɔ a ɛne “Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom a Yɛde Bɛsom Yehowa” no mu. Paulo srɛe sɛ: “Momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (Romafo 12:1) Wɔn a wogyina ɔtae ano da ho a wɔde bɔ afɔre honhom adi. Akwampaefo de nneɛma bɔ afɔre da biara sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatra bere nyinaa som adwuma no mu. Nokwarem no, nokware Kristofo nyinaa de nneɛma bɔ afɔre, na wɔde wɔn ho hyɛ Yehowa som mu mmom sen sɛ wobedi wiase yi pɛsɛmenkominya honam fam nneɛma akyi. Adeyɛ a ɛte saa ma wonya Yehowa nhyira pii.

Saa ɔkasa no yɛɛ nnianim kasa a ɛfata maa nea edii hɔ no​—asubɔ ɔkasa. Nokwarem no, wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no ase werɛ remfi ɔkasa yi. Wɔn asubɔ no bɛyɛ wɔn asetra mu ade titiriw bere nyinaa. Wɔkaee wɔn sɛ wɔredi Yesu Kristo a wɔbɔɔ no asu bere a na wadi mfe 30 no nhwɛso akyi. Afei nso, asubɔhwehwɛfo no ani gyei se wɔkaee sɛ ‘wɔayi’ sum mu nnwuma agu,’ na wɔasi gyinae sɛ ‘wɔbɛsom Yehowa.’ (Romafo 12:11; 13:12) Wɔde anigye gyinaa nhyiamfo dɔm no anim, na wɔyɛɛ baguam mpaemuka ma wɔtee ansa na wɔrekɔ ma wɔabɔ wɔn asu. (Romafo 10:10) Mpae a yɛbɔ ne sɛ Yehowa behyira wɔn a wɔde nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne wɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam Horow no ase no.

Memeneda awia yɛ bere a wɔde kɔkɔbo ahorow a emu da hɔ pefee mae. Wɔde eyinom mae sɛ ɔkasa ahorow a wɔato din sɛ “Kwati Adifudepɛ Mfiri,” “So Obi Resɛe Wo Su Pa Ahorow No?” ne “Hwɛ Yiye Wɔ Abosonsom Biara Ho.” Ɔkasa horow abiɛsa yi ma wohuu akwan a Satan fa so ma Kristoni yɛ mmerɛw no bi. Ná Yuda Iskariot yɛ ɔsomafo, nanso oyii Yesu mae de gyee sika. Abofra Samuel nyinii wɔ baabi a ɔman no som Yehowa no pɛɛ, nanso ohyiaa fekubɔne kɛse bi a na ontumi nguan mfi mu. (1 Samuel 2:12, 18-20) Abosonsom betumi ayɛ nneɛma te sɛ aguamammɔ ne anibere. (Efesofo 5:5; Kolosefo 3:5) Yiw, asiane wɔ adifudepɛ, fekubɔne, ne abosonsom mu, na ɛsɛ sɛ wɔkwati.

Afei nhyiam dwumadi no sakrae, sɛnea yɛbɛka no no. Ɔkasa a edi hɔ no bisaa Bible mu nsɛm a ɛyɛ anigye bi na ebuae. Sɛ nhwɛso no, so wubetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ ebia nnipa a wonnye nokware no ntom na wowu ansa na ahohiahia kɛse no aba no benya owusɔre? Sɛ Kristoni bi nnya aware mu ɔhokafo a ɔfata a, dɛn na obetumi ayɛ? Nea ɛbɛyɛ na wɔanya Bible mu nimdeɛ pii no, wɔhyɛɛ nhyiamfo no nkuran sɛ wɔmfa Watch Tower Publications Index no, ne titiriw no asɛmti “Questions From Readers” (Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ) ase nsɛm no nni dwuma nkosi ase.

Kristo Ba a Waba ne N’ahoyi

Dwumadi a wɔde pɔn Memeneda no dan adwene kɔɔ nkɔmhyɛ a ɛyɛ ɔkasa a wɔakyekyem a wɔato din sɛ “Kristo Ba a Waba ne N’ahoyi a Wɔma Wohu” no so. Wɔkaa “sɛnkyerɛnne” a edi adanse sɛ Yesu Kristo aba no afã horow ho asɛm. (Mateo 24:3) Wɔkaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nnɛyi dwumadi ahorow ho asɛm wɔ ne fã a ɛto so abien no mu. (Mateo 24:45-47) Wɔdaa no adi sɛ efi 1919 no, akoa kuw no de nokwaredi adi Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no anim. Afei wɔboaboaa nnipakuw kɛse bi ano fii aman nyinaa mu ma wɔne Kristofo a wɔasra wɔn no ma Yehowa hann hyerɛn. Ɔkasafo no de baa awiei sɛ: “Momma yɛn nyinaa mfa nnamyɛ nkɔ so nnyina akoa nokwafo ne ɔbadwemma no akyi. Ɛnam saayɛ nkutoo so na ɛrenkyɛ koraa nnipa a wɔte sɛ nguan nyinaa betumi ate anigye nsɛm yi da bi sɛ: ‘Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni!’”​—Mateo 25:34.

Ɔkasafo a otwa to no kaa nea Yesu Kristo ahoyi kyerɛ ho asɛm. (1 Korintofo 1:7) Hwɛ osuahu ara a saa ahoyi no bɛyɛ! Wɔbɛsɛe Babilon Kɛse no. Satan wiase no ne Yesu ne n’abɔfo ntam ɔko kɛse no bɛkɔ akowie nhyehyɛe yi sɛe mu. Awiei koraa no, wɔde Satan ankasa bɛto ebun mu na ontumi nyɛ hwee. Nanso Onyankopɔn nkurɔfo benya ahotɔ bere a Oguammaa no ware wɔ ɔsoro na wɔma asase foforo ba no. Ɔkasafo no maa n’atiefo ani gyei denam brochure foforo a ɛne So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? a oyii no adi no so. Hwɛ mmoa pa a ɛbɛyɛ ama nnipa ahobrɛasefo a ehia sɛ wohu yɛn Bɔfo a odwen yɛn ho ne n’atirimpɔw ahorow ma yɛn no ho ade!

Kristofo Mmusua

Afei nhyiam no da a etwa to a ɛne Kwasida no dui. Nanso, na nsɛm pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ. Wosusuw daa asɛm no ho wiei no, wɔtwee adwene sii Kristofo mmusua so bere a wɔmaa ɔkasa a wɔakyekyem a ɛne “Yɛn ho Yɛn ho ho a Yebedwen wɔ Kristofo Fie” no. Ɔfã a edi kan no boaa nhyiamfo ma wohuu nea ɛma wonya Kristofo abusua pa: honhom fam nneɛma a wɔde di kan. Ɔfã a ɛto so abien no hyɛɛ mmusua nkuran sɛ wɔnyɛ nneɛma mmom, sɛ ebia ɛyɛ nhyiamkɔ, asɛnkakɔ, abusua adesua anaa ahomegye no. Na ɔkasa a ekura afã horow no fã a ɛto so abiɛsa no maa nhyiamfo no kaee hokwan ne asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Ɔkasafo no kae sɛ: “Yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim no yɛ agyapade ma asafo no.” Momma yemmu wɔn suahu sɛ ɛsom bo na yensuasua wɔn mudi mu kura.

Afei wɔhwehwɛɛ nea asɛmfua ‘adwenemtew’ no kyerɛ mu. (1 Petro 4:7) Obi a n’adwenem tew no kari pɛ, onim nyansa, ɔwɔ ntease, ahobrɛase na odwen. Obetumi ahu nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ, nokware ne atoro ntam nsonsonoe. Bio nso, ɔbɔ mmɔden sɛ obɛkɔ so anya honhom fam akwahosan pa.

Ɔkasa a etwa to wɔ Kwasida anɔpa dwumadi no mu no kaa yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ama Onyankopɔn ne Kristo ho asɛm. Ɔkasafo no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so si hia a ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo no so dua.” Ɔtoaa so kyerɛɛ sɛnea eyi ka yɛn asetra afã horow nyinaa. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase? Ɛyɛ su horow anan: ɔdɔ, Onyankopɔn suro, gyidi ne ahobrɛase.

Kwasida Awia

Mpofirim ara, ná Kwasida awia adu, na na bere aso sɛ wofi nhyiam no fã a etwa to no ase. Wɔ pii fam no, na ɛte sɛ nea wofii nhyiam no ase nkyɛe koraa, nanso na ɛreba n’awiei dedaw.

Wɔtoo baguam ɔkasa no din sɛ “Di Wiase Hann no Akyi.” Wɔde nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ anigye a ɛfa dwuma a hann ankasa di wɔ nkwa a ɛkɔ so tra hɔ mu ho maa wɔn a na wɔwɔ hɔ no. Afei ɔkasafo no kyerɛɛ sɛnea honhom mu hann ho hia kɛse. Hann ankasa ma yɛtra nkwa mu mfe du du kakraa bi pɛ, nanso honhom fam hann betumi ama yɛakɔ so atra ase daa. Ná ɔkasa no mu ade titiriw bi ne Yohane 1:1-16 a wɔada Yesu adi wɔ hɔ sɛ wiase hann no nkyekyem biara ho nkyerɛkyerɛmu. Ɛnnɛ, wɔ nhyehyɛe bɔne yi mfe a etwa to mu no, egye ntɛmpɛ sen bere biara a atwam sɛ yebedi Yesu akyi wɔ eyi mu.

Bere a wɔde saa dapɛn no mu Ɔwɛn-Aban Adesua mu nsɛm a wɔabɔ no mua ama akyi no, bere dui sɛ wɔma ɔkasa a etwa to no. Anigyesɛm ne sɛ ɔkasafo no kyerɛe sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan wɔ nna a ɛda yɛn anim no mu. Sɛ nhwɛso no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔayi drama kasɛt foforo a ɛne Doing God’s Will With Zeal adi. Ɛnyɛ ne nyinaa nen. Wobeyi video kasɛt foforo a ɛtoatoa so a woato din sɛ The Bible​—A Book of Fact and Prophecy a nea edi kan no fa asɛmti The Bible​—Accurate History, Reliable Prophecy ho adi.

Awiei koraa no, ɔkasafo no kae sɛ wɔ 1993 mu no, wɔbɛyɛ nnanan ɔmantam nhyiam, a amanaman ntam nhyiam atitiriw wɔ Afrika, Asia, Europa, ne Amerika Kesee Fam ka ho. Ɛwom sɛ na “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no reba awiei de, nanso na nhyiamfo no betumi afi ase ayɛ nhyehyɛe ahorow ama afe a edi hɔ no.

Afei na bere aso sɛ nhyiamfo no bɛkɔ baabi a wofi bae. Nokwarem no, wosii wɔn bo kɛse sen biara biara sɛ wɔbɛkɔ so ama hann ahyerɛn wɔ wiase a aduru sum yi mu. Wɔ nnansa a na honhom fam nneɛma pa abu so wom akyi no, na kyerɛwsɛm a etwa to a wɔfa kae wɔ ɔkasa a etwa to no mu no akyerɛ biribi kɛse: “[Yehowa] ne Nyankopɔn, wama hann ahyerɛn ama yɛn. . . . Monna [Yehowa] ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa.”​—Dwom 118:27, 29

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Rusia kasa mu nhyiam dwumadi krataa

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Sodikuw no mufo kasae wɔ nhyiam pii ase

Ná Japanfo nhyiamfo ka wɔn a wohyiaam wɔ St. Petersburg, Rusia, no ho

Bible drama a ɛkanyan nnipa sii hia a ehia sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so so dua

Hann kurafo afoforo de asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne

Nhyiamfo retie dwumadi no komm wɔ St. Petersburg

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Nhyiamfo ani gyei sɛ wonyaa brochure foforo a ɛne “So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena